Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Buronya Mu Amanne—So Ɛyɛ Kristofo Adeyɛ?

Buronya Mu Amanne—So Ɛyɛ Kristofo Adeyɛ?

Buronya Mu Amanne—So Ɛyɛ Kristofo Adeyɛ?

BURONYA adu. Dɛn na ɛkyerɛ ma wo, w’abusua, ne wo mfɛfo? So ɛyɛ honhom fam afahyɛ, anaasɛ ɛyɛ anigye bere kɛkɛ? So ɛyɛ bere a wɔde susuw Yesu Kristo awo ho anaasɛ ɛmfa Kristofo nneyɛe ho?

Bere a woresusuw nsɛmmisa yi ho no, hyɛ no nsow sɛ ebetumi asono sɛnea wɔyɛ Buronya mu amanne wɔ baabi a wote no ne sɛnea wɔyɛ no wɔ mmeae afoforo. Sɛ nhwɛso no, wɔ Mexico ne Latin Amerika aman foforo so no, edin no mpo yɛ soronko. Nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm bi da no adi sɛ wonyaa Engiresi din Christmas (Buronya) no “fii Mfinimfini bere no mu Christes Masse, Kristo Adidi Kronkron” mu. Nanso, La Navidad, Awo Bere, sɛnea wɔfrɛ no wɔ saa Latin Amerika nsase no so no, kyerɛ Kristo awo bere. Gye bere kakra fa susuw nneɛma bi a wɔyɛ wɔ Mexico no ho. Ebia eyi bɛboa wo ma w’ankasa woanya saa dapɔnna yi ho adwene bi.

Posadas, “Anyansafo Baasa no,” ne Nacimiento

Posadas no na wɔde fi afahyɛ no ase wɔ December 16. Mexico’s Feasts of Life nhoma no ka sɛ: “Ɛyɛ posadas bere, nnafua akron a emu yɛ anigye a edi da a wosi Buronya Dua anim, na wɔde kae bere a Yosef ne Maria nkutoo kyinkyin Betlehem kurow no mu ne bere a awiei koraa no, wɔda ayamye adi kyerɛ wɔn na wonya trabea no. Mmusua ne nnamfo hyiam anadwo biara san yɛ nneɛma a esisii nna a edi Kristo awo anim no ho ɔyɛkyerɛ.”

Nkurɔfokuw taa fa Maria ne Yosef ahoni kura kɔ ofie bi mu, na wɔde dwonto hwehwɛ trabea, anaa posada. Wɔn a wɔwɔ ofie hɔ no nso de dwonto gye so ansa na wɔama ahɔho no akɔ ofie hɔ. Afei apontow bi fi ase, bere a ebinom—a wɔakyekyere wɔn ani na wokurakura poma—bɔ mmɔden mmiako mmiako sɛ wɔbɛbɔ piñata, kuku kɛse bi a ɛsɛn hama so no. Sɛ wonya bɔ no a, wɔn a wɔredi afahyɛ no tase emu nneɛma (tɔfe, nnuaba, ɛne nea ɛkeka ho) no. Eyi akyi no wodi nnuan, nom anonne, to nnwom, na wodi asaw. Nnansa yi wɔtaa yi dwonto ne ahoni no fi mu—apontow no nkutoo na aka. Efi December 16 kosi December 23 no, wɔto posada pon mpɛn awotwe. December da a ɛto so 24 no, wodi Nochebuena (wosi Buronya Dua), ma mmusua bɔ mmɔden hyiam di anwummeduan soronko bi.

Ɛnkyɛ na Afe Foforo Da adu, na wɔde apontow gyegyeegye na edi. Wɔkyerɛ sɛ January 5 anwummere no, Tres Reyes Magos (“anyansafo baasa”) de agode brɛ mmofra. Ɔpon a wɔtow no January 6 no na wɔde wie koraa, bere a wodi rosca de Reyes (keeki kurukuruwa) no. Sɛ wɔredi atoduan yi a, obi behu abaduaba ketewaa bi a egyina hɔ ma akokoaa Yesu wɔ ne de mu. Ɛyɛ nea obehu no asɛyɛde sɛ ɔyɛ nhyehyɛe to pon a etwa to wɔ February 2. (Wɔ mmeae bi no ɛyɛ abaduaba nketewa abiɛsa a egyina hɔ ma “anyansafo baasa no.”) Sɛnea wutumi hu no, Buronya ho apontow no kɔ so ara.

