Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wodɔ Yehowa Nkae Nsɛm Kɛse?

So Wodɔ Yehowa Nkae Nsɛm Kɛse?

So Wodɔ Yehowa Nkae Nsɛm Kɛse?

“Me kra adi wo nkae nsɛm so, na medɔ no kɛse.”—DWOM 119:167, NW.

1. Ɛhe titiriw na yehu sɛ wɔka Yehowa nkae nsɛm ho asɛm mpɛn pii?

YEHOWA pɛ sɛ ne nkurɔfo ani gye. Nanso, sɛ yebenya nokware anigye a, ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn mmara bɔ yɛn bra na yedi n’ahyɛde ahorow so. Ɔde ne nkae nsɛm ama yɛn na ama yɛatumi ayɛ eyi. Wɔka eyi ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm mu mpɛn pii, titiriw wɔ Dwom 119 a ebetumi aba sɛ Yuda hene ba aberantewaa Hesekia na ɔhyehyɛe no. Nsɛm a ɔde fi dwom a ɛyɛ dɛ yi ase ne: “Nhyira ne wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ, na wɔnam [Yehowa, NW] mmara so. Nhyira ne wɔn a wɔhwɛ ne nkae nsɛm so, na wɔde wɔn koma nyinaa di akyiri.”—Dwom 119:1, 2, NW.

2. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkae nsɛm ne anigye wɔ abusuabɔ?

2 ‘Yɛnantew Yehowa mmara so’ denam N’asɛm mu nokware nimdeɛ a yebenya na yɛde adi dwuma wɔ yɛn asetram so. Nanso, esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, yehia nkae nsɛm. Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “nkae nsɛm” no kyerɛ sɛ Onyankopɔn kaakae yɛn n’ahyɛde, ne mmara nsɛm ne n’atemmude. (Mateo 10:18-20) Sɛ yɛkɔ so de nkae nsɛm no di dwuma nkutoo a, ɛnna yɛbɛkɔ so anya anigye, efisɛ ɛboa yɛn ma yɛkwati honhom fam mfiri ahorow a ɛde amanehunu ne awerɛhow ba no.

Bata Yehowa Nkae Nsɛm Ho

3. Ahotoso bɛn na yebetumi agyina Dwom 119:60, 61 so anya?

3 Na odwontofo a ɔtoo dwom yi ani gye Onyankopɔn nkae nsɛm ho kɛse: “Mayɛ ntɛm, na mentwentwɛn me nan ase, sɛ medi wo mmara nsɛm so. Abɔnefo nhama abobare me ho, nanso me werɛ mfii wo mmara ɛ.” (Dwom 119:60, 61) Yehowa nkae nsɛm boa yɛn ma yegyina ɔtaa ano efisɛ yɛwɔ ahotoso sɛ yɛn soro Agya no betumi atwitwa nhama a atamfo de abobare yɛn ho no mu. Wɔ bere a ɛsɛ mu no, oyi yɛn fi akwanside a ɛtete saa mu na ama yɛatumi ayɛ Ahenni ho asɛnka adwuma no.—Marko 13:10.

4. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn nkae nsɛm ho biribi?

4 Ɛtɔ mmere bi a, Yehowa nkae nsɛm no teɛteɛ yɛn. Ɛmmra sɛ yɛn ani bɛsɔ nteɛso a ɛte saa no bere nyinaa, sɛnea odwontofo no yɛe no. Ɔde mpaebɔ ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Wo nkae nsɛm yɛ m’adɔde, . . . na madɔ wo nkae nsɛm.” (Dwom 119:24, 119, NW) Yɛwɔ Onyankopɔn nkae nsɛm no pii sen nea na odwontofo no wɔ. Ɛnyɛ Yehowa akwankyerɛ a ɔde maa ne nkurɔfo wɔ Mmara no ase no nko na Hebri Kyerɛwnsɛm mu nsɛm ɔhaha pii a epue Hela Kyerɛwnsɛm mu no kae yɛn, na mmom n’atirimpɔw ahorow a ɛfa Kristofo asafo no ho nso. Sɛ Onyankopɔn hu sɛ ɛfata sɛ ɔkae yɛn nneɛma bi a ɛfa ne mmara horow ho a, yɛde anigye gye akwankyerɛ a ɛte saa no. Na sɛ ‘yɛbata Yehowa nkae nsɛm ho’ a, yɛkwati bradato bɔne biara a ɛnsɔ yɛn Bɔfo no ani a ɛsɛe yɛn anigye no.—Dwom 119:31.

