Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahobammɔ a Wubenya Wɔ Wiase a Asiane Ahyɛ Mu Ma Mu

Ahobammɔ a Wubenya Wɔ Wiase a Asiane Ahyɛ Mu Ma Mu

Ahobammɔ a Wubenya Wɔ Wiase a Asiane Ahyɛ Mu Ma Mu

ASASE a wɔde atopae ahyehyɛ mu so nantew betumi ayɛ hu yiye. Nanso, sɛ anka wowɔ asase ho mfonini a ɛkyerɛ mmeae a atopae no hyehyɛ a, so anka ɛremmoa wo? Afei nso, fa no sɛ wɔakyerɛ wo sɛnea wubehu mmeae ahorow a atopae no hyehyɛ no. Ɛda adi sɛ anka nimdeɛ a ɛte saa remma wunsuro pii sɛ wubepira anaa wubewu.

Yebetumi de Bible no atoto asase ho mfonini a ɛte saa ne nimdeɛ a ɛma wuhu baabi a atopae hyehyɛ no ho. Sɛ ɛba kwati a yɛbɛkwati asiane ne sɛnea yebedi asetram haw a ɛsɔre ho dwuma a, nyansa biara nni hɔ a ɛsen nea ɛwɔ Bible mu no.

Hyɛ awerɛhyem nsɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 2:10, 11 yi nsow: “Sɛ nyansa ba wo koma mu, na nimdeɛ sɔ wo kra ani a, adwempa bɛhwɛ wo so, na ntease abɔ wo ho ban.” Nyansa ne nhumu a wɔka ho asɛm wɔ ha no mfi nnipa, na mmom efi Nyankopɔn. “Nea otie [Onyankopɔn nyansa] no bɛtra hɔ komm, na ne ho adwo no a onsuro sɛ amane reba.” (Mmebusɛm 1:33) Momma yɛnhwɛ sɛnea Bible no betumi abɔ yɛn ho ban kɛse na aboa yɛn ma yɛakwati ɔhaw ahorow no.

Asiane a Ɛyɛ Hu a Yɛbɛkwati

Akontaabu a Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO) no atintim nnansa yi kyerɛ sɛ nnipa a kar akwanhyia kunkum wɔn afe biara no bɛyɛ 1,171,000. Nnipa afoforo ɔpepem 40 na wopirapira, na bɛboro ɔpepem 8 ne kakra di dɛm.

Ɛwom sɛ wontumi mmɔ obi ho ban koraa mfi asiane ho bere a ɔreka kar de, nanso sɛ yedi karka ho mmara horow so a, ɛbɔ yɛn ho ban kɛse. Bere a Bible reka atumfo a wɔhyehyɛ mmara na wɔhwɛ ma wodi karka ho mmara so ho asɛm no, ɛka sɛ: “Momma akra nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ tumi a ɛwɔ anuonyam no ase.” (Romafo 13:1) Afirikafo a wodi afotu yi so no tew asiane a ɛbɛma wɔanya akwanhyia, ne nea mpɛn pii efi mu ba a enye no so.

Ade foforo a enti ɛsɛ sɛ yɛde ahwɛyiye ka kar ne obu a yɛwɔ ma nkwa no. Bible ka Yehowa Nyankopɔn ho asɛm sɛ: “Wo nkyɛn na nkwa nsuti wɔ.” (Dwom 36:9) Enti nkwa yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn nkyɛn. Ne saa nti, yenni hokwan biara sɛ yegye saa akyɛde no fi obiara nsam, anaasɛ yebu nkwa animtiaa, a nokwarem no, yɛn ankasa nkwa nso ka ho.—Genesis 9:5, 6.

Sɛnea ɛte no, nea ɛka obu a yɛkyerɛ ma nnipa nkwa ho ne sɛ yɛbɛbɔ mmɔden biara ahwɛ sɛ asiane biara nni yɛn kar ne yɛn fie ho. Wɔ tete Israel no, ahobammɔ ho nsɛm yɛ nea na wɔma ɛho hia wɔn yiye wɔ asetra mu biribiara mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ wosi ofie bi a, na Onyankopɔn Mmara hwehwɛ sɛ wogye dan no atifi—baabi a na abusua no tumi yɛ ade wɔ hɔ no—ho ban. “Gye wo dan no atifi ban, na obi . . . anhwe ase, na woamfa mogya ho asodi amma wo dan no so.” (Deuteronomium 22:8) Sɛ obi fi hɔ hwe ase esiane sɛ ɔdan no wura anni bammɔ ho mmara yi so nti a, Onyankopɔn de ɛho asodi to ɔdan no wura so. Akyinnye biara nni ho sɛ, nnyinasosɛm a ɔdɔ wom a ɛwɔ mmara yi mu a yɛde bedi dwuma wɔ adwumam anaa ahomegye bere mpo no bɛbrɛ asiane ahorow ase.

