Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Ɔdɔ Nhyɛ Yɛn Den

Momma Ɔdɔ Nhyɛ Yɛn Den

Momma Ɔdɔ Nhyɛ Yɛn Den

‘Dɔ Yehowa wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu.’—MATEO 22:37.

1. (a) Dɛn ne nneɛma a Kristoni sua no bi? (b) Dɛn ne Kristoni su a ɛho hia sen biara, na dɛn ntia?

KRISTONI sua nneɛma pii sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ ɔsomfo a otu mpɔn. Mmebusɛm nhoma no si mfaso a ɛwɔ nimdeɛ, ntease, ne nyansa so no so dua. (Mmebusɛm 2:1-10) Ɔsomafo Paulo kaa hia a gyidi ne anidaso a emu yɛ den ho hia ho asɛm. (Romafo 1:16, 17; Kolosefo 1:5; Hebrifo 10:39) Boasetɔ ne ahosodi nso ho hia. (Asomafo no Nnwuma 24:25; Hebrifo 10:36) Nanso, ade biako wɔ hɔ a sɛ enni hɔ a ɛma su afoforo nyinaa tɔ sin, na ebetumi ama ayɛ nea mfaso nni so mpo. Saa ade no ne ɔdɔ.—1 Korintofo 13:1-3, 13.

2. Ɔkwan bɛn so na Yesu daa sɛnea ɔdɔ ho hia no adi, na nsɛmmisa bɛn na eyi ma ɛsɔre?

2 Yesu kyerɛɛ hia a ɔdɔ ho hia bere a ɔkae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo” no. (Yohane 13:35) Esiane sɛ ɔdɔ na ɛhyɛ nokware Kristoni agyirae nti, ɛsɛ sɛ yebisa nsɛm te sɛ, Dɛn ne ɔdɔ? Dɛn nti na ɛyɛ ade a ɛho hia araa ma enti Yesu kae sɛ, ɛno na ɛma wohu n’asuafo sen biribi foforo biara no? Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya ɔdɔ? Hena na ɛsɛ sɛ yɛdɔ no? Ma yensusuw saa nsɛmmisa yi ho.

Dɛn Ne Ɔdɔ?

3. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛkyerɛ ɔdɔ mu, na dɛn nti na ɛfa adwene ne koma nyinaa ho?

3 Ɔdɔ nkyerɛase biako ne ‘abusuabɔ a emu yɛ den anaa obi ho anigye a ɛkɔ akyiri a wonya, sɛ obi ani bɛka obi ho anaasɛ ɔbɛpɛ n’asɛm.’ Ɛyɛ su a ɛka nkurɔfo ma wɔhwehwɛ afoforo yiyedi, na ɛtɔ mmere bi a ɛma wɔde nneɛma pii bɔ afɔre. Wɔka ɔdɔ ho asɛm wɔ Bible mu sɛ, egyina adwene ne koma no nyinaa so. Adwene no ka ho efisɛ onipa a ɔda ɔdɔ adi no gyina nimdeɛ so na ɛyɛ eyi bere a onim sɛ ɔno ne nnipa foforo a ɔdɔ wɔn no nyinaa wɔ mmerɛwyɛ ne su ahorow a ɛyɛ anigye no. Adwene no ka ho bio efisɛ Kristoni wɔ wɔn a ɔdɔ wɔn—a ɛtɔ mmere bi a ɛnyɛ ne pɛ—esiane sɛ wahu afi ne Bible akenkan mu sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyɛ saa nti. (Mateo 5:44; 1 Korintofo 16:14) Nanso, komam titiriw na ɔdɔ fi. Nokware dɔ nyɛ adeyɛ biara kɛkɛ, sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no. Ɛhwehwɛ nokwaredi a emu dɔ ne ahofama a edi mu.—1 Petro 1:22.

4. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ yɛ hama a emu yɛ den?

