Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Akodi Mu Yaw a Wobeyi Afi Hɔ

Akodi Mu Yaw a Wobeyi Afi Hɔ

Akodi Mu Yaw a Wobeyi Afi Hɔ

ABRAHAM de ne ho kɔbɔɔ atuatewfo kuw bi mfirihyia 20. * Nanso wagyae akodi, na ɔrenkɔ ɔko bio. Nokwasɛm ne sɛ wɔn a na kan wɔyɛ n’atamfo no abɛyɛ ne nnamfo paa nnɛ. Dɛn na ɛma ɔsakrae? Bible no na ɛsakraa no. Ɛmaa Abraham nyaa anidaso ne nhumu, na ɛboaa no ma onyaa Onyankopɔn adwene wɔ nnipa nsɛm ho. Bible no yii ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ obedi ako no fii hɔ, na ofii ase yii ɛyawdi, awerɛhow, nitan, ne abufuw fii ne mu. Ohui sɛ Bible no kura koma ho aduru a ɛyɛ nam.

Ɔkwan bɛn so na Bible boa obi ma oyi yawdi fi ne mu? Antumi ansakra nea ɛtoo Abraham no. Nanso, Onyankopɔn Asɛm a ɔkenkanee na osusuw ho no ma onyaa Ɔbɔadeɛ no adwene. Mprempren ɔwɔ daakye ho anidaso, na ɔde ahiade atitiriw foforo asisi n’ani so. Onyankopɔn ahiasɛm abɛyɛ n’ahiasɛm. Bere a eyi fii ase pɛ, yaw a na odi wɔ ne komam no fii ase kɔe. Saa na ɛyɛe a Abraham tumi sakrae.

Ɔde Ne Ho Hyɛ Amanko Mu

Wɔwoo Abraham wɔ Afrika wɔ 1930 mfe no mu. Wiase nyinaa ko a ɛto so abien no, ɔman a na ɛwɔ tumi sen ne man bedii wɔn so, nanso na Abraham manfo no pii pɛ ahofadi. Wɔ afe 1961 mu no, Abraham kɔdɔm kuw bi a wɔnyɛ asraafo ankasa a na wɔko tia ɔman a na wɔyɛ den yi.

Abraham kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná wɔyɛ yɛn atamfo. Wɔbɔɔ yɛn ho pɔw sɛ wobekum yɛn, enti yɛkɔe sɛ yɛrekɔ akɔkunkum wɔn.”

Ɛde Abraham nkwa too asiane mu mpɛn pii, enti wɔ 1982 mu, bere a na wadi ako mfirihyia 20 akyi no, oguan kɔɔ Europa. Eduu saa bere no na ɔwɔ ne mfe 40 awiei mu, na onyaa bere de susuw n’asetra ho. Dɛn na na aba ne botae ahorow so? Na ne daakye bɛyɛ dɛn? Abraham hyiaa Yehowa Adansefo na ofii ase kɔɔ wɔn asafo nhyiam ahorow. Ɔkaee sɛ mfe bi a atwam a na ɔwɔ Afrika no, ɔkenkanee kratawa bi a Ɔdansefo bi de maa no. Kratawa no kyerɛkyerɛɛ paradise bi a ɛreba asase so ne ɔsoro nniso a ebedi adesamma so mu. So ebetumi ayɛ nokware?

Abraham ka sɛ: “Misua fii Bible mu sɛ mabrɛ me ho kwa wɔ mfe dodow a mede dii ako no nyinaa mu. Nniso koro pɛ a ebedi atɛntrenee ama obiara ne Onyankopɔn Ahenni no.”

