Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wubetumi Afa Nnamfo

Sɛnea Wubetumi Afa Nnamfo

Sɛnea Wubetumi Afa Nnamfo

“SƐ W’ADAMFO YƐ BIAKO WƆ W’ASETRA MU A EYE; BAANU DƆƆSO; WUNTUMI NNYA BAASA.”—Henry Brooks Adams.

NSƐM a ɛte saa kyerɛ sɛ nokware nnamfo ho yɛ na. Mpɛn pii no, nnipa a wɔyɛ ankonam paa a wɔrehwehwɛ nnamfo taa ka nsɛm te sɛ “Minni obiara,” “Minnye obiara nni,” “M’adamfo paa ne me kraman.”

Sɛ́ wobɛfa nnamfo na moatumi atra akyɛ nna fam. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ gua so ma ɛbɛdaa adi sɛ “wɔ United States no, ‘ankonamyɛ a ɛkyɛ’ aka mpanyimfo ɔha mu 25, na . . . wɔ France no, ɛhɔ nnipa mu fã ahyia ankonamyɛ a emu yɛ den.” Nantew a edi aware anim fekuw, kɔmputa so nkɔmmɔbɔ, ne wɔn a wɔrehwehwɛ nnamfo a wɔbɔ ho dawuru wɔ atesɛm nkrataa mu a ɛredɔɔso no kyerɛ sɛ nnipa pɛ nnipa nkitahodi.

Amemene ne nneyɛe ho nimdefo, Oduruyɛfo David Weeks ka sɛ ɛnyɛ obi adwene nko na ankonamyɛ ka, na mmom n’akwahosan nso. “Mewɔ ayarefo pii a wɔyare dadwen ne adwenemhaw a metumi aka wɔn ho asɛm sɛ wɔyɛ ankonam. Abusuabɔ bi wɔ adwenemhaw a ɛkɔ akyiri ne ankonamyɛ mu.”

Awaregyae ne mmusua asetra a egyigya sɛe nnipa pii asetra ma wɔyɛ ankonam. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Britain no kae sɛ ebedu afeha 21 mfiase no, saa ɔman no mu nnipa ɔha mu 30 na wɔn nkutoo bɛtra fie.

Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no ka siei sɛ pɛsɛmenkominya su bebu so wɔ “nna a edi akyiri” no mu. (2 Timoteo 3:1-5) Ɛte sɛ nea nnipa pii ani gye ahonyade te sɛ ofie anaa kar, anaa wɔn nnwuma ho sen sɛ wɔne afoforo benya abusuabɔ. Nhomakyerɛwfo Anthony Storr ka sɛ: “Sɛ́ anka wɔde wɔn adwene besi wɔn ahokafo ne wɔn mma so no, wɔde wɔn adwene si wɔn adwuma so.”

NOKWARE NNAMFO SOM BO

Sɛnea w’asetra mu tebea te no gyina nnamfo a wofa so titiriw. Mpɛn pii no, wɔn a wɔtra ase ma wɔn ho no ani nnye efisɛ wonni nnamfo a wɔne wɔn bɛkyɛ wɔn nneɛma anaasɛ wɔne wɔn besusuw nsɛm ho. Yesu Kristo nsɛm yi yɛ nokware: “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.” (Asomafo no Nnwuma 20:35) Bere a Engiresini anwensɛm kyerɛwfo George Byron reti nokwasɛm yi mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔn a wonya anigye no nyinaa ma afoforo bi.”

Dɛn ne adamfo? Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ adamfo ase sɛ “obi a ofi obu anaa ɔdɔ mu fam obi ho.” Adamfo pa betumi aboa ma woasusuw nneɛma pa ho. Obetumi ahyɛ wo nkuran na wahyɛ wo den bere a ade ahia wo. Obetumi mpo ne wo abom adi awerɛhow. Ɔhene Salomo kae sɛ: “Adamfo ankasa dɔ bere nyinaa mu, na ɔyɛ onua a wɔwo no ma hiada.” (Mmebusɛm 17:17, NW) Bere a sɛ honam fam nneɛma kyɛ a ɛnsom bo bio no, nokware nnamfo de, sɛ ɛkyɛ a na emu yɛ den.