Nneɛma a Edi Awu a Ne Yɛ Ka Hɔ a Yɛbɛko Atia

Sɛnea WHO kyerɛ no, ɛnnɛ nnipa a wɔnom sigaret wɔ wiase no bɛboro ɔpepepem biako, na wobetumi de nnipa ɔpepem anan a wowuwu afe biara no ho asodi ato tawa so. Wɔhwɛ kwan sɛ eyi bɛkɔ soro akodu bɛyɛ ɔpepem 10 wɔ mfe 20 kosi 30 a ɛreba no mu. Nnipa ɔpepem pii a wɔnom sigaret, ne wɔn a wɔnom nnuru a “wɔde gyigye wɔn ani” no nso bɛsɛe wɔn akwahosan ne wɔn asetra esiane sɛ adeyɛ no aka wɔn hɔ nti.

Onyankopɔn Asɛm nka tawanom ne nnubɔnenom ho asɛm pɔtee, nanso emu nnyinasosɛm ahorow betumi abɔ yɛn ho ban afi nneyɛe a ɛtete saa ho. Sɛ nhwɛso no, 2 Korintofo 7:1 tu fo sɛ: “Momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa mu.” Akyinnye biara nni ho sɛ nnuru a edi awu wɔ tawa ne nnubɔne a wɔde di dwuma mu ma enti ɛsɛe anaa egu nipadua ho fĩ. Nea ɛsen saa no, Onyankopɔn pɛ sɛ yɛn nipadua yɛ “kronkron,” a ɛkyerɛ sɛ efĩ biara nnim na ɛho tew. (Romafo 12:1) So wunnye ntom sɛ nnyinasosɛm yi a obi de bedi dwuma no bɛbɔ ne nkwa ho ban kɛse?

Su Horow a Epira a Yebedi So

Nnipa pii didi nom ma ɛtra so. Nea ebetumi afi adidi ntraso mu aba no bi ne asikreyare, kokoram, ne komayare. Nsãwe de ɔhaw ahorow te sɛ sadweamyɛ, mmerɛbo mu yare, mmusua a emu paapae, ne kar akwanhyia ahorow ba. Nea ɛne no bɔ abira no, aduandi a obi yɛ katee wɔ ho dodo no nso betumi apira no, na ebetumi akowie adidi ho ɔhaw a ɛde nkwa to asiane te sɛ anom a ɛtow mu.

Ɛwom sɛ Bible nyɛ aduruyɛ nhoma de, nanso ɛde adidi ne ɔnom ho afotu a ɛfata ma pefee. “Me ba, wo de, tie, na hu nyansa, na teɛ wo koma kɔ ɔkwan no so. Mfra sadweamfo, ne wɔn a wodi nam fuu no mu; na asadweam ne ohohwini bedi hia, na nkotɔ de ntamagow fura onipa.” (Mmebusɛm 23:19-21) Nanso, Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ yɛma adidi ne ɔnom yɛ anigye. “Sɛ onipa biara didi nom hu adepa ne brɛ nyinaa mu a, Onyankopɔn akyɛde ne no.”—Ɔsɛnkafo 3:13.

Afei nso Bible hyɛ kari a yɛbɛkari pɛ wɔ apɔwmu teɛteɛ mu ho nkuran, na esi so dua sɛ ‘mfaso kakra wɔ ɔhonam mu mmɔdenbɔ so.’ Nanso ɛde ka ho sɛ: “Onyamesom pa ho wɔ mfaso ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.” (1 Timoteo 4:8) Ebia wubebisa sɛ, ‘ɔkwan bɛn so na nyamesom pa ho wɔ mfaso mprempren mpo?’ Wɔ akwan pii so. Honhom fam yiyedi a ɛma obi nya akyi no, nyamesom pa boa ma yenya su pa ahorow te sɛ ɔdɔ, anigye, asomdwoe, ne ahosodi—a ne nyinaa ma yenya akomatɔyam ne akwahosan pa.—Galatifo 5:22, 23.

