Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Mfaso Bi Wɔ Mpaebɔ So?

So Mfaso Bi Wɔ Mpaebɔ So?

So Mfaso Bi Wɔ Mpaebɔ So?

ƐKAME ayɛ sɛ obiara te nka bere bi sɛ ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae. Nokwarem no, ɛkame ayɛ sɛ nnipa a wɔwɔ ɔsom nyinaa mu bɔ mpae anibere so. Sɛ nhwɛso no, Buddhani betumi atĩ mpaebɔ a ɛne “mede me werɛ hyɛ Amida Buddha mu” no mu mpɛn mpempem pii da koro.

Esiane ɔhaw ahorow a ɛkɔ so wɔ wiase nyinaa nti, ntease wom sɛ yebebisa sɛ: Dɛn na nkurɔfo hwɛ kwan sɛ wobenya afi mpaebɔ mu? So mfaso bi wɔ saa mpaebɔ yi nyinaa so?

Dɛn Nti na Nkurɔfo Bɔ Mpae?

Apuei famfo pii bɔ wɔn nananom ne Shinto anaa Tao anyame mpae. Wɔyɛ saa a wɔhwɛ kwan sɛ ɛbɛma wɔadi nkonim wɔ sukuu sɔhwɛ mu, atwa nnɔbae pii, anaasɛ ɛbɛbɔ wɔn ho ban afi nyarewa ho. Buddhafo nam saa a wɔyɛ so hwɛ kwan sɛ wobenya nhumu. Hindufo fi komam bɔ wɔn anyame ne anyamewa mpae de hwehwɛ nimdeɛ, ahode, ne ahobammɔ.

Katolekfo binom hwɛ kwan sɛ wɔnam wɔn ho a wɔde bɛma sɛ mmarima anaa mmea nkokorafo atra nkokorafie abɔ mpae bere nyinaa so betumi aboa adesamma. Katolekfo ɔpepem pii hwehwɛ Maria anim dom denam mpaebɔ a wɔakyere agu wɔn tirim a wɔnam rosary so se so. Wɔ Apuei fam nsase so no, nnipa pii de nkyimii a wɔde bɔ mpae na edi dwuma. Protestantfo tĩ Awurade Mpaebɔ mu nsɛm mu, ɛwom sɛ wotumi fi wɔn pɛ mu nso ka wɔn ahiasɛm kyerɛ Onyankopɔn de. Yudafo pii twa kwantenten kɔbɔ mpae wɔ Yerusalem Atɔe fam Ɔfasu no ho, na wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛsan asi asɔrefie no bio na wɔanya asetra foforo a yiyedi ne asomdwoe wom.

Ɛwom sɛ nnipa ɔpepem pii bɔ mpae denneennen de, nanso ɔhaw ahorow a ɛne ohia, subammɔne, mmusua a emu apaapae, nsɛmmɔnedi, ne ɔko kɔ so haw adesamma. So ebetumi aba sɛ saa nkurɔfo yi nyinaa mmɔ mpae ɔkwampa so? Ɛnde, so obi tie mpaebɔ ankasa?

So Obi Tie Mpaebɔ?

Mfaso ntumi mma mpaebɔ so ankasa gye sɛ obi tie. Sɛ obi bɔ mpae a, ɛda adi sɛ ogye di sɛ obi wɔ ahonhom atrae a aniwa nhu no a otie. Nanso, ɛnyɛ tumi kɛkɛ a ɛde nnyigyei kyinkyin no na ɛde mpaebɔ kɔ. Nnipa pii gye di sɛ obi betumi ahu nea ɔrebɔ mpae no nsusuwii mpo. Ɛbɛyɛ hena?

Sɛnea nsusuwii fi ase wɔ ehon ntini ɔpepepem pii a ɛwɔ yɛn amemene mu no mu no yɛ ade a nhwehwɛmufo ntumi nte ase koraa. Nanso, ntease wom sɛ Onii a ɔyɛɛ yɛn amemene no betumi ahu nsusuwii a ɛte saa no. Onii no nyɛ obiara sɛ yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn. (Dwom 83:18; Adiyisɛm 4:11) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae. Nanso, so Yehowa tie mpae ahorow a ɛte saa nyinaa?

