Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wo Dɔ Kɔ Akyiri Kodu He?

Wo Dɔ Kɔ Akyiri Kodu He?

Wo Dɔ Kɔ Akyiri Kodu He?

“Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!”—MATEO 22:39.

1. Sɛ yɛdɔ Yehowa a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko nnipa nso?

BERE a wobisaa Yesu sɛ mmara no mu kɛse ne nea ɛwɔ he no, obuae sɛ: ‘Dɔ Yehowa wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu.’ Afei, ɔfaa mmara a ɛto so abien a ɛte sɛ nea edi kan no ho asɛm kae sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!” (Mateo 22:37, 39) Yiw, yɔnkodɔ yɛ Kristoni agyiraehyɛde. Nokwarem no, sɛ yɛdɔ Yehowa a, ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko nso. Dɛn ntia? Efisɛ yɛnam Onyankopɔn Asɛm a yetie so na yɛda ɔdɔ a yɛwɔ ma no no adi, na N’asɛm hyɛ yɛn sɛ yɛnnɔ yɛn yɔnko. Enti, sɛ yɛnnɔ yɛn nuanom a, ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no ntumi nyɛ nokware dɔ.—Romafo 13:8; 1 Yohane 2:5; 4:20, 21.

2. Ɔdɔ bɛn na ɛsɛ sɛ yenya ma yɛn yɔnko?

2 Bere a Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko no, na ɔreka biribi a ɛsen adamfofa ho asɛm. Ná ɔreka ɔdɔ a ɛyɛ soronko wɔ mmusua anaa ɔbarima ne ɔbea ntam ho no ho asɛm. Na ɔreka ɔdɔ a Yehowa wɔ ma n’asomfo a wɔahyira wɔn ho so ne nea wɔn nso wɔ ma no no ho asɛm. (Yohane 17:26; 1 Yohane 4:11, 19) Yudani kyerɛwfo—a Yesu hui sɛ ɔrekasa nyansam—no ne Yesu yɛɛ adwene sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn ho dɔ yɛ nea efi ‘obi koma nyinaa mu ne ne kra nyinaa mu ne n’adwene nyinaa mu ne n’ahoɔden nyinaa mu.’ (Marko 12:28-34) Nea ɔkae no yɛ nokware. Ɔdɔ a Kristoni nya ma Onyankopɔn ne ne yɔnko nnipa no fa yɛn nkate ne yɛn adwene ho. Yɛte nka wɔ yɛn komam, na yɛn adwene kyerɛ no kwan.

3. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛkyerɛɛ ‘Mmarakyerɛfo bi’ sɛ ɛsɛ sɛ onya onipa a ɔyɛ ne yɔnko ho adwene a ɛkɔ akyiri? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu bɛ no fa Kristofo ho nnɛ?

3 Sɛnea Luka bɔɔ ho amanneɛ no, bere a Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko no, ‘Mmarakyerɛfo bi’ bisae sɛ: “Hena ne me yɔnko?” Yesu buu bɛ bi de buae. Wɔboroo ɔbarima bi wiaa ne nneɛma, gyaw no too kwan ho a na ɔreyɛ awu. Nea edi kan no, ɔsɔfo bi betwaam, na Lewini bi dii hɔ. Wɔn baanu nyinaa ammua no. Awiei koraa no, Samariani bi betwaam hɔ, huu ɔbarima a wɔapira no no, na ɔdaa ayamye kɛse adi kyerɛɛ no. Wɔn mu nea ɔwɔ he na na ɔyɛ ɔbarima a wɔapira no no yɔnko? Na mmuae no da adi pefee. (Luka 10:25-37) Ebetumi aba sɛ Mmarakyerɛfo no ho dwiriw no sɛ ɔtee sɛ Yesu reka sɛ Samariani betumi ayɛ ne yɔnko pa asen ɔsɔfo ne Lewini no. Ɛda adi sɛ, na Yesu reboa saa ɔbarima no ma wadɔ ne yɔnko wɔ ɔkwan a ɛkɔ akyiri so. Kristofo nso da ɔdɔ adi wɔ ɔkwan a ɛte saa so. Susuw nkurɔfo a ɛsɛ sɛ wɔdɔ wɔn no nyinaa ho hwɛ.

