Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Koma Nyinaa Mu A Mifi Som Ɛmfa Ho Ɔtaa Ahorow

Koma Nyinaa Mu A Mifi Som Ɛmfa Ho Ɔtaa Ahorow

Asetram Nsɛm

Koma Nyinaa Mu A Mifi Som Ɛmfa Ho Ɔtaa Ahorow

SƐNEA RODOLFO LOZANO KA KYERƐE

Wɔwoo me wɔ Mexico, Gómez Palacio kurow a ɛwɔ Durango Mantam mu no mu, wɔ September 17, 1917. Saa bere no na Mexico Ɔman Anidan no gyina mu denneennen. Ɛwom sɛ ɔman anidan no baa awiei wɔ 1920 mu de, nanso ɛno akyi no, basabasayɛ kɔɔ so wɔ faako a yɛte hɔ mfe pii, na ɛmaa asetra yɛɛ den yiye.

BERE bi a Maame tee sɛ atuatewfo dɔm bi ne asraafo no rebedi ako no, ɔde me ne me nuabarimanom baasa ne me nuabeanom baanu hyɛɛ fie nna pii. Ná aduan a yedi yɛ kakraa bi, na mekae sɛ me ne me nuabea kumaa kohintawee wɔ mpa ase. Ɛno akyi no, Maame yɛɛ no sɛ ɔde yɛn a yɛyɛ mmofra no bɛkɔ United States, na akyiri no me papa abɛka yɛn ho.

Yeduu California wɔ 1926 mu, bere tiaa bi ansa na Sikasɛm mu Ahokyere Kɛse no redu United States. Yekyinkyin hwehwɛɛ adwuma wɔ baabiara a yebenya bi, kɔɔ mmeae te sɛ San Joaquin Valley, Santa Clara, Salinas, ne King City. Yesuaa sɛ yɛbɛyɛ adwuma wɔ afum na yɛatetew nnuaba ne afumduan ahorow nyinaa bi. Ɛwom sɛ mebrɛɛ yiye wɔ me mmofraase de, nanso na ɛyɛ m’asetram bere a ɛyɛ anigye.

Bible mu Nokware Du Me Nkyɛn

Wɔ March 1928 mu no, Bible Suani bi, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no, baa yɛn nkyɛn. Ná ɔyɛ ɔpanyin a n’ani afi a wɔfrɛ no Esteban Rivera a ɔka Spania kasa. M’ani gyee kratawa a ɔde gyaw yɛn a n’asɛmti ne “Where Are the dead?” (Ɛhe na Awufo Wɔ?), ne emu nsɛm no nso ho. Ɛwom sɛ na misua de, nanso mede me ho hyɛɛ Bible adesua mu de me ho bɔɔ Bible Asuafo no. Bere bi akyi no, me maame ne me nuabea Aurora nso bɛyɛɛ Yehowa ayeyifo a wɔyɛ nsi.

Wɔ 1930 mfe no mfinimfini mu hɔ no, wosii Ahenni Asa wɔ San Jose maa asafo a na wɔka Engiresi kasa no. Esiane sɛ na wɔn a wɔka Spania kasa pii yɛ adwuma wɔ mfuw a ɛwɔ hɔ no mu nti, yefii ase kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn, ne wɔn yɛɛ Ɔwɛn-Aban Adesua. Adansefo bi a wɔka Spania kasa a wofi San Francisco, a na ebinom fi akyirikyiri bɛyɛ kilomita 80 na ɛboaa yɛn ma yɛyɛɛ eyi. Bere kɔɔ so no, yenyaa nnipa bɛyɛ 60 a na wɔba nhyiam ahorow a wɔyɛ no Spania kasa mu no ase wɔ San Jose Ahenni Asa no so.

Awiei koraa no, wɔ February 28, 1940 mu no, mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne wɔ nhyiam bi ase wɔ San Jose. Afe a edi hɔ no, wɔpaw me sɛ ɔkwampaefo, Yehowa Dansefo a ɔde bere nyinaa ka asɛm no. Afei wɔ April 1943 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ mintu nkɔ Stockton, kurow bi a ɛda bɛyɛ kilomita 130, nkɔhyehyɛ Spania kasa mu asafo. Saa bere no, na mesom sɛ ɔhwɛfo guamtrani wɔ Engiresi kasa mu asafo a ɛwɔ San Jose no mu, na na mesan hwɛ Adansefo a wɔka Spania kasa wɔ hɔ no nso so. Bere a meyɛɛ nhyehyɛe maa afoforo dii asɛyɛde ahorow yi ho dwuma no, mitu kɔɔ Stockton.

