Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mumfi Ahotoso a Emu Yɛ Den Mu Nnyina Hɔ Pɛ

Mumfi Ahotoso a Emu Yɛ Den Mu Nnyina Hɔ Pɛ

Mumfi Ahotoso a Emu Yɛ Den Mu Nnyina Hɔ Pɛ

“[Epafra di] apere ma mo [ne] mpaebɔ mu, na moatumi agyina hɔ pɛ anya Onyankopɔn apɛde nyinaa mu ahotoso a emu yɛ den.”—KOLOSEFO 4:12, NW.

1, 2. (a) Dɛn na wɔn a wɔwɔ asafo no akyi no hui wɔ tete Kristofo no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Kolosefo nhoma no da ɔdɔ mu a wofi susuw afoforo ho adi?

NÁ Yesu asuafo no mfɛfo asomfo ho asɛm hia wɔn yiye. Tertullian (afeha a ɛto so abien ne abiɛsa Y.B. kyerɛwfo) no kaa ayamye a wɔdaa no adi kyerɛɛ nyisaa, ahiafo, ne wɔn a na wɔn mfe akɔ anim no ho asɛm. Wɔn a na wɔnyɛ gyidifo no ani gyee ɔdɔ a Kristofo daa no adi no ho araa ma ebinom kaa wɔn ho asɛm sɛ, ‘Hwɛ sɛnea wɔdodɔ wɔn ho.’

2 Kolosefo nhoma no da ɔdɔ mu a ɔsomafo Paulo ne ne yɔnko Epafra fi kyerɛɛ anuanom mmarima ne mmea a na wɔwɔ Kolose ho anigye no adi. Paulo kyerɛw wɔn sɛ: “Daa [Epafra di] apere ma mo [ne] mpaebɔ mu, na moatumi agyina hɔ pɛ anya Onyankopɔn apɛde nyinaa mu ahotoso a emu yɛ den.” Wɔ 2001 mu no, nsɛm a ɛwɔ Kolosefo 4:12 a ese: ‘Munnyina hɔ pɛ na munnya Onyankopɔn apɛde nyinaa mu ahotoso a emu yɛ den’ no na ɛbɛyɛ Yehowa Adansefo afe asɛm.

3. Nneɛma abien bɛn na Epafra bɔɔ ho mpae?

3 Wubetumi ahu sɛ mpae a Epafra bɔ maa n’adɔfo no wɔ afã abien: (1) sɛ ‘wobegyina hɔ pɛ’ ne (2) sɛ ‘wobenya Onyankopɔn apɛde nyinaa mu ahotoso a emu yɛ den.’ Wɔde asɛm yi kaa Kyerɛwnsɛm no ho na ɛso aba yɛn mfaso. Enti bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na ehia sɛ meyɛ na ama matumi agyina hɔ pɛ anya Onyankopɔn apɛde nyinaa mu ahotoso a emu yɛ den? Na sɛ meyɛ saa a, dɛn na ebefi mu aba?’ Ma yɛnhwɛ.

Bɔ Mmɔden sɛ ‘Wubegyina Hɔ Pɛ’

4. Na ehia sɛ Kolosefo no yɛ “pɛ” wɔ ɔkwan bɛn so?

4 Epafra fi komam pɛe sɛ ne honhom fam anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ Kolose no ‘tumi gyina hɔ pɛ.’ Asɛm a Paulo de dii dwuma wɔ ha a wɔkyerɛ ase “pɛ” no betumi akyerɛ pɛyɛ, onyin, anaa ahokokwaw. (Mateo 19:21; Hebrifo 5:14; Yakobo 1:4, 25) Akyinnye biara nni ho sɛ wunim sɛ bɔ a wɔabɔ obi asu sɛ Yehowa Dansefo no nko ara nkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni a wawie nyin. Paulo kyerɛw Efesofo a na wɔte Kolose atɔe fam no sɛ, ɛsɛ sɛ ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa ma obiara ‘adu Nyankopɔn ba no ho gyidi ne ne hu biakoyɛ mu, ayɛ ɔbarima mu, adu mpanyin afe so a Kristo mayɛ ayɛ no ma.’ Paulo hyɛɛ Kristofo nkuran wɔ ɔfã baabi sɛ ‘wɔnyɛ pɛ asɛm ho dwen mu.’—Efesofo 4:8-13; 1 Korintofo 14:20.

5. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de pɛyɛ ayɛ yɛn botae titiriw?

5 Sɛ na wɔn a wɔwɔ Kolose no nwiee nyin, anaa wɔn ho nkokwawee honhom fam a, na ehia sɛ wɔde yɛ wɔn botae. So ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa ara nnɛ? Sɛ́ ebia wɔbɔɔ yɛn asu mfe dudu bi a atwam anaa nnansa yi ara no, so yetumi hu pefee sɛ yɛanya nkɔanim wɔ asɛm ho dwen mu ne nsɛm ho nsusuwii mu? So yesusuw Bible nnyinasosɛm ho ansa na yɛasi gyinae ahorow? So nneɛma a ɛfa Onyankopɔn ne asafo no ho renya ɔfã kɛse wɔ yɛn asetram, sen sɛ ebehyia yɛn ara kwa? Yɛrentumi nka akwan a yebetumi afa so ada onyin a ɛkɔ pɛyɛ mu yi nyinaa adi, nanso ma yensusuw nhwɛso abien ho.

6. Dɛn ne baabi a obi betumi anya nkɔanim akodu wɔ pɛyɛ ho, te sɛ Yehowa?

6 Nhwɛso a edi kan: Fa no sɛ wɔtetee yɛn wɔ baabi a wɔwɔ nnipa ho adwemmɔne na wɔyɛ nkurɔfo a ɛsono abusua, ɔman, anaa baabi a wofi basabasa. Afei de yɛabehu sɛ Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim enti ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa. (Asomafo no Nnwuma 10:14, 15, 34, 35) Yɛwɔ nkurɔfo a ɛsono baabi a wofi wɔ yɛn asafo anaa yɛn mansin mu, enti yɛne wɔn na ɛte. Nanso, wɔ yɛn mu no, so yɛwɔ nkurɔfo a ɛsono baabi a wofi yi ho adwemmɔne anaa nsusuwii bɔne bi? So ‘afoforo ho yɛ yɛn ahi’ ma enti sɛ wɔn mu bi di mfomso anaa otia yɛn nan so ɔkwan bi so a, ɛnkyɛ na yɛn bo afuw? Bisa wo ho sɛ, ‘So ɛsɛ sɛ minya nkɔanim kɛse na ama manya Onyankopɔn su a ɛmma ɔnhwɛ nnipa anim no bi?’

7. Yɛ a obi bɛyɛ pɛ sɛ Kristoni no hwehwɛ sɛ onya afoforo ho adwene bɛn?

7 Nhwɛso a ɛto so abien: Sɛnea Filipifo 2:3 kyerɛ no, ɛnsɛ sɛ ‘yedwen biribi atutupɛ anaa anuonyamhunu pɛ so, na mmom ɛsɛ sɛ yɛde ahobrɛase adwene bu yɛn yɔnkonom kyɛn yɛn ankasa ho.’ Nkɔanim bɛn na yɛrenya wɔ eyi mu? Onipa biara wɔ baabi a ɔtɔ sin ne baabi a ɔbɔ ne ho mmɔden. Sɛ kan no na yehu afoforo sintɔ ntɛm a, so yɛanya nkɔanim a enti yɛnhwɛ “pɛyɛ” kwan mfi wɔn nkyɛn? (Yakobo 3:2) Nea ɛsen biara no, so ɛnnɛ yetumi hu—anaa yɛhwehwɛ—akwan a afoforo kyɛn yɛn wom no? ‘Ɛsɛ sɛ migye tom sɛ onuawa yi wɔ boasetɔ kyɛn me.’ ‘Onua yi da gyidi a emu yɛ den adi kɛse.’ ‘Nokwarem ni, ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo kyɛn me.’ ‘Otumi hyɛ n’abufuw so kyɛn me.’ Ebia na ehia sɛ Kolosefo no binom nya nkɔanim wɔ eyi mu. So ɛte saa wɔ yɛn fam?