Wɔbɔɔ Abraham asu sɛ Yehowa Dansefo bere tiaa bi akyi no, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Robert guan fii Afrika baa Europa kurow a na Abraham te mu no mu. Ná Robert ne Abraham adi ako atia wɔn ho wɔ ɔko koro no ara mu. Ná Robert ntaa nte asetram atirimpɔw ase. Ɔyɛ nyamesomni, na esiane sɛ na wakenkan Bible no afã bi nti, na onim sɛ Onyankopɔn din de Yehowa. Bere a Adansefo a wofi Abraham asafo mu pɛe sɛ wɔboa Robert ma ɔte Bible ase yiye no, ntɛm pa ara na ɔpenee so.

Robert kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Efi mfitiase pɛɛ no, m’ani gyee ɔkwan a na Adansefo no de Yehowa ne Yesu din di dwuma a na ɛkyerɛ sɛ ɛsono wɔn mu biara no ho. Ná ɛno ne nea minim fi Bible mu dedaw no hyia. Afei nso Adansefo no siesie wɔn ho kama, na wɔda ayamye adi kyerɛ afoforo, ɛmfa ho ɔman a wofi mu. Nneɛma a ɛte saa no nyaa me so nkɛntɛnso kɛse.”

Atamfo Bɛdan Nnamfo

Ɛnnɛ, Robert ne Abraham a na kan no wɔyɛ atamfo no abɛyɛ nnamfo paa. Wɔsom wɔ Yehowa Adansefo asafo koro mu sɛ bere nyinaa asomfo. Abraham ka sɛ: “Ɔko bere no mu no, na mentaa nte nea enti a nnipa a wofi aman horow mu—a wɔn mu dodow no wɔ ɔsom koro mu—tumi tentan wɔn ho wɔn ho no ase. Ná me ne Robert wɔ ɔsom koro mu nanso yekodii ako tiaa yɛn ho. Ɛnnɛ, yɛn nyinaa yɛ Yehowa Adansefo, na yɛn gyidi aka yɛn abom.”

Robert de ka ho sɛ: “Ɛno na ɛma ɛda nsow no. Afei de yɛwɔ gyidi a ɛma yɛyɛ nokware anuanom kuw bi mu. Yɛrenkɔ ɔko bio da.” Bible no anya nkurɔfo a kan na wɔyɛ atamfo yi so tumi kɛse. Nitan ne abufuw no afi hɔ ma ahotoso ne adamfofa abesi ananmu.

Bere koro no ara a na Abraham ne Robert redi ako no, na mmerante baanu bi nso reko tia wɔn ho wɔ ɔko bi a na ɛrekɔ so mu wɔ aman abien bi a ɛbɛn ntam. Ankyɛ na wɔn nso, Bible no yɛɛ ade te sɛ aduru bi a ano yɛ nnam de yii yaw no fii wɔn komam. Ɔkwan bɛn so?

Kum—Na Afei Wu Mogya Dansefo Wu

Wɔkyerɛɛ Gabriel, a wɔtetee no wɔ abusua a wɔpɛ nyamesom mu sɛ ne man wɔ akodi kronkron a emu yɛ den mu. Ne saa nti bere a odii mfe 19 no, otuu ne ho maa sraadi na ɔkae sɛ wɔmfa no nkɔ akono. Odii ako denneennen asram 13, a ɛtɔ mmere bi a, na kilomita biako ne fã pɛ na ɛda ɔne atamfo no ntam. Ɔka sɛ: “Mekae bere pɔtee bi titiriw. Yɛn sahene no ka kyerɛɛ yɛn sɛ atamfo no bɛba yɛn so saa anadwo no. Yɛbɔɔ hu araa ma yɛtotoo yɛn aprɛm no anadwo mũ nyinaa.” Obuu nnipa a wofi ɔman a ɛbɛn no mu sɛ n’atamfo, a wɔfata owu. “Ná m’adwene ara ne sɛ mekunkum nnipa dodow biara a metumi. Ɛno akyi no, sɛnea na me nnamfo a wɔaka no susuw no, na mepɛ sɛ miwu mogya dansefo wu.”