Wɔsɔ Me Mũdi Hwɛ

Efi 1940 mu no, na wɔtaa frɛ me wɔ mpanyimfo a wɔde ɔmanfo kɔ sraadi no anim, nanso bere biara a mɛkɔ no, na wɔkyerɛ obu ma ɔfã biara a na minni no. Bere a United States de ne ho hyɛɛ wiase nyinaa ko a ɛto so abien mu wɔ December 1941 mu ara pɛ, na nhyɛso a efi mpanyimfo a wɔde ɔmanfo kɔ sraadi hɔ no mu yɛɛ den. Awiei koraa no, wɔ 1944 mu no, wɔde me too afiase. Bere a na meretwɛn m’atemmu no, wɔde me kɔkaa nsɛmmɔnedifo bi ho wɔ ɔdan bi a ɛhyɛ dan ase mu. Bere a wohuu sɛ meyɛ Yehowa Dansefo no, wɔn mu pii bisabisaa sɛnea bɔne a wɔadi no bɛka wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho nsɛm.

Adansefo a wɔwɔ San Jose no tuaa sika de dii me agyinam sɛnea ɛbɛyɛ a wobegyae me kosi sɛ wobedi m’asɛm. Mmaranimfo bi a na ɔwɔ Los Angeles a ogyina nkurɔfo a wɔbɔ hokwan a wɔwɔ ho ban akyi no gyee m’asɛm no dii a wannye me hwee. Ɔtemmufo no sii gyinae sɛ sɛ megyae akwampae adwuma, akɔyɛ wiase adwuma, na ɔsram biara mede me ho akɔkyerɛ mpanyimfo no a, obegyae me. Mampene saa gyinaesi no so, enti wɔde me kɔtoo afiase wɔ McNeil Supɔw so wɔ Washington Mantam mu. Ɛhɔ no, mede me bere dii dwuma de suaa Bible no anibere so. Misuaa sɛnea wɔbɔ tintim afiri nso. Afe biako ne kakra akyi no, wɔhwɛɛ suban pa a mewɔ no gyaee me. Ntɛm ara na meyɛɛ nhyehyɛe sɛ mɛtoa akwampae adwuma no so.

Dwumadi a Emu Trɛw

Wɔ 1947 awɔw bere mu no, wɔde me ne me yɔnko kwampaefo bi kɔe sɛ yɛnkɔyɛ adwuma wɔ nkurɔfo a wɔka Spania kasa wɔ Colorado City, Texas no mu. Nanso na awɔw no ano yɛ den araa ma, yɛkɔɔ San Antonio kɔkaa yɛn ho hyew kakra. Nanso, yɛkɔɔ hɔ no, osu tɔɔ wɔ hɔ araa ma ɛsɛee yɛn afie afie asɛnka adwuma no. Ankyɛ na yɛn sika sae. Yedii adapɛn bi wɔ hɔ a na aduan a yedi ara ne paanoo a kabegye nkutoo hyehyem, ne alfalfa tii. Me yɔnko no san kɔɔ ne kurom, nanso mekɔɔ so traa hɔ. Bere a Adansefo a wɔka Engiresi kasa no huu me honam fam ahiade no, wofii ase boaa me.

Osutɔ bere a edi hɔ no, mesan kɔyɛɛ m’adwuma wɔ Colorado City, na akyiri yi yɛhyehyɛɛ Spania kasa mu asafo wɔ hɔ. Ɛno akyi no, mitu kɔɔ Sweetwater, Texas, baabi a meboae ma yɛhyehyɛɛ Spania kasa mu asafo. Bere a na mewɔ Sweetwater no, minyaa krataa bi a na wɔde reto nsa afrɛ me sɛ menkɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesuakuw a ɛto so 15 a efii ase February 22, 1950 no bi, nkogye ntetee wɔ asɛmpatrɛw adwuma mu. Bere a miwiee adesua saa ahohuru bere no mu wɔ amanaman ntam nhyiam bi a wɔyɛɛ no Yankee Stadium a ɛwɔ New York City ase no, metraa Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn no asram abiɛsa. Wɔtetee me wɔ hɔ maa dwumadi a mɛkɔ akɔyɛ wɔ Mexico baa dwumadibea no.

