Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yebetumi Asua Biribi Afi Nnipa Baanu a Wodi Kan no Nkyɛn

Yebetumi Asua Biribi Afi Nnipa Baanu a Wodi Kan no Nkyɛn

Yebetumi Asua Biribi Afi Nnipa Baanu a Wodi Kan no Nkyɛn

ONYANKOPƆN hwɛɛ okyinnsoromma a ɛne Asase no. Na ɔresiesie ama nnipa atra so. Ohui sɛ nneɛma a na ɔreyɛ nyinaa ye. Nokwarem no, bere a owiee saa adwuma yi no, ɔkae sɛ “eye papa.” (Genesis 1:12, 18, 21, 25, 31) Nanso ansa na ɔde nneɛma reba awiei wɔ ɔkwan a ɛyɛ pɛ saa so no, Onyankopɔn kaa biribi a “enye” ho asɛm. Ɛwom, Onyankopɔn anyɛ biribi a na ɛnyɛ pɛ. Nea ɛte ne sɛ ná n’adebɔ na ennya maa awiei ɛ. Yehowa kae sɛ: “Enye sɛ onipa nko tra, meyɛ ne sɛso boafo mama no.”—Genesis 2:18.

Ná Yehowa atirimpɔw ne sɛ adesamma abusua no bɛtra ase daa wɔ akwahosan, ne anigye mu a nneɛma pii abu so wɔ asase so paradise mu. Adesamma nyinaa agya ne Adam. Ne yere Hawa bɛyɛɛ “ateasefo nyinaa na.” (Genesis 3:20) Ɛwom sɛ mprempren wɔn asefo ɔpepepem pii na wɔte asase so de, nanso wɔnyɛ pɛ.

Yenim Adam ne Hawa ho asɛm yiye. Nanso mfaso bɛn ankasa na ɛwɔ so ma yɛn? Dɛn na yebetumi asua afi nnipa baanu a wodi kan no suahu ahorow no mu?

“Ɔbarima ne Ɔbea na Ɔbɔɔ Wɔn”

Bere a Adam retoto mmoa no din no, ohui sɛ wɔwɔ ahokafo na ɔno de onni bi. Enti bere a ohuu abɔde hoɔfɛfo a Yehowa ayi afi ne mparow mu no, n’ani gyei. Bere a Adam hui sɛ ɔyɛ ne sɛso a ɔda nsow no, ɔteɛɛm sɛ: “Afei me nnompe mu dompe ne me honam mu nam ni. Oyi na wɔbɛfrɛ no ɔbea, efisɛ ɔbarima mu na woyii no fii.”—Genesis 2:18-23.

Ná onipa hia “boafo.” Afei de wanya obi a ɔte saa a ɔfata. Na Hawa fata koraa sɛ ɔbɛyɛ Adam boafo—wɔ wɔn fie turo ne mmoa no a wɔbɛhwɛ wɔn so, mma a wɔbɛwo, ne sɛnea wɔde wɔn adwene bedi dwuma ayɛ biako ankasa mu.—Genesis 1:26-30.

Yehowa de biribiara a na ebehia awarefo no maa wɔn. Onyankopɔn nam Hawa a ɔde no brɛɛ ne kunu na ɔkaa wɔn boom sɛ awarefo no so yɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma aware ne abusua asetra akɔ so. Genesis kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Ɔbarima begyaw n’agya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔayɛ ɔhonam koro.” Bere a Yehowa hyiraa awarefo a wodi kan na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnwo no, ɛda adi pefee sɛ na n’atirimpɔw ne sɛ wɔbɛwo abofra biara ato abusua a ɛna ne agya bɛhwɛ no mu.—Genesis 1:28; 2:24.