4 Ɛyɛ den sɛ nnipa a wɔyɛ pɛsɛmenkominya wɔ komam betumi anya abusuabɔ a ɔdɔ wom ankasa, efisɛ onipa a ɔwɔ dɔ wɔ ɔpɛ sɛ ɔde afoforo ahiade bedi n’ankasa de anim. (Filipifo 2:2-4) Yesu nsɛm a ɛne sɛ “ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye” no yɛ nokware, titiriw, bere a wofi ɔdɔ mu ma ade no. (Asomafo no Nnwuma 20:35) Ɔdɔ yɛ hama a ɛyɛ den. (Kolosefo 3:14) Ɛtaa yɛ nea ɛfa adamfofa ho, nanso ɔdɔ nhama mu yɛ den sen adamfofa de. Ɛtɔ mmere bi a wɔka okunu ne ne yere ntam nna ho akɔnnɔ ho asɛm sɛ ɔdɔ; nanso, ɔdɔ a Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yennya no mu yɛ den kɛse sen nea egyina ahoɔfɛ so no. Sɛ awarefo dodɔ wɔn ho ankasa, na sɛ ɛba mpo sɛ esiane onyin mu mmerɛwyɛ anaa yare a wɔn mu biako yare nti wontumi nnya nkitahodi bio a, wɔkɔ so tra.

ƆdɔSu a Ɛho Hia

5. Dɛn nti na ɔdɔ yɛ su a ɛho hia ma Kristoni?

5 Dɛn nti na ɔdɔ yɛ su a ɛho hia ma Kristoni? Nea edi kan no, esiane sɛ Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnnodɔ wɔn ho nti. Ɔkae sɛ: “Sɛ moyɛ nea mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo. Eyi na mehyɛ mo, sɛ monnodɔ mo ho.” (Yohane 15:14, 17) Nea ɛto so abien, esiane sɛ Yehowa ne dɔ nti, sɛ́ n’asomfo no, ɛsɛ sɛ yesuasua no. (Efesofo 5:1; 1 Yohane 4:16) Bible ka sɛ Yehowa ne Yesu ho nimdeɛ a yebenya bɛma yɛanya daa nkwa. Yɛbɛyɛ dɛn aka sɛ yenim Onyankopɔn bere a yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ sɛ ɔno? Ɔsomafo Yohane kae sɛ: “Nea ɔnnɔ no nhuu Nyankopɔn ɛ, na Onyankopɔn ne dɔ.”—1 Yohane 4:8.

6. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ betumi ama yɛn asetra afã horow akari pɛ?

6 Ade a ɛto so abiɛsa a enti ɔdɔ ho hia ni: Ɛboa ma yɛkari pɛ wɔ yɛn asetram nneɛma ahorow mu, na ɛma yɛde adwempa yɛ ade. Sɛ nhwɛso no, ehia sɛ yɛkɔ so nya Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ. Kristoni fam no, nimdeɛ a ɛte saa te sɛ aduan. Ɛboa no ma onyin na ɔyɛ n’ade ma ɛne Onyankopɔn apɛde hyia. (Dwom 119:105; Mateo 4:4; 2 Timoteo 3:15, 16) Nanso, Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Nimdeɛ horan, na ɔdɔ de, ɛma nkɔso.” (1 Korintofo 8:1) Eyi nkyerɛ sɛ mfomso bi wɔ nokware nimdeɛ ho. Yɛn na asɛm wɔ yɛn ho—yɛtɔ kɔ nneɛma bɔne so. (Genesis 8:21) Sɛ obi nni ɔdɔ a ɛbɛma wakari pɛ a, nimdeɛ betumi ama wahoran, asusuw sɛ ɔsen afoforo. Sɛ ɔwɔ dɔ a, ɛremma saa. “Ɔdɔ nyɛ ahoahoa, ɛnhoran.” (1 Korintofo 13:4) Sɛ Kristoni a ɔwɔ dɔ nya nimdeɛ pii a, ɔnyɛ ahantan. Ɔdɔ ma ɔbrɛ ne ho ase, na ɛmma ɔnhwehwɛ din mma ne ho.—Dwom 138:6; Yakobo 4:6.

7, 8. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ boa yɛn ma yɛde yɛn adwene si nneɛma a ɛho hia so?