Abusua Mu Dɔ

4. Ɛhe na Kristoni di kan da ne dɔ adi?

4 Kristofo dɔ wɔn abusuafo—ɔyerenom dɔ wɔn kununom, okununom dɔ wɔn yerenom, awofo dɔ wɔn mma. (Ɔsɛnkafo 9:9; Efesofo 5:33; Tito 2:4) Nokwarem no, ɔdɔ wɔ mmusua dodow no ara mu. Nanso, amanneɛbɔ ahorow a ɛfa awaregu, aware mu ahokafo a wɔyɛ wɔn ayayade, ne mmofra a wɔto wɔn asaworam anaasɛ wɔyɛ wɔn ayayade ho no da no adi sɛ abusua no wɔ nhyɛso ase nnɛ, na ebia abusua ho nkate a wofi awo mu nya no ara nnɔɔso sɛ ɛbɛka wɔn abom. (2 Timoteo 3:1-3) Sɛ Kristofo bɛma wɔn abusua adi yiye ankasa a, ɛsɛ sɛ wɔda ɔdɔ a Yehowa ne Yesu wɔ no bi adi.—Efesofo 5:21-27.

5. Hena na awofo hwehwɛ mmoa fi ne nkyɛn de tete wɔn mma, na dɛn na afi mu aba ama pii?

5 Kristofo a wɔyɛ awofo bu wɔn mma sɛ agyapade a efi Yehowa hɔ, na wɔhwehwɛ mmoa fi ne hɔ de tete wɔn. (Dwom 127: 3-5; Mmebusɛm 22:6) Saa kwan yi so no, wonya Kristofo dɔ a ɛboa wɔn ma wɔbɔ wɔn mma ho ban fi nkɛntɛnso bɔne a etumi twetwe mmofra no ho. Ne saa nti, Kristofo a wɔyɛ awofo pii anya anigye te sɛ ɛna bi a ɔwɔ Netherlands de no. Bere a ɔhwɛɛ ne babarima asubɔ—nnipa 575 a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Netherlands afe a etwaam no biako—akyi no, ɔkyerɛw asɛm a edi so yi: “Saa bere yi, manya adwuma a mifii ase yɛe mfirihyia 20 a atwam ni no so mfaso. Mprempren me werɛ afi me bere ne ahoɔden a mehweree—ɛne ɛyawdi, adwuma, ne awerɛhodi no.” Hwɛ sɛnea n’ani agye sɛ ne babarima no ankasa afi ne pɛ mu apaw sɛ ɔbɛsom Yehowa. Afe a etwaam no, adawurubɔfo dodow 31,089 a wobuu akontaa wɔ Netherlands no mu pii na wosuaa Yehowa a wɔbɛdɔ no no ho ade fii wɔn awofo hɔ.

6. Ɔkwan bɛn so na Kristofo dɔ betumi aboa ma aware asɔ?

6 Paulo frɛɛ ɔdɔ sɛ “pɛyɛ hama,” na ebetumi ama aware agyina wɔ mmere a emu yɛ den mpo mu. (Kolosefo 3:14, 18, 19; 1 Petro 3:1-7) Bere a ɔbarima bi a ɔte Rurutu, supɔw ketewa bi a efi Tahiti kɔ hɔ bɛyɛ kilomita 700 so fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, ne yere sɔre tiaa no denneennen. Awiei koraa no, ɔbea no faa wɔn mma no ne wɔn kɔtraa Tahiti. Nanso, ɔdaa ne dɔ adi denam sika a ɔde menaa wɔn bere nyinaa no so, na ɔne wɔn kasaa telefon so bisaa nneɛma a ɔne ne mma no behia ho asɛm. Ɔnam saayɛ so yɛɛ nea obetumi biara sɛ obedi ne Kristofo asɛyɛde ho dwuma. (1 Timoteo 5:8) Ɔbɔɔ mpae bere nyinaa sɛ n’abusua no bɛka abom bio, na awiei koraa no, ne yere san bae. Bere a ɔsan bae no, ɔne no dii wɔ ‘ɔdɔ, boasetɔ, ne odwo’ mu. (1 Timoteo 6:11) Wɔbɔɔ no asu wɔ afe 1998 mu, na akyiri yi n’ani gyee mmoroso bere a ne yere penee so sɛ obesua Bible no. Saa adesua no yɛ adesua 1,351 a wɔyɛe wɔ asasesin a ɛhyɛ Tahiti baa dwumadibea ase wɔ afe a etwaam mu no biako.

