Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Yebetumi Anya Su Pa

Sɛnea Yebetumi Anya Su Pa

Sɛnea Yebetumi Anya Su Pa

ƐNNƐYI nsɛm asekyerɛ nhoma ahorow kyerɛ “su pa” ase sɛ “ɔbra pa; papayɛ.” Ɛyɛ “nneyɛe ne nsusuwii pa; suban pa.” Nsɛm asekyerɛ nhoma kyerɛwfo Marvin R. Vincent ka sɛ mfitiase Hela kasa a asete yɛ den mu asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “su pa” no kyerɛ “nneyɛe pa biara.” Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔaka su ahorow te sɛ anidahɔ, akokoduru, ahohyɛso, atɛntrenee, mmɔborohunu, animia, odwo, ne nokwaredi ho asɛm sɛ su pa bere ne bere mu. Wɔakyerɛ su pa ase nso sɛ “di a wodi gyinapɛn a ɛteɛ so.”

Hena gyinapɛn na ɛsɛ sɛ yedi so wɔ ɔbra pa, papayɛ, ne nea ɛteɛ ho? Newsweek nsɛmma nhoma no kae sɛ: “Sɛnea abrabɔ ho nyansapɛfo a wɔagye din kyerɛ no, akyinnyegyefo kasatia ama nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho nsɛm nyinaa abɛyɛ ankorankoro asɛm, nea obi adwene anaa n’amammerɛ kyerɛ no.” Nanso, so nea obi ani gye ho anaa n’adwene kyerɛ no ne ɔkwampa a yɛfa so hu nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ? Dabi. Sɛ yebenya su pa a, yehia nea eye ne nea enye ho gyinapɛn a ahotoso wom—gyinapɛn a yebetumi agyina so ahu sɛ adeyɛ, abrabɔ, anaa su bi teɛ anaa ɛnteɛ.

Abrabɔ Ho Gyinapɛn Fibea Koro Pɛ

Abrabɔ ho gyinapɛn ahorow ho nokware Fibea yɛ koro pɛ—adesamma Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn. Yehowa Nyankopɔn bɔɔ onipa a odi kan, Adam, akyi bere tiaa bi no, ɔde ahyɛde yi maa onipa no sɛ: “Turom ha nnua nyinaa, di bi. Na papa ne bɔne hu dua no de, nni, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.” (Genesis 2:16, 17) Yehowa Nyankopɔn maa dua no din soronko de kyerɛɛ sɛ ɔno nkutoo na ɔwɔ hokwan sɛ osi nea eye ne nea enye ho gyinae ma n’abɔde. Enti Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a ɛfa papa ne bɔne ho no bɛyɛɛ nea wogyina so bu onipa bi nnwuma, ne nsusuwii, ne ne nipasu ho atɛn, anaa akontaa. Sɛ gyinapɛn ahorow a ɛte saa nni hɔ a, yentumi nhu nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ mu yiye.

Papa ne bɔne ho nimdeɛ dua ho ahyɛde no maa Adam ne Hawa nyaa biribi a ɛsɛ sɛ wɔpaw—sɛ́ wɔbɛyɛ osetie anaa asoɔden. Wɔn fam no, na su pa a wobenya no kyerɛ osetie a wɔbɛyɛ wɔ saa ahyɛde no ho. Bere kɔɔ so no, Yehowa san daa nea ɛsɔ n’ani ne nea ɛnsɔ n’ani adi, na ɔma wɔyɛɛ eyi ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu maa yɛn. Enti, nea ɛka su pa a yebenya ho ne Yehowa trenee gyinapɛn ahorow a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu a yebedi so.

Hu Onyankopɔn Gyinapɛn Ahorow Yiye

Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn akyerɛ papa ne bɔne ho gyinapɛn ahorow na wada no adi wɔ Bible mu no nti, so ɛnsɛ sɛ yehu no yiye? Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.”—2 Timoteo 3:16, 17.