7 Paulo kyerɛw Filipifo no sɛ: “Mebɔ eyi ho mpae sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so ara nimdeɛ ne ntease nyinaa mu, na moasɔ nneɛma a eye koraa no ahwɛ na moabu.” (Filipifo 1:9, 10) Kristofo dɔ bɛboa yɛn ma yɛadi saa nkuranhyɛsɛm yi a ɛbɛma yɛasɔ nneɛma a eye koraa ahwɛ no akyi. Sɛ nhwɛso no, susuw Paulo nsɛm a ɔde kɔmaa Timoteo no ho hwɛ: “Nokwasɛm ni, sɛ obi pɛ hwɛfodwuma a, wapɛ adwuma pa.” (1 Timoteo 3:1) Wɔ 2000 ɔsom afe mu no, asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa nyaa nkɔanim 1,502, na ɛma yenyaa dodow nkɔanim foforo 91,487. Enti, yehia mpanyimfo pii, na ɛsɛ sɛ yɛkamfo wɔn a wɔpere du ho no.

8 Nanso, sɛ wɔn a wɔrepɛ hwɛfodwuma no kɔ so kae atirimpɔw a ɛwɔ hokwan a ɛte saa akyi no a, ɛbɛma wɔakari pɛ. Ɛnyɛ tumi anaa edin kɛse a wubenya kɛkɛ no ne ade a ɛho hia. Yehowa ne anuanom ho dɔ na ɛkanyan mpanyimfo a wɔsɔ n’ani no. Ɛnyɛ edin anaa tumi na wɔrehwehwɛ. Bere a ɔsomafo Petro tuu asafo mu mpanyimfo fo sɛ wonnya su pa akyi no, osii hia a “ahobrɛase adwene” ho hia so dua. Otuu asafo no mufo nyinaa fo sɛ: “Mommrɛ mo ho ase Onyankopɔn tumi nsa no ase.” (1 Petro 5:1-6) Ɛyɛ papa sɛ obiara a ɔrepɛ hwɛfodwuma no susuw mpanyimfo pii a wɔwɔ wiase nyinaa a wɔreyɛ adwumaden, wodwo, ma enti wɔyɛ nhyira ma wɔn asafo ahorow no ho.—Hebrifo 13:7.

Adwempa Boa Yɛn Ma Yegyina

9. Dɛn nti na Kristofo kɔ so ma nhyira ahorow a Yehowa ahyɛ ho bɔ no tra wɔn adwenem?

9 Yehu hia a ɛho hia sɛ yenya ɔdɔ no wɔ ɔkwan foforo so. Wɔn a wofi ɔdɔ mu di onyamesom pa akyi fam no, Bible no hyɛ wɔn nhyira pii ho bɔ mprempren ne nhyira horow a enni ano daakye. (1 Timoteo 4:8) Ɛboa Kristoni a ɔwɔ saa nhyira horow yi mu gyidi a ɛyɛ den, na ogye di sɛ Yehowa yɛ “wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo” no ma ogyina pintinn wɔ gyidi no mu. (Hebrifo 11:6) Yɛn mu dodow no ara ani gyina sɛ yebehu Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no mmamu, na yɛka ɔsomafo Yohane asɛm no bi sɛ: “Amen, Awurade Yesu, bra!” (Adiyisɛm 22:20) Yiw, sɛ yɛyɛ anokwafo na yesusuw nhyira horow a ɛwɔ hɔ ma yɛn no ho a, ɛboa hyɛ yɛn den ma yegyina, sɛnea “anigye a” Yesu ‘de sii n’anim’ no boaa no ma ogyinae no ara pɛ.—Hebrifo 12:1, 2.

10, 11. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ a ɛkanyan yɛn no ma yetumi gyina?

10 Nanso, sɛ yɛn botae a enti yɛresom Yehowa nkutoo ne sɛ yebenya wiase foforo no mu atra a, dɛn na ɛbɛba? Ɛnde sɛ nneɛma mu yɛ den anaasɛ amma bere a yɛhwɛ kwan no a, yɛn ho betumi apere yɛn na asɛe yɛn anigye. Ebetumi ama yɛakɔ asiane a anibere wom mu a ɛne sɛ yɛbɛman. (Hebrifo 2:1; 3:12) Paulo kaa obi a na anka ɔyɛ ne hokafo, Dema, a ogyaw no ho asɛm. Dɛn ntia? Efisɛ “Dema apɛ mprempren wi yi ase.” (2 Timoteo 4:10) Obiara a ofi pɛsɛmenkominya mu som no betumi akɔ asiane a ɛte saa mu. Wɔn ani betumi agye wiase no mu nneɛma a wɔn nsa betumi aka no mprempren ho, na wɔrempɛ sɛ wɔde nneɛma bɛbɔ afɔre na ama wɔanya nhyira ahorow a ɛreba no.