7. Sɛnea ɔbarima bi a ɔwɔ Germany kyerɛ no, dɛn na ɛmaa n’aware sɔe?

7 Wɔ Germany no, ɔbarima bi sɔre tiaa anigye a ne yere nyae wɔ Bible mu nokware no ho no, na na ogye di sɛ Yehowa Adansefo pɛ sɛ wɔdaadaa no. Nanso, akyiri yi, ɔkyerɛw Ɔdansefo a odii kan baa ne yere nkyɛn no krataa sɛ: “Meda wo ase sɛ womaa me yere huu Yehowa Adansefo. Mfiase no, na ɛhaw me efisɛ na mate wɔn ho nsɛmmɔne pii. Nanso mprempren, bere a me ne me yere akɔ asafo nhyiam ahorow no, mahu sɛ midii mfomso. Minim sɛ nokware no na meretie no, na ama yɛn aware no asɔ kɛse.” Yehowa Adansefo 162,932 a wɔwɔ Germany—ne 1,773 a wɔwɔ nsupɔw a ɛhyɛ Tahiti baa dwumadibea no ase so—no ka mmusua pii a Onyankopɔn ho dɔ aka wɔn abom no ho.

Ɔdɔ a Yebenya Ama Yɛn Nuanom Kristofo

8, 9. (a) Hena na ɔkyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛnnɔ yɛn nuanom, na dɛn na ɔdɔ ka yɛn ma yɛyɛ? (b) Ma nhwɛso a ɛkyerɛ sɛnea ɔdɔ betumi aboa ma anuanom afi wɔn pɛ mu aboaboa wɔn ho wɔn ho.

8 Paulo ka kyerɛɛ Tesalonikafo Kristofo no sɛ: “Mo ankasa na Onyankopɔn akyerɛkyerɛ mo sɛ monnodɔ mo ho.” (1 Tesalonikafo 4:9) Yiw, wɔn a ‘Yehowa akyerɛkyerɛ wɔn’ no dodɔ wɔn ho. (Yesaia 54:13) Wɔde wɔn nneyɛe na ɛda wɔn dɔ adi, sɛnea Paulo daa no adi bere a ɔkae sɛ: “Momfa ɔdɔ so nsonsom mo ho” no. (Galatifo 5:13; 1 Yohane 3:18) Sɛ nhwɛso no, wɔyɛ eyi bere a wɔkɔsra anuanom mmarima ne mmea a wɔyare, bere a wɔkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ, na woso wɔn a wɔyɛ mmerɛw mu no. (1 Tesalonikafo 5:14) Yɛn Kristofo nokware dɔ boa ma yɛn honhom mu paradise no nya nkɔso.

9 Wɔ Ancón Asafo—asafo ahorow 544 a ɛwɔ Ecuador no biako—mu no, anuanom daa wɔn dɔ adi wɔ ɔkwan a mfaso wɔ so so. Sika fam ahokyere bi ma wɔbɛyɛɛ nkurɔfo a wonni adwuma anaa sika, enti adawurubɔfo no sii gyinae sɛ wɔbɛpɛ sika denam nnuan a wɔbɛtɔn ama ɛhɔfo a wɔkɔ po no bere a wɔakɔ po aba anadwo no. Obiara, a mmofra ka ho, boae. Ná ɛsɛ sɛ wofi ase anadwo 1:00, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛnoa aduan no awie anɔpa 4:00 bere a apofofo no akɔ po aba no. Anuanom no kyɛɛ sika no sɛnea obiara ahiade te. Mmoa a ɛte saa daa Kristofo nokware dɔ adi.

