Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Ma Nea Wabrɛ Tumi

Yehowa Ma Nea Wabrɛ Tumi

Yehowa Ma Nea Wabrɛ Tumi

“[Yehowa] na ɔma nea wabrɛ otumi, na ɔma nea onni home ahoɔden dɔɔso.”—YESAIA 40:29.

1. Kyerɛkyerɛ ahoɔden a ɛwɔ nneɛma a Onyankopɔn abɔ no mu.

YEHOWA tumi nni ano. Na hwɛ ahoɔden a ɛwɔ nneɛma a wabɔ mu! Atɔm ketewaa no—ade a ɔde yɛɛ nneɛma nyinaa ankasa no—sua koraa ma ɔpepepem ɔha ahorow ɔpepepem na ɛwɔ nsu a ɛsɔ ko mu. * Nkwa a ɛwɔ yɛn okyinnsoromma yi so nyinaa gyina atɔm ahoɔden a efi owia mu ba no so. Nanso, owia ahoɔden mu dodow ahe na yehia ma akora nkwa so wɔ asase so? Ahoɔden a efi Owia mu ba no nkyekyem ɔpepepem mu ketewaa bi pɛ na edu Asase so. Nanso, owia ahoɔden ketewaa bi a ɛba asase so no ano den boro ahoɔden a wɔde yɛ adwuma wɔ wiase mfiridwuma mu nyinaa so bɛyɛ mpɛn pii.

2. Dɛn titiriw na Yesaia 40:26 ka fa Yehowa tumi ho?

2 Sɛ yesusuw atɔm ho anaasɛ yɛdan yɛn adwene kɔ amansan kakraa no so a, tumi kɛse a Yehowa wɔ no ma yɛn ho dwiriw yɛn. Ɛnyɛ nwonwa sɛ otumi ka sɛ: “Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro, na monhwɛ nea ɔbɔɔ eyinom. Ɔno na obu wɔn dɔm ano yi wɔn adi, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn; ne tumi dodow ne n’ahoɔden kɛse nti obiara nka akyiri”! (Yesaia 40:26) Yiw, Yehowa wɔ “ahoɔden kɛse,” na ɔne “tumi dodow” a wɔde yɛɛ amansan nyinaa no Wura.

Yehia Tumi a Ɛboro So

3, 4. (a) Dɛn ne nneɛma bi a ebetumi ama yɛabrɛ? (b) Asɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

3 Bere a Onyankopɔn tumi nni ano no, nnipa de, wɔbrɛ. Baabiara a yɛkɔ no, yehu nkurɔfo a wɔabrɛbrɛ. Wɔda nyan a wɔabrɛ, wɔde ɔbrɛ na ɛkɔ adwuma anaa sukuu, wɔbɛba fie na wɔabrɛ, na wɔkɔda a ɛnyɛ sɛ wɔabrɛ kɛkɛ na mmom wɔahodwo. Ɛkaa ebinom nko a, anka wɔatumi anya baabi akogye wɔn ahome kakra. Sɛ́ Yehowa asomfo no, yɛn nso yɛbrɛ, efisɛ onyamesom pa a yɛde tra ase no hwehwɛ sɛ yɛpere denneennen. (Marko 6:30, 31; Luka 13:24; 1 Timoteo 4:8) Na nneɛma foforo pii wɔ hɔ a ɛma yɛbrɛ.

4 Ɛwom sɛ yɛyɛ Kristofo de, nanso yehyia ɔhaw ahorow a nnipa nyinaa hyia no bi. (Hiob 14:1) Nyarewa, sika fam ahokyere, anaa ɔhaw afoforo betumi ama yɛn abam abu na ama yɛayɛ mmerɛw. Nea ɛka saa nsɛnnennen yi ho ne sɔhwɛ ahorow a wɔn a trenee nti wɔtaa wɔn no hyia no. (2 Timoteo 3:12; 1 Petro 3:14) Esiane nhyɛso a yehyia wɔ wiase da biara da ne Ahenni asɛnka ho ɔsɔretia nti, yɛn mu bi betumi abrɛ araa ma yɛate nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛgow yɛn ho wɔ Yehowa som adwuma no mu. Afei nso, Satan Bonsam rebɔ mmɔden de hokwan biara a ɔwɔ ayɛ adwuma de asɛe yɛn mudi mu a yebekura ama Onyankopɔn no. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebetumi anya honhom fam ahoɔden a ɛremma yɛmmrɛ na yennyae yɛn mudi mu?