11 Bere a ɛyɛ papa na ɛyɛ nea ɛfata sɛ yɛn ani betumi agye nhyira ahorow a yɛn nsa bɛka daakye na yɛafi sɔhwɛ ahorow mu ho no, ɔdɔ ma yenya nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn titiriw wɔ asetram no ho anisɔ. Yehowa apɛde ne ade a ɛho hia, ɛnyɛ yɛn de. (Luka 22:41, 42) Yiw, ɔdɔ hyɛ yɛn den. Ɛma yenya abotɔyam twɛn yɛn Nyankopɔn, na ɛma yɛn ani gye nhyira biara a ɔde ma ho, na ɛma yenya ahotoso sɛ yɛn nsa bɛka biribiara a wahyɛ ho bɔ—ne nea ɛboro saa—wɔ n’ankasa bere a ɛsɛ mu. (Dwom 145:16; 2 Korintofo 12:8, 9) Ansa na saa bere no bɛba no, ɔdɔ boa yɛn ma yefi ayamye mu kɔ so som efisɛ ‘ɔdɔ nhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de.’—1 Korintofo 13:4, 5.

Henanom na Ɛsɛ sɛ Kristofo Dɔ Wɔn?

12. Sɛnea Yesu kyerɛ no, henanom na ɛsɛ sɛ yɛdɔ wɔn?

12 Yesu kyerɛɛ nkurɔfo a ɛsɛ sɛ yɛdɔ wɔn bere a ɔfaa Mose Mmara no mu nsɛm abien kaa asɛm no. Ɔkae sɛ: ‘Dɔ Yehowa wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu,’ na “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!”—Mateo 22:37-39.

13. Ɔkwan bɛn so na yebetumi asua sɛ yɛbɛdɔ Yehowa, ɛmfa ho sɛ yentumi nhu no?

13 Yɛnam Yesu nsɛm no so hu sɛ nea edi kan ne nea ɛsen biara no, ɛsɛ sɛ yɛdɔ Yehowa. Nanso, wɔmfa Yehowa a yɛbɛdɔ no koraa no nwo yɛn. Ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ yesua. Bere a yedii kan tee ne ho asɛm no, nea yɛtee no maa yɛn ani gyee no ho. Yɛde nkakrankakra huu ɔkwan a ɔfaa so siesiee asase maa adesamma no. (Genesis 2:5-23) Yehuu sɛnea ɔne adesamma dii, sɛ wanto yɛn ankyene bere a bɔne baa adesamma abusua mu nea edi kan no, na mmom wafa kwan bi so a ɔde begye yɛn. (Genesis 3:1-5, 15) Ɔne wɔn a wodii no nokware no dii no ayamye so, na awiei koraa no, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro mae maa yɛn bɔne fafiri. (Yohane 3:16, 36) Saa nimdeɛ a ɛdɔɔso yi maa anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa no yɛɛ kɛse. (Yesaia 25:1) Ɔhene Dawid kae sɛ ɔdɔ Yehowa esiane N’adɔe nti. (Dwom 116:1-9) Ɛnnɛ, Yehowa hwɛ yɛn so, ɔkyerɛ yɛn kwan, ɔhyɛ yɛn den, na ɔhyɛ yɛn nkuran. Dodow a yesua ne ho ade no, dodow no ara na yɛn dɔ mu yɛ den.—Dwom 31:23; Sefania 3:17; Romafo 8:28.

Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Ada Yɛn Dɔ Adi?

14. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no di mu?