10, 11. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada ɔdɔ adi akyerɛ anuanom a yennim wɔn?

10 Nanso, ɛnyɛ Kristofo a yenim wɔn ankasa nko na yɛda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn. Ɔsomafo Petro kae sɛ: “Monnɔ anuanom nyinaa.” (1 Petro 2:17, NW) Yɛdɔ yɛn nuanom mmarima ne mmea nyinaa efisɛ wɔn nyinaa yɛ yɛn mfɛfo a wɔsom Yehowa Nyankopɔn. Yebetumi anya hokwan ada saa dɔ yi adi wɔ ahokyere mmere mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ 2000 ɔsom afe no mu no, nsuyiri kɛse bi sɛee Mozambique, na ɔmanko a ɛrekɔ so wɔ Angola maa nnipa pii dii hia. Nsɛm a esisii yi aka anuanom 31,725 a wɔwɔ Mozambique ne 41,222 a wɔwɔ Angola no mu dodow no ara. Enti, Adansefo a wɔwɔ South Africa no de nneɛma pii akɔma wɔn nuanom a wɔwɔ saa nsase no so no de adwudwo wɔn ahohia ano. Ɔpɛ mu a wofi de wɔn “mmoroso” kɔmaa wɔn nuanom a ahia wɔn no daa wɔn dɔ adi.—2 Korintofo 8:8, 13-15, 24.

11 Yehu ɔdɔ nso bere a anuanom a wɔwɔ aman pii so yi ntoboa ma wɔde sisi Ahenni Asa ne Nhyiam Asa ahorow wɔ nsase a wonni yiye pii so no. Ɛho nhwɛso wɔ Solomon Islands. Ɛmfa ho basabasayɛ pii a ɛrekɔ so wɔ Solomon Islands no, afe a etwaam no, wonyaa adawurubɔfo nkɔanim ɔha biara mu 6, maa wɔn dodow koduu 1,697. Wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wobesi Nhyiam Asa. Ɛwom sɛ na supɔw no sofo pii reguan afi hɔ de, nanso anuanom a wɔatu wɔn ho ama fii Australia baa hɔ bɛboae ma wosii dan no. Awiei koraa no, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔatu wɔn ho ama no fi hɔ, nanso ansa na wɔrekɔ no, na wɔatete ɛhɔnom anuanom no na ama wɔatumi awie ɔdan no fapem no. Wɔde asa no nnyinaso a ɛyɛ nnade a wɔahyehyɛ dedaw no faa po so hyɛn fi Australia bae, na na ɔdan fɛfɛ a wɔsom wom yi a wobewie—wɔ bere a wɔagyae adan pii a wɔresi—no bedi Yehowa din ne anuanom dɔ ho adanse pa.

Yɛdɔ Wiase Te sɛ Onyankopɔn

12. Ɔkwan bɛn so na yesuasua Yehowa wɔ sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ nkurɔfo a wɔne yɛn nni ɔsom biako mu no ho?

12 So yɛn abusua ne yɛn nuanom nkutoo na yɛdɔ wɔn? Sɛ yɛyɛ nnipa a ‘yesuasua Onyankopɔn’ a, yɛrenyɛ saa. Yesu kae sɛ: ‘Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.’ (Efesofo 5:1; Yohane 3:16) Te sɛ Yehowa Nyankopɔn no, yɛdɔ obiara—a wɔn a wɔne yɛn nni ɔsom biako mu ka ho. (Luka 6:35, 36; Galatifo 6:10) Wɔ eyi mu titiriw no, yɛka Ahenni ho asɛmpa no, na yɛka ɔdɔ kɛse a Onyankopɔn ayi no adi akyerɛ no ho asɛm kyerɛ afoforo. Eyi betumi ama obiara a otie no anya nkwa.—Marko 13:10; 1 Timoteo 4:16.