Awerɛhosɛm a Ɔbrasɛe De Ba

Ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii agyae abrabɔ pa akyidi. Nea afi mu aba biako ne AIDS yare no. Sɛnea WHO kyerɛ no, nnipa bɛboro ɔpepem 16 na awuwu fi bere a AIDS yare no fii ase no, na mprempren nnipa bɛyɛ ɔpepem 34 na anya HIV, ɔyare mmoawa a ɛde AIDS yare no ba no bi. Nnipa a wɔwɔ AIDS no mu dodow no ara nyaa yare no fii nna mu ɔbrasɛe, mpaane a ɔyare mmoawa wɔ ano a wɔn a wɔnom nnubɔne de di dwuma, anaa mogya a ɔyare mmoawa wom a wɔde ma mu.

Nneɛma bɔne afoforo a efi ɔbrasɛe mu ba no bi ne babaso, mmerɛbo mu yare ne kekae. Ɛwom sɛ wɔamfa aduruyɛ mu din a ɛtete saa anni dwuma wɔ Bible bere mu de, nanso na wonim nkwaa a ɔbrasɛe mu yare tumi ka no no saa bere no. Sɛ nhwɛso no, Mmebusɛm 7:23 ka ade a ɛyɛ hu a ebetumi afi aguamammɔ mu aba ho asɛm sɛ ‘agyan a ehwirew mmerɛbo mu.’ Kekae taa ka mmerɛbo sɛnea mmerɛbo mu yare te no ara pɛ. Yiw, hwɛ sɛnea Bible afotu a ese Kristofo ‘ntwe wɔn ho mfi mogya ne aguamammɔ ho’ no yɛ ne bere mu de na ɛkyerɛ ɔdɔ fa!—Asomafo no Nnwuma 15:28, 29.

Afiri a Sikanibere Tumi Sum

Nea ɛbɛyɛ na nnipa pii anya wɔn ho ntɛm nti, wɔde wɔn sika goru atɔprɛ. Awerɛhosɛm ne sɛ asiane a ɛte saa a afoforo fam no taa ma wɔn sikasɛm yɛ basaa anaa ɛsɛe. Nanso, Bible ka kyerɛ Onyankopɔn somfo sɛ: “Ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma nea odi hia.” (Efesofo 4:28) Ɛwom, ɛnyɛ bere nyinaa na obi a ɔyɛ adwumaden paa no benya ne ho. Nanso, ɔwɔ asomdwoe, obu ne ho, na mpo ɔwɔ sika a obetumi ayi aboa adwuma pa bi.

Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a enye mma nnipa na ɛtwe wɔn kogu ɔsɛe ne ɔyera mu mu. Na bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ a ebinom dii akyiri . . . na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.” (1 Timoteo 6:9, 10) Akyinnye biara nni ho sɛ nnipa pii a “wɔpɛ wɔn ho anya no” nya wɔn ho ampa. Nanso dɛn na wɔde bɔ afɔre? So ɛnyɛ nokware sɛ wɔn akwahosan, abusua, honhom fam yiyedi, ne wɔn nna mpo na ɛsɛe?—Ɔsɛnkafo 5:12.

Onipa a onim nyansa hu sɛ ‘ɛnyɛ ade a wanya na aboro so no mu na ne nkwa wɔ.’ (Luka 12:15) Sika ne ahode ahorow bi ho hia wɔ mmeae pii. Nokwarem no, Bible ka sɛ ‘sika ma ahobammɔ’ nanso ɛde ka ho sɛ ‘mfaso a ɛwɔ nimdeɛ so ne sɛ egye ne wura nkwa.’ (Ɔsɛnkafo 7:12) Nokware nimdeɛ ne nyansa betumi aboa yɛn wɔ tebea biara mu asen sika, ne ne titiriw no, wɔ nsɛm a ɛfa yɛn nkwa ho mu.—Mmebusɛm 4:5-9.

Bere a Nyansa Nkutoo Bɛbɔ Yɛn Ho Ban

Ɛrenkyɛ, nokware nyansa ‘begye ne wuranom nkwa’ wɔ ɔkwan a ebi mmae da so—ahobammɔ a wobenya wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛreba ntɛmntɛm, bere a Onyankopɔn bɛsɛe abɔnefo no mu. (Mateo 24:21) Sɛnea Bible kyerɛ no, saa bere no nkurɔfo bɛtow wɔn sika agu mmɔnten so te sɛ “efĩ.” Dɛn ntia? Efisɛ, bere a wobehu sɛ sika ne dwetɛ ntumi nnye wɔn nkwa wɔ ‘Yehowa abufuw da’ no mu no, na aka akyiri dodo. (Hesekiel 7:19) Nea ɛne eyi bɔ abira no, “nnipakuw kɛse” a wofi nyansam ‘hyehyɛɛ wɔn ademude wɔ soro’ denam honhom fam nneɛma a wɔde dii kan wɔn asetram so no benya wɔn anidaso no so mfaso na wɔanya daa nkwa wɔ asase so paradise mu.—Adiyisɛm 7:9, 14; 21:3, 4; Mateo 6:19, 20.

Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya daakye a ahobammɔ wom yi? Yesu buae sɛ: “Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” (Yohane 17:3) Nnipa ɔpepem pii ahu saa nimdeɛ yi wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible mu. Ɛnyɛ daakye ho anidaso a ɛyɛ anigye nko na saafo yi wɔ, na mmom wonya asomdwoe ne ahobammɔ a ɛsɛ nso nnɛ. Ɛte sɛ nea odwontofo no kae no: “Asomdwoe mu na mɛkɔ makɔda, na mada prɛko; na wo [Yehowa, NW], nko na woma metra hɔ dwoodwoo.”—Dwom 4:8.

So wunim baabi foforo a wubetumi anya nsɛm a ebetumi aboa wo ma woabrɛ asiane ahorow a ebetumi aba w’akwahosan ne wo nkwa so no ase sɛnea Bible no yɛ no? Nhoma biara nni hɔ a ɛwɔ tumi te sɛ Bible no, na nhoma biara nni hɔ a ebetumi aboa wo ma woanya nokware ahobammɔ wɔ ɛnnɛ wiase a asiane ahyɛ mu ma yi mu. Dɛn nti na wonhwehwɛ mu nkɔ akyiri?

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 6]

Akwahosan Pa ne Ahobammɔ—A Bible Ama Wɔanya

Nea ɛbɛyɛ na ababaa bi a wɔfrɛ no Jane * werɛ afi asetram haw kɛse nti, ɔde wiinom, tawanom, cocaine, amphetamines, LSD, ne nnubɔne ahorow yɛɛ ne su. Ɔnom nsã pii nso. Sɛnea Jane kyerɛ no, na ne kunu nso te saa ara. Na wɔn daakye yɛ hu. Afei Jane behuu Yehowa Adansefo. Ofii ase kɔɔ Kristofo nhyiam ahorow na ɔkenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma kaa mu nsɛm kyerɛɛ ne kunu. Wɔn baanu nyinaa fii ase ne Adansefo no suaa Bible no. Bere a wonyaa Yehowa gyinapɛn a ɛkorɔn ho anisɔ no, wogyaee nnubɔne a na wɔde di dwuma no nyinaa. Dɛn na efii mu bae? Mfe bi akyi no, Jane kyerɛwee sɛ: “Yɛn asetra foforo no ama yɛanya anigye kɛse. Meda Yehowa ase yiye wɔ tumi a N’asɛm no wɔ sɛ ɛtew nnipa ho, ne akwahosan ne asetra a yɛwom a yɛantua ho ka biara no ho.”

Kurt a n’adwuma a ɔyɛ ne sɛ ɔhwɛ kɔmputa dwumadi so asɛm no kyerɛkyerɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ obi bɛyɛ odwumayɛni a odi nokware no mu yiye. Na wohia nnwinnade foforo, na Kurt adwumawura no de ebi a obenya atɔ a ne bo nyɛ den ho adwuma hyɛɛ no nsa. Kurt kohuu obi a ɔtɔn bi, na ɔne no dii ano ma esii. Nanso nea ɔtɔn kɔmputa no adwumayɛni bi dii mfomso wɔ ne bo a na wɔakyerɛw abɔ ho no ho ma enti ɛbaa fam bɛyɛ (U.S.) $40,000. Bere a Kurt huu mfomso no, ɔfrɛɛ adwumakuw no ka kyerɛɛ wɔn, na nea ɔhwɛ adwumakuw no so no kae sɛ wɔ ne mfe 25 a ɔde ayɛ adwuma nyinaa mu no, onhuu nokwaredi a ɛte saa bi da. Kurt kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Bible na ɛtetee n’ahonim. Nea efii mu bae ne sɛ nea ɔhwɛ adwuma no so no srɛe sɛ wɔmma no Nyan! nsɛmma nhoma a ɛka adwumam nokwaredi ho asɛm no 300, na ɔnkyekyɛ mma wɔn a ɔne wɔn yɛ adwuma no. Kurt fam no, ne nokwaredi no maa wɔbɔɔ n’aba so wɔ n’adwumam.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 30 Wɔasesa din ahorow no bi.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

“Me [Yehowa, NW], wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo.”—YESAIA 48:17