Kyerɛwnsɛm no tu Kristofo fo sɛ ‘wɔntrɛw’ wɔn dɔ mu. (2 Korintofo 6:13) Nyansa wɔ bɔ a yɛne afoforo bɛbɔ no mu. Yɛkenkan wɔ Ɔsɛnkafo 11:1, 2, sɛ: “Tow w’abodoo gu nsu ani, na daakye bi wubehu. Kyɛ mu ma nnipa baason ne baawɔtwe nso, na wunnim bɔne ko a ɛbɛba asase so.” Ɔkwan bɛn so na saa nnyinasosɛm yi fa adamfofa ho? Sɛ wo ne nnipa pii afa nnamfo a, wɔn mu bi betumi aboa wo bere a wo ho akyere wo no.

Nokware nnamfo yɛ ahobammɔ ma wo wɔ ɔkwan foforo so. Mmebusɛm 27:6 ka sɛ: “Ɔdɔfo pira yɛ nokware, na ɔtamfo mfewano yɛ nsisi.” Ɛwom sɛ nnipa dodow biara betumi akamfo wo de, nanso nokware nnamfo nkutoo na wobetumi afi ɔdɔ mu asusuw wo ho aka mfomso bi a anibere wom akyerɛ wo de afotu a mfaso wɔ so ama wo.—Mmebusɛm 28:23.

Akyɛde a ɛho yɛ na a ebetumi anya wo so nkɛntɛnso pa no mu bi ne nokware nnamfo a wo ne wɔn bedi atirimsɛm. Wɔ Asomafo no Nnwuma ti 10 no, yɛkenkan asɛm bi a ɛfa Roma sraani panyin Kornelio, a na ɔbɔfo bi abɔ no amanneɛ sɛ wɔatie ne mpaebɔ, ho. Bere a na Kornelio rehwɛ Petro nsrahwɛ kwan no, ‘ɔfrɛfrɛɛ n’abusuafo ne ne nnamfo a wɔbɛn no hyiae.’ Kornelio nnamfo yi ka Amanaman mufo momonotofo a wodii kan gyee asɛmpa no dii ma wɔde honhom kronkron sraa wɔn, a na wɔwɔ anidaso sɛ wɔne Kristo bedi ade wɔ Onyankopɔn Ahenni mu no ho. Hwɛ nhyira ara a Kornelio nnamfo a wɔbɛn no yi nyae!—Asomafo no Nnwuma 10:24, 44.

Ɛnde ɔkwan bɛn na wobɛfa so afa nnamfo? Bible a ɛwɔ pii ka wɔ nnamfofa ho no de ho afotu a mfaso wɔ so ma. (Hwɛ adaka a ɛwɔ ase hɔ no.)

BAABI A WUBETUMI AFA NOKWARE NNAMFO

Baabi a eye paa a wubetumi afa nokware nnamfo ne Kristofo asafo no mu. Nea edi kan koraa no, wubetumi de hokwan a ɛne sɛ wubetumi afa Yehowa, wo Bɔfo ne wo soro Agya, ne W’agyenkwa, Yesu Kristo, adamfo no adi dwuma. Yesu a ɔto nsa frɛ wo sɛ bɛyɛ n’adamfo no ka sɛ: “Obi nni dɔ kɛse a ɛsen eyi: sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.” (Yohane 15:13, 15) Yehowa ne Yesu Kristo a wo ne wɔn bɛfa nnamfo no betumi ama wo awerɛhyem sɛ ‘wobegye wo akɔ daa afi no mu.’ Yiw, adamfo a wo ne Yehowa ne Yesu bɛfa no kyerɛ daa nkwa.—Luka 16:9; Yohane 17:3.

Wobɛyɛ dɛn anya wɔn adamfofa a ɔdɔ wom no? Wɔaka nea ehia na ama wɔagye wo wɔ Yehowa ntamadan mu sɛ ne nnamfo mu biako no ho asɛm wɔ Dwom 15. Hwɛ Bible mu na kenkan saa dwom no nkyekyem ahorow anum no. Bio nso Yesu Kristo kae sɛ: “Sɛ moyɛ nea mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo.”—Yohane 15:14.

