Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Ɛsɛ Sɛ Wugye Di?

So Ɛsɛ Sɛ Wugye Di?

So Ɛsɛ Sɛ Wugye Di?

NÁ ƐYƐ den ma sukuuni bi a wadi mfi 12 sɛ ɔbɛte akontaabu mu mmara bi ase. Ne kyerɛkyerɛfo no de akontaabu bi a ɛte sɛ nea ɛyɛ tẽẽ maa adesuafo no.

Ofii ase sɛ, “x=y, (x ne y yɛ pɛ) na abien no nyinaa ano si 1.”

Osuani no susuwii sɛ: ‘Ɛte sɛ nea ntease wom no.’

Nanso bere a ɔkyerɛkyerɛfo no abu akontaa no atoatoa so ahorow anan awie no, onyaa biribi a na ɛyɛ nwonwa: “Enti 2=1 (2 ne 1 yɛ pɛ)!”

Ɔka kyerɛɛ n’adesuafo a na wɔn adwene atu afra no sɛ: “Monka biribi nkyerɛ sɛ ɛnyɛ nokware.”

Esiane sɛ na osuani no nni nkontaabu ho nimdeɛ pii nti, na ontumi nhu ɔkwan a ɔbɛfa so de akyerɛ sɛ asɛm no nyɛ nokware. Ná ɛte sɛ nea akontaabu no fã biara di mũ no. Nanso so na ɛsɛ sɛ ogye asɛm a ɔnte ase yi di? Anyɛ yiye koraa no na ne kyerɛkyerɛfo no nim akontaabu sen no. Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ saa! Ɔkaa no ne tirim sɛ: ‘Ɛnsɛ sɛ migye eyi ho akyinnye. M’adwene kyerɛ me sɛ ntease nnim.’ (Mmebusɛm 14:15, 18) Ná onim sɛ ne kyerɛkyerɛfo anaa wɔn a ɔne wɔn kɔ sukuu no mu biara nni hɔ a ɔde dɔla abien bɛsesa biako!

Bere kɔɔ so no, osuani a osua akontaabu no behuu mfomso a na ɛwɔ akontaabu no mu no. Ne nyinaa mu no, osuahu no maa osuaa biribi a ɛsom bo. Sɛ mpo obi a ɔwɔ nimdeɛ pii nam adɛfɛdɛfɛ so ka asɛm a ɛte sɛ nea asɛm biara nni ho a, enhia sɛ otiefo gye tom ara kwa esiane sɛ ontumi nkyerɛ sɛ ɛnyɛ nokware saa bere no. Sɛ ɛba saa a na osuani no redi Bible nnyinasosɛm a ɛyɛ adwuma a ɛwɔ 1 Yohane 4:1 no akyi pɛpɛɛpɛ—a ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yegye nsɛm biara a yɛte no di ntɛm so bere a ɛyɛ te sɛ nea efi obi a wogye no tom nkyɛn no.

Eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ katee wɔ adwene bi a woadi kan anya dedaw no ho. Ɛyɛ mfomso sɛ wobɛto w’adwenem wɔ nsɛm a ebetumi ama woayɛ nsakrae wɔ nsusuwii bi a mfomso wom ho. Nanso mma biribi ‘nnnan w’adwene ntɛm’ wɔ nhyɛso a efi obi a ogye ne ho di sɛ ɔwɔ nimdeɛ kɛse anaa tumi hɔ no ho. (2 Tesalonikafo 2:2) Ɛwom, na ɔkyerɛkyerɛfo no resɔ n’adesuafo no adwene ahwɛ ara kwa. Nanso ɛtɔ mmere bi a na asɛm wɔ nneɛma bi ho. Nkurɔfo betumi ada “anifere a ɛnam nnaadaa nnɛɛdɛe mu” a ɛkɔ akyiri adi.—Efesofo 4:14; 2 Timoteo 2:14, 23, 24.

So Animdefo Nsɛm Yɛ Nokware Bere Nyinaa?

Nanso ɛmfa ho nimdeɛ a ebia animdefo bi wɔ no, wɔn a wɔn ho akokwaw wɔ nnwuma biara mu no wɔ nneɛma bi a wɔn adwene nhyia wɔ ho. Sɛ nhwɛso no, fa akyinnyegye a ɛrekɔ so wɔ nnuruyɛ mu nyansahu mu a ɛfa biribi a ɛnkyere so pii ho, te sɛ nea ɛde ɔyare ba no ho hwɛ. Aduruyɛ ho ɔbenfo bi a ɔwɔ Harvard Sukuupɔn mu kyerɛwee sɛ: “Hia a abusuabɔ a ɛda suban ne abrabɔ mu hia wɔ yare mu no ama akyinnyegye a emu yɛ den asɔre wɔ nyansahufo mu.” Wɔn a wogye di sɛ awosu na ɛkyerɛ nnipa nneyɛe kwan no gye tom denneennen sɛ yɛn awosu di akoten wɔ sɛnea yegyina nyarewa ano no mu. Nanso afoforo ka sɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ne sɛnea yɛbɔ yɛn bra titiriw na ɛma yɛyare. Afanu no nyinaa ntwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛtwe adwene asi nea wɔasua ne akontaabu so de agyina wɔn nsɛm no akyi. Nanso akyinnyegye no kɔ so ara.