‘Wɔ Onyankopɔn Suban So’

Ná Adam yɛ Onyankopɔn ba a ɔyɛ pɛ, a ɔbɔɔ no Ne ‘suban ne ne sɛso’ so. Nanso esiane sɛ “Onyankopɔn yɛ Honhom” nti, na aniwa ntumi nhu sɛnea yɛyɛ ne sɛso no. (Genesis 1:26; Yohane 4:24) Ne suban so no kyerɛ sɛ onipa wɔ su horow a ɛma ɔsen mmoa koraa. Yiw, wɔde su horow te sɛ ɔdɔ, nyansa, tumi ne atɛntrenee bɔɔ onipa fii mfiase. Na obetumi afi ne pɛ mu ayɛ ade na wadi ne honhom fam ahiade ho dwuma. Nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho adwene a na ɔwɔ, anaa ahonim, tumi boaa no ma otumi huu nsonsonoe a ɛda papa ne bɔne ntam. Na onipa wɔ nyansa a etumi boa no ma ɔdwennwen nea enti a adesamma te ase, nya ne Bɔfo ho nimdeɛ, na ɔne Ne ntam abusuabɔ mu yɛ den ho. Bere a Adam nyaa eyinom nyinaa no, na ɔwɔ nea ehia nyinaa a ɛbɛma wadi n’asɛyɛde ho dwuma sɛ Onyankopɔn nsa ano adwuma sohwɛfo wɔ asase so.

Hawa To Mmara

Akyinnye biara nni ho sɛ Adam kaa ade biako a na Yehowa abara no ho asɛm kyerɛɛ Hawa ntɛm ara sɛ: Wobetumi adi turo no mu nnua horow nyinaa so aba gye biako—papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no. Ná ɛnsɛ sɛ wodi so aba no bi. Sɛ wodi a, da no ara wobewu.—Genesis 2:16, 17.

Ankyɛ na ɔsɛmpɔw bi sɔree wɔ dua a wɔabara no ho. Honhom abɔde a aniwa nhu no bi nam ɔwɔ so kasa kyerɛɛ Hawa. Ɔwɔ no faa nyansa kwan so bisaa no sɛ: “Ampa na Onyankopɔn aka sɛ: Munnni turom ha nnua nyinaa bi?” Hawa buae sɛ turom ha nnua nyinaa aba no, yedi bi gye biako pɛ. Nanso ɔwɔ no totoo Onyankopɔn ano, na ɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu: na Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no, mo ani bebue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.” Ɔbea no fii ase hwɛɛ dua a wɔabara no wɔ ɔkwan soronko bi so. Na “dua no ye sɛ wodi . . . na ɛbɛtew ani.” Wɔdaadaa Hawa korakora maa ɔtoo Onyankopɔn mmara.—Genesis 3:1-6; 1 Timoteo 2:14.

So na Hawa bɔne no yɛ nea ontumi nkwati? Ɛnte saa koraa! Fa no sɛ wone Hawa. Nea ɔwɔ no kae no ne nea Onyankopɔn ne Adam aka no bɔ abira koraa. Sɛ obi a wunnim no bɔ obi a wowɔ ne mu ahotoso na wodɔ no sobo sɛ onni nokware a, wobɛte nka dɛn? Anka Hawa betumi ayɛ ade wɔ ɔkwan soronko so, ada abufuw bi adi de akyerɛ sɛ ɔmpene nea ɔka no so, na mpo ɔmpɛ sɛ obetie. Ɔwɔ nso ne hena a obetumi aka Onyankopɔn trenee ne ne kunu asɛm ho biribi? Sɛ na Hawa wɔ obu ma tiyɛ nhyehyɛe no a, na anka ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ afotu ansa na wasi gyinae biara. Sɛ wɔka asɛm bi a ɛne Onyankopɔn akwankyerɛ bɔ abira kyerɛ yɛn a, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Nanso Hawa gyee Sɔhwɛfo no asɛm dii, pɛe sɛ n’ankasa kyerɛ nea ɛyɛ papa ne bɔne. Bere dodow a ɔkɔɔ so dwen asɛm no ho no, dodow no ara na ɛbɛyɛɛ te sɛ nea eye ma no. Hwɛ mfomso ara a ɔyɛe sɛ ɔmaa akɔnnɔ bɔne hyɛɛ ne so, sen sɛ anka obeyi afi n’adwene mu anaa ɔne n’abusua ti besusuw ho mmom no!—1 Korintofo 11:3; Yakobo 1:14, 15.

Adam Tiee ne Yere Nne

Ankyɛ koraa na Hawa daadaa Adam maa ɔbɛkaa ne ho wɔ ne bɔne no mu. Ɔkwan bɛn so na yɛmfa nkyerɛkyerɛ ne ho mu a ogyaee no mu? (Genesis 3:6, 17) Adam hyiaa nokwaredi ho sɔhwɛ. So obetie ne Bɔfo, a wama no biribiara, a ne yere Hawa a ɔdɔ no ka ho no? So Adam bɛhwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ wɔ nea ɛsɛ sɛ mprempren ɔyɛ no ho? Anaa so onipa no besi gyinae sɛ ɔbɛka ne yere ho wɔ ne bɔne no mu? Ná Adam nim pefee sɛ nea ne yere gye dii sɛ obenya afi dua a wabara aba a obedi mu no yɛ nnaadaa. Wɔde honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛnyɛ Adam na wɔdaadaa no, na ɔbea no na wɔdaadaa no a ɔkɔtoo mmara.” (1 Timoteo 2:14) Enti Adam boapa buu Yehowa animtiaa. Ɛda adi sɛ na suro a osuro sɛ ne yere befi ne nsa no kyɛn gyidi a na ɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu sɛ obetumi adi tebea no ho dwuma no koraa.

Ná Adam redi ne ho awu. Afei nso edii wɔn a Yehowa fi mmɔborɔhunu mu maa ɔwoo wɔn no nyinaa awu, efisɛ wɔwoo wɔn nyinaa wɔ bɔne ne owu afobu ase. (Romafo 5:12) Hwɛ asotwe kɛse araa a afi pɛsɛmenkominya ne asoɔden mu aba!

Nea Afi Bɔne Mu Aba

Nea edi kan a efi bɔne mu ba ne aniwu. Sɛ́ anka wɔbɛyɛ ntɛm de anigye ne Yehowa akasa no, awarefo no de wɔn ho siei. (Genesis 3:8) Wɔsɛee wɔne Onyankopɔn ntam adamfofa no. Bere a wobisaa wɔn nea wɔayɛ no, wɔankyerɛ ahonu biara, ɛwom sɛ na wɔn nyinaa nim sɛ wɔato Onyankopɔn mmara de. Wɔnam dua a wɔabara no aba a wodii no so poo papa a Onyankopɔn yɛɛ wɔn no.

Ne saa nti Onyankopɔn kyerɛe sɛ yaw a wɔte wɔ awo mu no bɛdɔɔso. Ná Hawa ani begyina ne kunu, na ɔno na obedi ne so. Ne mmɔden a ɔbɔe sɛ obenya ahofadi no kowiee nea ɛne no bɔ abira koraa mu. Afei de na Adam de yaw na ebedi afuw so aba. Sɛ anka obedidi kwa wɔ Eden no, afei de ɛsɛ sɛ ɔyɛ adwumaden de hwehwɛ asetrade kosi sɛ ɔbɛsan akɔ dɔte a woyii no fii mu no mu.—Genesis 3:16-19.

Awiei koraa no, wɔpamoo Adam ne Hawa fii Eden turo no mu. Yehowa kae sɛ: ‘Hwɛ, onipa no ayɛ sɛ yɛn mu biako hu papa ne bɔne. Na afei, nea ɛbɛyɛ na wanteɛ ne nsa antew nkwa dua no nso bi anni antra ase daa nti . . .’ Nhomanimfo Gordon Wenham ka sɛ: “Wotwa asɛm no so,” na ɛsɛ sɛ yɛtoa nea Onyankopɔn aka no so—sɛ, “ma mempam no mfi turo no mu.” Mpɛn pii no, Bible akyerɛwfo bɔ Onyankopɔn asɛm nyinaa ho amanneɛ. Nanso Wenham kɔ so ka wɔ ha yi sɛ, “asɛm no a wogyaa bi mu no da sɛnea Onyankopɔn yɛɛ ade ntɛm so no adi. Wanwie ne kasa no koraa na wɔpamoo wɔn fii turo no mu.” (Genesis 3:22, 23) Ɛno akyi no, Yehowa ne awarefo a wodi kan no ntam nkitahodi mu twae.