Adwuma a Meyɛ Wɔ Mexico

Miduu Mexico City wɔ October 20, 1950. Adapɛn abien akyi no, wɔpaw me sɛ baa dwumadibea sohwɛfo, dwumadi a meyɛɛ no mfe anan ne fã. Osuahu ahorow a minyae wɔ akwampae adwuma mu, afiase, Gilead, ne Brooklyn no boaa me yiye. Bere a miduu Mexico no, mihuu hia a ehia sɛ yɛhyɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ Mexico no honhom fam yiyedi mu den ntɛm ara. Ne titiriw no, na ehia sɛ yɛboa wɔn ma wokura Onyankopɔn Asɛm mu abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn no mu.

Wɔ Latin-Amerika aman a Mexico ka ho mu no, na ɛnyɛ den sɛ awarefo bɛtra a wɔmfaa wɔn aware nhyɛɛ mmara ase. Ná Kristoman mu ɔsom ahorow, ne titiriw Roma Katolek Asɔre no, ama adeyɛ a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia yi ho kwan ama akɔ so. (Hebrifo 13:4) Enti na ebinom abɛyɛ Yehowa Adansefo asafo no mufo a na wɔmfaa wɔn aware nhyɛɛ mmara ase. Afei wɔyɛɛ nhyehyɛe maa saafo no asram asia sɛ wɔmfa ntoto nneɛma yiye. Anyɛ saa a, wɔremmu wɔn sɛ Yehowa Adansefo bio.

Wɔn mu dodow no ara fam no, wɔn asetra a na wɔbɛtoto no yiye no anyɛ den amma wɔn. Nea na wohia ara ne sɛ wɔbɛma wɔn aware adi mu denam ɛho ade a wɔbɛyɛ so. Ná afoforo nsɛm tebea yɛ den kakra. Sɛ nhwɛso no, na wɔn mu binom aware agyae mpɛn abien ne abiɛsa mpo, a wontwaa mu wɔ mmara kwan so. Bere a Yehowa nkurɔfo aware nhyehyɛe yɛɛ yiye ma ɛne Onyankopɔn Asɛm mu nkyerɛkyerɛ hyiae no, wonyaa honhom fam nhyira pii wɔ asafo ahorow no mu.—1 Korintofo 6:9-11.

Saa bere no na Mexico nhomasua wɔ fam koraa. Bere a miduu hɔ wɔ 1950 mu mpo no, na baa dwumadibea no afi ase reyɛ akenkan ne akyerɛw adesua ho nhyehyɛe wɔ asafo ahorow no mu. Saa bere yi, yɛsan yɛɛ saa adesua yi ho nhyehyɛe, na yɛyɛɛ nhyehyɛe sɛ yɛde bɛhyɛ aban nkrataa mu. Efi 1946 mu, bere a wofii ase yɛɛ kyerɛwtohɔ ahorow no, wɔakyerɛ nnipa a wɔwɔ Mexico no bɛboro 143,000 akenkan ne akyerɛw wɔ adesua a Adansefo ahyehyɛ mu!

Ná Mexico mmara yɛ katee wɔ ɔsom ho. Nanso, nnansa yi, wɔayɛ nsakrae atitiriw bi wɔ eyi mu. Wɔ 1992 mu no, wɔhyɛɛ ɔsom ho mmara foforo, enti wɔ 1993 mu no, wɔde Yehowa Adansefo a wɔwɔ Mexico din hyɛɛ mmara mu sɛ nyamesom ahyehyɛde.

Me fam no, nsakrae yi a kan no anka mesusuw sɛ ɛrentumi nyɛ yiye no ama m’ani agye kɛse. Ná mede mfe pii akɔ aban adwumayɛbea ntoatoaso a na wɔnhwɛ m’anim koraa. Nanso, eye sɛ wɔnam Mmara Dwumadibea a ɛwɔ yɛn baa dwumadibea no so adi eyi ho dwuma, a enti mprempren yenhyia ɔhaw titiriw biara wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu.