8, 9. (a) Ɔkwan bɛn so na Epafra bɔɔ mpae maa Kolosefo no sɛ ‘wonnyina’ hɔ pɛ? (b) ‘Gyina a obi begyina hɔ pɛ’ no fa daakye ho dɛn?

8 Epafra bɔɔ mpae sɛ Kolosefo no ‘nnyina hɔ pɛ.’ Ɛda adi pefee sɛ, na Epafra rebɔ Onyankopɔn mpae sɛ baabi a Kolosefo no ayɛ ma, ayɛ pɛ, na wɔanyin sɛ Kristofo akodu no, ‘wobegyina,’ anaa wɔbɛkɔ so ayɛ saa.

9 Yɛrentumi nka sɛ obiara a ɔbɛyɛ Kristoni, nea ne ho akokwaw mpo no bɛkɔ so saa ara. Yesu kae sɛ Onyankopɔn ba bi a na ɔyɛ ɔbɔfo annyina ‘nokware so.’ (Yohane 8:44) Na Paulo kaee Korintofo no ebinom a na anka wɔsom Yehowa nanso wɔagyae no. Ɔbɔɔ anuanom a wɔde honhom asra wɔn no kɔkɔ sɛ: “Enti nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ nhwɛ yiye, na wanhwe ase.” (1 Korintofo 10:12) Eyi si mpaebɔ a ɛne sɛ Kolosefo no ‘nnyina hɔ pɛ’ no so dua. Sɛ wonya yɛ pɛ, wowie nyin a, na ehia sɛ wɔkɔ so ara a wɔntwe wɔn ho, wɔmmrɛ, anaa wɔntwe nsan. (Hebrifo 2:1; 3:12; 6:6; 10:39; 12:25) Enti na wɔbɛyɛ “pɛ” da a wɔbɛba abɛhwɛ wɔn na wɔagye wɔn atom no.—2 Korintofo 5:10; 1 Petro 2:12.

10, 11. (a) Mpaebɔ ho nhwɛso bɛn na Epafra yɛ maa yɛn? (b) Nea ɛne nea Epafra yɛe hyia no, dɛn na woabɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ?

10 Yɛadi kan aka hia a ehia sɛ yɛbɔ afoforo din wɔ mpaebɔ mu, na yɛka nsɛm pɔtee de srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn, ɔnkyekye wɔn werɛ, nhyira wɔn, na ɔmma wɔn honhom kronkron no, ho asɛm. Saa na na Epafra mpae a ɔbɔ maa Kolosefo no te. Yebetumi anya—na ɛsɛ sɛ yenya—nea yɛka kyerɛ Yehowa fa yɛn ankasa yɛn ho wɔ yɛn mpaebɔ mu ho nyansahyɛ a mfaso wɔ so wɔ saa nsɛm no mu. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛnea ɛbɛyɛ a, yɛn nyinaa sɛ́ ankorankoro no ‘begyina hɔ pɛ.’ So woyɛ saa?

