Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mfirihyia Apem Foforo Bɛyɛ Asomdwoe?

Mfirihyia Apem Foforo Bɛyɛ Asomdwoe?

Mfirihyia Apem Foforo Bɛyɛ Asomdwoe?

WƆDE Amanaman Ntam Asetra a Asomdwoe Wom Afe ho nhyehyɛe too gua wɔ Paris ne New York City wɔ September 14, 1999. Amanaman Nkabom Mmarahyɛ Bagua no na ɛde afe 2000 ho mpaemuka yi too gua. Kan UNESCO kwankyerɛfo panyin Federico Mayor, srɛe anibere so sɛ “wɔnyɛ wiase nyinaa ahyehyɛde bi a ɛbɛhwɛ ma asetra ayɛ nea asomdwoe wom na basabasayɛ nnim.”

UNESCO wɔ asɛm bi a wɔka a ɛne sɛ “esiane sɛ akodi fi ase wɔ nnipa adwenem nti, nnipa adwenem na ɛsɛ sɛ wofi ase bɔ asomdwoe ho ban.” Nea ɛne eyi hyia no, ahyehyɛde no pɛ sɛ wɔhyɛ asomdwoe a yɛde bɛtra ase ho nkuran denam “nkyerɛkyerɛ, nkitahodi, ne biakoyɛ” so. Owura Mayor kae sɛ ɛnnɔɔso “sɛ yɛbɛyɛ nnipa a yɛn ho dwo, anaasɛ nnipa a yekyi akodi mpo, na mmom sɛ yɛbɛyɛ apatafo nso.”

Awerɛhosɛm ne sɛ, afe 2000 anyɛ nea asomdwoe wom koraa. Ɛnnɛyi abakɔsɛm—a nsɛm a esisii wɔ afe 2000 mu ka ho—asi nkogu a nnipa adi sɛ wobesiw akodi ne basabasayɛ ano ɛmfa ho mmɔden biara a wɔabɔ no so dua.

Nanso, ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ asomdwoe ne ɔkyerɛkyerɛ ankasa na ɛnam. Odiyifo Yesaia ka siei bɛyɛ mfirihyia 2,700 a atwam ni sɛ: “Wo mma nyinaa bɛyɛ nnipa a Yehowa akyerɛkyerɛ wɔn, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.” (Yesaia 54:13, NW) Odiyifo koro no ara huu bere a nnipa a wofi amanaman nyinaa mu bɛsen yuu de ɔsom kronn abɛma Yehowa Nyankopɔn na wɔasua N’akwan ho asɛm, siei. Dɛn na ebefi mu aba? ‘Wɔde wɔn nkrante bɛbobɔ nsɔw, de wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.’ (Yesaia 2:2-4) Nea ɛne saa nkɔmhyɛ no hyia no, Yehowa Adansefo reyɛ wiase nyinaa ɔkyerɛkyerɛ adwuma bi a aboa nnipa ɔpepem pii ma wɔadi ɔmampɛ ne abusua mu nitan a ɛde akodi dodow no ara ba no ho dwuma dedaw.

Awiei koraa no, akodi befi hɔ koraa wɔ Onyankopɔn Ahenni a ɛde asomdwoe ne dwoodwoo asetra a enni awiei bɛba asase so no ase. (Dwom 72:7; Daniel 2:44) Saa bere no, odwontofo no nsɛm no bɛbam sɛ: “Mommra mmɛhwɛ [Yehowa, NW] nnwuma, ɔsɛe ko a wama aba asase so. Ɔma akodi gyae kosi asase ano, obubu ta mu na otwitwa peaw mu asinasin, ɔde gya hyew nteaseɛnam.”—Dwom 46:8, 9.