Yiw, sɛ wusua Onyankopɔn Asɛm, Bible, anibere so, na wode mu akwankyerɛ di dwuma a, woda no adi sɛ wopɛ sɛ woyɛ Yehowa ne Yesu adamfo. Sɛ wubetumi ayɛ eyi a, ɛsɛ sɛ wokɔ Kristofo nhyiam ahorow, faako a wɔkyerɛkyerɛ Yehowa Nyankopɔn ho nimdeɛ, no daa. Fi nokwaredi mu tie Yehowa, na wobɛbɛn ɔne ne Ba no.

Wɔ nhyiam ahorow ase no, wubetumi ne ankorankoro a wɔdɔ Yehowa na wɔda honhom aba—ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ—adi wɔ wɔn asetram no abɔ. (Galatifo 5:22, 23) Sɛ w’ani abere sɛ wopɛ sɛ wunya nnamfo na wopam ankonamyɛ a, kɔ Kristofo nhyiam dapɛn biara. Saa a wobɛyɛ no ma wunya gyinabea a eye wɔ bere pa mu ma wo ne Onyankopɔn ne ne nkurɔfo a wɔahyira wɔn no nya adamfofa a ɛtra hɔ daa.

NNAMFOFA A ƐTRA HƆ DAA

Nokware adamfofa yɛ akyɛde nwonwaso a efi Yehowa Nyankopɔn. Efi n’ankasa nipasu mu. Esiane ne dɔ ne n’ayamye su nti, ɔde abɔde a wonim nyansa a wubetumi ne wɔn afa nnamfo ahyɛ asase so ma. Wo ne mfɛfo Kristofo mmɔ. Hyɛ wɔn nkuran. Wo ne wɔn nyɛ asɛnka adwuma no. Wo ne wɔn mmɔ mpae na bɔ mpae ma wɔn daa. Sɛ woyɛ saa a, na woresuasua Yehowa ne ne Ba, Yesu Kristo.

Adamfofa yɛ akyɛde a obiara betumi ada no adi na wanya. Wɔ daakye a enni akyiri koraa no, wubenya hokwan atrɛw wo nnamfofa mu. Wubetumi ne nnipa ɔpepem pii a wɔte ase nnɛ yi, ne wɔn a wɔtraa ase mfe pii a atwam a wɔadeda wɔ owu mu retwɛn owusɔre, bere a “owu nni hɔ bio” no, afa nnamfo. (Adiyisɛm 21:4; Yohane 5:28, 29) Fi nnɛ bɔ mmɔden sɛ wobɛfa afoforo nnamfo, na fa wɔn a wɔdɔ Yehowa nnamfo. Wo ne Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo mfa nnamfo denam tie a wubetie Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no so. Sɛ woyɛ saa a, worenyɛ ankonam bio wɔ daakye a enni awiei mu.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 22, 23]

AKWAN ASIA A WƆFA SO NYA NNAMFO A ƐTRA HƆ DAA

1. FA ADAMFO. Wɔfrɛɛ Abraham ‘Yehowa adamfo’ esiane ne gyidi a na enhinhim nti. (Yakobo 2:23) Nanso na biribi foforo ka ho. Bible ka sɛ Abraham daa ɔdɔ a na ɔwɔ ma Onyankopɔn no adi. (2 Beresosɛm 20:7) Odii kan daa ne nkate adi kyerɛɛ Yehowa. (Genesis 18:20-​33) Yiw, ehia sɛ wudi kan yɛ ade de kyerɛ sɛ woyɛ adamfo. Yesu kae sɛ: “Momma, na wɔama mo.” (Luka 6:38) Ebia nkuranhyɛsɛm bi anaasɛ boa a wobɛboa obi no na ebefi adamfo pa bi ase. Amerikani anwensɛm kyerɛwfo Ralph Waldo Emerson kae bere bi sɛ: “Ɔkwan biako pɛ a wubetumi afa so anya adamfo ne sɛ wobɛfa bi.”