Sɛ nhwɛso no, susuw ntease a anyɛ adwuma a Kunihito a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu hyiae bere a na ɔreda ahobrɛase adi, sɛnea n’amammerɛ kyerɛ no ho hwɛ. Kyerɛwnsɛm mu gyinapɛn ahorow a ɔhwɛɛ no yiye no boaa no ma ɔkarii pɛ wɔ ne nneyɛe mu. Akyinnye biara nni ho sɛ Bible hyɛ ahobrɛase ho nkuran, na ɛkasa tia ahomaso ne ahantan. (Mmebusɛm 11:2; Mika 6:8) Nanso, bere a ɔsomafo Paulo rekyerɛ ahwehwɛde ahorow a ɛma obi fata ma “hwɛfodwuma” no, ɔkaa saa hokwan no a ‘wɔpɛ’ no ho asɛm. (1 Timoteo 3:1) Ɛsɛ sɛ ‘wɔpɛ’ saa dibea yi a wɔnyɛ ahomaso anaa ahantan, na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ obi bu ne ho abomfiaa.

Dɛn na Bible ka fa abrabɔ pa ho wɔ adwuma mu? Aban ahyɛde ne towtua ho mmara ahorow a wɔfa akwammɔne so di ho dwuma sɛnea wɔpɛ abu so wɔ adwuma mu nnɛ. Nanso, ɛmfa ho nea afoforo yɛ no, Bible gyinapɛn ne sɛ, ɛsɛ sɛ “yɛbɔ yɛn bra yiye ade nyinaa mu.” (Hebrifo 13:18) Enti, sɛ yɛne adwumawuranom, adwumayɛfo, adetɔfo, ne aban ahorow di no yiye a, yenya su pa. (Deuteronomium 25:13-16; Romafo 13:1; Tito 2:9, 10) Akyinnye biara nni ho sɛ nokwaredi de ahotoso ne anisɔ ba. Na nhyehyɛe a wɔyɛ wɔ krataa so taa siw ntawntawdi ne ntease a ɛnyɛ adwuma a etumi sɔre esiane ‘nneɛma a wɔnhwɛ kwan a ɛba’ nti ano.—Ɔsɛnkafo 9:11; Yakobo 4:13, 14.

Ntadehyɛ ne ahosiesie yɛ ade foforo a ɛsɛ sɛ yenya ho su pa. Ntade a wɔpaw gu ahorow na egyina amammerɛ so, na ntade a aba so foforo a obi bɛpaw ho nhyɛso mu betumi ayɛ den. Nanso, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi ahosiesie a ɛba so foforo biara akyi? Bible tu yɛn fo sɛ ‘yɛnnyɛ yɛn ho sɛ wiase yi.’ (Romafo 12:2) Sɛ́ anka ɔsomafo Paulo bɛhyehyɛ mmara no, honhom kaa no ma ɔkyerɛwee sɛ: “Mmea nhyɛ ntade a ɛsɛ, mfa ani a ewu ade ne adwenemtew nkeka wɔn ho, ɛnyɛ mmɛsawɔw anaa sika anaa nhene pa anaa ntade a ɛwɔ bo mu, na mmom nnwuma pa a ɛsɛ mmea a woyi onyamesom kyerɛ mu.” (1 Timoteo 2:9, 10) Saa gyinapɛn titiriw yi fa mmarima ne mmea nyinaa ho. Nokwarem no, esiane amammerɛ ne nneɛma a ankorankoro ani gye ho nti, ntade a ɛyɛ fɛ pii wɔ hɔ a yebetumi apaw.

Bible kyerɛ ɔbrasɛe a Onyankopɔn kasa tia pefee nso. Wɔ 1 Korintofo 6:9, 10 no, yɛkenkan kɔkɔbɔ a ese: “Anaasɛ munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn ahenni no? Mommma wɔnnnaadaa mo, nguaman ne abosonsomfo ne awaresɛefo ne ahodomfo ne mmarima a wɔne wɔn ho da ne awifo ne aniberefo ne asabofo ne amaanefo ne amimfo rennya Onyankopɔn ahenni no.” Saa kyerɛwsɛm yi boaa Maria a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ma ohui sɛ, sɛnea abrabɔ a ɛfata ho gyinapɛn a Ɔbɔadeɛ no de asi hɔ kyerɛ no, ɔne Juan nkitahodi no nteɛ, na sɛ obenya Onyankopɔn anim dom a, ɛsɛ sɛ otwa so. Ɛda adi pefee sɛ, sɛ yebenya su pa a, ɛsɛ sɛ yehu Yehowa gyinapɛn ahorow no yiye.