Abɛda adi mpɛn pii sɛ nnipa a na wobu wɔn yiye sɛ wonim nyansa no nsusuwii nyɛ nokware, ɛwom sɛ mfiase no na wosusuw sɛ obiara ntumi nnye wɔn kyim de. Nyansapɛfo Bertrand Russell ka Aristotle ho asɛm sɛ “nyansapɛfo a onyaa nkɛntɛnso sen biara.” Nanso Russell san kyerɛ sɛ Aristotle nkyerɛkyerɛ no pii “yɛ atoro koraa.” Ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛnnɛyi nkɔso a wɔanya wɔ nyansahu, mmara, anaa nyansapɛ mu no gyina sɔre a wɔsɔre tiaa Aristotle asuafo no tẽẽ no so.”—History of Western Philosophy.

Nimdeɛ’ a Wɔboa Frɛ No Sa”

Ɛda adi sɛ Kristofo a wodii kan no hyiaa wɔn a na wɔyɛ Helafo nyansapɛfo a na wɔagye din te sɛ Socrates, Plato, ne Aristotle asuafo pii. Wɔn a na wɔasua nhoma saa bere no buu wɔn ho sɛ wonim nyansa kɛse sen Kristofo no. Nnipa pii ammu Yesu asuafo no sɛ ‘wonim nyansa.’ (1 Korintofo 1:26) Nokwarem no, wɔn a na wɔakɔ nyansapɛ sukuu saa bere no buu nea Kristofo no gye di no sɛ ɛyɛ “nkwaseasɛm” anaa “biribi a nyansa nnim koraa.”—1 Korintofo 1:23; Phillips.

Sɛ na anka woka Kristofo a wodii kan no ho a, so anka w’ani begye nsɛm a ɛdan ti a na nhomanimfo akunini a na wɔwɔ hɔ saa bere no ka no ho, anaasɛ anka sɛnea wɔda wɔn nyansa adi no bɛma wo ho adwiriw wo? (Kolosefo 2:4) Sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛ no, na biribiara nni hɔ a wubegyina so ayɛ saa. Ɔkaee Kristofo sɛ Yehowa bu saa bere no “animdefo nimdeɛ” ne “anyansafo nyansa” sɛ ɛyɛ nkwaseasɛm. (1 Korintofo 1:19) Obisae sɛ: “Ɛdɛn, na nyansapɛfo, ɔkyerɛwfo ne wiase akyinnyegyefo de da wɔn nyansa nyinaa adi?” (1 Korintofo 1:20, Phillips) Ɛmfa ho wɔn nhomanim dodow no, nyansapɛfo, akyerɛwfo, ne akyinnyegyefo a na wɔwɔ hɔ wɔ Paulo bere so no antumi annya adesamma haw ahorow ano aduru biara.

Enti Kristofo suaa sɛ wɔbɛdan wɔn ho afi nea Paulo kae sɛ “nimdeɛ a wɔboa frɛ no sa no akyinnyesɛm no ho.” (1 Timoteo 6:20) Nea enti a Paulo frɛɛ saa nimdeɛ yi ‘atoro’ ne sɛ na enni nnyinaso titiriw bi—biribi anaa asɛm bi a efi Onyankopɔn nkyɛn a wɔde bɛsɔ ahwɛ. (Hiob 28:12; Mmebusɛm 1:7) Esiane sɛ na eyi abɔ wɔn, na bere koro no ara ɔdaadaafo kɛse, Satan, afura wɔn ani nti, na wɔn a wodi saa nimdeɛ yi akyi no ntumi nhu nokware no da.—1 Korintofo 2:6-8, 14; 3:18-20; 2 Korintofo 4:4; 11:14; Adiyisɛm 12:9.

Bible No—Akwankyerɛ a Efi Honhom Mu

Kristofo a wodii kan no annye Onyankopɔn apɛde, n’atirimpɔw, ne n’akwankyerɛ a wada no adi wɔ Kyerɛwnsɛm mu no ho kyim da. (2 Timoteo 3:16, 17) Eyi bɔɔ wɔn ho ban ma enti ‘wɔamma nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm ne wiase mfitiasesɛm so na ɛnnam Kristo so amfa wɔn nnommum.’ (Kolosefo 2:8) Tebea no te saa ara nnɛ. Nea ɛne nnipa nsusuwii a ntease nnim bɔ abira no, Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no wɔ nnyinaso pa a yebetumi de yɛn gyidi agyina so. (Yohane 17:17; 1 Tesalonikafo 2:13; 2 Petro 1:21) Sɛ ɛno nka ho a, ɛnde na yɛaka mu te sɛ nea yɛreto fapem wɔ anhwea a ɛyɛ nnipa nkyerɛkyerɛ ne nyansapɛ so.—Mateo 7:24-27.

