Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible No—Nhoma a Wɔde Bɔ Bra

Bible No—Nhoma a Wɔde Bɔ Bra

Bible No—Nhoma a Wɔde Bɔ Bra

“ONYANKOPƆN asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara, . . . na ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo.” (Hebrifo 4:12) Akyinnye biara nni ho sɛ sɛnea wɔakyerɛkyerɛ nea Onyankopɔn Asɛm betumi ayɛ mu yi ma ɛda adi pefee sɛ Bible no sen nhoma pa bi ara kwa.

Obi a ɔkyerɛw nyamesom ho nsɛm ka ma emu da hɔ yiye sɛ: “Emu nsɛm no hia yɛn te sɛ mframa a yɛhome.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ wususuw nneɛma a yɛn ani gyina ne hia a yehia ayaresa nnɛ no ho, na wugyina so kenkan Bible no a, nea efi mu ba no yɛ nwonwa.” Te sɛ kanea a ɛhyerɛn yiye no, Bible no kyerɛkyerɛ nnɛyi asetra mu nsɛnnennen pii mu.—Dwom 119:105.

Nokwarem no, nyansa a wɔada no adi wɔ Bible mu no betumi akyerɛ yɛn adwene kwan, aboa yɛn ma yɛadi ɔhaw ahorow ho dwuma, ama yɛn asetra atu mpɔn, na ama yɛn nyansa a yɛde begyina tebea horow a yɛrentumi nsakra no ano. Nea ehia sen biara no, Bible no boa yɛn ma yehu Onyankopɔn, na yɛdɔ no.

Nhoma a Ɛma Yenya Atirimpɔw

Bible no Kyerɛwfo, Yehowa Nyankopɔn ‘nim yɛn akwan nyinaa.’ Onim yɛn honam fam, nkate fam, ne yɛn honhom fam ahiade sen sɛnea yɛn mpo yenim. (Dwom 139:1-3) Ofi nyansam de hye to baabi a nnipa betumi ayɛ ade akodu pefee. (Mika 6:8) Ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ ate anohyeto ne akwankyerɛ ahorow a ɛtete saa no ase na yɛasua sɛ yɛde bɛbɔ yɛn bra. Odwontofo no ka sɛ nhyira ne onipa a ‘Yehowa mmara sɔ n’ani.’ “Nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.” (Dwom 1:1-3) Akyinnye biara nni ho sɛ ɛfata sɛ yɛhwehwɛ hokwan a ɛte saa mu.

Maurice, sukuu kyerɛkyerɛni a onyin ama wagyae adekyerɛ no gye di bere nyinaa sɛ Bible no kura abakɔsɛm ne nkyerɛkyerɛ a ɛsom bo. Nanso, na n’adwenem yɛ no naa wɔ honhom mu a wofi kyerɛwee no ho. Bere a Maurice tiee nea enti a Onyankopɔn de N’asɛm a wɔakyerɛw maa nnipa ho nkyerɛkyerɛmu wiei akyi no, ɔhwehwɛɛ Bible nkɔmhyɛ ahorow mu. Bere a na ɔyɛ aberante no, osuaa tete abakɔsɛm, ayɛsɛm nhoma, adebɔ ho nyansahu, ne asase ho nsɛm. Ogye tom sɛ na obu ne ho nyansafo araa ma na ɛyɛ den sɛ obegye nhwɛso ahorow a ɛkyerɛ sɛ Bible no yɛ nokware no atom. “Asetra pa, ahonyade ne asetra mu anigye akyidi a enkosi hwee no sum me afiri. Awerɛhosɛm ne sɛ, na minnim nneɛma pa ne nokwasɛm a ɛwɔ nhoma a ɛsen biara a wɔakyerɛw pɛn mu no ho hwee.”

Bere a Maurice a mprempren wadi mfirihyia 70 refa asɛm a ɛfa Yesu ho a oyi kyerɛɛ ɔsomafo Toma aka asɛm no, ofi anisɔ mu ka sɛ: “Wɔama me nsa aka ‘apirakuru a ɛrepram mogya’ a ebeyi adwenem naayɛ biara a mewɔ wɔ Bible ho sɛ ɛnyɛ nokware no afi m’adwenem.” (Yohane 20:24-29) Sɛnea ɔsomafo Paulo ka ma ɛfatae no, Bible no ma komam nsɛm da adi, na ɛma asetra nya atirimpɔw. Ɛyɛ nhoma a wɔde bɔ bra ampa.