5. Ɔkwan bɛn so na yebetumi adɔ Yehowa nkae nsɛm kɛse?

5 Ɛsɛ sɛ yɛdɔ Yehowa nkae nsɛm no kodu he? Odwontofo no too dwom sɛ: ‘Me kra di wo nkae nsɛm so, na medɔ no kɛse.’ (Dwom 119:167) Sɛ yebu Yehowa nkae nsɛm na yegye tom sɛ ɛyɛ Agya a odwen yɛn ho no ankasa afotu a, yɛbɛdɔ no kɛse. (1 Petro 5:6, 7) Yehia ne nkae nsɛm, na sɛ yehu mfaso a yenya wɔ so no a, ɔdɔ a yɛwɔ ma no no bɛyɛ kɛse.

Nea Enti a Yehia Onyankopɔn Nkae Nsɛm

6. Dɛn ne ade biako a enti yehia Yehowa nkae nsɛm, na dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakaakae?

6 Ade biako a enti yehia Yehowa nkae nsɛm ne sɛ, yɛyare awerɛfiri. The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Nnipa nyinaa werɛ fi nsɛm bere a bere kɔ so no. . . . Akyinnye biara nni ho sɛ wo werɛ afi edin anaa asɛm bi a na anka ɛda w’ano pɛn. . . . Wɔfrɛ bere tiaa mu awerɛfiri a ɛte saa a ɛtaa sisi no ade a wontumi nkae. Nyansahufo de toto mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛhwehwɛ biribi a ayera wɔ ɔdan a nneɛma gugu mu basabasa mu ho. Ɔkwan pa a wubetumi afa so akae asɛm bi ne sɛ wubesua no pii bere a wususuw sɛ wunim no yiye akyi no.” Nsi a yɛde besua ade na yɛatĩ mu no bɛboa yɛn ma yɛakaakae Onyankopɔn nkae nsɛm, na yɛde adi dwuma ama aboa yɛn ankasa.

7. Dɛn nti na yehia Onyankopɔn nkae nsɛm nnɛ sen bere foforo biara?

7 Yehia Yehowa nkae nsɛm nnɛ sen bere foforo biara efisɛ abɔnefosɛm adu akyiri sen bere biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu. Sɛ yetie Onyankopɔn nkae nsɛm a, yenya nhumu a ɛfata a ɛbɛma yɛakwati sɛ wɔbɛdaadaa yɛn ma yɛakɔfa wiase no akwammɔne so. Odwontofo no kae sɛ: “Mewɔ nimdeɛ mesen m’akyerɛkyerɛfo nyinaa, na [wo nkae nsɛm, NW] ne m’adwene. Mihu ade mu mesen mpanyimfo, na mehwɛ wo nsiesiei midi so. Misianka me nan mifi kwammɔne nyinaa so, na madi w’asɛm so.” (Dwom 119:99-101) Sɛ yedi Onyankopɔn nkae nsɛm so a, yɛbɛman afi “kwammɔne nyinaa” so, na yɛrenyɛ sɛ adesamma dodow no ara a wɔn ‘adwenem aduru sum, na wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafo’ no.—Efesofo 4:17-19.

8. Ɔkwan bɛn so na yebetumi asiesie yɛn ho yiye de agyina yɛn gyidi ho sɔhwɛ ahorow ano nkonimdi mu?