14 Nokwarem no, nnipa a wɔwɔ wiase pii ka sɛ wɔdɔ Onyankopɔn, nanso wɔmfa wɔn nneyɛe nkyerɛ saa. Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ yɛdɔ Yehowa ankasa? Yebetumi ne no akasa wɔ mpaebɔ mu aka sɛnea yɛte nka akyerɛ no. Na yebetumi ayɛ yɛn ade wɔ kwan bi a ɛda yɛn dɔ adi so. Ɔsomafo Yohane kae sɛ: “Obiara a odi [Onyankopɔn] asɛm so no, ampa ara, ɔno mu na Onyankopɔn dɔ no awie pɛyɛ. Eyi na yɛde hu sɛ yɛwɔ ne mu. Na eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so, na n’ahyɛde no nyɛ den.” (1 Yohane 2:5; 5:3) Nea ɛka nneɛma pii ho no, Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ yɛn sɛ yenhyiam na yɛmma yɛn asetra ho ntew wɔ abrabɔ fam. Yɛkwati nyaatwomyɛ, yɛka nokware, na yɛma yɛn adwenem tew. (2 Korintofo 7:1; Efesofo 4:15; 1 Timoteo 1:5; Hebrifo 10:23-25) Yɛnam honam fam nneɛma a yɛde boa wɔn a ahia wɔn so da yɛn dɔ adi. (1 Yohane 3:17, 18) Na yɛka Yehowa ho asɛm kyerɛ afoforo. Nea ɛka ɛno ho ne Ahenni ho asɛmpa a wɔreka wɔ wiase nyinaa mu kyɛfa a yenya no. (Mateo 24:14; Romafo 10:10) Osetie a yɛyɛ ma Onyankopɔn Asɛm wɔ nneɛma a ɛtete saa mu no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no yɛ papa.

15, 16. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no kaa nnipa pii afe a etwaam no?

15 Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no boa nkurɔfo ma wosisi gyinae pa. Afe a etwaam no, ɔdɔ a ɛte saa kaa nnipa 288,907 ma wohyiraa wɔn nkwa so maa no, na wɔde nsu mu asubɔ yɛɛ wɔn gyinaesi no ho sɛnkyerɛnne. (Mateo 28:19, 20) Ná wɔn ahosohyira no yɛ nea mfaso wɔ so. Ɛyɛɛ wɔn asetram nsakrae ho agyiraehyɛde. Sɛ nhwɛso no, na Gazmend yɛ basketbɔɔlbɔfo a wɔagye din paa wɔ Albania no mu biako. Ɔne ne yere suaa Bible no mfirihyia pii, na awiei koraa no, ɛmfa ho akwanside pii no wɔbɛfatae sɛ Ahenni adawurubɔfo. Afe a etwaam no, wɔbɔɔ Gazmend asu, kaa nnipa 366 a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Albania wɔ 2000 ɔsom afe no mu no ho. Wɔkaa ne ho asɛm wɔ atesɛm krataa bi mu sɛ: “N’asetra wɔ atirimpɔw, na esiane eyi nti, ɔne n’abusua redi wɔn asetram mmere a ɛyɛ anigye sen biara no. Ne fam no, nea obetumi anya afi asetram nyɛ ade a ɛho hia no bio, na mmom nea obetumi ayɛ de aboa nnipa foforo no.”

16 Saa ara na onuawa bi a wɔabɔ no asu foforo a ɔyɛ adwuma ma adwumakuw bi a etu fango wɔ Guam no nsa kaa hokwan bi a ɛsɔ gyidi hwɛ. Bere a ɔde mfirihyia pii anya nkɔanim wɔ adwumam dibea mu no, awiei koraa no, onyaa hokwan sɛ ɔbɛyɛ ɔbea a odi kan a ɔbɛyɛ adwumakuw no titrani abadiakyiri. Nanso, saa bere yi na wahyira ne nkwa so ama Yehowa. Enti bere a ɔne ne kunu susuw asɛm no ho no, onuawa a ɔyɛ foforo no annye hokwan no, na mmom ɔyɛɛ nhyehyɛe de ne bere fã yɛɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi anya nkɔso abɛyɛ bere nyinaa somfo, ɔkwampaefo. Ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa no kaa no ma onyaa ɔpɛ sɛ ɔbɛsom no sɛ ɔkwampaefo mmom sen sɛ obedi wiase yi sikasɛm akyi. Nokwarem no, wɔ wiase nyinaa no, ɔdɔ a ɛte saa kaa nnipa 805,205 ma wɔde wɔn ho hyɛɛ akwampaefo som adwuma no afã horow mu wɔ 2000 ɔsom afe no mu. Ɔdɔ ne gyidi ho nhwɛso bɛn ara na akwampaefo yi ayɛ sɛɛ yi!