So Otie Mpaebɔ Ahorow Nyinaa?

Ɔhene Dawid a ɔtraa ase tete Israel no yɛ obi a na ɔpɛ mpaebɔ. Sɛ́ odwontofo a Onyankopɔn honhom kaa no no, ɔtoo dwom sɛ: “Mpaebɔ tiefo, wo nkyɛn na ɔhonam nyinaa ba.” (Dwom 65:2) Yehowa tumi te mpae biara a adesamma bɔ no kasa horow mpempem pii mu no. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ onipa biara adwene ntumi nni nsɛm pii a ɛte saa ho dwuma no nkyerɛ sɛ Onyankopɔn ntumi ntie wɔn a wɔbɔ no mpae wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so no nyinaa.

Nanso, Yesu Kristo—a na ɔno nso yɛ obi a ɔpɛ mpaebɔ no—daa no adi sɛ ɛnyɛ mpaebɔ nyinaa na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Hyɛ nea Yesu ka faa mpaebɔ a wɔkyere gu tirim na wotĩ mu a na agye din saa bere no ho no nsow. Sɛnea Katolek Jerusalem Bible, kyerɛ no: “Monnworo nsɛm mo mpaebɔ mu sɛnea abosonsomfo yɛ no, efisɛ wosusuw sɛ nsɛm pii a wɔka no bɛma wɔatie wɔn.” (Mateo 6:7) Yentumi nhwɛ kwan sɛ Yehowa betie mpaebɔ a ɛnna yɛn nkate ankasa adi no.

Bere a Bible mu bɛ bi rekyerɛ nea enti a mpaebɔ bi nsɔ Onyankopɔn ani no, ɛka sɛ: “Nea oyi n’asõ fi mmara tie ho no, ne mpaebɔ mpo yɛ akyide.” (Mmebusɛm 28:9) Ɛbɛ foforo ka sɛ: “[Yehowa, NW] ne abɔnefo ntam ware, na treneefo mpaebɔ de, otie.” (Mmebusɛm 15:29) Bere bi a na tete Yuda mpanyimfo di nneɛma pii ho fɔ no, Yehowa kae sɛ: “Motrɛw mo nsam a, meyi m’ani mahintaw mo; nso sɛ moma mpaebɔ dɔɔso a, me de, merentie: mogya ayɛ mo nsa mama.”—Yesaia 1:1, 15.

Ɔsomafo Petro kaa biribi foforo a entumi mma mpaebɔ nsɔ Onyankopɔn ani ho asɛm. Petro kyerɛwee sɛ: “Okununom, mo ne wɔn [mo yerenom] ntra nimdeɛ mu saa ara, sɛ ɔyere ne ade a ne ho nyɛ den, na munni wɔn ni, sɛ wɔn nso ne mo yɛ nkwa dom no difo bi, na mo mpaebɔ kwan ansiw.” (1 Petro 3:7) Ɔbarima a obu n’ani gu afotu a ɛte saa so no mpaebɔ betumi ayɛ nea ennu baabiara!

Ɛda adi pefee sɛ sɛ Onyankopɔn betie yɛn mpaebɔ a, ɛsɛ sɛ yedu ahwehwɛde ahorow bi ho. Nanso, nnipa pii a wɔbɔ mpae no nnwen nea Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ a wɔbɛyɛ ho ahe biara. Ɛno nti na mpae a wɔbɔ no anibere so pii no mmaa wiase nyɛɛ yiye no.

Ɛnde, dɛn na Onyankopɔn hwehwɛ na ama watie yɛn mpaebɔ? Ɛsɛ sɛ mmuae no gyina nea enti a yɛbɔ mpae no ankasa so. Nokwarem no, sɛ yɛpɛ sɛ yehu sɛ mfaso bi wɔ mpaebɔ so a, ɛsɛ sɛ yɛte nea enti a yɛbɔ mpae no ase. Dɛn nti na Yehowa ama kwan ma yetumi ne no kasa?

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

G.P.O., Jerusalem