Ɔsɛmpatrɛwfo Hokafo Bi a Me ne No Som

Bere a miduu Mexico no, na wɔn a wɔadi kan awiewie Gilead adesuakuw ahorow wɔ ɔman no mu dedaw. Wɔn mu biako ne Esther Vartanian, Armeniani Dansefo bi a ofii akwampae adwuma ase wɔ Vallejo, California, wɔ 1942 mu. Yɛwaree wɔ July 30, 1955, na ɛno akyi no, yɛtoaa yɛn dwumadi so wɔ Mexico. Esther kɔɔ so yɛɛ asɛmpatrɛw adwuma no wɔ Mexico City, na yɛtraa baa dwumadibea hɔ, faako a mekɔɔ so somee.

Wɔ 1947 mu no, na Esther aba n’asɛmpatrɛw dwumadi a edi kan mu wɔ Monterrey, Nuevo León, Mexico. Saa bere no na Adansefo 40 pɛ na wɔwɔ asafo biako a ɛwɔ Monterrey no mu, nanso eduu bere a woyii no fii hɔ kɔɔ Mexico City wɔ 1950 mu no, na asafo ahorow no abɛyɛ anan. Mprempren mmusua bi a Esther ne wɔn suaa Bible bere a na ɔresom wɔ Monterrey no asefo baanu wɔ yɛn baa dwumadibea a ɛbɛn Mexico City no.

Wɔ 1950 mu no, na kurow no fã kɛse no ara ka asasesin a asɛmpatrɛwfo a wɔwɔ Mexico City yɛ mu adwuma no ho. Ná wɔnantew na ɛyɛ wɔn adwuma no anaasɛ wɔfa bɔs adedaw a nnipa ahyɛ mu ma na edi akɔneaba. Bere a miduu hɔ wɔ 1950 afe no awiei mu no, na asafo ahorow ason na ɛwɔ hɔ. Ɛnnɛ, eyi akɔ anim akodu bɛyɛ 1,600, a emu Ahenni adawurubɔfo bɛyɛ 90,000 na wɔwɔ Mexico City, na nnipa bɛboro 250,000 na wɔkɔɔ Kristo wu ho Nkaedi no ase wɔ hɔ! Mfe pii a abɛsen kɔ mu no, me ne Esther anya hokwan asom wɔ asafo ahorow yi pii mu.

Sɛ me ne Esther fi Bible adesua ase a, yɛbɔ mmɔden bere nyinaa sɛ yebenya agya a ɔwɔ abusua no mu no sɛnea ɛbɛyɛ a abusua no nyinaa de wɔn ho behyem. Ne saa nti, yɛanya mmusua akɛse ma wɔabɛsom Yehowa. Migye di sɛ ade biako a enti nokware som anya nkɔso ntɛmntɛm wɔ Mexico ne sɛ mpɛn pii no, mmusua mũ nyinaa taa bom ba nokware som mu.

Yehowa Ahyira Adwuma no So

Efi 1950 mu no, nkɔso a adwuma no anya wɔ Mexico no adi mũ wɔ nnipa dodow nkɔanim mu ne nhyehyɛe mu nsakrae nyinaa mu. Ɛyɛ yɛn anigye kɛse sɛ yɛanya nkɔanim yi mu kyɛfa kakra, wɔ nnipa a wɔwɔ anigye na wɔda ahɔhoyɛ su adi yi mu.

Karl Klein a ɔsom sɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni no ne ne yere Margaret bɛsraa yɛn bere a na wɔregye wɔn ahome, bɛyɛ mfe abien a atwam ni no. Ná Onua Klein pɛ sɛ n’ankasa hu sɛnea adwuma no rekɔ so wɔ yɛn Mexico asasesin no mu, enti ɔne Margaret baa San Juan Tezontla asafo a ɛbɛn Mexico City, baabi a na saa bere no yɛwɔ no. Ná yɛn asa no sua, ne trɛw bɛyɛ mita 4.5, na ne tenten mu bɛyɛ mita 5.5. Bere a yeduu hɔ no, na nnipa bɛyɛ 70 wɔ hɔ dedaw, na na baabiara nni hɔ a obi de ne nan besi. Ná wɔn a wɔn mfe akɔ anim tete nkogua so, mmerante ne mmabaa tete benkyi so, na mmofra nketewa tete ntayaa so anaa fam.