8 Yehia Onyankopɔn nkae nsɛm nso efisɛ ɛhyɛ yɛn den ma yegyina “awiei bere” yi mu sɔhwɛ ahorow pii ano. (Daniel 12:4) Sɛ nkae nsɛm a ɛtete saa nni hɔ a, yɛbɛyɛ ‘atiefo awerɛfirifo.’ (Yakobo 1:25) Nanso, Kyerɛwnsɛm no a yebesua wɔ kokoam ne asafo adesua ase denam nhoma ahorow a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” yɛ so no bɛboa yɛn ma yɛatumi agyina gyidi ho sɔhwɛ ahorow ano nkonimdi mu. (Mateo 24:45-47) Sɛ yɛkɔ tebea horow a ɛsɔ gyidi hwɛ mu a, honhom fam nsiesiei a ɛte saa no ma yetumi hu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛasɔ Yehowa ani.

Dwuma Titiriw a Yɛn Asafo Nhyiam Ahorow Di

9. Henanom ne ‘nnipa mu akyɛde’ no, na ɔkwan bɛn so na wɔboa wɔn mfɛfo gyidifo?

9 Yenya Onyankopɔn nkae nsɛm a yehia no fã bi wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase, baabi a anuanom a wɔapaw wɔn de akwankyerɛ ma. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ bere a Yesu ‘foro kɔɔ soro no, ɔde nnommum a ɔfae no kɔe, na ɔde nnipa mu akyɛde mae.’ Paulo de kaa ho sɛ: “[Kristo ama] ebinom ayɛ asomafo, ebinom adiyifo, ebinom asɛmpakafo, ebinom ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo, na wɔasesɛw ahotefo no yiye ama ɔsom adwuma no, na Kristo nipadua no si akɔ so.” (Efesofo 4:8, 11, 12) Sɛ yehyiam resom a, hwɛ anisɔ a yebetumi anya sɛ saa ‘nnipa mu akyɛde’—mpanyimfo a wɔapaw wɔn—yi twe yɛn adwene si Yehowa nkae nsɛm so!

10. Dɛn ne asɛntitiriw a ɛwɔ Hebrifo 10:24, 25?

10 Anisɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn nsiesiei no bɛkanyan yɛn ma yɛakɔ yɛn asafo nhyiam ahorow anum no dapɛn biara. Paulo sii hia a ɛho hia sɛ yehyiam daa no so dua. Ɔkyerɛwee sɛ: “Momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, sɛnea ebinom anya nyɛe, na mmom momma yentutu yɛn ho yɛn ho fo, dodow a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.”—Hebrifo 10:24, 25.

11. Ɔkwan bɛn so na yenya yɛn dapɛn dapɛn asafo nhyiam ahorow no mu biara so mfaso?

11 So w’ani sɔ nneɛma a yenya fi yɛn asafo nhyiam ahorow mu no? Dapɛn dapɛn Ɔwɛn-Aban Adesua hyɛ yɛn gyidi den, ɛboa yɛn ma yedi Yehowa nkae nsɛm so, na ɛhyɛ yɛn den ma yɛko tia “wiase honhom.” (1 Korintofo 2:12; Asomafo no Nnwuma 15:31) Wɔ Baguam Nhyiam ase no, akasafo no fi Onyankopɔn Asɛm mu kyerɛkyerɛ, a nea ɛka ho ne Yehowa nkae nsɛm ne Yesu “daa nkwa nsɛm” a ɛyɛ anigye no. (Yohane 6:68; 7:46; Mateo 5:1-7:29) Wɔsew yɛn nkyerɛkyerɛ ano wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu ase. Ɔsom Nhyiam no boa yɛn kɛse ma asɛmpa a yɛka wɔ afie afie, sankɔhwɛ ahorow, ofie Bible adesua ahorow, ne yɛn som no afã afoforo no tu mpɔn. Nnipa kakraa bi a wohyiam wɔ Asafo Nhoma Adesua ase no ma yenya hokwan pii ma mmuae ahorow a mpɛn pii no ɛfa Onyankopɔn nkae nsɛm ho.

