Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kristofo Nya Anigye Wɔ Wɔn Som Mu

Kristofo Nya Anigye Wɔ Wɔn Som Mu

Kristofo Nya Anigye Wɔ Wɔn Som Mu

“Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.”—ASOMAFO NO NNWUMA 20:35.

1. Subammɔne bɛn na abu so nnɛ, na dɛn nti na asiane wom?

WƆ MFE du a etwa to wɔ 1900 mfe no mu no, na wɔtaa te nsɛm a ɛfa “ahopɛ” ho kɛse. Nea “ahopɛ” kyerɛ ankasa ne “me de kan,” na ɛyɛ suban a ekura pɛsɛmenkominya ne adifudepɛ adwene a ɛmma wonsusuw afoforo ho. Yebetumi aka no pefee sɛ ahopɛ su remfi hɔ wɔ afe 2000 mu. Mpɛn dodow ahe na wonte nsɛmmisa “Mfaso bɛn na menya?” anaa, “Dɛn na menya afi mu?” Pɛsɛmenkominya su a ɛte saa mfa anigye mma. Ɛbɔ nnyinasosɛm a Yesu kaa ho asɛm no abira koraa: “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.”—Asomafo no Nnwuma 20:35.

2. Yɛyɛ dɛn hu sɛ anigye wɔ ɔma mu?

2 So ɛyɛ nokware sɛ ɔma mu wɔ nhyira pii sen ogye? Yiw. Susuw Yehowa Nyankopɔn ho hwɛ. Ne nkyɛn na “nkwa nsuti wɔ.” (Dwom 36:9) Ɔma yɛn biribiara a yehia a ɛbɛma yɛanya anigye ne abotɔyam. Nokwarem no, ɔne “akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa” Wura. (Yakobo 1:17) Yehowa, ‘anigye Nyankopɔn’ no ma ade bere nyinaa. (1 Timoteo 1:11) Ɔdɔ n’abɔde a wɔyɛ nnipa no, na ɔma wɔn nneɛma pii. (Yohane 3:16) Afei nso, susuw adesamma abusua bi ho hwɛ. Sɛ woyɛ ɔwofo a, wunim nneɛma dodow a ɛsɛ sɛ wode bɔ afɔre, nneɛma a ɛsɛ sɛ wode ma, na ama woatumi atete abofra. Na mfe pii betwam a abofra no renhu nneɛma a wode abɔ afɔre no. Obu ne nyinaa adewa. Ne nyinaa akyi no, sɛ wuhu sɛ ayamye mu a wufi ma ade no ama abofra no renyin a, w’ani gye. Dɛn ntia? Efisɛ wodɔ no.

3. Dɛn nti na ɛyɛ anigye sɛ yɛbɛsom Yehowa ne yɛn mfɛfo gyidifo?

3 Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, ade a ɛma nokware som da nsow ne ɔma a egyina ɔdɔ so. Esiane sɛ yɛdɔ Yehowa na yɛdɔ yɛn mfɛfo gyidifo nti, yɛn ani gye sɛ yɛbɛsom wɔn, sɛ yɛde yɛn ho bɛma wɔn. (Mateo 22:37-39) Wɔn a wofi pɛsɛmenkominya mu som no nyinaa anigye nwie pɛyɛ. Nanso wɔn a wofi koma nyinaa mu som, na wodwen nea wobetumi de ama ho sen nea wɔhwɛ kwan sɛ wobenya no, nya anigye ankasa. Yehu saa nokwasɛm yi denam sɛnea yesusuw Bible mu nsɛm bi a wɔde di dwuma wɔ Kyerɛwnsɛm mu a ɛfa yɛn som ho no ho so. Yebesusuw nsɛm yi mu abiɛsa ho wɔ asɛm yi ne nea edi hɔ no mu.

Yesu Baguam Som Adwuma

4. “Baguam som adwuma” a wɔyɛ wɔ Kristoman mu no te dɛn?

4 Wɔ mfitiase Hela kasa mu no, asɛmfua titiriw a ɛne ɔsom wɔ abusuabɔ ne lei·tour·giʹa, a wɔkyerɛ ase “baguam som adwuma” wɔ New World Translation no mu no. Wɔ Kristoman mu no, lei·tour·giʹa mu na wonyaa asɛmfua “liturgy” (ɔsom mu amanne) fii. * Nanso ɔsom mu amanne a ɛkɔ so wɔ Kristoman mu no nyɛ baguam som adwuma a mfaso wɔ so ankasa.