Nanso bere kɔɔ so no, Gabriel abam bebui. Oguan kɔɔ mmepɔw so, weawea twaa hye kɔɔ ɔman foforo a wonni afã biara wɔ ɔko no mu so, na ofii hɔ kɔɔ Europa. Ɔkɔɔ so ara bisaa Onyankopɔn nea enti a asetra yɛ den saa, sɛ ebia ɔhaw ahorow no yɛ asotwe a efi Onyankopɔn anaa. Obehuu Yehowa Adansefo, na wofi Bible mu kyerɛɛ no nea enti a ɔhaw ahyɛ asetram ma nnɛ saa.—Mateo 24:3-14; 2 Timoteo 3:1-5.

Dodow a Gabriel suaa Bible no, dodow no ara na obehui sɛ nokware no wɔ mu. “Mibehui sɛ yebetumi atra ase daa wɔ paradise asase so. Anwonwasɛm ne sɛ, ɛyɛ biribi a m’ani gyinae bere a na meyɛ abofra no.” Bible no kyekyee Gabriel werɛ na edwudwoo ne koma a ɛde bedu saa bere no na enni asomdwoe no. Yawdi a emu yɛ den a na ɛwɔ ne mu no fii ase yerae. Enti ebeduu bere a ohyiaa Daniel a na kan ɔyɛ ne tamfo no, Gabriel annya ne ho tan bio. Nanso dɛn na ɛmaa Daniel baa Europa?

“Sɛ Wowɔ Hɔ Ampa a, Mesrɛ Wo Boa Me!”

Wɔtetee Daniel sɛ Katolekni, na bere a odii mfe 18 no, wɔfaa no kɔɔ sraadi. Wɔmaa okodii ako wɔ ɔko a na Gabriel wom no ara mu, nanso na wɔko tia wɔn ho. Ná Daniel te ntwitwiridii mu wɔ baabi a ɛbɛn akono pɛɛ, na mpofirim ara na topae bi bɛboom. Ne nnamfonom no wuwui, na opirae kɛse ma wɔfaa no dommum. Odii asram pii wɔ ayaresabea ne nneduaban mu ansa na wɔretwa no asu akɔ ɔman a wonni afã biara wɔ ɔko no mu mu. Bere a na aka ne nko na onni hwee no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ obekum ne ho. Daniel bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “Sɛ wowɔ hɔ ampa a, mesrɛ wo boa me!” Ade kyee no, Yehowa Adansefo baa ne nkyɛn na wotumi maa no ne nsɛmmisa pii ho mmuae. Awiei koraa no, otuu kwan kɔɔ Europa sɛ oguanfo. Daniel san ne Adansefo no bɔe bio, na wosuaa Bible no. Nea osuae no dwudwoo ne dadwen ne abufuw a na ahyɛ no so no ano.

Mprempren Gabriel ne Daniel yɛ nnamfo pa, a wɔayɛ biako sɛ anuanom a wɔabɔ wɔn asu sɛ Yehowa Adansefo. Gabriel ka sɛ: “Yehowa ho dɔ ne Bible mu nimdeɛ a manya no aboa me ma manya n’adwene. Daniel nyɛ me tamfo bio. Mfe bi a atwam no, anka mede ahopere bekum no. Bible akyerɛ me nea ɛne eyi bɔ abira koraa—sɛ menya ɔpɛ sɛ mewu mama no.”

Daniel ka sɛ: “Mihuu nnipa a womfi ɔsom ne ɔman biako mu sɛ wɔrekunkum wɔn ho wɔn ho. Ne nkurɔfo a wɔwɔ ɔsom biako mu a wɔrekunkum wɔn ho. Bere a mihuu eyi no, misusuwii sɛ Onyankopɔn na wama aba saa. Mprempren minim sɛ Satan na ɔma akodi nyinaa ba. Ɛnnɛ, me ne Gabriel yɛ mfɛfo gyidifo. Yɛrenni ako bio da!”