12, 13. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ Asia man bi mu akyerɛ Kristofo nhyiam ahorow ho anisɔ?

12 Asafo nhyiam ahorow a yɛkɔ no daa no kae yɛn Onyankopɔn mmara nsɛm, na ɛma yɛkɔ so yɛ den honhom fam bere a yehyia akodi, sika fam ahokyere, ne yɛn gyidi ho sɔhwɛ afoforo no. Kristofo bɛyɛ 70 bi a wɔwɔ Asia man bi mu a wɔhyɛɛ wɔn ma woguan fii wɔn afie kɔtraa kwae mu no huu sɛnea asafo nhyiam ahorow ho hia ankasa. Esiane sɛ na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so ahyiam daa nti, wɔsan kɔɔ wɔn kurow a na ɔko ayɛ no pasaa no mu, kotutuu wɔn Ahenni Asa ho nneɛma a na aka no san kɔhyehyɛe wɔ kwae no mu.

13 Bere a Yehowa nkurɔfo no agyina akodi ano mfe pii wɔ saa man no ara mu beae foforo no, wɔda so ara resom denneennen. Wobisaa mpanyimfo a wɔwɔ saa beae no mu biako sɛ: “Dɛn ne ade titiriw a aboa ma anuanom no akɔ so ayɛ biako no?” Wunim mmuae a ɔde mae? “Mfirihyia 19 ni, asafo nhyiam biara nni hɔ a apa yɛn ti so. Ɛtɔ mmere bi a esiane atopae a wɔtoto anaa ɔhaw foforo bi nti, anuanom binom ntumi mma beae a yehyiam no, nanso yɛantwa asafo nhyiam bi mu da.” Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea adɔfo yi nim hia a ɛho hia sɛ ‘yennyae yɛn ho yɛn ho nhyiam da’ no.

14. Dɛn na yebetumi asua afi Hana a na ne mfe akɔ anim no nhwɛso no mu?

14 Ɔbea kunafo Hana a na wadi mfirihyia 84 no ‘ampa asɔrefie hɔ da.’ Ne saa nti, bere a wɔde abofra Yesu baa hɔ wɔ n’awo akyi bere tiaa bi no, na ɔwɔ hɔ. (Luka 2:36-38) So wusi wo bo sɛ woremma asafo nhyiam ahorow mpa wo ti so? So worebɔ wo ho mmɔden biara sɛ wobɛkɔ amansin ne amantam nhyiam afã horow biara ase? Honhom fam nkyerɛkyerɛ a mfaso wɔ so a yɛn nsa ka wɔ nhyiam ahorow a ɛtete saa ase no ma ɛda adi pefee sɛ yɛn soro Agya no dwen ne nkurɔfo ho. (Yesaia 40:11) Nhyiam a ɛtete saa nso de anigye ba, na ase a yɛbɛkɔ no da anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa nkae nsɛm no adi.—Nehemia 8:5-8, 12.

Yehowa Nkae Nsɛm Ma Yɛda Nsow

15, 16. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nkae nsɛm so a yedi no nya yɛn nneyɛe so nkɛntɛnso?

15 Onyankopɔn nkae nsɛm so a yedi no boa yɛn ma yɛda nsow wɔ wiase bɔne yi mu. Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn nkae nsɛm so a yedi no ma yɛkwati sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ nna mu ɔbrasɛe mu. (Deuteronomium 5:18; Mmebusɛm 6:29-35; Hebrifo 13:4) Onyankopɔn nkae nsɛm a yɛde di dwuma no betumi aboa yɛn ma yɛakwati atorodi, anaa korɔnbɔ ho sɔhwɛ nso. (Exodus 20:15, 16; Leviticus 19:11; Mmebusɛm 30:7-9; Efesofo 4:25, 28; Hebrifo 13:18) Yehowa nkae nsɛm so a yedi no boa yɛn nso ma yɛkwati sɛ yebedi were, anya obi ho menasepɔw, anaasɛ yɛadi ne ho nseku.—Leviticus 19:16, 18; Dwom 15:1, 3.