5, 6. (a) Baguam som adwuma bɛn na wɔyɛe wɔ Israel, na mfaso bɛn na efii mu bae? (b) Baguam som adwuma a ɛso kyɛn so koraa bɛn na ebesii nea na wɔyɛ wɔ Israel no ananmu, na dɛn ntia?

5 Ɔsomafo Paulo de Hela asɛmfua a ɛne lei·tour·giʹa wɔ abusuabɔ a ɛfa Israel asɔfo ho na edii dwuma. Ɔkae sɛ: “Ɔsɔfo biara sɔfo gyina hɔ daa resom [ɛte sɛ lei·tour·giʹa], na ɔtaa bɔ afɔre koro no ara a entumi nyi bɔne da.” (Hebrifo 10:11) Lewi asɔfo no yɛɛ baguam som adwuma a na ɛsom bo paa wɔ Israel. Wɔkyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Mmara, na wɔbɔɔ afɔre a na ɛpata ɔman no bɔne. (2 Beresosɛm 15:3; Malaki 2:7) Sɛ asɔfo no ne ɔman no di Yehowa Mmara akyi a, na ɛma wɔn ani agye.—Deuteronomium 16:15.

6 Baguam som adwuma a na obi bɛyɛ wɔ Mmara no ase no yɛɛ hokwan kɛse paa maa Israel asɔfo no, nanso bere a wɔpoo Israel esiane nokware a wɔanni nti no, wɔn som no bɛyɛɛ nea mfaso biara nni so. (Mateo 21:43) Yehowa yɛɛ biribi a ɛkorɔn sen saa koraa ho nhyehyɛe—Yesu baguam som adwuma a ɔbɛyɛe sɛ Ɔsɔfo Panyin kɛse no. Yɛkenkan ne ho asɛm sɛ: “Nanso oyi de, sɛ ɔte hɔ daa nti, odi sɔfo a wɔnsakra. Enti nso obetumi agye wɔn a wɔnam no so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, efisɛ ɔte ase daa sɛ obedi ama wɔn.”—Hebrifo 7:24, 25.

7. Dɛn nti na Yesu baguam som adwuma no de mfaso a ɛso bi nni ba?

7 Yesu asɔfodi no kɔ so daa a obiara rensi n’ananmu. Ne saa nti, ɔno nkutoo na obetumi agye nnipa koraa. Ɛnyɛ asɔrefie a wɔde nnipa nsa yɛe mu na ɔyɛ ɔsom adwuma a ebiara ne no nsɛ no, na mmom wɔ asɔrefie nsusuwso, Yehowa som ho nhyehyɛe kɛse a efii ase wɔ 29 Y.B. mu no mu. Mprempren, Yesu som wɔ saa asɔrefie no Kronkron mu Kronkronbea wɔ soro. Ɔyɛ “kronkronbea ne nokware ntamadan a [Yehowa, NW] ankasa, na ɛnyɛ onipa, pamee no mu sɔfo [lei·tour·gosʹ].” (Hebrifo 8:2; 9:11, 12) Ɛmfa ho sɛnea Yesu dibea korɔn nyinaa akyi no, ɔda so ara yɛ “baguam somfo.” Ɔde ne dibea a ɛkorɔn no di dwuma de ma ade, ɛnyɛ sɛ obegye biribi. Na ɔma a ɛte saa ma onya anigye. ‘Anigye a na ɛda n’anim’ no ka ho bi na ɛhyɛɛ no den ma otumi gyinae wɔ n’asase so asetra nyinaa mu.—Hebrifo 12:2.

8. Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ baguam som adwuma de sii Mmara apam no ananmu?