13, 14. Osuahu ahorow a ɛkyerɛ sɛnea anuanom faa ahokyere kɛse mu daa ɔdɔ adi kyerɛɛ wɔn a wɔnyɛ Adansefo no bi ne dɛn?

13 Susuw akwampaefo titiriw baanan bi a wɔwɔ Nepal no ho hwɛ. Wɔde wɔn kɔɔ kurow bi a ɛwɔ ɔman no anafo fam atɔe, na mfirihyia anum a atwam ni no, wɔada wɔn dɔ adi denam boasetɔ a wɔde adi adanse wɔ kurow no ne nkuraase a atwa ho ahyia no mu. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi ayɛ asasesin no nyinaa mu adwuma no, wɔde sakre taa twa kwan nnɔnhwerew pii bere a wim hyew yɛ digrii Celsius 40 no. Nneɛma pa fii wɔn dɔ ne wɔn “papayɛ mu boasetɔ” no mu bae, bere a wɔhyehyɛɛ nhoma adesuakuw wɔ nkuraa no biako ase no. (Romafo 2:7) Wɔ March 2000 no, nnipa 32 bae betiee baguam kasa bi a ɔmansin sohwɛfo mae no. Afe a etwaam no, Nepal nyaa adawurubɔfo nkɔanim 430—a ɛyɛ ɔha biara mu nkɔanim 9. Ɛda adi sɛ Yehowa rehyira nsi ne ɔdɔ a anuanom a wɔwɔ saa asase no so ada no adi no so.

14 Wɔ Colombia no, bere tiaa mu akwampaefo atitiriw kɔɔ asɛnka wɔ Wayuu Indiafo mu. Na ɛsɛ sɛ wosua kasa foforo ansa na wɔatumi ayɛ eyi, nanso wonyaa ɔdɔ mu a wofi kyerɛɛ anigye no so akatua maa osu kɛse bi a ɛtɔe nyinaa akyi no, nnipa 27 betiee baguam kasa no bi. Nsi a wofi ɔdɔ mu da no adi te sɛ nea akwampaefo yi yɛe no boa maa Colombia nyaa nkɔanim ɔha mu 5, ɛne adawurubɔfo dodow nkɔanim 107,613. Wɔ Denmark no, onuawa bi a ne mfe akɔ anim pɛe sɛ ɔka asɛmpa no kyerɛ afoforo, nanso na ɔyɛ ɔyarefo. Bere a n’abam ammu no, ɔnam nkrataakyerɛw so ne anigyefo dii nkitaho. Mprempren, ɔne nnipa 42 na edi nkitaho, na ɔyɛ Bible adesua ahorow 11. Ɔka adawurubɔfo dodow 14,885 a wobuu akontaa afe a etwaam wɔ Denmark no ho.

Monnɔ Mo Atamfo

15, 16. (a) Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ yɛn dɔ kɔ akyiri kodu he? (b) Ɔkwan bɛn so na anuanom a asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa no ne obi a ɔkaa Yehowa Adansefo ho atosɛm dii?

15 Yesu ka kyerɛɛ Mmarakyerɛfo no sɛ obetumi abu Samariani sɛ ne yɔnko. Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka no mu no, ɔtoaa n’asɛm so bere a ɔkae sɛ: “Moate sɛ wɔkae sɛ: Dɔ wo yɔnko na tan wo tamfo. Na me de, mise mo sɛ, monnɔ mo atamfo, (munhyira wɔn a wɔdome mo, monyɛ wɔn a wɔtan mo yiye), na mommɔ mpae mma wɔn a (wɔhaw mo, na) wɔtaa mo; na moayɛ mo agya a ɔwɔ soro no mma; efisɛ ɔma ne wia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so, na ɔma osu tɔ gu wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ so” no. (Mateo 5:43-45) Sɛ mpo obi sɔre tia yɛn a, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde ‘papa bedi bɔne so nim.’ (Romafo 12:19-21) Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛne wɔn kyɛ yɛn agyapade a ɛsen biara a ɛne nokware no.