Adam ne Hawa anwu wɔ saa nnɔnhwerew 24 da koro no ankasa mu. Nanso wowui wɔ honhom fam. Esiane sɛ na wɔatwe wɔn ho afi Nkwamafo no ho koraa nti, wofii ase gurowee kosii owu mu. Susuw sɛnea bere a edi kan a wohuu owu no ɛbɛyɛ wɔn yaw afa ho hwɛ bere a wɔn abakan Kain kum Habel, wɔn babarima a ɔto so abien no!—Genesis 4:1-16.

Ɛno akyi no, nsɛm kakraa bi na yenim fa nnipa baanu a wodi kan no ho. Wɔwoo Set, wɔn babarima a ɔto so abiɛsa bere a na Adam adi mfe 130. Afei Adam wui wɔ ɛno akyi mfe 800, bere a na wadi mfe 930, a na wɔawo “mmabarima ne mmabea” no.—Genesis 4:25; 5:3-5.

Asuade Ma Yɛn

Sɛ nea ɛyɛe a adesamma abusua kɔɔ fam no da nkyɛn a, kyerɛwtohɔ a ɛfa awarefo a wodi kan ho no kyerɛ yɛn asuade titiriw bi. Ahofadi biara a wɔhwehwɛ fi Yehowa Nyankopɔn akyi no kowie huammɔdi mu. Wɔn a wɔyɛ anyansafo ampa no kyerɛ Yehowa ne N’asɛm no mu gyidi, ɛnyɛ sɛnea wɔde wɔn adwene susuw biribi no. Yehowa na ɔkyerɛ nea ɛyɛ papa ne bɔne, na nea ɛfata ne sɛ obi bɛyɛ osetie ama no. Sɛ obi bu ne mmara so na ɔpo ne nnyinasosɛm a na wayɛ bɔne.

Onyankopɔn ma, na ɔda so ara de nea adesamma hia rema—daa nkwa, ahofadi, akomatɔyam, anigye, akwahosan, asomdwoe, yiyedi ne nneɛma afoforo a wɔahu biara. Nanso sɛ́ yebenya eyinom nyinaa mu anigye no gyina yɛn ho a yɛde bɛto yɛn soro Agya Yehowa so koraa no so.—Ɔsɛnkafo 3:10-13; Yesaia 55:6-13.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 26]

Adam ne Hawa—Anansesɛm mu Nnipa Ara Kwa?

Ná kan paradise a bɔne nti ɛyerae no ho gyidi abu so wɔ tete Babilonfo, Asiriafo, Misrifo ne afoforo mu. Nea ɛda adi wɔ nsɛm no pii mu ne nkwa dua no aba a na ɛma wɔn a wodi nya nkwa no. Enti adesamma kae sɛ biribi a ɛyɛ awerɛhosɛm sii wɔ Eden.

Ɛnnɛ, nnipa pii bu Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa Adam ne Hawa ho no sɛ anansesɛm ara kwa. Nanso nyansahufo gye tom sɛ adesamma abusua no fi abusua biako pɔtee a ɛwɔ mfiase mu. Nyamekyerɛfo pii ntumi mmu ani ngu so sɛ bɔne nam aseni bi mfomso so na ɛtrɛw kaa adesamma nyinaa. Sɛ wɔn gyidi ne sɛ nnipa nam akwan pii so na ɛbae a, ɛno bɛkyerɛ sɛ nananom bebree na wɔyɛɛ bɔne fi mfiase. Afei nso ɛbɛma wɔapo sɛ Kristo, “Adam a odi akyiri” no begyee adesamma. Nanso Yesu ne n’asuafo no anhyia saa nsɛnnennen yi. Wogye toom sɛ Genesis kyerɛwtohɔ no yɛ nokware.—1 Korintofo 15:22, 45; Genesis 1:27; 2:24; Mateo 19:4, 5; Romafo 5:12-19.