2. NYA BERE A WODE BƐFA ADAMFO. Nni­pa dodow no ara pɛ adamfofa so mfaso. Nanso, wonni adagyew koraa sɛ wɔbɛsɛe bere wɔ ho. Romafo 12:15, 16 tu yɛn fo sɛ yɛne afoforo nkyɛ wɔn anigye ne wɔn nkonimdi, wɔn awerɛhow ne huammɔdi. Ɛka sɛ: “Mo ne anigyefo ani nnye, na mo ne asufo nsu. Mo nyinaa nnya adwenkoro.” Ɛwom sɛ na Yesu Kristo yɛ obi a onni adagyew de, nanso onyaa bere maa ne nnamfo bere nyinaa. (Marko 6:31-34) Kae sɛ, adamfofa, te sɛ afifide a ɛsow ­nhwiren, ehia sɛ wogugu so na ayɛ frɔmm—na ɛno gye bere.

3. SƐ AFOFORO KASA A YƐ ASO TIE. Ɛnyɛ den mma nnipa a wotumi tie asɛm yiye sɛ wobenya nnamfo. Osuani Yakobo ka sɛ: “Ma nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa.” (Yakobo 1:19) Sɛ wo ne afoforo di nkɔmmɔ a, ma sɛnea wɔte nka no ho nhia wo. Hyɛ wɔn nkuran ma wɔnka wɔn ho asɛm nkyerɛ wo. Di kan di wɔn ni. (Romafo 12:10) Ɛno ansa na wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛn wo. Ɔkwan foforo so no, sɛ wugye nkɔmmɔ biara bɔ so, anaasɛ wotaa moma wo ho so a, ɛbɛyɛ den sɛ wubenya obi a wayɛ krado sɛ obetie wo anaa obesusuw wo nkate ne w’ahiade ho.

4. FA MFOMSO FIRI. Bere bi Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ onsiesie ne ho sɛ ɔde befiri ‘mpɛn aduɔson ahorow ason.’ (Mateo 18:21, 22) Obi a ɔyɛ adamfo pa bu n’ani gu mfomso nketenkete so ntɛm ara. Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a: Nnipa binom mpɛ oguaa esiane aba nketenkete pii a ɛwom no nti. Nanso, wɔn a wɔpɛ aduaba yi nhu aba yi. Wɔhwɛ nokware nnamfo suban pa so na ɛdɔ wɔn; wobu ani gu wɔn sintɔ nketenkete so. Paulo tuu yɛn fo sɛ: “Munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho.” (Kolosefo 3:13) Wɔn a wosua sɛ wɔde mfomso befiri no nhwere wɔn nnamfo.

5. MFA WO HO NHYEHYƐ AFOFORO PII. Obiara hia bere a ɔde bɛyɛ n’ade kokoam, a wo nnamfo nso ka ho. Mmebusɛm 25:17 fi nyansam ka sɛ: “Mma wo nan nnyɛ wo yɔnko fi ntiantia, na wo ho anyɛ no mfonee na wantan wo.” Enti, hwɛ mpɛn dodow ne bere dodow a wode sra wo nnamfo no yiye. Kwati sɛ wobegye wɔn abɔ so, adeyɛ a ebetumi akowie ninkuntwe mu. Sɛ worekyerɛ w’adwene wɔ nneɛma a wopɛ ne nsɛm afoforo ho a, fa atɛmpa di dwuma. Eyi ma wunya adamfofa a ɛyɛ anigye na ɛma abotɔyam.

6. DA AYAMYE ADI. Wɔnam ayamye so na enya nnamfo. Ɔsomafo Paulo afotu ne sɛ “wɔnkyɛ ade fɛw so na wɔn nsa nteɛ.” (1 Timoteo 6:18) Sɛ nhwɛso no, ka nsɛm a ɛhyɛ nkuran kyerɛ afoforo. (Mmebusɛm 11:25) Fi wo pɛ mu fa nkamfo ma na ka nsɛm a ɛma denhyɛ. Sɛ wufi komam kyerɛ afoforo yiyedi ho anigye a, ɛka wɔn bɛn wo. Susuw nea wubetumi ayɛ ama wɔn ho sen sɛ wode w’adwene besi nea wobetumi ayɛ ama wo so.