“Onyankopɔn Asɛm Wɔ Nkwa, na Ahoɔden Wɔ Mu”

Dɛn nti na Abraham, Robert, Gabriel, ne Daniel sakrae wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa saa so? Ɛyɛɛ dɛn na wotumi yii nitan a na ano yɛ den ne yawdi fii wɔn komam?

Mmarima yi mu biara kenkan Bible, susuw ho, suaa nokware a ɛwom a ‘ɛwɔ nkwa na ahoɔden wom’ no. (Hebrifo 4:12) Bible no Kyerɛwfo ne adesamma Bɔfo, a onim sɛnea obetumi anya obi a ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ aso, na wasua ade no koma so nkɛntɛnso pa no. “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn.” Sɛ nea ɔkenkan Bible no ma ɛkyerɛ no kwan a, onya nnyinasosɛm ne gyinapɛn foforo. Ofi ase nya Yehowa adwene wɔ nneɛma ho. Saa kwan yi de mfaso pii ba, a akodi mu yaw a obi beyi afi ne mu nso ka ho.—2 Timoteo 3:16.

Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛ mu sɛ ɔman anaa abusuakuw biara nkorɔn anaa ɛmma fam nsen ɔfoforo. “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” Wɔde nkakrankakra boa ɔkenkanfo a ogye eyi tom no ma odi abusua anaa ɔman ho nitan so.—Asomafo no Nnwuma 10:34, 35.

Bible nkɔmhyɛ kyerɛ sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn de Mesia Ahenni besi nneɛma nhyehyɛe a nnipa di so yi ananmu. Onyankopɔn nam nniso yi so bɛma ‘akodi agyae akosi asase ano.’ Wobeyi ahyehyɛde ahorow a ɛhyɛ ɔko ho nkuran na epiapia nkurɔfo ma wɔde wɔn ho hyem no afi hɔ. Wobenyan wɔn a akodi ama wɔawuwu no, na wɔama wɔanya hokwan atra paradise wɔ asase so. Ɛho renhia sɛ atuafo ne ahohiafo nti obi guan.—Dwom 46:9; Daniel 2:44; Asomafo no Nnwuma 24:15.

Bible ka nnipa a wɔbɛtra ase saa bere no ho asɛm sɛ: “Wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, . . . Wɔrenyɛ adwumayɛhunu, na wɔrenwo mma ɔpatuwu.” Wobesiesie nneɛma a asɛe na epira afoforo nyinaa. Anidaso a ɛte saa a obi benya no de nkakrankakra beyi awerɛhow ne yawdi afi ne komam.—Yesaia 65:21-23.

Nokwarem no, Bible yɛ aduru a ɛyɛ nnam ma koma no. Ne nkyerɛkyerɛ adi kan reyi akodi mu yawdi afi hɔ dedaw. Wɔn a kan no na wɔyɛ atamfo abɛka abom sɛ amanaman ntam anuanom. Wɔbɛkɔ so asa yare saa kwan yi so wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu akosi sɛ nitan, abufuw, ne awerɛhowdi a ɛwɔ nnipa komam no befi hɔ koraa. Ɔbɔadeɛ no hyɛ bɔ sɛ: “Wɔrenkae kan de no na ɛremma koma mu bio.”—Yesaia 65:17.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Wɔasesa edin no bi wɔ asɛm yi mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]

“Misua fii Bible mu sɛ mabrɛ me ho kwa wɔ mfe dodow a mede dii ako no nyinaa mu”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

Bible betumi anya nnipa a kan no na wɔyɛ atamfo koma so tumi kɛse

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

Ahotoso ne adamfofa de nkakrankakra sii nitan ne abufuw ananmu

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

Sɛ nea ɔkenkan Bible no ma kwan ma ɛkyerɛ no kwan a, onya nnyinasosɛm ne gyinapɛn foforo

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Ɛnnɛ wɔreka nnipa a kan no na wɔyɛ atamfo no abom sɛ amanaman ntam anuanom

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 4]

Refugee camp: UN PHOTO 186811/J. Isaac