Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible No—Wɔakyerɛ Ho Anisɔ Aka Ahyɛ

Bible No—Wɔakyerɛ Ho Anisɔ Aka Ahyɛ

Bible No—Wɔakyerɛ Ho Anisɔ Aka Ahyɛ

Netherlandsni nhomanimfo Desiderius Erasmus, a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 16 mu no kyerɛwee sɛ: “Nea mepɛ ne sɛ wɔbɛkyerɛ nhoma kronkron no ase akɔ kasa horow nyinaa mu.”

NEA na Erasmus ani gye ho na ɔhwɛ kwan kɛse ne sɛ nnipa nyinaa betumi akenkan na wɔate Kyerɛwnsɛm no ase. Nanso, Bible asɔretiafo no poo saa adwene no denneennen. Nokwarem no, saa bere no na Europa yɛ baabi a ɛyɛ hu ma obiara a na ɔpɛ sɛ ohu biribi ketewaa bi mpo wɔ Bible no mu. Wɔ England no, mmarahyɛ baguafo no hyɛɛ mmara bi a ɛhyɛe sɛ “ɛsɛ sɛ obiara a ɔkenkan Kyerɛwnsɛm no wɔ Engiresi kasa mu no asase, nkoa a watɔ, n’ahode, ne ne nkwa fi ne nsa . . . na sɛ wɔsen wɔn kɔn na wɔannyae, anaa bere a wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn no sɛ wɔsan yɛ saa bio a, ɛnde ɛsɛ sɛ wodi kan sɛn wɔn sɛ wɔasɔre atia ɔhene, na afei wɔhyew wɔn sɛ wɔatew Onyankopɔn so atua.”

Wɔ Europa asasepɔn no so no, Katolekfo atirimɔden asenni no fii atirimɔden mu kyeree mate-me-ho kuw “atuatewfo” te sɛ France Waldensefo, na wɔde wɔn ani sii wɔn nkutoo so taa wɔn esiane sɛ na nsɛm a wɔka no “fi nsɛmpa no ne asomafo no nkrataa ne kyerɛw kronkron no afã afoforo nti, . . . efisɛ na wɔabara koraa sɛ asɔremma no nni ho kwan sɛ wɔka Kyerɛwnsɛm no mu asɛm na wɔde kyerɛkyerɛ.” Esiane Bible no ho anigye a na mmarima ne mmea pii wɔ no nti, wɔyɛɛ wɔn ayayade pii kunkum wɔn. Wohyiaa asotwe ahorow a na emu yɛ den wɔ Awurade Mpaebɔ anaa Mmara Nsɛm Du ara kwa a na wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn mma no ho.

Onyankopɔn Asɛm ho ahofama a ɛte saa kɔɔ so traa atubrafo a wɔfaa po so kɔkyekyeree Amerika Atifi fam no komam. A History of Private Life—Passions of the Renaissance nhoma no ka sɛ wɔ tete Amerika no, “na akenkan yɛ ɔsom mu adeyɛ denneennen, na wɔn amammerɛ bɛyɛɛ nea na egyina Bible so koraa.” Nokwarem no, asɛm bi a wotintimii wɔ Boston wɔ 1767 mu no hyɛɛ nyansa sɛ: “Fa nsi kenkan Kyerɛw Kronkron no. Ɛsɛ sɛ wokenkan wo Bible no anɔpa ne anwummere biara.”

Sɛnea Barna Nhwehwɛmu Kuw a ɛwɔ Ventura, California kyerɛ no, anyɛ yiye koraa no, Amerikafo ɔha mu 90 wɔ Bible ahorow abiɛsa. Nanso nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ no nnansa yi da no adi sɛ, bere a wɔda so ara kyerɛ obu kɛse ma Bible wɔ hɔ no, “bere a wogye de kenkan, sua a wobesua na wɔde adi dwuma . . . no yɛ nea ne bere atwam.” Emu nsɛm kakraa bi pɛ na wɔn mu dodow no ara nim. Atesɛm krataa mu sɛnkyerɛwfo bi kae sɛ: “Adwene a ɛne sɛ [Bible no] da so ara yɛ ade a ehia a wobetumi de adi nnɛyi nsɛnnennen ne ɔhaw ahorow ho dwuma no nni hɔ koraa.”

Wiase Nsusuwii Nkɛntɛnso

Ade a nnipa pii gye di ne sɛ yebetumi afa nsusuwii ne nnipa ntam biakoyɛ so abɔ yɛn bra. Wobu Bible no sɛ nhoma horow a ɛka ɔsom ne nkurɔfo ho nsɛm no biako, na ɛnyɛ sɛ ɛyɛ nhoma a emu nsɛm yɛ nokware.

Enti ɔkwan bɛn so na nkurɔfo di asetra mu nsɛm a ɛkɔ so yɛ den na ɛhaw adwene no ho dwuma? Wɔmfa honhom fam akwankyerɛ biara nni dwuma, na wonni abrabɔ pa ne ɔsom mu akwankyerɛ biara. Wɔabɛyɛ te sɛ po so ahyɛn a kudɔɔ nnim, a “nnipa nkyerɛkyerɛ biara twe wɔn di akɔneaba, . . . denam nnipa anifere ne nnɛɛdɛe so.”—Efesofo 4:14, The Twentieth Century New Testament.

Ɛnde ɛsɛ sɛ yebisa sɛ, So Bible no nso yɛ nyamesom nhoma bi ara kwa? Anaasɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm ampa, a nsɛm a ehia na mfaso wɔ so wom? (2 Timoteo 3:16, 17) So ɛfata sɛ yesusuw Bible no ho? Asɛm a edi hɔ no bedi nsɛmmisa yi ho dwuma.

[Mfonini wɔ kratafa 3]

Desiderius Erasmus

[Asɛm Fibea]

From the book Deutsche Kulturgeschichte

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Wɔhyɛɛ da tuu ani sii Waldensefo no so taa wɔn esiane Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm a na wɔka nti

[Asɛm Fibea]

Stichting Atlas van Stolk, Rotterdam