Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wogyina Atipɛnfo Nhyɛso Ano

Sɛnea Wogyina Atipɛnfo Nhyɛso Ano

Sɛnea Wogyina Atipɛnfo Nhyɛso Ano

ƆPƐ a nnipa pii wɔ sɛ wobegye wɔn atom no ma wosuasua wɔn atipɛnfo nsusuwii ne wɔn nneyɛe. Mmofra titiriw hia ahoɔden a wɔde bɛpo nneyɛe bɔne te sɛ nnubɔnenom ne nna mu ɔbrasɛe. Wɔbɛyɛ dɛn atumi agyina atipɛnfo nhyɛso ano?

Mmeawa baanu bi a wɔadu mpanyin afe so a wɔwɔ Poland kyerɛw nnansa yi sɛ: “Wiase honhom no da adi pefee wɔ yɛn atipɛnfo pii mu. Sɛ wɔreyɛ sɔhwɛ a wowia mu, wɔka kasa fĩ, na wɔn ani gye ntade basabasa a aba so hyɛ ne nnwom a ano yɛ den na wɔka ɔbrasɛe ho nsɛm wom ho. Hwɛ sɛnea yɛn ani agye sɛ yɛwɔ nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ yɛn a yɛyɛ mmofra no na ɛbɔ yɛn ho ban fi mmofra a wɔadu mpanyin afe so adifudepɛfo atuatewfo ho!

“Yɛrentumi nka sɛnea yɛn ani sɔ Ɔwɛn-Aban mu nsɛm a ama yɛahu sɛ sɛ́ mmofra no, yɛn ho hia na yɛsɔ ani no ho asɛm. Bible mu afotu a yɛanya no aboa yɛn ma yɛatutu yɛn anammɔn yiye sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so asɔ Yehowa Nyankopɔn ani. Yegye di sɛ ɔsom kronn a yɛde bɛma Yehowa no ne asetra kwan a eye sen biara.”

Yiw, mmofra betumi agyina atipɛnfo nhyɛso ano. Sɛ Kristofo mmabun tete wɔn “nkatede” a, wosua sɛnea wobesisi gyinae a ɛnna “wiase honhom” adi, na mmom, ‘honhom a efi Nyankopɔn mu.’—Hebrifo 5:14; 1 Korintofo 2:12.