Esiesie Asetra a Ɔhaw Wom

Bible no san de afotu a ɛboa nkurɔfo ma wogyae subammɔne akyidi ma. Daniel tumi gyaee suban a ɛho ntew a ɛne sigaretnom, ne afei apontow gyegyeegye ase kɔ ne asanom bebrebe. (Romafo 13:13; 2 Korintofo 7:1; Galatifo 5:19-21) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ́ obi begyae suban a ɛte saa koraa na wahyɛ “onipa foforo” no gye mmɔdenbɔ ankasa. (Efesofo 4:22-24) Daniel ka sɛ: “Na ɛyɛ den, esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti.” Nanso, otumi gyaee. Ɛnnɛ, Daniel kenkan Onyankopɔn Asɛm da biara, na ɛma ɔbɛn Yehowa.

Bere a na ɔrenyin no, na Daniel wɔ obu kɛse ma Bible bere nyinaa—ɛwom sɛ wankenkan da de, nanso—na ɔbɔ Onyankopɔn mpae anadwo biara. Nanso na aka biribi. Na onni anigye. Nsakrae bae bere a ohuu Onyankopɔn din wɔ Bible mu bere a edi kan koraa no. (Exodus 6:3; Dwom 83:18) Ɛno akyi no, na ɔde Yehowa din bɔ mpae, na ne mpaebɔ bɛyɛɛ n’ankasa ne nsɛm a na ɔka. “Yehowa bɛyɛɛ obi a ɔbɛn me sen biara, na ɔda so ara yɛ m’adamfo paa.”

Ansa na ɔresua Bible no, na Daniel nni daakye ho anidaso biara. Ɔka sɛ: “Enhia nimdeɛ pii na ama obi ahu nea ɛrekɔ so wɔ wiase. Na misuro ma enti na mebɔ mmɔden sɛ mede adwuma bɛkyekyere me ho na afi me tirim.” Afei obehui sɛ Onyankopɔn bɛma atɛntrenee aba ama nnipa nyinaa wɔ asase a watew so so, faako a nnipa betumi anya asomdwoe a enni awiei wɔ anigye mu. (Dwom 37:10, 11; Daniel 2:44; Adiyisɛm 21:3, 4) Mprempren, Daniel wɔ anidaso ankasa. Nkɛntɛnso pa a Bible anya wɔ ne so yi ama wanya asetra ho adwempa.

Ɛboa Ma Yedi Nkate mu Ɔhaw So

Bere a George maame wui no na wadi mfirihyia ason. Na sɛ ɔrekɔda anadwo a na osuro sɛ ade renkye no. Afei ɔkenkan nea Yesu kae wɔ owu ne owusɔre ho no: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte [Yesu] nne, na wɔafi adi.” Yesu nsɛm a ɔkae sɛ: “Mene sɔre ne nkwa; nea ogye me di no, sɛ wawu po a, obenya nkwa” no nso hyɛɛ no den. (Yohane 5:28, 29; 11:25) Na nsɛm a ɛte saa no tɔ asom, na na ntease wom na ɛma awerɛkyekye. George ka sɛ: “Ɛnyɛ sɛ nokware yi kanyan adwene nko na mmom ɛka koma nso.”

Na Daniel a yɛadi kan aka ne ho asɛm no nso wɔ nneɛma a eyi no hu. Ne maame ankasa antumi antete no, enti ɔne nkurɔfo pii trae. Bere nyinaa na ɔte nka sɛ ɔyɛ ɔhɔho ma enti n’ani gyinae sɛ obenya ahobammɔ wɔ abusua a ɔdɔ wom mu. Awiei koraa no, onyaa nea na ɔhwehwɛ no denam Bible a osuae so. Daniel ne Yehowa Adansefo Kristofo asafo no bɛbɔe na ɔbɛkaa honhom fam abusua, faako a ɔtee nka sɛ afoforo gye no tom na wɔdɔ no, ho. Nokwarem no, Bible so wɔ mfaso wɔ ɔkwan a ɛfa so yɛ adwuma na ɛma akomatɔyam no mu.