8 Yesu baguam som adwuma no fã foforo wɔ hɔ. Paulo kyerɛwee sɛ: “[Yesu] nsa aka asɔfodwuma a kyɛn so sɛ wayɛ apam a ɛkyɛn so a wogyina bɔhyɛ a ɛkyɛn so so hyɛɛ ho mmara no ntamgyinafo.” (Hebrifo 8:6) Mose na ɔyɛɛ apam a na Israel ne Yehowa ntam abusuabɔ gyina so no ntamgyinafo. (Exodus 19:4, 5) Yesu yɛɛ apam foforo, a ɛma wotumi woo ɔman foforo, “Nyankopɔn Israel” a Kristofo a wɔde honhom asra wɔn a wofi aman pii mu na wɔwom no ntamgyinafo. (Galatifo 6:16; Hebrifo 8:8, 13; Adiyisɛm 5:9, 10) Baguam som adwuma a na ɛkyɛn so bɛn ara ni! Hwɛ anigye a yɛanya sɛ yɛne Yesu, baguam somfo a yɛnam no so betumi de ɔsom a ɛsɔ ani ama Yehowa no anya abusuabɔ!—Yohane 14:6.

Kristofo Nso Yɛ Baguam Som Adwuma

9, 10. Baguam som adwuma a Kristofo yɛ no mu bi ne nea ɛwɔ he?

9 Onipa biara nyɛ baguam som adwuma a ɛkorɔn sɛ Yesu de no. Nanso, sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no nya wɔn soro akatua no a, wonya wɔn dibea wɔ Yesu nkyɛn na wɔne no yɛ ne baguam som adwuma sɛ ɔsoro ahemfo ne asɔfo. (Adiyisɛm 20:6; 22:1-5) Nanso, Kristofo a wɔwɔ asase so yɛ baguam som adwuma, na wonya anigye pii wɔ saa a wɔyɛ no mu. Sɛ nhwɛso no, bere a aduan ho yɛɛ den wɔ Palestina no, ɔsomafo Paulo de ntoboa fii anuanom a na wɔwɔ Europa no nkyɛn kɔboaa Yudafo a na wɔyɛ Kristofo wɔ Yudea a na wɔn ho akyere wɔn no. Ná ɛyɛ baguam som adwuma. (Romafo 15:27; 2 Korintofo 9:12) Ɛnnɛ, Kristofo ani gye sɛ wɔyɛ ɔsom adwuma a ɛte saa, na wɔyɛ ntɛm boa wɔn nuanom a wɔwɔ amanehunu mu, wɔn a asiane to wɔn, anaa wohyia ɔhaw afoforo no.—Mmebusɛm 14:21.

10 Paulo kaa baguam som adwuma foforo ho asɛm bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Na mpo sɛ wɔma me mogya gu mo gyidi afɔrebɔ ne [asɔfo] som so nso a, m’ani gye, na me ne mo nyinaa ani gye.” (Filipifo 2:17) Adwumaden a Paulo yɛ maa Filipifo no yɛ baguam som adwuma a ofi ɔdɔ ne nsiyɛ mu yɛe. Ne titiriw no, Kristofo a wɔasra wɔn a wɔsom sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a wɔde honhom fam aduan ma bere a ɛsɛ mu no reyɛ ɔsom adwuma a ɛte saa ara nnɛ. (Mateo 24:45-47) Bio nso sɛ kuw no, eyinom yɛ “asɔfokuw kronkron” a wɔama wɔn adwuma sɛ ‘wɔmmɔ honhom mu afɔre a ɛnam Yesu Kristo so sɔ Onyankopɔn ani’ na ‘wɔnka nea ɔfrɛɛ wɔn fii esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no mmaninyɛ nkyerɛ.’ (1 Petro 2:5, 9) Te sɛ Paulo no, wonya hokwan a ɛte saa no mu anigye bere a ‘wɔde wɔn ho ma’ de di wɔn asɛyɛde ho dwuma no. Na wɔn ahokafo “nguan foforo” no ka wɔn ho na wɔboa wɔn wɔ adwuma a ɛne sɛ wɔbɛka Yehowa ne n’atirimpɔw ahorow ho asɛm akyerɛ adesamma no mu. * (Yohane 10:16; Mateo 24:14) Hwɛ sɛnea ɛyɛ baguam som adwuma kɛse a anigye wom!—Dwom 107:21, 22.

Fa Ɔsom Kronn Ma

11. Ɔkwan bɛn so na odiyifobea Hana yɛ nhwɛso pa ma Kristofo nyinaa?