16 Sɛ yetie Onyankopɔn nkae nsɛm no a, yɛn ho kɔ so tew, anaasɛ yɛda nsow, na ɛma yɛfata ma ne som adwuma. Na hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛtwe yɛn ho fi saa wiase yi ho! Wɔ mpae a Yesu bɔɔ Yehowa anadwo a etwa to wɔ n’asase so asetra mu no, ɔsrɛɛ eyi maa n’akyidifo no: “Mede w’asɛm mama wɔn; na wiase atan wɔn, efisɛ womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no. Mensrɛ sɛ: Yi wɔn fi wiase, na mmom sɛ: Yi wɔn fi ɔbɔne no ho sie! Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no. Yɛ wɔn kronkron wɔ nokware no mu; w’asɛm yɛ nokware.” (Yohane 17:14-17) Momma yɛnkɔ so nkyerɛ Onyankopɔn Asɛm, nea ɛma yɛda nsow na yɛfata ma ne som adwuma a ɛyɛ kronn no ho anisɔ.

17. Sɛ yebu yɛn ani gu Onyankopɔn nkae nsɛm so a, dɛn na ebetumi aba, enti dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

17 Sɛ́ Yehowa asomfo no, yɛpɛ sɛ yɛkɔ so yɛ nkurɔfo a yɛfata ma ne som adwuma no. Nanso, sɛ yebu yɛn ani gu Onyankopɔn nkae nsɛm so a, wiase yi honhom a wɔhyɛ ho nkuran wɔ ne kasa, ne nhoma, n’anigyede, ne ne nneyɛe dodow ara mu no benya yɛn so nkɛntɛnso. Na akyinnye biara nni ho sɛ yɛmpɛ sɛ yɛyɛ sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wɔyɛ keka, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn—sɛ yɛbɛbobɔ su ahorow a wɔn a wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho no da no adi no kakraa bi din a. (2 Timoteo 3:1-5) Esiane sɛ yɛte nneɛma nhyehyɛe bɔne yi nna a edi akyiri mu pɛɛ nti, momma yɛnkɔ so mmɔ mpae nhwehwɛ Onyankopɔn mmoa sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi akɔ so adi Yehowa nkae nsɛm so na yɛnam so ‘ahwɛ yɛn ho so sɛnea n’asɛm se.’—Dwom 119:9.

18. Nneɛma pa bɛn na Onyankopɔn nkae nsɛm so a yebedi bɛma yɛayɛ?

18 Yehowa nkae nsɛm yɛ nneɛma pii sen sɛ ɛbɛma yɛn ani ada hɔ wɔ nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho. Ne nkae nsɛm a yebetie no bɛma yɛayɛ nneɛma pa, na akanyan yɛn ma yɛde yɛn ho ato Yehowa so koraa, na yɛde yɛn koma, yɛn kra, yɛn adwene, ne yɛn ahoɔden nyinaa adɔ no. (Deuteronomium 6:5; Dwom 4:5; Mmebusɛm 3:5, 6; Mateo 22:37; Marko 12:30) Onyankopɔn nkae nsɛm nso kanyan yɛn ma yɛdɔ yɛn yɔnko. (Leviticus 19:18; Mateo 22:39) Yɛnam Onyankopɔn apɛde a yɛyɛ ne “Onyankopɔn ho nimdeɛ” a ɛma nkwa ho asɛm a yɛka kyerɛ afoforo no so titiriw da ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa no adi.—Mmebusɛm 2:1-5.

Yehowa Nkae Nsɛm So a Yebedi Ma Nkwa!

19. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama afoforo ahu sɛ mfaso ankasa wɔ tie a wobetie Yehowa nkae nsɛm so?