Ade a Ɛma Yɛdɔ Yesu

17. Ɔdɔ ho nhwɛso pa bɛn na yehu sɛ Yesu yɛ?

17 Yesu yɛ obi a ɔdɔ kaa no ma ɔyɛɛ ho nhwɛso pa. Ɔdɔɔ N’agya ne adesamma wɔ bere a na onnya mmɛyɛɛ ɔdesani no. Sɛ́ obi a ogyina hɔ ma nyansa no, ɔkae sɛ: “Na mewɔ [Yehowa] nkyɛn sɛ ne dɔba na meyɛ n’adɔde daa daa; m’ani gye n’anim bere nyinaa mu, m’ani gye ne wi yi ase asase so, na m’ani ka nnipa mma mu.” (Mmebusɛm 8:30, 31) Yesu dɔ kaa no maa ogyaw ne soro trabea hɔ ma wɔwoo no sɛ akokoaa a ontumi nyɛ hwee. Ɔne ahobrɛasefo ne abrɛfo dii wɔ boasetɔ ne ayamye mu, na ohuu amane wɔ Yehowa atamfo nsam. Awiei koraa no, owu maa adesamma nyinaa wɔ asɛndua so. (Yohane 3:35; 14:30, 31; 15:12, 13; Filipifo 2:5-11) Nkuranhyɛ a ɛfata ho nhwɛso pa bɛn ara ni!

18. (a) Yɛyɛ dɛn nya Yesu ho dɔ? (b) Ɔkwan bɛn so na yɛda no adi sɛ yɛdɔ Yesu?

18 Sɛ nkurɔfo a wɔwɔ komapa kenkan Yesu asetra ho nsɛm wɔ Nsɛmpa no mu na wosusuw sɛnea ne nokwaredi no ama wɔanya nhyira pii no ho a, eyi ma wonya ne ho dɔ kɛse bi wɔ wɔn mu. Yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no te sɛ wɔn a Petro kyerɛw asɛm yi kɔmaa wɔn no: “Ɔno [Yesu] na munhuu no ɛ, nanso modɔ no.” (1 Petro 1:8) Yɛda yɛn dɔ adi bere a yɛkyerɛ ne mu gyidi na yesusuw n’ahofama ho no. (1 Korintofo 11:1; 1 Tesalonikafo 1:6; 1 Petro 2:21-25) Wɔ April 19, 2000 no, wɔkaee nnipa a wɔn dodow si 14,872,086 no nea enti a yɛdɔ Yesu bere a wɔbaa ne wu Nkaedi a wɔyɛ no afe afe ase no. Hwɛ nnipadɔm araa na wɔyɛ! Na hwɛ sɛnea ɛhyɛ nkuran sɛ wubehu sɛ nnipa pii ani gye nkwagye a ɛnam Yesu afɔrebɔ so ba no ho! Nokwarem no, ɔdɔ a Yehowa ne Yesu wɔ ma yɛn ne ɔdɔ a yɛwɔ ma wɔn no hyɛ yɛn den.

19. Ɔdɔ ho nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

19 Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ yɛde yɛn koma, yɛn kra, yɛn adwene, ne yɛn ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa. Nanso, ɔno nso kae sɛ ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko sɛ yɛn ho. (Marko 12:29-31) Henanom na wɔka ho? Na ɔkwan bɛn so na ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn yɔnko nnipa no boa yɛn ma yɛkɔ so kari pɛ na yenya adwene a ɛfata? Yebesusuw saa nsɛmmisa yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

So Wokae?

• Dɛn nti na ɔdɔ yɛ su a ɛho hia?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi asua sɛnea yɛbɛdɔ Yehowa?

• Ɔkwan bɛn so na yɛn nneyɛe da no adi sɛ yɛdɔ Yehowa?

• Ɔkwan bɛn so na yɛda ɔdɔ a yɛwɔ ma Yesu no adi?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10, 11]

Ɔdɔ boa yɛn ma yɛde boasetɔ twɛn ogye

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Afɔre kɛse a Yesu bɔe no ka yɛn ma yɛdɔ no