Nanso ebia obi bɛka sɛ ‘twɛn kakra. ‘So ɛnyɛ nokware sɛ nyansahu mu nokwasɛm akyerɛ sɛ mfomso wɔ Bible no mu ma enti ɛnyɛ nea yebetumi de yɛn ho ato so sɛnea nnipa nyansapɛ a ɛkɔ so sakra te no?’ Sɛ nhwɛso no, Bertrand Russell kae sɛ: “Copernicus, Kepler, ne Galileo ko tiaa Aristotle ne afei Bible no ansa na wɔrekyerɛ sɛ asase no nyɛ amansan no mfinimfini.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Sɛ nhwɛso no, so ɛnyɛ nokware nnɛ sɛ wɔn a wogye adebɔ di no ka sɛ Bible no kyerɛkyerɛ sɛ wɔbɔɔ asase no wɔ nnansia a ebira yɛ nnɔnhwerew 24 mu, bere a adanse nyinaa kyerɛ sɛ asase no ankasa adi mfe ɔpepepem pii no?

Ɛwom, Bible no nka sɛ asase no ne amansan no mfinimfini. Ná ɛno yɛ asɔre akannifo a wɔn ankasa nni Onyankopɔn Asɛm so no nkyerɛkyerɛ. Adebɔ ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Genesis no ma yehu sɛ asase no adi mfe ɔpepem pii na ɛnto adebɔ da biara ano hye sɛ ɛyɛ nnɔnhwerew 24 ankasa. (Genesis 1:1, 5, 8, 13, 19, 23, 31; 2:3, 4) Nokwaredi a wɔde hwehwɛ Bible mu no ma ɛda adi sɛ ɛmfa ho sɛ ɛnyɛ nyansahu nhoma no, yentumi nka sɛ “ɛyɛ nkwaseasɛm.” Nokwarem no, ɛne nyansahu a wogye tom hyia wɔ ɔkwan biara so. *

‘Adwene Tumi’ No

Ɛwom sɛ na Yesu asuafo no yɛ mmarima ne mmea mpapahwekwaa a na wonnim nhoma pii de, nanso na wɔwɔ Onyankopɔn dom akyɛde bi. Ɛmfa ho baabi a wofi no, na wɔn nyinaa wɔ adwene tumi ne adwene a ɛkyere ade ntɛmntɛm. Ɔsomafo Paulo hyɛɛ ne mfɛfo Kristofo nkuran sɛ wɔmfa wɔn ‘adwene tumi nni dwuma yiye, na wɔnna wɔn ho adi sɛ ade a ɛyɛ pɛ na ɛsɔ Onyankopɔn ani.’—Romafo 12:1, 2.

Ɛdenam “adwene tumi” a Onyankopɔn de ama wɔn so no, Kristofo a wodi kan no huu pefee sɛ nyansapɛ anaa nkyerɛkyerɛ biara a na ɛne Onyankopɔn Asɛm a wɔada no adi nhyia no ho nni mfaso. Wɔ ɔkwan bi so no, na wɔn bere so anyansafo no “reka nokware no ahyɛ” na wɔapo adanse pefee a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ no. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Wose wɔyɛ anyansafo no, wɔdan nkwasea.” Esiane sɛ wɔpoo Onyankopɔn ne n’atirimpɔw nti, “wɔdannan hunu wɔn nsusuwii mu, na wɔn koma a ɛnte ase no duruu sum.”—Romafo 1:18-22; Yeremia 8:8, 9.

Wɔn a wobu wɔn ho sɛ wɔyɛ anyansafo no taa ka nsɛm te sɛ “Onyankopɔn bi nni hɔ” anaasɛ: “Ɛnsɛ sɛ wɔde ho to Bible no so” anaa “Ɛnyɛ awiei bere no ni.” Saa nsusuwii no yɛ nkwaseasɛm wɔ Onyankopɔn ani so te sɛ nea wɔka sɛ: “2=1” (2 ne 1 yɛ pɛ) no. (1 Korintofo 3:19) Ɛmfa ho tumi biara a nkurɔfo bɛfa ato wɔn ho so no, sɛ ɛne Onyankopɔn de nhyia, na ebu ani gu N’asɛm so, na nyansa nnim a, ɛnsɛ sɛ wugye tom. Awiei koraa no, afotu a nyansa wom bere nyinaa ne sɛ: “Ma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo, na onipa biara nyɛ ɔtorofo.”—Romafo 3:4.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 20 Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ The Bible—God’s Word or Man’s? ne Is There a Creator Who Cares About You?, nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no mu.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]

Nea ɛne nnipa nsusuwii hunu bɔ abira no, Bible no de adanse a edi mũ a ebetumi ama yɛanya gyidi ma

[Nsɛm Fibea]

Benkum, Epicurus: Photograph taken by courtesy of the British Museum; mfinimfini wɔ soro, Plato: National Archaeological Museum, Athens, Greece; nifa, Socrates: Roma, Musei Capitolini