19 Sɛ yedi Yehowa nkae nsɛm so na yɛboa afoforo ma wɔyɛ saa a, yebegye yɛn ho ne wɔn a wotie yɛn no nkwa. (1 Timoteo 4:16) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama afoforo ahu sɛ mfaso wɔ Yehowa nkae nsɛm a wobetie so ankasa? Denam Bible nnyinasosɛm ahorow a yɛde bedi dwuma wɔ yɛn asetram so. Wɔn a ‘wɔpɛ daa nkwa’ no nam so behu sɛ asetra kwan a wɔada no adi wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ne nea eye sen biara sɛ yedi akyiri ankasa. (Asomafo no Nnwuma 13:48) Wobehu nso sɛ ‘Onyankopɔn wɔ yɛn mu ampa,’ na ɛbɛka wɔn ma wɔabɛka yɛn ho ma yɛne wɔn asom Amansan Hene Yehowa.—1 Korintofo 14:24, 25.

20, 21. Dɛn na Onyankopɔn nkae nsɛm ne ne honhom bɛma yɛatumi ayɛ?

20 Sɛ yɛkɔ so sua Kyerɛwnsɛm no, de nea yesua no yɛ adwuma, na yɛde Yehowa nsiesiei ahorow no di dwuma kosi ase a, yɛbɛdɔ ne nkae nsɛm no kɛse. Sɛ yetie saa nkae nsɛm yi a, ɛbɛboa yɛn ma ‘yɛahyɛ nipa su foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu’ no. (Efesofo 4:20-24) Yehowa nkae nsɛm ne ne honhom kronkron no bɛboa yɛn ma yɛada ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ahosodi—su ahorow a ɛne wiase a ɛda Satan tumi mu no de bɔ abira koraa, adi! (Galatifo 5:22, 23; 1 Yohane 5:19) Enti, sɛ wɔnam yɛn kokoam Bible adesua, mpanyimfo a wɔapaw wɔn, ne yɛn asafo nhyiam, amansin ne amantam nhyiam ahorow so kae yɛn Yehowa ahwehwɛde ahorow a, yɛn ani betumi agye.

21 Esiane sɛ yetie Yehowa nkae nsɛm nti, yɛn ani tumi gye bere mpo a trenee nti yɛrehu amane no. (Luka 6:22, 23) Yɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn begye yɛn afi tebea horow a ɛyɛ hu mu. Ɛno ho hia titiriw, mprempren a wɔreboaboa amanaman nyinaa ano ama “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko” wɔ Harmagedon no.—Adiyisɛm 16:14-16.

22. Gyinae bɛn na ɛsɛ sɛ yesi wɔ Yehowa nkae nsɛm ho?

22 Sɛ yɛn nsa bɛka ɔdom akyɛde a ɛne daa nkwa no a, ɛsɛ sɛ yɛdɔ Yehowa nkae nsɛm no kɛse na yefi koma nyinaa mu di so. Enti, ɛmmra sɛ yebenya odwontofo a ɔtoo dwom yi honhom no bi: “[Wo nkae nsɛm, NW] yɛ trenee daa, ma me nhumu, na minnya nkwa.” (Dwom 119:144) Na ɛmmra sɛ yebesi gyinae a ɛda adi wɔ odwontofo no nsɛm no mu bi: ‘Misu mefrɛ wo Yehowa. Begye me, na medi wo nkae nsɛm so.’ (Dwom 119:146) Yiw, momma yɛmfa yɛn anom asɛm ne yɛn nneyɛe so nkyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa nkae nsɛm kɛse ampa.

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na odwontofo no buu Yehowa nkae nsɛm?

• Dɛn nti na yehia Onyankopɔn nkae nsɛm?

• Dwuma bɛn na yɛn asafo nhyiam ahorow di wɔ Onyankopɔn nkae nsɛm ho?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa nkae nsɛm ma yɛda nsow wɔ wiase yi ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Odwontofo no dɔɔ Yehowa nkae nsɛm kɛse

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16, 17]

So wode ayɛ wo botae sɛ woremma asafo nhyiam ahorow mpa wo ti so de di Hana nhwɛso no akyi?

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Yehowa nkae nsɛm a yetie ma yɛda nsow sɛ nnipa a yɛn ho tew na yɛfata ma ne som adwuma