5. Dɛn nti na yehia ahoɔden a ɛboro nnipa de so na yɛatumi ayɛ Kristofo som adwuma no?

5 Sɛ yebenya honhom fam ahoɔden a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa, Ɔbɔadeɛ a ɔyɛ tumi nyinaa wura no so. Ɔsomafo Paulo daa no adi sɛ sɛ́ nnipa a yɛtɔ sin no, yebehia tumi a ɛboro so na ama yɛatumi ayɛ Kristofo som adwuma no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛwɔ saa ademude yi anwenne mu, na tumi a ɛboro so no ayɛ Onyankopɔn dea, na amfi yɛn mu.” (2 Korintofo 4:7) Kristofo a wɔasra wɔn no ahokafo a wɔwɔ asase so anidaso no reboa wɔn ama wɔayɛ ‘mpata som adwuma’ no. (2 Korintofo 5:18; Yohane 10:16; Adiyisɛm 7:9) Esiane sɛ yɛn a yɛyɛ nnipa a yɛtɔ sin no reyɛ Onyankopɔn adwuma wɔ ɔtaa mu nti, yentumi mfa yɛn ankasa ahoɔden kɛkɛ nyɛ. Yehowa nam ne honhom kronkron no so boa yɛn, ma enti, yɛn mmerɛwyɛ ma ne tumi da adi. Na hwɛ sɛnea awerɛhyem a ɛne sɛ “[Yehowa, NW] wowaw treneefo” no kyekye yɛn werɛ!—Dwom 37:17.

‘Yehowa Ne Yɛn Ahoɔden’

6. Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa ne yɛn ahoɔden Fibea?

6 Yɛn soro Agya no wɔ “ahoɔden kɛse,” na obetumi ahyɛ yɛn den a ɔmmrɛ. Nokwarem no, wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “[Yehowa] na ɔma nea wabrɛ otumi, na ɔma nea onni home ahoɔden dɔɔso. Mmerante brɛ, na wɔpa abaw, na nkwankwaa hwehwe ase. Na wɔn a wɔtwɛn [Yehowa, NW] no nya ahoɔden foforo, wɔde ntaban foro sɛ akɔre, wotu mmirika, na wɔmpa abaw, wɔnantew, na wɔmmrɛ.” (Yesaia 40:29-31) Esiane nhyɛso a emu kɔ so yɛ den nti, ɛtɔ mmere bi a yebetumi ate nka te sɛ mmirikatufo bi a wabrɛ a ɛte sɛ nea ne nan keka bom a ontumi nkɔ n’anim bio. Nanso, nkwa ho mmirika a yɛretu no awiei wɔ yɛn anim pɛɛ, na ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw. (2 Beresosɛm 29:11) Yɛn Tamfo Bonsam nenam “sɛ gyata a ɔbobom,” na ɔpɛ sɛ osiw yɛn kwan. (1 Petro 5:8) Momma yɛnkae sɛ ‘Yehowa ne yɛn ahoɔden ne yɛn kyɛm,’ na wayɛ nsiesiei pii a ‘ɛbɛma nea wabrɛ tumi.’—Dwom 28:7.

7, 8. Adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa hyɛɛ Dawid, Habakuk, ne Paulo den?

7 Yehowa maa Dawid ahoɔden a ohia a ɔde begyina akwanside ahorow a emu yɛ den ano. Enti Dawid de gyidi ne ahotoso a emu yɛ den kyerɛwee sɛ: “Yɛde Nyankopɔn na ɛbɛyɛ [yɛn ahoɔden, NW], na ɔno na obetiatia yɛn ahohiafo so.” (Dwom 60:12) Yehowa hyɛɛ Habakuk nso den sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi awie n’adwuma sɛ odiyifo. Habakuk 3:19 ka sɛ: “Onyankopɔn, [Yehowa, NW] no, ne m’ahoɔden, na ɔma m’anan yɛ sɛ aforote de, na ɔma menantew me sorɔnsorommea.” Ade a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow nso ne nea Paulo kyerɛwee no: “Mitumi ade nyinaa yɛ, [Onyankopɔn a] ɔhyɛ me den no mu.”—Filipifo 4:13.

8 Te sɛ Dawid, Habakuk, ne Paulo no, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ Onyankopɔn tumi a obetumi de ahyɛ yɛn den ne tumi a ɔwɔ a ɔde begye yɛn no mu gyidi. Esiane sɛ yenim sɛ Amansan Hene Yehowa ne yɛn “ahoɔden” Fibea nti, afei momma yɛnhwɛ akwan bi a yebetumi afa so anya honhom fam ahoɔden afi nsiesiei pii a Onyankopɔn de ma no mu.

Honhom Fam Nsiesiei Ahorow a Ɛbɛhyɛ Yɛn Den

9. Dwuma bɛn na Kristofo nhoma ahorow di wɔ yɛn adidi mu?

9 Nsi a yɛde besua Kyerɛwnsɛm no denam Kristofo nhoma ahorow so no betumi ahyɛ yɛn den na awowaw yɛn. Odwontofo no too dwom sɛ: “Nhyira ne onipa a . . . [Yehowa, NW] mmara sɔ n’ani, na odwen ne mmara so awia ne anadwo. Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛsow n’aba, ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.” (Dwom 1:1-3) Sɛnea ɛsɛ sɛ yedidi ansa na yɛanya honam fam ahoɔden no, saa pɛpɛɛpɛ na ɛsɛ sɛ yedi honhom fam aduan a Onyankopɔn nam N’asɛm ne Kristofo nhoma ahorow so de ma yɛn no, na ama yɛakɔ so akura yɛn honhom fam ahoɔden mu. Enti, adesua a ɛfata a yɛbɛyɛ ne nneɛma ho a yebedwennwen ho hia.

10. Bere bɛn na yebetumi agye bere de asua ade adwennwene nneɛma ho?

10 Mfaso wɔ so ankasa sɛ yɛbɛdwennwen ‘Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ’ ho. (1 Korintofo 2:10) Nanso, bere bɛn na yebetumi anya bere de adwennwene nneɛma ho? Abraham ba Isak “fii adi kɔɔ wuram anwummere kɔdwennwenee ne nsɛm ho.” (Genesis 24:63-67) Odwontofo Dawid ‘dwennwenee Onyankopɔn ho adasu mu.’ (Dwom 63:6) Yebetumi asua Onyankopɔn Asɛm adwennwene ho anɔpa, anwummere, ne anadwo—nokwarem no, bere biara. Adesua ne nneɛma ho a yɛdwennwen saa no de yɛn kɔ Yehowa honhom fam nsiesiei foforo a ɛhyɛ den so—mpaebɔ.

11. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma mpaebɔ ho hia yɛn titiriw?

11 Mpae a yɛbɔ Onyankopɔn daa no hyɛ yɛn den. Enti ɛmmra sɛ ‘yebekura mpaebɔ mu ara.’ (Romafo 12:12) Ɛtɔ mmere bi a ɛsɛ sɛ yebisa biribi pɔtee fa nyansa ne ahoɔden a ɛfata a yɛde begyina sɔhwɛ bi ano ho. (Yakobo 1:5-8) Momma yɛnna Onyankopɔn ase na yɛnkamfo no nso bere a yehu sɛ n’atirimpɔw ahorow rebam anaasɛ yehu sɛ wahyɛ yɛn den ma yɛkɔ so yɛ ne som adwuma no. (Filipifo 4:6, 7) Sɛ yɛkɔ so bɛn Yehowa wɔ mpaebɔ mu a, ɔrennyaw yɛn da. Dawid too dwom sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn ne me boafo.”—Dwom 54:4.

12. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn nkyɛn honhom kronkron?

12 Yɛn soro Agya no nam ne honhom kronkron, anaa n’adeyɛ tumi, so kanyan yɛn hyɛ yɛn den. Paulo kyerɛwee sɛ: “Mede me nkotodwe mekotow agya . . . no, sɛ omfi n’anuonyam ahonya mu mma momfa ne honhom so nnya tumi mu ahoɔden emu-nipa no mu.” (Efesofo 3:14-16) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ honhom kronkron bere a yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa de bɛma yɛn no. Yesu kae sɛ: Sɛ abofra bisa apataa a, so agya a ɔwɔ dɔ bɛma no ɔwɔ? Dabida. Enti, ɔde baa awiei sɛ: “Sɛ mo a moyɛ abɔnefo nim sɛnea mode nnepa ma mo mma a, mpɛn ahe ara na mo agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa Honhom Kronkron mma wɔn a wobisa no?” (Luka 11:11-13) Momma yɛmfa ahotoso a ɛte saa mmɔ mpae na yɛnkae bere nyinaa sɛ Onyankopɔn nam ne honhom so betumi ama n’asomfo anokwafo anya ne “tumi mu ahoɔden.”

Asafo no Ma Yenya Denhyɛ

13. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yebu Kristofo nhyiam ahorow?

13 Yehowa nam Kristofo asafo no nhyiam ahorow so hyɛ yɛn den. Yesu kae sɛ: “Nea baanu anaa baasa ahyiam me din mu no, ɛhɔ na mewɔ wɔn mfinimfini.” (Mateo 18:20) Bere a Yesu hyɛɛ saa bɔ no, na ɔreka nneɛma bi a ɛsɛ sɛ wɔn a wodi anim wɔ asafo no mu no di ho dwuma ho asɛm. (Mateo 18:15-19) Nanso, ne nsɛm no fa yɛn asafo nhyiam, amansin ne amantam nhyiam ahorow a wɔde mpaebɔ fi ase na wɔde wie wɔ ne din mu no nyinaa ho. (Yohane 14:14) Enti ɛyɛ hokwan sɛ yɛbɛkɔ Kristofo nhyiam ahorow a ɛte saa ase, sɛ́ nnipa kakraa bi anaa mpempem pii na wɔwɔ ase no. Enti momma yɛnkyerɛ saa nhyiam ahorow a wɔyɛ ma ɛhyɛ yɛn den honhom mu na ɛtwetwe yɛn kɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu no ho anisɔ.—Hebrifo 10:24, 25.

14. Mfaso bɛn na yenya fi Kristofo mpanyimfo adwuma mu?

14 Kristofo mpanyimfo de honhom fam mmoa ne nkuranhyɛ ma. (1 Petro 5:2, 3) Paulo boaa asafo ahorow a ɔsom wɔn no hyɛɛ wɔn nkuran, sɛnea ahwɛfo akwantufo yɛ nnɛ no. Nokwarem no, yɛn ani gyina sɛ yɛne yɛn mfɛfo gyidifo behyiam na yɛahyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran. (Asomafo no Nnwuma 14:19-22; Romafo 1:11, 12) Ɛmmra sɛ yɛbɛkyerɛ yɛn asafo mu mpanyimfo ne Kristofo ahwɛfo afoforo a wodi dwuma kɛse de hyɛ yɛn den honhom fam no ho anisɔ bere nyinaa.

15. Ɔkwan bɛn so na ɛda adi sɛ mfɛfo gyidifo a yɛne wɔn wɔ asafo mu no ‘hyɛ yɛn den’?

15 Mfɛfo gyidifo a yɛne wɔn wɔ asafo mu no betumi ‘ahyɛ yɛn den.’ (Kolosefo 4:10, 11) Sɛ́ ‘nokware nnamfo’ no, wobetumi aboa yɛn wɔ yɛn ahohia mu. (Mmebusɛm 17:17) Sɛ nhwɛso no, bere a woyii Onyankopɔn asomfo 220 fii Sachsenhausen nneduaban a na Nasi asraafo hwɛ wɔn so mu wɔ 1945 akyi no, na ɛsɛ sɛ wotwa kwan kilomita 200. Wɔbɔɔ mu sɛ kuw na etwaa kwan no, na wɔn a na wɔn ho yɛ den no de wɔn a na wɔayɛ mmerɛw paa no traa nteaseɛnam kakraa bi a wɔwɔ no mu piaa wɔn. Dɛn na efii mu bae? Wɔ owu aperententu a nneduaban mufo bɛboro 10,000 wuwui mu no, Yehowa Adansefo no mu biako mpo anwu. Nsɛm a ɛtete saa a epue wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow mu a Yearbook of Jehovah’s Witnesses ne Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom ka ho no da no adi sɛ Onyankopɔn hyɛ ne nkurɔfo den sɛnea ɛbɛyɛ a wɔmpa abaw.—Galatifo 6:9. *

Yɛn Asɛnka Adwuma no Hyɛ Yɛn Den

16. Ɔkwan bɛn so na asɛnka a yɛbɛkɔ daa no hyɛ yɛn den honhom fam?

16 Ahenni asɛnka adwuma mu a yɛde yɛn ho hyɛ bere nyinaa no hyɛ yɛn den honhom fam. Dwumadi a ɛte saa twe yɛn adwene si Onyankopɔn Ahenni so na ɛma yɛhwɛ daa nkwa ne emu nhyira ahorow kwan. (Yuda 20, 21) Kyerɛwnsɛm mu bɔhyɛ ahorow a yɛka ho asɛm wɔ asɛnka mu no ma yenya anidaso, na ɛma yesi gyinae pintinn sɛ odiyifo Mika a ɔkaa eyi no: “Yɛn de, yɛbɛnantew [Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn din mu de akosi daa daa.”—Mika 4:5.

17. Nyansahyɛ ahorow bɛn na wɔde ama wɔ ofie Bible adesua ahorow ho?

17 Sɛ yɛde Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛ afoforo kɛse a, ɛma yɛne Yehowa ntam abusuabɔ mu yɛ den. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛde Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no reyɛ ofie Bible adesua ahorow a, nyansa wom sɛ yɛbɛkenkan kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no mu dodow no ara na yɛasusuw ho. Eyi boa osuani no, na ɛma yɛn ankasa honhom fam ntease mu dɔ. Sɛ osuani no nte Bible mu asɛm anaa nkyerɛkyerɛmu bi ase a, mubetumi ahyiam nea ɛboro pɛnkoro de asusuw Nimdeɛ nhoma no ti biako ho. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yebesiesie yɛn ho yiye na yɛabɔ mmɔden pii aboa afoforo ma wɔabɛn Onyankopɔn!

18. Kyerɛkyerɛ sɛnea yɛde Nimdeɛ nhoma no redi dwuma yiye no mu.

18 Afe biara, yɛde Nimdeɛ nhoma no di dwuma yiye de boa nnipa mpempem pii ma wɔbɛyɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so, a wɔn a wonnim Bible ho hwee ka ho. Sɛ nhwɛso no, bere a na Hinduni barima bi a ɔwɔ Sri Lanka yɛ abofra no, ɔtee sɛ Ɔdansefo bi reka Paradise ho asɛm. Mfe bi akyi no, ɔkɔɔ ɔbea no nkyɛn, na ankyɛ na ɔbea no kunu ne no fii Bible adesua ase. Nokwarem no, aberante yi suaa ade da biara da, na wowiee Nimdeɛ nhoma no bere tiaa bi mu. Ofii ase kɔɔ asafo nhyiam ahorow no nyinaa, na ɔne ne som a na ɔwɔ mu kan no twaa abusuabɔ mu, na ɔbɛyɛɛ Ahenni dawurubɔfo. Bere a wɔbɔɔ no asu no, na ɔne ne mannifo bi afi ofie Bible adesua ase dedaw.

19. Sɛ yɛhwehwɛ Ahenni no kan a, awerɛhyem bɛn na yebetumi anya?

19 Ahenni no a yɛhwehwɛ no kan no ma yenya denhyɛ a ɛyɛ anigye. (Mateo 6:33) Ɛwom sɛ yehyia sɔhwɛ ahorow de, nanso yɛkɔ so de anigye ne nsiyɛ bɔ asɛmpa no ho dawuru. (Tito 2:14) Yɛn mu pii adu ahwehwɛde a ɛma yɛfata ma akwampae adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ no ho, na ebinom resom wɔ mmeae a asɛmpakafo ho hia kɛse no. Sɛ́ ebia yɛde anigye redi Ahenni nneɛma ho dwuma wɔ saa akwan yi bi anaa foforo so no, yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa werɛ remfi yɛn adwuma ne yɛn dɔ a yɛda no adi wɔ ne din ho no.—Hebrifo 6:10-12.

Monkɔ so Wɔ Yehowa Ahoɔden Mu

20. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada no adi sɛ yɛhwehwɛ ahoɔden fi Yehowa hɔ?

20 Sɛnea ɛte biara no, momma yɛnna no adi sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso, na yɛhwɛ no kwan sɛ ɔbɛma yɛn ahoɔden. Yebetumi ayɛ saa denam honhom fam nsiesiei a ɔnam ‘akoa kuw’ no so de ma a yɛde bedi dwuma akosi ase no so. (Mateo 24:45) Onyankopɔn Asɛm a yɛnam Kristofo nhoma ahorow so besua wɔ kokoam ne asafo mu, ne mpaebɔ a efi koma mu, honhom fam mmoa a mpanyimfo de ma, mfɛfo gyidifo anokwafo nhwɛso pa, ne asɛnka adwuma a yɛde yɛn ho bɛhyɛ mu daa no ka nsiesiei ahorow a ɛhyɛ yɛne Yehowa ntam abusuabɔ mu den no ho, na ɛhyɛ yɛn den ma yɛkɔ so de yɛn ho hyɛ ne som kronn mu.

21. Ɔkwan bɛn so na asomafo Petro ne Paulo kaa hia a yehia Onyankopɔn ahoɔden no ho asɛm?

21 Ɛmfa ho sɛ yɛwɔ nnipa sintɔ no, sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so hwehwɛ ne mmoa a, ɔbɛhyɛ yɛn den ma yɛayɛ n’apɛde. Bere a na ɔsomafo Petro nim hia a mmoa a ɛte saa ho hia no, ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ obi som a, ɔnsom sɛ efi ahoɔden a Onyankopɔn de ma” mu. (1 Petro 4:11) Na Paulo daa ne ho a ɔde to ahoɔden a Onyankopɔn de ma so no adi bere a ɔkae sɛ: “Kristo nti m’ani ka mmerɛwyɛ mu, ahohora mu, ahokyere mu, ɔtaa mu, ahometew mu; efisɛ sɛ meyɛ mmerɛw a, ɛno ansa na me ho yɛ den” no. (2 Korintofo 12:10) Ɛmmra sɛ yɛbɛda ahotoso a ɛte saa adi, na ɛde anuonyamhyɛ abrɛ Amansan Hene Yehowa a ɔma nea wabrɛ tumi no.—Yesaia 12:2.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 1 Sɛnea U.S. akontaabu kyerɛ no, saa nɔma yi yɛ 1 a ohunu 20 di akyi.

^ nky. 15 Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na Yehowa nkurɔfo hia tumi a ɛboro so?

• Kyerɛwnsɛm mu adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn hyɛ n’asomfo den?

• Honhom fam nsiesiei a Yehowa de ama a ɛhyɛ yɛn den no bi ne dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada no adi sɛ yɛhwehwɛ ahoɔden fi Onyankopɔn hɔ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Sɛ yɛde Bible no kyerɛkyerɛ afoforo a, yɛne Yehowa ntam abusuabɔ mu yɛ den