Fi Komam Sua Ade

Su pa nyɛ kwati a wɔkwati adebɔne ara kwa. Ɛwɔ abrabɔ mu tumi. Onipa a ɔwɔ su pa yɛ onipa pa. Ɔbenfo bi ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ yefi yɛn koma ne yɛn adwenem sua su pa.” Enti, su pa a yebenya no sen Onyankopɔn Asɛm a yebehu no yiye ara kwa. Ɛhwehwɛ sɛ yesusuw nea wɔakyerɛw wɔ mu no ho sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya Yehowa ho anisɔ wɔ yɛn komam, na aka yɛn ma yɛde Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm adi dwuma wɔ yɛn asetra mu.

Odwontofo no teɛɛm sɛ: “Medɔ wo mmara dɛn ara! Ɛne m’adwene daa adesae.” (Dwom 119:97) Na Ɔhene Dawid kyerɛwee sɛ: “Mekae tete nna, midwen wo [Onyankopɔn] nneyɛe nyinaa ho, misusuw wo nsa ano nnwuma ho.” (Dwom 143:5) Ɛsɛ sɛ yɛn nso, yɛde mpaebɔ a yɛde susuw nsɛm ho ka yɛn Bible ne Bible ho nhoma a yesua no ho.

Nokwarem no, bere a wubenya de nsi asua ade asusuw nneɛma ho no betumi ayɛ den. Nanso su pa a yebenya hwehwɛ sɛ yɛtɔ bere fi nnwuma foforo mu. (Efesofo 5:15, 16) Aaron a wadi mfirihyia 24 no tɔ bere a ɛte saa da biara sɔre ntɛm simma 30 sen bere a na anka ɔsɔre bere bi no. Ɔka sɛ: “Mfiase no, na mede dɔnhwerew fã no nyinaa kenkan Bible no kɛkɛ. Nnansa yi ara na mabehu hia a nneɛma ho a yesusuw ho hia. Enti mprempren mede saa bere no mu fã susuw nea makenkan no ho. Mfaso ankasa wɔ eyi so ampa.” Yebetumi asusuw nsɛm ho wɔ mmere foforo mu. Dawid too dwom maa Yehowa sɛ: “Sɛ mekae wo me kɛtɛ so a, midi wo so dadwen, adasu mu.” (Dwom 63:6) Na Bible ka sɛ: “Isak fii adi kɔɔ wuram anwummere kɔdwennwenee ne nsɛm ho.”—Genesis 24:63.

Nneɛma ho a yesusuw yɛ ɔkwan a mfaso wɔ so, na ɛma yenya su pa, efisɛ ɛboa yɛn ma yɛte nka te sɛ Yehowa, na ɛma yenya n’adwene. Sɛ nhwɛso no, na Maria nim sɛ Onyankopɔn bara aguamammɔ. Nanso, na ɛsɛ sɛ osusuw Bible mu nsɛm atitiriw ho na ama ‘wakyi bɔne na wabata papa ho.’ (Romafo 12:9) Wɔboaa no ma ohuu sɛnea ɛsɛ sɛ ɔyɛ nsakrae bere a ɔkenkan Kolosefo 3:5 a ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yenkum yɛn akwaa a ɛne aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso, akɔnnɔ bɔne ne anibere’ no. Ná ɛsɛ sɛ Maria bisa ne ho sɛ: ‘Akɔnnɔ nhyɛso bɛn na ɛsɛ sɛ mikum no? Ade a etumi kanyan akɔnnɔ bɔne bɛn na ɛsɛ sɛ mekwati? So nsakrae a ehia bi wɔ hɔ a ehia sɛ meyɛ wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ me ne obi a ɛsono ne bɔbeasu di mu?’

Nea efi nneyɛe bi mu ba ka nneɛma a ɛsɛ sɛ yesusuw ho no ho. Paulo hyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔntwe wɔn ho mfi aguamammɔ ho, na wɔnna ahosodi adi sɛnea ɛbɛyɛ a “obiara nntra so nnkosisi ne nua asɛm bi mu.” (1 Tesalonikafo 4:3-7) Nsɛmmisa a eye sɛ yesusuw ho ni: ‘Sɛ meyɛ ade yi a, ɔhaw bɛn na mede bɛba m’ankasa, m’abusua, anaa afoforo so? Ɔkwan bɛn so na ebenya me so nkɛntɛnso wɔ honhom fam, nkate fam, ne honam fam? Asi afoforo a wobuu Onyankopɔn mmara so bere bi a atwam no dɛn?’ Nneɛma a ɛtete saa a Maria susuw ho no hyɛɛ no nkuran, na ebetumi aboa yɛn saa ara.