11 Dɛn nti na wonka wo tebea no ho asɛm wɔ mpaebɔ mu? Ka sɛnea woanya nkɔanim akodu wɔ ‘pɛyɛ,’ onyin ne ahokokwaw mu no ho asɛm kyerɛ Onyankopɔn. Srɛ no ma ɔmmoa wo na hu mmeae a ɛsɛ sɛ wunyin wɔ honhom fam. (Dwom 17:3; 139:23, 24) Akyinnye biara nni ho sɛ wowɔ ahiade bi a ɛte saa. Afei sɛ anka eyi bɛma w’abam abu no, fi komam ka nsɛm pefee kyerɛ Onyankopɔn, na ɔmmoa wo mma wunnya nkɔso. Yɛ eyi mpɛn pii. Nokwarem no, dɛn nti na womfa nyɛ wo botae sɛ dapɛn a ɛreba yi wobɛbɔ mpae akɔ akyiri kakra na ama ‘woatumi agyina hɔ pɛ.’ Na bere a wususuw afe asɛm no ho no, yɛ ho nhyehyɛe saa. Sɛ worebɔ mpae a, fa w’adwene si su horow bi a wowɔ a ebia ɛbɛma woatwe wo ho, woabrɛ, anaa woagyae Onyankopɔn som ne ɔkwan a wubetumi afa so agyae saayɛ so.—Efesofo 6:11, 13, 14, 18.

Bɔ Ahotoso a Emu Yɛ Den Ho Mpae

12. Dɛn titiriw nti na na ehia sɛ Kolosefo no nya “ahotoso a emu yɛ den”?

12 Epafra bɔɔ ade foforo a na ehia ansa na Kolosefo no atumi anya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim nso ho mpae. Ɛho hia ma yɛn saa ara. Ná ɛyɛ dɛn? Ɔbɔɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya “Onyankopɔn apɛde nyinaa mu ahotoso a emu yɛ den.” Ná nnaadaasɛm ne nyansapɛ a ɛsɛe adwene, a na ebi ayɛ sɛ nea ɛfa nokware som ho atwa wɔn ho ahyia. Sɛ nhwɛso no, wopiapiaa wɔn sɛ wonni abuada anaa wɔnto pon nna atitiriw bi sɛnea na bere bi wɔyɛ wɔ Yudasom mu no. Atoro akyerɛkyerɛfo twee adwene sii abɔfo, ahonhom a wɔwɔ tumi kɛse a wɔnam wɔn so de Mmara no maa Mose no so. Twa nhyɛso a ɛte saa a ebia wɔde ba wo so no ho mfonini hwɛ! Ná nsɛm pii atu afra a wɔnte ase.—Galatifo 3:19; Kolosefo 2:8, 16-18.

13. Dɛn na sɛ Kolosefo no hu a na ebetumi aboa wɔn, na ɔkwan bɛn so na biribi a ɛte saa betumi aboa yɛn?

13 Paulo kasa tiae denam dwuma a Yesu Kristo di a ɔtwee adwene sii so no so. “Sɛnea mugyee Awurade Kristo Yesu no, monnantew no mu sa, sɛ wɔn a wɔagye ntini, na wɔde wɔn asi no so, na wɔayɛ den gyidi mu, sɛnea wɔkyerɛkyerɛ mo no.” Yiw, na ehia sɛ (Kolosefo no ne yɛn) yenya ɔfã a Kristo wɔ wɔ Onyankopɔn atirimpɔw ne yɛn asetram no mu ahotoso koraa. Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɔno mu na onyameyɛ mayɛ nyinaa te nipadua mu, na moayɛ ma wɔ no mu: ɔne mpanyinni ne tumidi nyinaa ti.”—Kolosefo 2:6-10.

