Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkaebɔ Titiriw Bi

Nkaebɔ Titiriw Bi

Nkaebɔ Titiriw Bi

BERE a Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania no afe afe nhyiam a wɔyɛɛ no October 7, 2000, reba awiei no, oguamtrani no, John E. Barr a ɔyɛ Sodikuw no muni no de nkaebɔ titiriw bi too gua. Na saa nkaebɔ yi gyina kasa horow a na Theodore Jaracz ne Daniel Sydlik adi kan ama saa da no so.—Hwɛ nkratafa 12-16 ne 28-31 wɔ nsɛmma nhoma yi mu.

Bere a Onua Barr reda asɛntitiriw bi adi no, ɔkae sɛ: “Nneɛma a wɔde ahyɛ ‘akoa nokwafo ne ɔbadwemma’ no ne ne Sodikuw no nsa no korɔn, na ɛsen nea wɔde ama mmara kwan so ahyehyɛde ahorow no koraa. Nnwuma pɔtee bi a ɛwɔ anohyeto na wɔde ahyehyɛ ahyehyɛde ahorow no mu biara nsa. Nanso, yɛn Wura Yesu Kristo apaw akoa kuw no sɛ wɔnhwɛ “nea ɔwɔ,” anaa Ahenni nneɛma a ɛwɔ asase so ha, nyinaa so.”—Mateo 24:45-47.

Ɛdefa Pennsylvania adwumakuw no ho no, Onua Barr de kaa ho sɛ: “Efi bere a wɔhyehyɛɛ Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania wɔ afe 1884 mu no, adi dwuma titiriw bi wɔ yɛn nnɛyi abakɔsɛm mu. Nanso, ɛyɛ mmara kwan so adwinnade a ɛwɔ hɔ a ‘akoa nokwafo ne ɔbadwemma’ no de di dwuma wɔ bere a ɛho hia ara kwa.”

Wɔ Onua Sydlik ne Onua Jaracz kasa mu no, wɔkyerɛkyerɛɛ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ hyɛ a wɔde nea Awurade wɔ wɔ asase so nyinaa ahyɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nsa no nkyerɛ sɛ akoa kuw no ntumi mma mmarima a wɔfata a wofi “nguan foforo” no mu nni ɔhwɛ nnwuma bi a wɔyɛ no daa ho dwuma no mu. (Yohane 10:16) Saa ara nso na Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ mmara kwan so ahyehyɛde ahorow a Yehowa Adansefo de di dwuma no mu akwankyerɛfo nyinaa anaa wɔn mu bi yɛ Kristofo a wɔasra wɔn.

Onua Barr ka kyerɛɛ atiefo no sɛ nnansa yi Yehowa Adansefo Sodikuw no mufo binom a wɔasom sɛ akwankyerɛfo ne mpanyimfo no afi wɔn pɛ mu ayi wɔn ho afi adwumakuw ahorow a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de di dwuma wɔ United States no akwankyerɛfo ahorow no nyinaa mu. Wɔapaw anuanom a wɔfata a wɔyɛ nguan foforo no mufo asi wɔn ananmu.

Mfaso wɔ saa gyinae yi so ankasa. Ɛma Sodikuw no mufo nya bere pii de siesie honhom fam aduan, na wonya kwan di onuayɛ kuw a ɛwɔ wiase nyinaa no honhom fam ahiade foforo ho dwuma.

Oguamtrani no de reba awiei no, ɔka kyerɛɛ atiefo a wɔn ani agye no sɛ: “Ɛwom sɛ yɛde mmara kwan ne ɔhwɛ nnwuma pii ahyehyɛ ahwɛfo a wɔn ho akokwaw nsa de, . . . nanso wɔn nyinaa som wɔ Sodikuw no honhom fam akwankyerɛ ase. . . . Yɛn nyinaa de mpaebɔ hwɛ kwan sɛ Yehowa behyira mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde, na yɛayi ne din kɛse no ayɛ na yɛahyɛ no anuonyam no so.”