Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔko a Yɛreko Tia Ohia No So Yentumi Nni Nkonim?

Ɔko a Yɛreko Tia Ohia No So Yentumi Nni Nkonim?

Ɔko a Yɛreko Tia Ohia No So Yentumi Nni Nkonim?

NSRAHWƐFO a wɔkɔsra Amanaman Nkabom a ɛwɔ New York City no hu nnurubɛn a ɛwɔ Sikasɛm ne Asetram Nsɛm Bagua Dan no abrannaa nsɛmso so no. Nsrahwɛfo kwankyerɛfo no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔtaa bu nsɛmso a ‘wonwiei’ no sɛ sɛnkyerɛnne kwan so ade a ɛkae yɛn sɛ wonwie Amanaman Nkabom no sikasɛm ne asetram nsɛm da; biribi foforo wɔ hɔ bere nyinaa a wobetumi ayɛ ma wiase mu nnipa asetra atu mpɔn.”

Ɛwom sɛ Bagua no pɛ sɛ ɛboa ma obiara asetra tu mpɔn de, nanso ɛte sɛ nea adwuma no nsa da. Anigyesɛm ne sɛ, wɔ Yesu Kristo asase so som adwuma wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, ɔkae sɛ: “[Yehowa, NW] honhom wɔ me so, na enti wasra me sɛ memmɛka asɛmpa menkyerɛ ahiafo.” (Luka 4:18) “Asɛmpa” bɛn na ɔkae? Na ɛyɛ asɛm a ɛfa Ahenni a Yehowa Nyankopɔn a ɔbɛyɛ “aban a ɛyɛ den ama ohiani, n’ahohia mu” no de Yesu Kristo besi so sɛ Ɔhene no ho. Dɛn na saa Ahenni no bɛyɛ? Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ: “Asafo [Yehowa, NW] bɛtow aman nyinaa pon . . . sradeduan, nsã a akyɛ, srade ne hon, nsã a wɔasɔn so. Ɔbɛmene owu akosi daa, na [Amansan Hene Yehowa, NW] bɛpopa ani nyinaa so nusu, na wayi ne man ahohora afi asase nyinaa so akɔ, efisɛ [Yehowa, NW] na waka.”—Yesaia 25:4-6, 8.

So wopɛ sɛ wuhu sɛnea Onyankopɔn Ahenni bɛma “wiase mu nnipa asetra atu mpɔn,” na atu ohia ase koraa no ho nsɛm pii? Hwɛ ase hɔ na hu sɛnea wubetumi anya ɔkyerɛkyerɛfo a ɔfata ma waba wo nkyɛn abɛkyerɛ wo nea Bible ka fa nsɛm a ɛte saa ho.