Onua Klein ani gyei yiye efisɛ na mmofra no nyinaa kurakura wɔn Bible wɔ wɔn nsam, na sɛ ɔkasafo no bɔ Bible kyerɛwsɛm bi so a, wɔhwɛ mu di n’akyi. Baguam ɔkasa no akyi no, Onua Klein kaa Mateo 13:19-23 ho asɛm na ɔkae sɛ “asase pa” a Yesu kaa ho asɛm no pii wɔ Mexico. Mprempren mmofra a na wɔwɔ hɔ saa bere no mu baason reyɛ adwuma wɔ baabi a wɔretrɛw yɛn baa dwumadibea mu a ɛbɛn Mexico City no. Wɔn mu biako som wɔ Betel, na afoforo pii som sɛ akwampaefo!

Bere a mebaa Mexico City no, na nnipa 11 pɛ na wɔwɔ yɛn baa dwumadibea hɔ. Ɛnnɛ, yɛwɔ nnipa bɛyɛ 1,350 a wɔreyɛ adwuma wɔ hɔ, na wɔn mu 250 reyɛ adwuma wɔ faako a wɔresi baa dwumadibea adan foforo no. Sɛ wowie nnwuma yi nyinaa, a yɛhwɛ kwan sɛ ɛbɛyɛ 2002 mu no a, yebetumi afa nnipa 1,200 aka ho wɔ yɛn dwumadibea a emu atrɛw no hɔ. Wɔ 1950 mu no, na yɛwɔ Ahenni adawurubɔfo a wonnu 7,000 wɔ ɔman mũ no nyinaa mu, nanso mprempren yɛwɔ nea ɛboro nnipa 500,000! Sɛ mihu sɛnea Yehowa ahyira yɛn nuanom Mexicofo ahobrɛasefo a wɔyɛ adwumaden de yi no ayɛ yi mmɔdenbɔ so a, ɛma me koma ani gye.

Asɛnnennen Bi a Mihyia

Nsɛnnennen a mahyia nnansa yi mu biako ne yare. Meyɛ obi a na mentaa nyare. Nanso wɔ November 1988 mu no, me fã dwudwoe ma mibubui koraa. Aseda nka Yehowa sɛ, ɛdenam apɔw-mu-teɛteɛ ne ayaresa ho nhyehyɛe ahorow so no, me ho atɔ me kakra, nanso me nkwaa no bi ntumi nyɛɛ yiye sɛnea anka mepɛ. Wɔda so ara hwɛ me yare na menom nnuru a ɛbɛma makwati tipae a ano yɛ den ne ɔhaw ahorow a ɛda so ara wɔ hɔ no.

Ɛwom sɛ mintumi nyɛ pii sɛnea anka mepɛ sɛ meyɛ no de, nanso minya abotɔyam bere a minim sɛ matumi aboa nnipa pii ma wɔabehu Yehowa atirimpɔw ahorow, abɛyɛ n’asomfo a wɔahyira wɔn ho so no. Afei nso m’ani gye sɛ me ne Kristofo anuanom mmarima ne mmea a wɔbɛsra yɛn baa dwumadibea no bɔ nkɔmmɔ; mete nka sɛ yɛn nyinaa hyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran.

Nim a minim sɛ Yehowa ani sɔ ɔsom a yɛde ma no no, ɛne sɛ nea yɛayɛ no nyɛɛ ɔkwa no ahyɛ me den kɛse. (1 Korintofo 15:58) Ɛmfa ho me sintɔ ne yare no, mede nsɛm a ɛwɔ Kolosefo 3:23, 24 no asie me koma mu: “Adwuma biara a moyɛ no, mumfi ɔkra mu nyɛ no sɛ moyɛ ma [Yehowa, NW] na monyɛ mma nnipa, efisɛ munim sɛ [Yehowa, NW] nsam na mubenya apɛgyade sɛ akatua.” Esiane saa afotusɛm yi a madi akyi nti, masua sɛ mefi koma nyinaa mu asom Yehowa ɛmfa ho ɔtaa ahorow nyinaa.

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Wɔ 1942 mu bere a na meyɛ ɔkwampaefo

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Me yere fii n’asɛmpatrɛw adwuma ase wɔ Mexico wɔ 1947 mu

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Me ne Esther ɛnnɛ

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]

Atifi benkum so: Yɛn Mexico Betel abusua no wɔ 1952 mu, me na migyina anim no

Atifi: Nnipa bɛboro 109,000 hyiaa wɔ Mexico City agumadibea yɛɛ ɔmantam nhyiam wɔ 1999 mu

Ase hɔ benkum so: Yɛn baa dwumadibea foforo a wɔreyɛ asi awie