Saa bere yi no, wɔyɛ nacimiento (Awo Bere ho sɛnkyerɛnne) wɔ mmeae pii. Dɛn na eyi kyerɛ? Wohu ahoni (akɛse ne nketewa) a wɔde dɔtebo, dua, anaa dɔte ayeyɛ wɔ mmɔnten so, asɔredan mu, ne afie mu. Egyina hɔ ma Yosef ne Maria a wɔabu nkotodwe wɔ mmoa adididaka a akokoaa a wɔawo no foforo da mu anim. Mpɛn pii no, nguanhwɛfo ne Los Reyes Magos (“anyansafo no”) ka ho. Wɔyɛ no sɛɛ, apɔnkɔdan ne ebia mmoa bi a wɔatwa ho ahyia. Nanso, ade titiriw a ɛwɔ mu ne akokoaa a wɔawo no foforo no, a Spania kasa mu wɔfrɛ no el Niño Dios (Abofra Nyame) no. Wotumi de ade titiriw yi si hɔ da a wosi Buronya Dua no.

Awo Bere Ho Amanne no a Yɛbɛhwɛ no Yiye

Ɛdefa Buronyadi ho no, sɛnea wonim wɔ wiase nyinaa no, The Encyclopedia Americana ka sɛ: “Ná amanne ahorow a wɔyɛ wɔ Buronya mu nnɛ no dodow no ara nyɛ Buronya amanne mfitiase no, na mmom na ɛyɛ amanne a ɛwɔ hɔ ansa na Kristofo bere reba, ɛne amanne horow a ɛnyɛ Kristofo de a Kristofo asɔre no afa. Amanne ahorow a wɔde gye ani wɔ Buronya mu no pii yɛ nhwɛsode a wonya fii Saturnalia, Romafo afahyɛ bi a na wodi no December mfinimfini no mu. Sɛ nhwɛso no, saa afahyɛ yi mu na wonyaa apontow akɛse, akyɛde a wɔde moma, ne kyɛnere a wɔsosɔ no fii.”

Wɔ Latin Amerika no, wotumi de ɛhɔnom amanne ka Awo Bere mu de atitiriw no ho. Ebia wubebisa sɛ ‘wonya fii he’? Nokwarem no, nnipa a wɔpɛ sɛ wɔbata Bible ho no hu sɛ amanne no bi yɛ Aztecfo de. El Universal, atesɛm krataa bi a ɛwɔ Mexico City, kae sɛ: “Nkokorafo pii de hokwan a ɛne sɛ Indiafo ne Katolekfo afahyɛ bere hyia no dii dwuma, enti wogyinaa eyi so yɛɛ wɔn asɛmpaka ne asɛmpatrɛw adwuma no. Wɔde Kristofo afahyɛ ahorow mu nkyerɛkyerɛ besii Latin Amerikafo de ananmu, wɔde Europafo afahyɛ ne nneyɛe ahorow baa mu, na wɔde Indiafo afahyɛ mu nneyɛe nso kaa ho, ma wonyaa ɔsom mu amanne ahorow a adi afra a wɔnam so nyaa Mexicofo nsɛm bi ankasa no.”

The Encyclopedia Americana kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Awo Bere mu ɔyɛkyerɛ no bɛyɛɛ Buronyadi mu adeyɛ mfiase pɛɛ. . . . Wɔkyerɛ sɛ Ɔhotefo Francis na ofii ase de Awo Bere ho sɛnkyerɛnne [mmoa adididaka] no dii dwuma wɔ asɔre mu.” Wɔyɛɛ ɔyɛkyerɛ ahorow yi a ɛfa Kristo awo ho no wɔ asɔredan ahorow mu wɔ bere a wofii ase yɛɛ Mexico atubraman no. Franciscan nkokorafo na ɛyɛɛ ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akyerɛkyerɛ Indiafo no Awo Bere no ho ade. Akyiri yi posadas no begyee din kɛse. Ɛmfa ho adwene biara a na wɔwɔ wɔ ho mfiase no, ɔkwan a wɔfa so yɛ posadas nnɛ no ankasa da nea ɛkyerɛ no adi. Sɛ wowɔ Mexico saa bere yi a, wubetumi ahu anaasɛ woahyɛ biribi a El Universal kyerɛwfo no sii so dua wɔ n’asɛm yi mu no nsow: “Posadas a na wɔnam so kae yɛn kyin a Yesu awofo kyinkyin hwehwɛɛ ɔdan a na wɔbɛwo Abofra Nyame wom no, abɛdan asabow, ahohwisɛm, adidi ntraso, ahuhude, ne nsɛmmɔne ahorow pii nnɛ.”

Nacimiento ho adwene no sɔree wɔ Atubraman mmere mu bere a mfiase no na wɔde nnipa ankasa yɛ ho ɔyɛkyerɛ wɔ asɔredan ahorow mu no. So yɛbɛka sɛ ɛyɛ nea ɛwɔ Bible mu esiane sɛ nkurɔfo ani gye ho nti? Ɛyɛ asɛmmisa a ɛfata. Bere a wɔn a wɔfrɛ wɔn anyansafo baasa—a nokwarem no na wɔyɛ nsoromma mu ahwɛfo—baa wɔn nsrahwɛ no, na Yesu ne n’abusua no nte apɔnkɔdan no mu bio. Na bere atwam, na na abusua no te ofie bi mu. Ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu saa asɛm yi wɔ kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no mu wɔ Mateo 2:1, 11. Wubetumi ahyɛ no nsow nso sɛ Bible no nka nsoromma mu ahwɛfo a wɔkɔɔ hɔ no dodow. *

Wɔ Latin Amerika no, wɔde anyansafo baasa no si Papa Buronya ananmu. Nanso, sɛnea wɔyɛ no wɔ nsase foforo so no, awofo pii de agode sie wɔn afie mu. Afei sɛ edu January 6 anɔpa a, mmofra no hwehwɛ, ma ɛyɛ sɛ nea anyansafo baasa no na wɔde bae. Eyi yɛ bere a wɔn a wɔtɔn agode nya sika, na ebinom nam ade a nnipa komapafo pii bu no sɛ anigyede kɛkɛ no so anya wɔn ho. Nnipa dodow no ara, a mmofra mpo ka ho nnye anyansafo baasa no ho atosɛm no nni bio. Ɛwom sɛ ɛhaw ebinom sɛ nkurɔfo nnye atosɛm yi nni bio, nanso ɛbɛyɛ dɛn na obi betumi ahwɛ kwan sɛ nkurɔfo bekura anigyede a egyina atetesɛm ne aguadi mu mfaso nkutoo so mu?

Tete Kristofo no anni Buronya, anaa Awo Bere no. Nhoma bi a ɛka nneɛma pii ho nsɛm ka eyi ho asɛm sɛ: “Na wonni afahyɛ no wɔ mfeha a edi kan wɔ Kristofo asɔre no mu, efisɛ adeyɛ a na Kristofo no nyinaa gye tom ne sɛ wɔbɛhyɛ nnipa atitiriw wu ho fa, sen sɛ wɔbɛhyɛ wɔn awo ho fa.” Bible de awodadi bata abosonsomfo ho, ɛnyɛ Onyankopɔn nokware asomfo ho.—Mateo 14:6-10.

Nanso, eyi nkyerɛ sɛ mfaso biara nni so sɛ wubesua nneɛma ankasa a esisii wɔ Onyankopɔn Ba no awo mu na woakae. Bible kyerɛwtohɔ a ɛyɛ nokware no ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde no nyinaa nya nhumu ne asuade ahorow a ɛho hia no.

Yesu Awo, Nea Bible Kyerɛ

Wubetumi anya Yesu awo ho nokwasɛm wɔ Mateo ne Luka Nsɛmpa no mu. Ɛkyerɛ sɛ ɔbɔfo Gabriel kɔɔ ɔbea bi a ɔnwaree a ne din de Maria nkyɛn wɔ Galilea kurow Nasaret mu. Asɛm bɛn na ɔkɔkae? “Hwɛ, wubenyinsɛn, na woawo ɔbabarima, na woato ne din Yesu. Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na wɔafrɛ no nea ɔwɔ sorosoro no ba; na [Yehowa, NW] Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no. Na obedi Yakob fi so hene daapem, na n’ahenni no to rentwa da.”—Luka 1:31-33.

Asɛm yi maa Maria ho dwiriw no. Esiane sɛ na ɔnwaree nti ɔkae sɛ: “Eyi bɛyɛ dɛn na aba, efisɛ minnim ɔbarima biara?” Ɔbɔfo no buae sɛ: “Honhom Kronkron bɛba wo so, na nea ɔwɔ sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwo no, wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn ba.” Bere a Maria hui sɛ eyi yɛ Onyankopɔn apɛde no, ɔkae sɛ: “Hwɛ, [Yehowa, NW] afenaa ne me; ɛnyɛ mma me sɛnea w’asɛm se.”—Luka 1:34-38.

Ɔbɔfo bi kaa anwonwakwan so awo no ho asɛm kyerɛɛ Yosef sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrennyae Maria aware, ade a na ɔrebɛyɛ bere a ohui sɛ ɔbea no anyinsɛn no. Afei ɔpenee so sɛ obegye Onyankopɔn Ba no hwɛ ho asɛyɛde ato ne ho so.—Mateo 1:18-25.

Afei mmara bi a efi Kaesare Augusto hɔ bae maa Yosef ne Maria tuu kwan fii Nasaret a ɛwɔ Galilea no kɔɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea, wɔn agyanom kurom, na ama wɔakyerɛw wɔn din. “Ɛbae sɛ wɔwɔ hɔ no, n’awo duu so, na ɔwoo n’abakan barima, na ɔde ntama kyekyeree no, na ɔde no too mmoa adididaka mu, efisɛ wɔannya ɔkwan ahɔhodan no mu.”—Luka 2:1-7.

Luka 2:8-14 ka nea edii so bae ho asɛm sɛ: “Nguanhwɛfo bi wɔ saa asase no so da wuram rewɛn wɔn nguankuw anadwo. Na [Yehowa, NW] bɔfo begyinaa wɔn nkyɛn, na [Yehowa, NW] anuonyam haran twaa wɔn ho hyiae, na ehu kɛse kaa wɔn. Na ɔbɔfo no see wɔn sɛ: Munnsuro, na hwɛ, mede asɛmpa a ɛyɛ anigye pii na ɛbɛyɛ ɔman nyinaa dea merebrɛ mo, sɛ nnɛ wɔawo agyenkwa a ɔne Kristo no, Awurade, ama mo wɔ Dawid kurom. Na eyi ne mo sɛnkyerɛnne: mubehu akokoaa a wɔde ntama akyekyere no sɛ ɔda mmoa adididaka mu. Na mpofirim ara ɔsoro asafo bebree bɛkaa ɔbɔfo no ho yii Nyankopɔn ayɛ sɛ: Anuonyam wɔ sorosoro ma Onyankopɔn, na asomdwoe wɔ asase so, nnipa a wɔsɔ n’ani mu.”

Nsoromma Mu Ahwɛfo No

Mateo kyerɛwtohɔ no ka sɛ nsoromma mu ahwɛfo bi a wofi Apuei fam baa Yerusalem bɛhwehwɛɛ baabi a wɔwoo Yudafo Hene no. Na asɛm yi ho hia Ɔhene Herode—nanso na onkura adwempa. “Ɔsomaa wɔn Betlehem sɛ: Monkɔ nkɔhwehwɛ abofra no yiye; na sɛ munya hu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔ nkɔkotow no bi.” Nsoromma mu ahwɛfo no huu abofra no na “wobuee wɔn ademude so yɛɛ no ayɛ, sika kɔkɔɔ ne aduhuam ne kurobow.” Nanso, wɔansan ankɔ Herode nkyɛn. “Woyi kyerɛɛ wɔn ɔdae mu sɛ wɔnnsan nnkɔ Herode hɔ bio.” Onyankopɔn nam ɔbɔfo bi so kɔbɔɔ Yosef kɔkɔ wɔ adwene a Herode kura no ho. Afei Yosef ne Maria de wɔn ba no guan kɔɔ Misraim. Afei, nea ɛbɛyɛ na Ɔhene Herode tirimɔdenfo no ayi Ɔhene foforo no afi hɔ no, ɔhyɛe ma wokunkum mmarimaa a wɔwɔ Betlehem mpɔtam hɔ no. Mmarimaa bɛn? Wɔn a wɔadi mfirihyia abien ne wɔn a wonnya nnii nyinaa.—Mateo 2:1-16.

Dɛn na Yebetumi Asua Afi Kyerɛwtohɔ no Mu?

Ná nsoromma mu ahwɛfo a wɔkɔɔ hɔ no—ɛmfa ho wɔn dodow no—nsom nokware Nyankopɔn no. Bible nkyerɛase a ɛne La Nueva Biblia Latinoamérica (1989 De no) ka wɔ ase hɔ asɛm mu sɛ: “Na Nsoromma mu Ahwɛfo no nyɛ ahemfo, na mmom asumanfo ne akɔmfo.” Nsoromma ho nimdeɛ a na wɔwɔ na wɔde wɔn ho ama no na ɛma wɔbae. Sɛ na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔkyerɛ wɔn kwan ma wɔkɔ abofra no nkyɛn a, anka ɔkyerɛɛ wɔn kwan tee ma wɔkɔɔ beae no ankasa a anka ɛho renhia sɛ wodi kan kɔ Yerusalem ne Herode ahemfie. Akyiri yi no, Onyankopɔn de ne ho gyee asɛm no mu sɛee wɔn kwan no de bɔɔ abofra no ho ban.

Mpɛn pii no, wɔto anansesɛm keka atosɛm fa asɛm yi ho Buronya bere ma ade a ehia paa wom no yera: sɛ wɔwoo abofra yi sɛ ɔmmɛyɛ Ɔhene kɛse, sɛnea wɔbɔɔ Maria ne nguanhwɛfo no amanneɛ no. Yesu Kristo nna so nyɛ akokoaa, anaa abofra mpo bio. Ɔne Onyankopɔn Ahenni so Hene a ɔredi tumi, a ɛrenkyɛ biara obeyi tumidi ahorow a ɛsɔre tia Onyankopɔn apɛde nyinaa afi hɔ, na obedi adesamma haw ahorow nyinaa ho dwuma. Ɛno ne Ahenni a yɛsrɛ sɛ ɛmmra wɔ Awurade Mpaebɔ mu no.—Daniel 2:44; Mateo 6:9, 10.

Ɛdenam asɛm a abɔfo no ka kyerɛɛ nguanhwɛfo no so no, yehu sɛ nkwagye hokwan abue ama wɔn a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobetie asɛmpa no nyinaa. Wɔn a wonya Onyankopɔn anim dom bɛyɛ “nnipa a wɔsɔ n’ani.” Asomdwoe a ɛbɛba wiase nyinaa wɔ Yesu Kristo Ahenni ase no ho anidaso a ɛyɛ anigye wɔ hɔ, nanso ɛsɛ sɛ nkurɔfo nya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. So Buronya bere ma ɛyɛ nea ɛfata sɛ wɔyɛ eyi na ɛma wonya ɔpɛ a ɛte saa? Nnipa anokwafo pii a wɔpɛ sɛ wodi Bible akyi no te nka sɛ wonim mmuae no.—Luka 2:10, 11, 14.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 13 Asɛm foforo wɔ hɔ a ɛnsɛ sɛ yebu ani gu so: Wɔ Mexicofo nacimiento mu no, wɔfrɛ akokoaa no “Abofra Nyame,” a adwene a ɛwɔ akyiri ne sɛ Onyankopɔn ankasa na ɔbaa asase so sɛ abofra no. Nanso, Bible ka Yesu ho asɛm sɛ Onyankopɔn Ba a wɔwoo no asase so; ɛnyɛ ɔno ne Yehowa, ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no, na ɔnyɛ ne tipɛn nso. Susuw eyi ho nokwasɛm a ɛwɔ Luka 1:35; Yohane 3:16; 5:37; 14:1, 6, 9, 28; 17:1, 3; 20:17 no ho hwɛ.

[Adaka wɔ kratafa 4]

EBINOM HO BEDWIRIW WƆN

Wɔ nhomakyerɛwfo Tom Flynn nhoma a wɔato din The Trouble With Christmas mu no, ɔka mmuae ahorow a wanya bere a ɔde mfirihyia pii ayɛ Buronya mu nhwehwɛmu no ho asɛm sɛ:

“Amanne pii a wɔyɛ wɔ Buronya mu nnɛ no nyaa ne mfiase fii abosonsomfo a wɔtraa ase ansa na Kristofo bere reba no amanne mu. Asetra, ɔbarima ne ɔbea nna, anaa nsoromma mu hwɛ ho nsɛm wɔ eyinom mu bi mu a sɛ nnɛ bere yi mufo a wɔwɔ nimdeɛ, na amanne ho nsɛm ho hia wɔn no nya hu baabi a efi no pefee a, wobegyae akyidi.”—Kratafa 19.

Bere a Flynn de adanse pii foaa n’asɛm no so no, ɔsan baa asɛntitiriw no so sɛ: “Buronya ho nsɛm a ɛyɛ nwonwa kɛse no biako ne sɛnea emu nneɛma dodow no ara a wɔyɛ no nyɛ Kristofo adeyɛ no. Sɛ yeyi nneɛma a na wɔyɛ ansa na Kristofo mmere reba no fi mu a, nea aka no mu dodow no ara yɛ nea ɛbae wɔ Kristofo mmere akyi, ɛnyɛ Kristofo adeyɛ ankasa.”—Kratafa 155.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Yesu awo ho amanneɛbɔ no na efii ne daakye dwumadi sɛ Onyankopɔn Hene a wapaw no no ase