11 Hela asɛmfua foforo a ɛne yɛn som wɔ abusuabɔ ne la·treiʹa, a wɔkyerɛɛ ase “ɔsom kronn” wɔ New World Translation mu no. Ɔsom kronn fa ɔsom nnwuma a wɔyɛ ho. Sɛ nhwɛso no, wɔka odiyifobea kunafo, Hana a na wadi mfirihyia 84 no ho asɛm sɛ “ɔmpa asɔrefi hɔ da, na ɔde mmuada ne mpaebɔ som [Hela asɛmfua a ɛne la·treiʹa wɔ abusuabɔ] Nyankopɔn adesae ne adekyee.” (Luka 2:36, 37) Hana som Yehowa bere nyinaa. Ɔyɛ nhwɛso pa ma yɛn nyinaa—mmofra ne mpanyin, mmarima ne mmea. Sɛnea Hana fi komam bɔɔ Yehowa mpae na ɔsom no daa wɔ asɔrefie hɔ no, saa ara na mpaebɔ ne nhyiamkɔ ka ɔsom kronn a yɛde ma ho.—Romafo 12:12; Hebrifo 10:24, 25.

12. Dɛn ne ɔsom kronn a yɛde ma no mu ade titiriw, na ɔkwan bɛn so na eyi nso yɛ baguam som adwuma?

12 Ɔsomafo Paulo kaa ɔsom kronn a yɛde ma no mu ade titiriw bi ho asɛm bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Na me dansefo ne Nyankopɔn a mesom no me honhom mu, ne ba no asɛmpa no mu, sɛ minnyae mo din bɔ da, me mpaebɔ mu.” (Romafo 1:9) Yiw, asɛmpa no ho asɛm a yɛka no nyɛ baguam som adwuma mma wɔn a wɔte no nko, na mmom ɛyɛ ɔsom a yɛde ma Yehowa Nyankopɔn nso. Sɛ nnipa tie yɛn anaasɛ wontie yɛn no, asɛnka adwuma no yɛ ɔsom kronn a yɛde ma Yehowa. Mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛka yɛn soro Agya a yɛdɔ no su pa ne n’atirimpɔw ahorow a ayamye wom ho asɛm akyerɛ afoforo no ma yenya anigye kɛse.—Dwom 71:23.

Ɛhefa na Yɛde Ɔsom Kronn Ma?

13. Wɔn a wɔde ɔsom kronn ma wɔ Yehowa honhom mu asɔrefie no abangua a ɛhyɛ mfinimfini no so no anidaso ne dɛn, na henanom na wɔne wɔn di ho ahurusi?

13 Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ: “Sɛ yɛanya ahenni a ɛnwosow yi, momma yɛmfa aseda mmra, mfa so nsom Nyankopɔn sɛnea ɛsɔ n’ani wɔ fɛre ne ahodaso mu.” (Hebrifo 12:28) Esiane sɛ wɔn a wɔasra wɔn no wɔ Ahenni a wɔrehwɛ kwan no mu ahotoso nti, wɔn gyidi nhinhim bere a wɔsom Ɔsorosoroni no. Wɔn nkutoo na wobetumi de ɔsom kronn ama wɔ Kronkronbea ne Yehowa honhom mu asɔrefie no abangua a ɛhyɛ mfinimfini no so, na wɔde ahopere hwɛ kwan sɛ wɔne Yesu bɛsom wɔ Kronkron mu Kronkronbea wɔ ɔsoro ankasa. Wɔn ahokafo, nguankuw foforo no ne wɔn di wɔn anidaso a ɛyɛ anigye no ho ahurusi.—Hebrifo 6:19, 20; 10:19-22.

14. Ɔkwan bɛn so na nnipakuw kɛse no nya Yesu baguam som adwuma no so mfaso?

14 Na nguan foforo no nso ɛ? Sɛnea ɔsomafo Yohane hu siei no, wɔn mu nnipakuw kɛse aba wɔ nna a edi akyiri yi mu, na “wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu.” (Adiyisɛm 7:14) Eyi kyerɛ sɛ, te sɛ wɔn mfɛfo asomfo a wɔasra wɔn no, wɔkyerɛ Yesu baguam som adwuma, ne ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ a ɔde bɔɔ afɔre maa nnipa no mu gyidi. Nguan foforo no mufo no nso nya Yesu baguam som adwuma no mu mfaso efisɛ ‘wokura Yehowa apam mu.’ (Yesaia 56:6) Wɔnka apam foforo no ho, na mmom woso mu a ɛkyerɛ sɛ wodi mmara a ɛwom no so na wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ nhyehyɛe a wɔnam so ayɛ no ase. Wɔne Onyankopɔn Israel bɔ fekuw, na bere koro no ara wɔne wɔn didi wɔ honhom fam pon koro no ara so na wɔne emufo no bom yɛ adwuma, yi Onyankopɔn ayɛ baguam na wɔbɔ honhom fam afɔre ahorow a ɛsɔ n’ani.—Hebrifo 13:15.