Sua Biribi Fi Nhwɛso Ahorow Mu

So wobetumi akyerɛkyerɛ su pa wɔ sukuu dan mu? Eyi yɛ asɛmmisa a akyere nyansapɛfo adwene mfirihyia mpempem pii ni. Helani nyansapɛfo Plato susuwii sɛ wobetumi akyerɛ. Nanso, Aristotle susuwii sɛ yenya su pa denam dwuma a yɛde di so. Sɛnkyerɛwfo bi twaa asɛm no ho akyinnyegye no tiawa saa kwan yi so sɛ: “Ne tiaatwa mu no, obiakofo nkutoo ntumi nsua abrabɔ ho su pa. Saa ara na wontumi mfa adesua nhoma nkyerɛ. Wonya suban pa fi ɔmanfo mu . . . baabi a wɔhyɛ su pa ho nkuran na mfaso wɔ so.” Nanso, ɛhe na yebehu nnipa a wɔwɔ su pa ankasa? Bere a mmusuakuw dodow no ara wɔ su pa ho nhwɛso bi wɔ wɔn tete dɔmmarima ne wɔn anansesɛm mu no, nhwɛso ahorow a ɛyɛ nokware pii wɔ Bible mu.

Nea ɔyɛ su pa ho nhwɛso a ɛsen biara ne Yehowa. Ɔda su pa adi bere nyinaa, na ɔyɛ nea ɛteɛ ne adepa. Yebetumi anya su pa denam ‘Onyankopɔn a yebesuasua’ no no so. (Efesofo 5:1) Na Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, ‘gyaw yɛn nhwɛso sɛ yenni n’anammɔn akyi pɛɛ.’ (1 Petro 2:21) Afei nso, anokwafo pii te sɛ Abraham, Sara, Yosef, Rut, Hiob, ne Daniel ne n’ayɔnkofo Hebrifo baasa no ho nsɛm wɔ Bible mu. Nhwɛso ahorow a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so ne su pa a ɛwɔ Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ mu no.

Yebetumi Adi Nkonim

So yebetumi adi nkonim ankasa wɔ su pa a yɛbɛda no adi wɔ Onyankopɔn anim no mu? Esiane sɛ yenyaa sintɔ fii awo mu nti, ɛtɔ mmere bi a yebetumi ate nka sɛ apereperedi denneennen bi rekɔ so wɔ yɛn adwene ne yɛn honam mu—sɛ́ yɛbɛyɛ nea eye anaasɛ yɛbɛtɔ akɔ akɔnnɔ bɔne a ɛwɔ yɛn mu no so. (Romafo 5:12; 7:13-23) Nanso, ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no, yebetumi adi ɔko no mu nkonim. (Romafo 7:24, 25) Yehowa ama yɛn nsa aka N’asɛm ne Bible ho nhoma ahorow. Sɛ yɛde nsi sua Kyerɛwnsɛm no na yɛde mpaebɔ susuw ho a, yebetumi anya koma a emu tew. Nsusuwii pa, nsɛm papa, ne nneyɛe pa betumi afi koma a emu tew saa mu aba. (Luka 6:45) Yebetumi agyina Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo nhwɛso ahorow so anya su pa. Na akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi asua pii afi ankorankoro a wɔresom Onyankopɔn nokware mu nnɛ no nkyɛn.

Ɔsomafo Paulo tuu n’akenkanfo fo sɛ ‘wɔnkɔ so nnwen’ su pa ne nneɛma afoforo a ɛfata ayeyi ho. Sɛ yɛyɛ eyi a akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛma yɛanya Onyankopɔn nhyira. (Filipifo 4:8, 9) Ɛdenam Yehowa mmoa so no, yebetumi anya su pa.

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Fa nsɛm ho a wubesusuw ka wo Bible adesua ho

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Nya su pa denam Kristo Yesu a wubesuasua no so