14. Dɛn nti na na anidaso yɛ ade paa ara ma wɔn a na wɔwɔ Kolose no?

14 Ná Kolosefo no yɛ Kristofo a wɔde honhom asra wɔn. Ná wɔwɔ anidaso soronko, ɔsoro asetra, na na wɔwɔ biribiara a wobegyina so akura saa anidaso no mu denneennen. (Kolosefo 1:5) Ná ɛyɛ ‘Onyankopɔn pɛ’ sɛ wobenya wɔn anidaso no mu ahotoso a emu yɛ den sɛ ɛbɛba ɔkwan biara so. So na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara adwenem yɛ wɔn nãã wɔ saa anidaso no ho? Dabida! So ɛsɛ sɛ wɔn a ɛnnɛ wɔwɔ asase so paradise ho anidaso a Onyankopɔn de ama no nso adwenem yɛ wɔn nãã? Dabi koraa! Akyinnye biara nni ho sɛ saa anidaso a emu yɛ den no ka “Onyankopɔn apɛde” ho. Afei susuw saa nsɛmmisa yi ho hwɛ: Sɛ worebɔ mmɔden sɛ wobɛka “nnipakuw kɛse” a wobetwa “ahohia kɛse no” ho a, anidaso a wowɔ no di mu dɛn? (Adiyisɛm 7:9, 14) So ɛka “Onyankopɔn apɛde nyinaa mu ahotoso a emu yɛ den” a wubenya no ho?

15. Nneɛma bɛn na Paulo bobɔɔ din a na anidaso ka ho no?

15 Sɛ yɛka “anidaso” a, yɛnkyerɛ nsusuwii hunu, anaa adaeso bi. Yetumi hu eyi fi nsɛm a Paulo dii kan kaa ho asɛm kyerɛɛ Romafo no mu. Wɔ saa nsɛm no mu no, biribiara a wɔkaa ho asɛm no kowie foforo so anaa ɛne foforo nya abusuabɔ. Hyɛ baabi a Paulo twee adwene sii “anidaso” so wɔ ne nsɛm no mu nsow: “Mmom yɛhoahoa yɛn ho ahohia mu nso, efisɛ yenim sɛ ahohia de boasetɔ ba, na boasetɔ de osuahu [gyinabea pa, NW] ba, na osuahu de anidaso ba; na anidaso nhyɛ aniwu, efisɛ wɔnam Honhom Kronkron a wɔde ama yɛn no so ahwie Onyankopɔn dɔ agu yɛn komam.”—Romafo 5:3-5.

16. Bere a wusuaa Bible mu nokware no, anidaso bɛn na wunyae?

16 Bere a edi kan a Yehowa Adansefo ne wo suaa Bible mu asɛm no, ebetumi aba sɛ w’ani gyee nokwasɛm bi, te sɛ tebea a awufo wom anaa owusɔre ho. Wɔ nnipa pii fam no, ade titiriw a wohui ne asase so paradise asetra a wobetumi anya a egyina Bible so no. Kae bere a edi kan a wotee saa nkyerɛkyerɛ no. Anidaso nwonwaso bɛn ara ni—yare ne mpanyinyɛ befi hɔ, wubetumi atra ase adi wo nsa ano adwuma, na asomdwoe bɛtra yɛne mmoa ntam! (Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Yesaia 65:17-25; Yohane 5:28, 29; Adiyisɛm 21:3, 4) Wunyaa anidaso a ɛyɛ anigye!

17, 18. (a) Ɔkwan bɛn so na nneɛma a Paulo kaa ho asɛm kyerɛɛ Romafo no kowiee anidaso mu? (b) Anidaso bɛn na wɔka ho asɛm wɔ Romafo 5:4, 5 no, na so wowɔ biribi a ɛte saa?

17 Bere bi akyi no, ebetumi aba sɛ wuhyiaa ɔsɔretia anaa ɔtaa bi. (Mateo 10:34-39; 24:9) Nnansa yi mpo, wɔafow Adansefo a wɔwɔ aman horow so nneɛma anaa wɔama wɔadan aguanfo. Wɔaboro ebinom, agye wɔn Bible ho nhoma ahorow afi wɔn nsam, anaa nsɛm amanneɛbɔfo aka atosɛm pii afa wɔn ho. Ɛmfa ho ɔtaa biara a ebia woahyia no, sɛnea Romafo 5:3 ka no, ebetumi aba sɛ wohoahoaa wo ho wɔ ahohia no mu, na ɛsow aba pa. Sɛnea Paulo kyerɛwee no, ahohia no ma wunyaa boasetɔ. Afei boasetɔ no kowiee gyinabea pa mu. Na wunim sɛ na woreyɛ ade a ɛteɛ, Onyankopɔn apɛde, enti wunyaa awerɛhyem sɛ woanya n’anim dom. Sɛnea Paulo kaa no no, wuhu sɛ woanya “gyinabea pa.” Paulo retoa so no, ɔkyerɛw sɛ, “gyinabea pa de anidaso ba.” Ebia ɛno bɛyɛ wo nwonwa. Dɛn nti na Paulo anka “anidaso” ho asɛm ntɛm saa? Bere a edi kan a wotee asɛmpa no, so na wunni anidaso dedaw?

18 Ɛda adi pefee sɛ ɛnyɛ asetra a ɛyɛ pɛ ho asɛm na na Paulo reka wɔ ha. Nea na ɔreka ho asɛm no kɔ akyiri sen saa; emu dɔ, na ɛhyɛ nkuran kɛse. Sɛ yefi nokwaredi mu tɔ yɛn bo ase na yehu sɛ yɛwɔ Onyankopɔn anim dom a, eyi nya yɛn so nkɛntɛnso kɛse a ɛne sɛ ɛhyɛ yɛn anidaso a yenyae mfiase no mu den. Anidaso a yɛwɔ mprempren no mu bɛyɛ den kɛse, na yɛbɛte ase yiye. Anidaso a emu dɔ yi da adi kɛse. Enya yɛn so nkɛntɛnso kosi ase. “Na anidaso nhyɛ aniwu, efisɛ wɔnam Honhom Kronkron a wɔde ama yɛn no so ahwie Onyankopɔn dɔ agu yɛn komam.”

19. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ w’anidaso ka mpae a wobɔ no daa ho?

19 Ná Epafra mpae a efi komam ne sɛ ne nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ Kolose no bɛkɔ so akura nea ɛda wɔn anim no mu anya mu ahotoso bere a wɔwɔ “Onyankopɔn apɛde nyinaa mu ahotoso a emu yɛ den” no. Momma yɛn mu biara mfa yɛn anidaso ho asɛm nkɔ Onyankopɔn anim daa saa ara. Fa wiase foforo no ho anidaso a wowɔ no ka w’ankasa mpaebɔ ho. Ka sɛnea wohwɛ kwan denneennen no ho asɛm kyerɛ Yehowa, bere a wowɔ ahotoso koraa sɛ ɛbɛba no. Srɛ no ma ɔmmoa wo na hyɛ w’ahotoso mu den. Sɛnea Epafra bɔɔ mpae sɛ Kolosefo no nnya “Onyankopɔn apɛde nyinaa mu ahotoso a emu yɛ den” no, yɛ saa ara. Yɛ saa mpɛn pii.

20. Sɛ nnipa kakraa bi twe wɔn ho fi Kristofo kwan no so a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ eyi bu w’abam?

20 Ɛnsɛ sɛ woma nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɛnyɛ nnipa nyinaa na wogyina hɔ pɛ na wɔwɔ ahotoso a emu yɛ den no twetwe w’adwene anaa ebu w’abam. Ebinom rentumi, wɔbɛtwe wɔn ho anaasɛ wobegyae. Ɛno sii wɔ wɔn a na wɔbɛn Yesu paa, n’asomafo, no mu. Nanso bere a Yuda dan ɔfatwafo no, so asomafo a aka no nsam gowee anaa wogyaee? Dabida! Petro de Dwom 109:8 dii dwuma de kyerɛe sɛ obi foforo besi Yuda ananmu. Wɔpaw nea obesi n’ananmu, na wɔn a wodi Onyankopɔn nokware no kɔɔ so yɛɛ wɔn asɛnka adwuma no. (Asomafo no Nnwuma 1:15-26) Ná wɔasi wɔn bo sɛ wofi ahotoso a emu yɛ den mu begyina hɔ pɛ.