15. Ɛhefa na nnipakuw kɛse no de ɔsom kronn ma, na ɔkwan bɛn so na saa nhyira yi ka wɔn?

15 Enti wohu nnipakuw kɛse no sɛ ‘wogyinagyina ahengua no ne oguammaa no anim hyehyɛ ntade fitaa.’ Bio nso, “wɔwɔ Onyankopɔn ahengua anim, na wɔsom no awia ne anadwo n’asɔredan mu, na nea ɔte ahengua no so no bɛkata wɔn so.” (Adiyisɛm 7:9, 15) Wɔ Israel no, na wɔn a wɔasakra wɔn som abɛyɛ Yudafo no som wɔ Salomo asɔrefie no fam abangua so. Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, nnipakuw kɛse no som Yehowa wɔ ne honhom mu asɔrefie no fam abangua so. Ɛhɔ a wɔsom no ma wodi ahurusi. (Dwom 122:1) Bere a wɔn mfɛfo a wɔasra wɔn no mu nea otwa to koraa nya ne soro agyapade mpo no, wɔbɛkɔ so de ɔsom kronn ama Yehowa sɛ ne nkurɔfo.—Adiyisɛm 21:3.

Ɔsom Kronn a Ɛnsɔ Ani

16. Kɔkɔbɔ bɛn na wɔde ma wɔ ɔsom kronn ho?

16 Wɔ tete Israel no na ɛsɛ sɛ wɔde ɔsom kronn ma ma ɛne Yehowa mmara hyia. (Exodus 30:9; Leviticus 10:1, 2) Saa ara na ɛnnɛ nso, sɛ ɔsom kronn a yɛde ma no bɛsɔ Yehowa ani a, yɛwɔ ahwehwɛde a ɛsɛ sɛ yedi so. Enti na Paulo kyerɛw Kolosefo no sɛ: “Yennyaee mo ti so mpaebɔ ne ɔsrɛ ɛ, sɛ ne pɛ mu hu nyɛ mo ma, honhom nyansa ne ntease nyinaa mu, na moanantew sɛnea ɛfata [Yehowa, NW] na ɛsɔ n’ani koraa, na moasow adwuma pa nyinaa mu aba, na moanyin akɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu.” (Kolosefo 1:9, 10) Ɛnyɛ yɛn na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ɔkwan pa a yɛbɛfa so asom Onyankopɔn. Kyerɛwnsɛm mu nokware nimdeɛ, honhom mu ntease, ne ɔsoro nyansa ho hia. Anyɛ saa a, nneɛma betumi akɔ bɔne.

17. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔdan ɔsom kronn ani wɔ Mose bere so? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi adan ɔsom kronn ani nnɛ?

17 Kae Israelfo no wɔ Mose bere so. Yɛkenkan sɛ: “Onyankopɔn yii n’ani na ɔde wɔn mae sɛ wɔnsom ɔsoro asafo.” (Asomafo no Nnwuma 7:42) Ná Israelfo yi ahu Yehowa nnwuma akɛse a ɔyɛ maa wɔn no. Nanso, wɔdan kɔɔ anyame foforo a na wosusuw sɛ wobenya wɔn so mfaso no nkyɛn. Ná wɔnyɛ anokwafo, na sɛ ɔsom kronn a yɛde ma no bɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ yedi nokware ɔkwan biara so. (Dwom 18:25) Ɛyɛ nokware sɛ ɛnnɛ, nnipa kakraa bi pɛ na wobefi Yehowa akyi akɔsom nsoromma anaa sika anantwi honi, nanso abosonsom afoforo wɔ hɔ. Yesu bɔɔ “Ahonyade” a yɛbɛsom ho kɔkɔ, na Paulo frɛɛ anibere abosonsom. (Mateo 6:24; Kolosefo 3:5) Satan yɛ ne ho sɛ onyame. (2 Korintofo 4:4) Abosonsom a ɛtete saa no abu so na esum afiri. Sɛ nhwɛso no, susuw obi a ɔkyerɛ sɛ odi Yesu akyi nanso n’asetram botae titiriw ne sɛ obenya ne ho anaasɛ nea ɔde ne ho to so ne n’ankasa ne ne nsusuwii no ho. Hena na ɔresom no ankasa? Nsonsonoe bɛn na ɛda ɔne Yesaia bere so Yudafo a wɔde Yehowa din kaa ntam nanso wɔde ne nnwuma akɛse a ɔyɛe ho anuonyam maa abosom no ntam?—Yesaia 48:1, 5.

18. Ɔkwan bɛn so na wɔde ɔsom kronn ama wɔ ɔkwan a ɛmfata so wɔ tete ne nnɛ?

18 Yesu nso bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Ɛbere reba a obiara a obekum mo besusuw sɛ ɔde resom Nyankopɔn.” (Yohane 16:2) Akyinnye biara nni ho sɛ na Saul a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Paulo no nim sɛ ɔresom Onyankopɔn bere a ‘ɔpenee so ma wokum Stefano’ no, na ‘ɔhomee ateɛteɛ ne okum home guu Awurade asuafo so no.’ (Asomafo no Nnwuma 8:1; 9:1) Ɛnnɛ, wɔn a wɔde mmusuakuw asetɔre ne okunkɛse ba no mu binom kyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn. Nnipa pii na wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn, nanso wɔsom ɔmampɛ, abusua mu nyiyim, ahonyade, anyame ne wɔn ankasa wɔn ho anaa nyame foforo bi.

19. (a) Ɔkwan bɛn so na yebu ɔsom kronn a yɛde ma no? (b) Ɔsom kronn bɛn na ɛbɛma yɛanya anigye?

19 Yesu kae sɛ: “Kotow sɔre [Yehowa, NW], wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.” (Mateo 4:10) Na ɔne Satan na ɛrekasa, nanso hwɛ hia a ehia sɛ yɛn nyinaa tie ne nsɛm no! Ɔsom kronn a yɛde bɛma Amansan Hene no yɛ hokwan nwonwaso a yɛanya. Na dɛn na yebetumi aka wɔ baguam som adwuma a ɛne yɛn som wɔ abusuabɔ no ho? Eyi a yɛbɛyɛ ama yɛn yɔnko nnipa no yɛ adwuma a ɛyɛ dɛ a ɛma yɛn ani gye kɛse. (Dwom 41:1, 2; 59:16) Nanso gye sɛ yefi koma nyinaa mu na yɛfa ɔkwan pa so yɛ ansa na ɔsom adwuma a ɛte saa ama yɛanya anigye ankasa. Henanom na wɔresom Onyankopɔn ɔkwan pa so ankasa? Henanom som kronn na Yehowa gye tom? Sɛ yesusuw Bible mu asɛm a ɛto so abiɛsa a ɛfa yɛn som ho no ho a, yebetumi abua nsɛmmisa a ɛtete saa no. Yɛbɛyɛ eyi wɔ adesua a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Kristoman som mu amanne ahorow no taa yɛ asɔredan mu som anaa ebia amanne pɔtee bi, te sɛ Adidi Kronkron a ɛkɔ so wɔ Roma Katolek Asɔre mu no.

^ nky. 10 Wɔbɔ amanneɛ wɔ Asomafo no Nnwuma 13:2 sɛ, na adiyifo ne akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ Antiokia no “reyɛ baguam som adwuma” (Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase lei·tour·giʹa) ama Yehowa. Ɛda adi sɛ na baguam asɛnka adwuma no ka baguam som adwuma yi ho.

Wubebua Dɛn?

• Baguam som adwuma kɛse bɛn na Yesu yɛe?

• Baguam som adwuma bɛn na Kristofo yɛ?

• Dɛn ne ɔsom kronn a Kristofo de ma, na wɔde ma wɔ he?

• Sɛ ɔsom kronn a yɛde ma no bɛsɔ Onyankopɔn ani a, dɛn na ɛsɛ sɛ yenya?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Awofo nya ɔma mu anigye pii

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 12, 13]

Kristofo yɛ baguam som adwuma bere a wɔboa afoforo na wɔbɔ asɛmpa no ho dawuru no

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Yehia nokware nimdeɛ ne ntease na ama yɛahu sɛ ɔsom kronn a yɛde ma no sɔ Onyankopɔn ani