Kae sɛ Yehowa hu nea ɛwɔ yɛn komam na onim nea yɛrehwehwɛ. Onyankopɔn ‘hwehwɛ koma mu,’ na ɔma ‘obiara sɛ n’akwan te.’—Mmebusɛm 21:2; Yeremia 17:10.

Afotu a Ɛso Wɔ Mfaso Ma Abusua Asetra

Ɛdefa nnipa ntam abusuabɔ ho no, Bible de afotu a mfaso wɔ so ma. George ka sɛ: “Yɛne yɛn ho yɛn ho ani a enhyia ne yɛn adwene a enhyia wɔ nsɛm ho no ne nneɛma a ɛhaw adwene sen biara wɔ asetram.” Ɔkwan bɛn so na odi ho dwuma? “Sɛ mete nka sɛ obi wɔ biribi tia me a, mede afotu tẽẽ a ɛwɔ Mateo 5:23, 24: ‘Wo ne wo nua no nkɔbom’ no di dwuma. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ mitumi ka ntease a anyɛ adwuma no ho asɛm no sow aba. Mitumi te nka sɛ mewɔ Onyankopɔn asomdwoe a Bible ka ho asɛm no. Ɛyɛ adwuma. Na mfaso wɔ so yiye.”—Filipifo 4:6, 7.

Sɛ okunu ne ɔyere adwene nhyia wɔ biribi ho a, ehia sɛ wɔn baanu nyinaa ‘yɛ ntɛm tie, na wɔyɛ nyaa kasa, na wɔyɛ nyaa fa abufuw.’ (Yakobo 1:19) Afotu a ɛte saa boa ma nkitahodi tu mpɔn. George de ka ho sɛ: “Sɛ mede afotu a ɛne sɛ mennɔ me yere te sɛ me ho no di dwuma a, mihu so mfaso ntɛm ara. Ɛma ɛyɛ mmerɛw ma no sɛ obebu me.” (Efesofo 5:28-33) Yiw, Bible no kyerɛkyerɛ yɛn sɛnea yebegye yɛn mfomso atom adi yɛn ankasa sintɔ ahorow ho dwuma, ne sɛnea yebenya afoforo de ho koma.

Afotu a Ɛnsakra

Ɔhene nyansafo Salomo kae sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.” (Mmebusɛm 3:5, 6) Hwɛ sɛnea saa nsɛm no sua nanso emu dɔ!

Bible no wɔ nkɛntɛnso pa. Ɛboa wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn ma wɔbɔ wɔn bra ma ɛne n’apɛde hyia na wonya anigye wɔ ‘Yehowa mmara so a wɔnantew’ mu. (Dwom 119:1) Ɛmfa ho sɛnea yɛn nsɛm tebea te no, afotu ne akwankyerɛ a yehia no wɔ Bible mu. (Yesaia 48:17, 18) Kenkan no da biara da, dwennwen nea wokenkan no ho, na fa di dwuma. Ɛbɛma w’adwenem ada hɔ na ɛbɛdan akɔ nneɛma a ɛho tew na edi mũ so. (Filipifo 4:8, 9) Ɛnyɛ sɛnea wobɛbɔ wo bra anya mu anigye nkutoo na wubesua, na mmom sɛnea wobɛdɔ nkwa Mafo no nso.

Ɛdenam ɔkwan a ɛte saa akyi a wubedi so no, Bible bɛyɛ—sɛnea ɛte wɔ nnipa ɔpepem pii fam no—nea ɛsen nhoma pa bi ara kwa. Ɛbɛyɛ nhoma a wɔde bɔ bra ankasa!

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Bible betumi ahyɛ wo bo a woasi sɛ wubedi subammɔne bi so no mu den

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Bible kyerɛkyerɛ wo sɛnea wobɛbɛn Onyankopɔn