Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Akodi Mu Yaw

Akodi Mu Yaw

Akodi Mu Yaw

ƆSRAANI bi a odii ako wɔ Wiase Ko II mu kae sɛ: “Obiara nni nkonim wɔ akodi mu. Obiara di nkogu.” Nnipa pii ne no bɛyɛ adwene. Nea efi akodi mu ba ani yɛ nyan; wɔn a wodi nkonim ne wɔn a wodi nkogu nyinaa hwere nneɛma pii. Bere a ɔko bi aba awiei mpo no, ɔko no mu yawdi kɛse no ma nnipa ɔpepem pii kɔ so hu amane.

Yawdi bɛn? Ɔko betumi atɔre ɔman bi mu nnipa fã kɛse no ara ase ma aka nyisaa ne akunafo pii. Wɔn a wofi mu ka no tumi pirapira kɛse, na wɔhaw yiye nkate fam nso. Ebetumi ama nnipa ɔpepem pii adi hia buruburoo anaa ebetumi ama wɔabɛyɛ aguanfo. So yebetumi atwa nitan ne awerɛhowdi a ɛbɛkɔ so atra wɔn a wobefi ntawntawdi ahorow a ɛte saa mu tirim no ho mfonini wɔ yɛn adwenem?

Yawdi a Wɔma Ɛyɛ Kɛse

Yawdi a akodi de ba nkurɔfo so no kɔ so yɛ kɛse bere a wɔagyae akodi, agyae tuo to, na asraafo no kɔ wɔn afie no. Awo ntoatoaso a ɛbɛba akyi no betumi akɔ so anya afoforo ho abufuw denneennen. Saa kwan yi so no, ɔko bi ho yawdi betumi ayɛ nea ɛde ɔko foforo ba.

Sɛ nhwɛso no, Versailles Apam a wɔde nsa hyɛɛ ase wɔ 1919 mu a ɛde Wiase Ko I baa awiei mmara kwan so no de ahyɛde ahorow guu Germany so maa ne manfo susuwii sɛ ano yɛ den na ɛsɛ sɛ wɔko tia. Sɛnea The Encyclopædia Britannica kyerɛ no, apam no ho nhyehyɛe no “maa Germanfo nyaa menasepɔw na ɛkanyan wɔn ma wɔhwehwɛe sɛ wɔbɛtɔ so were.” Mfe bi akyi no, “Hitler de asomdwoe apam no ho menasepɔw yɛɛ ne nnyinaso,” na ɛka ho bi na Wiase Ko II bae.

Wiase Ko II fii ase wɔ Poland na ɛtrɛw kɔfaa Balkan nsase so nso. Yawdi a ɛhɔnom mmusua de baa wɔn ho so wɔ 1940 mfe no mu no na ɛkɔfaa akodi a ɛkɔɔ so wɔ Balkan nsase so wɔ 1990 mfe no mu no bae. Germanfo atesɛm krataa Die Zeit kae sɛ: “Nitan ne aweredi su a wɔannyae mu no abɛyɛ ade a ɛto ntwa, ma abedu yɛn bere yi so.”

Nokwarem no, sɛ adesamma bɛtra ase asomdwoe mu a, ɛsɛ sɛ woyi ɔko mu yawdi fi hɔ. Ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa ayɛ saa? Dɛn na wobetumi ayɛ de apopa nitan ne awerɛhodi no? Hena na obetumi ayi akodi mu yawdi afi hɔ?

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

COVER: Fatmir Boshnjaku

[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 3]

U.S. Coast Guard photo; UN PHOTO 158297/J. Isaac