21, 22. Ɔkwan bɛn so na wobehu gyina a wugyina hɔ pɛ wɔ ahotoso a emu yɛ den mu no?

21 Wubetumi anya awerɛhyem koraa sɛ, Onyankopɔn apɛde nyinaa mu ahotoso a emu yɛ den akyi a wubegyina no renyɛ ɔkwa da. Wobehu na wɔakyerɛ ho anisɔ. Henanom na wobehu?

22 Wiɛ, wo nuanom mmarima ne mmea a wonim wo na wɔdɔ wo no behu. Sɛ wɔn mu dodow no ara anka ankyerɛ wo mpo a, nea ebefi mu aba no bɛyɛ sɛ nea yɛkenkan wɔ 1 Tesalonikafo 1:2-6 no: “Yɛda Onyankopɔn ase daa mo nyinaa nti bɔ mo din, yɛn mpaebɔ mu, na daa yɛkae mo gyidi adwuma ne mo dɔ mmɔdenbɔ ne yɛn Awurade Yesu Kristo ho anidaso mu boasetɔ, yɛn Nyankopɔn ne agya anim. Nanso, . . . yɛn asɛmpa no amma mo nkyɛn asɛm mu nko, na mmom ɛbae ahoɔden ne Honhom Kronkron ne [ahotoso a emu yɛ den] mu nso, . . . Na mo nso moayɛ yɛn ne Awurade suafo de Honhom Kronkron mu anigye agye asɛm no ahohia pii mu.” Kristofo anokwafo a wɔatwa wo ho ahyia no bɛte nka saa ara bere a wohu sɛ “moagyina hɔ pɛ anya Onyankopɔn apɛde nyinaa mu ahotoso a emu yɛ den” no.—Kolosefo 1:23.

23. Dɛn na ɛsɛ sɛ wusi wo bo sɛ wobɛyɛ wɔ afe a ɛreba yi?

23 Ɛda adi pefee sɛ saa ara na yɛn soro Agya no behu na wakyerɛ ho anigye. Nya emu ahotoso. Dɛn ntia? Efisɛ wugyina hɔ pɛ na woanya “Onyankopɔn apɛde nyinaa mu” ahotoso a emu yɛ den. Paulo kyerɛw nkuranhyɛsɛm kɔmaa Kolosefo no wɔ ‘nantew a wɔbɛnantew sɛnea ɛfata Yehowa na ɛsɔ n’ani koraa’ ho. (Kolosefo 1:10) Yiw, nnipa a wɔnyɛ pɛ betumi asɔ n’ani ma ayɛ yiye. Wo nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ Kolose no yɛɛ saa. Kristofo a wɔatwa wo ho ahyia mprempren yi no reyɛ saa. Wo nso wubetumi ayɛ saa! Enti, wɔ afe a ɛreba yi mu no, ma mpae a wobɔ daa ne wo nneyɛe nkyerɛ sɛ woasi wo bo sɛ ‘wubegyina hɔ pɛ anya Onyankopɔn apɛde nyinaa mu ahotoso a emu yɛ den.’

So Wubetumi Akae?

• Dɛn na ‘gyina a wubegyina hɔ pɛ’ no kyerɛ?

• Nsɛm a ɛfa wo ho bɛn na ɛsɛ sɛ wode ka wo mpaebɔ ho?

• Sɛnea wɔahyɛ ho nyansa wɔ Romafo 5:4, 5 no, anidaso bɛn na wopɛ sɛ wunya?

• Botae bɛn na yɛn adesua yi akanyan wo ma wode asi w’anim afe a ɛreba yi?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Epafra bɔɔ mpae sɛ ne nuanom begyina hɔ pɛ wɔ Kristo ne wɔn anidaso no mu ahotoso a emu yɛ den mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

Nnipa ɔpepepem pii wɔ w’anidaso a enni huammɔ ne ahotoso a emu yɛ den no bi