16 Wɔ Ukraine no, Kremenchuk Herald atesɛm krataa no mu asɛm bi kaa Yehowa Adansefo ho asɛm sɛ wɔyɛ matew-me-ho kuw a wɔn ho yɛ hu. Na eyi yɛ aniberesɛm efisɛ wɔ Europa no, ebinom ka Yehowa Adansefo ho asɛm wɔ saa kwan yi so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhyɛ nkurɔfo nkuran ma wɔasiw Adansefo no dwumadi kwan anaasɛ wɔabara wɔn. Enti, wɔkɔɔ samufo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnkyerɛw asɛm bi mfa nteɛ asɛm a wɔkae no. Ɔpenee so, nanso asɛm a ɔkyerɛwee no kyerɛe sɛ na asɛm a edi kan no gyina nokwasɛm so. Enti anuanom a asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa no kɔɔ ne nkyɛn bio kɔkyerɛkyerɛɛ no nsɛm mu kɔɔ akyiri. Awiei koraa no, samufo no hui sɛ na asɛm a edi kan no nteɛ, na otintim asɛm bi de twaam. Na di a wɔne no bedi no pefee wɔ ayamye mu no ne ɔkwan a ɔdɔ wom a wɔfaa so dii saa tebea yi ho dwuma, na ɛsow aba pa.

Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Anya Ɔdɔ?

17. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebetumi ada ɔdɔ adi akyerɛ afoforo bere nyinaa?

17 Sɛ wɔwo abofra a, n’awofo dɔ no ntɛm ara. Ɛnyɛ bere nyinaa na yefi nkate mu ne mpanyimfo di wɔ ɔdɔ mu. Ɛda adi sɛ ɛno nti na Bible ka no mpɛn pii kyerɛ yɛn sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no—ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho adwuma. (1 Petro 1:22; 4:8; 1 Yohane 3:11) Ná Yesu nim sɛ wɔbɛsɔ yɛn dɔ ahwɛ bere a ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nua bɔne firi no ma ‘ekosi mpɛn aduosɔn ahorow ason’ no. (Mateo 18:21, 22) Paulo nso hyɛɛ yɛn nkuran sɛ ‘yenhuhu mma yɛn ho.’ (Kolosefo 3:12, 13) Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Mompɛ ɔdɔ akyi kwan”! (1 Korintofo 14:1) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi?

18. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya ɔdɔ ama afoforo?

18 Nea edi kan no, yebetumi akae ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa Nyankopɔn no bere nyinaa. Saa ɔdɔ yi yɛ ade a emu yɛ den a ɛbɛma yɛadɔ yɛn yɔnko. Dɛn ntia? Efisɛ sɛ yɛyɛ saa a, ɛka yɛn soro Agya no wɔ ɔkwan pa so, na ɛde anuonyamhyɛ ne ayeyi brɛ no. (Yohane 15:8-10; Filipifo 1:9-11) Nea ɛto so abien no, yebetumi ahu nneɛma wɔ Yehowa akwan so. Bere biara a yɛyɛ bɔne no, yɛyɛ tia Yehowa; nanso ɔde firi yɛn mpɛn pii na ɔkɔ so dɔ yɛn. (Dwom 86:5; 103:2, 3; 1 Yohane 1:9; 4:18) Sɛ yenya Yehowa adwene a, ɛbɛma yɛadɔ afoforo na yɛde mfomso a wɔyɛ tia yɛn no afiri wɔn. (Mateo 6:12) Nea ɛto so abiɛsa no, yɛne afoforo bedi sɛnea yɛpɛ sɛ wɔne yɛn di no. (Mateo 7:12) Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, yehia bɔne fafiri mpɛn pii. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛka nsɛm bi ma ɛyɛ afoforo yaw a, yɛhwɛ kwan sɛ wɔbɛkae sɛ obiara de ne tɛkrɛma yɛ bɔne bere ne bere mu. (Yakobo 3:2) Sɛ yɛpɛ sɛ afoforo ne yɛn di wɔ ɔdɔ mu a, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛne wɔn di no ɔdɔ mu.

19. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahwehwɛ honhom kronkron no mmoa ma yɛanya ɔdɔ?

19 Nea ɛto so anan no, yebetumi ahwehwɛ honhom kronkron no mmoa efisɛ ɔdɔ yɛ honhom no aba no bi. (Galatifo 5:22, 23) Adamfofa, abusua, ɛne ɔbarima ne ɔbea ntam nkitahodi taa gyina nkate so. Nanso yehia Yehowa honhom no mmoa na ama yɛanya Yehowa dɔ, ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no bi. Yebetumi ahwehwɛ honhom kronkron no mmoa denam Bible no a efi honhom mu a yɛbɛkenkan no so. Sɛ nhwɛso no, sɛ yesua Yesu asetra ho nsɛm a, yebehu sɛnea ɔne nnipa dii, na yebetumi asuasua no. (Yohane 13:34, 35; 15:12) Afei nso, yebetumi asrɛ Yehowa ma wama yɛn honhom kronkron, titiriw wɔ tebea horow a ɛma ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛyɛ yɛn ade wɔ ɔdɔ mu no mu. (Luka 11:13) Nea etwa to no, yebetumi adi ɔdɔ akyi denam Kristofo asafo no a yɛde yɛn ho bɛbɔ no denneennen no so. Anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ dɔ a yɛne wɔn bɔ no boa yɛn ma yenya ɔdɔ.—Mmebusɛm 13:20.

20, 21. Ɔdɔ ho nhwɛso a ɛda nsow bɛn na Yehowa Adansefo daa no adi wɔ 2000 ɔsom afe no mu?

20 Afe a etwaam no, adawurubɔfo a wɔn dodow si 6,035,564 na wɔkaa asɛmpa no wɔ wiase nyinaa. Yehowa Adansefo de nnɔnhwerew a ne dodow si 1,171,270,425 na ɛkɔɔ nkurɔfo nkyɛn kɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn. Ɛyɛ ɔdɔ na ɛma wogyinaa ɔhyew, osu, ne awɔw ano bere a na wɔreyɛ adwuma yi no. Ɛyɛ ɔdɔ na ɛkaa wɔn ma wɔne sukuufo ne adwumayɛfo kasae, na wɔkɔɔ nnipa a wonnim wɔn koraa nkyɛn wɔ mmɔnten so ne mmeae foforo no. Nnipa a Adansefo no kɔsraa wɔn no pii yɛɛ anibiannaso, wɔn mu kakraa bi sɔre tiae. Nanso, ebinom kyerɛɛ anigye, enti wɔyɛɛ sankɔhwɛ 433,454,049 ne Bible adesua 4,766,631. *

21 Hwɛ sɛnea eyi nyinaa yɛ Yehowa Adansefo dɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa a wɔda no adi! Saa dɔ no ano rennwo da. Yɛwɔ ahotoso sɛ yebedi adesamma adanse kɛse mpo wɔ 2001 ɔsom afe yi mu. Ɛmmra sɛ Yehowa bɛkɔ so ahyira n’asomfo anokwafo a wɔyɛ nsi no bere a ‘wɔyɛ wɔn ade nyinaa ɔdɔ mu’ no!—1 Korintofo 16:14.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 20 Sɛ wopɛ sɛ wuhu 2000 Ɔsom Afe Amanneɛbɔ ho nsɛm nyinaa a, hwɛ nsɛm a wɔahyehyɛ a ɛwɔ nkratafa 18-21 no.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko a, hena na na yɛresuasua no?

• Ɛsɛ sɛ yɛn dɔ kɔ akyiri kodu he?

• Kristofo dɔ a wɔda no adi ho osuahu bi ne dɛn?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya Kristofo dɔ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 18-21]

YEHOWA ADANSEFO A WƆWƆ WIASE NYINAA 2000 ƆSOM AFE AKONTAABU

(Hwɛ bound volume)

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

Kristofo dɔ betumi aka abusua abom

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 17]

Ɔdɔ ka yɛn ma yɛka yɛn gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo