Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ nokware Kristofo bu kɔmputa so dwumadi a nkurɔfo tɔ a wɔtaa yɛ bi ma afoforo no?

Ebinom betumi adi mfomso abɔ mmɔden sɛ wobebu wɔn ho bem wɔ saa adeyɛ yi ho na wɔatwe adwene asi Yesu nsɛm yi so sɛ: “Munyaa no kwa, na momfa mma kwa!” Nanso, ɛnyɛ nhoma anaa kɔmputa so nsɛm a ɛho kwan yɛ obi de, a mmara wɔ dwuma a wɔde di ho no ho asɛm na na Yesu reka. Na ɔrekyerɛ ɔma a ɛfa ɔsom adwuma no ho. Yesu ka kyerɛɛ asomafo a na wɔrekɔ nkurow ne nkuraa ase no sɛ wɔnka Ahenni ho asɛm, wɔnsa ayarefo yare, na wontu ahonhommɔne. Sɛ́ anka asomafo no begye eyi ho sika no, na ɛsɛ sɛ wɔde ‘ma kwa.’—Mateo 10:7, 8.

Bere a ankorankoro ne nnwumakuw kɔmputa redɔɔso no, nkurɔfo pii abehia kɔmputa so nsɛm. Eyi yɛ nea wɔtaa tɔ. Nokwarem no, ankorankoro bi kyerɛw nsɛm no bi a wɔde kyekyɛ na wɔkyerɛ sɛ obi betumi ahwɛ so ayɛ bi afa na watumi asan ayɛ bi ama afoforo. Nanso kɔmputa so nsɛm dodow no ara yɛ nea wɔtɔn. Sɛ́ ɛyɛ wɔn ankasa na wɔde di dwuma wɔ fie anaa adwumam no, wɔhwɛ kwan sɛ wɔn a wɔde kɔmputa so nsɛm di dwuma no tɔ tua ho ka. Sɛ obi fa kɔmputa so nsɛm anaasɛ ɔhwɛ so yɛ bi bere a ontua ka a, etia mmara, sɛ ɔde rema kwa mpo a, ɛte sɛ nea wahwɛ nhoma bi so ayɛ ne mũ no nyinaa photocopy.

Tumi krataa da kɔmputa so nsɛm dodow no ara (a nea wɔde di agoru ka ho) so, na wɔhwehwɛ sɛ ne wura anaa nea ɔde di dwuma no di ho nhyehyɛe ne anohyeto ahorow pɔtee bi so. Tumi nkrataa a ɛte saa no pii ka sɛ onipa biako pɛ na obetumi de nsɛm no agu n’afiri so na ɔde adi dwuma—a mpɛn pii no wɔde hyɛ kɔmputa biako pɛ so, sɛ́ ɛyɛ kɔmputa a ɛwɔ fie anaa nea ɛwɔ adwumam anaa sukuu mu. Tumi nkrataa no bi ka sɛ nea ɔde di dwuma no betumi ahwɛ so ayɛ bi asie, nanso ɛnsɛ sɛ ɔhwɛ so yɛ bi ma afoforo. Sɛ nea ɛyɛ ne dea no pɛ sɛ ɔde nsɛm no nyinaa (a tumi krataa ne ɛho nkrataa ka ho) ma obi foforo a, obetumi ayɛ saa. Nanso sɛ ɔyɛ saa a, onni hokwan sɛ ɔno ankasa de di dwuma bio. Tumi nkrataa gu ahorow, enti ɛsɛ sɛ obi a ɔretɔ nsɛm no anaa ɔregye bi no hwɛ nea tumi krataa pɔtee bi ka no.

Aman pii de wɔn ho gye nneɛma ho kwan a ɛyɛ ebinom de ho nhyehyɛe a ɛbɔ “nhomanimfo agyapade” te sɛ kɔmputa so nsɛm ahorow ho ban mu, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwɛ ma ho kwan ho mmara no ayɛ adwuma. Sɛ nhwɛso no, The New York Times a ɛbae January 14, 2000 no, bɔɔ amanneɛ sɛ “Germany ne Denmark polisifo kyeree apoobɔfo bi a wɔfrɛɛ wɔn sɛ kɔmputa so nsɛm ho akorɔmfo atitiriw” a wɔhwɛ kɔmputa so nsɛm ne agodi so yɛ bi na wɔkyekyɛ, na wɔtɔn bi mpo wɔ Intanɛt so no.

Dɛn ne Kristofo asafo no gyinabea wɔ asɛm yi ho? Wiɛ, Yesu kae sɛ: “Momfa Kaesare de mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn!” (Marko 12:17) Ɛno hwehwɛ sɛ Kristofo di ɔman a wɔte mu mmara a ɛne Onyankopɔn mmara nni asi no so. Ɛdefa aban ahorow ho no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Momma akra nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ tumi a ɛwɔ anuonyam no ase. . . . Obiara a ɔne tumi no di asi no, ɔne nea Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ di asi; na wɔn a wodi asi no benya afobu.”—Romafo 13:1, 2.

Ɛnyɛ Kristofo asafo mu mpanyimfo asɛyɛde sɛ wɔbɛhwehwɛ nkurɔfo kɔmputa so te sɛ nea wɔama wɔn tumi sɛ wɔnkyerɛkyerɛ ɛho kwan ho mmara mu na wɔnhwɛ mma nkurɔfo nni so. Nanso wogye di sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo fa biribi a ɛnyɛ wɔn de, na wɔkyerɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden di mmara so. Eyi bɔ Kristofo ho ban fi twe a wɔbɛtwe wɔn aso sɛ mmaratofo no ho, na ɛma wonya ahonim pa Onyankopɔn anim. Paulo kyerɛwee sɛ: “Enti etwa sɛ mobrɛ mo ho ase hyɛ wɔn ase, ɛnyɛ abufuw no nko nti, na mmom ahonim nso ntia.” (Romafo 13:5) Saa ara na Paulo de nsɛm yi kyerɛɛ nokware Kristofo apɛde sɛ: “Yenim pefee sɛ yɛwɔ ahonim pa, pɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra yiye ade nyinaa mu.”—Hebrifo 13:18.

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Nnwumakuw ne sukuu ahorow tɔ tumi nkrataa a ɛma nnipa dodow bi tumi de nsɛm bi di dwuma. Wɔ afe 1995 mu no, Yehowa Adansefo asafo no susuw asɛm bi a na saa afotu yi wom no ho:

“Nnwumakuw a wɔhyehyɛ kɔmputa so nsɛm mu dodow no ara wɔ eyinom ho mmara, na wɔde sɛnea wobetumi de ɛso nsɛm no adi dwuma mmara kwan so ho tumi krataa ma. Tumi krataa no taa ka sɛ nea watɔ no ntumi mfa ɛso nsɛm no bi mma afoforo; nokwarem no, amanaman no mmara a ɛfa nneɛma a afoforo ayɛ ho ka sɛ mmara mma kwan sɛ wɔyɛ saa. . . . Nnwumakuw akɛse bi tɔn kɔmputa a wɔde ɛso nsɛm ahyehyem dedaw na tumi krataa ka ho. Nanso, mmeae bi a wɔtontɔn kɔmputa mfa tumi nkrataa mma efisɛ ɛso nsɛm a wɔde ahyehyem no nyɛ nea mmara ma ho kwan, kyerɛ sɛ, sɛ nea ɔtɔ no de ɛso nsɛm no di dwuma a, obu mmara no so. Ɛdefa eyi ho no, ɛsɛ sɛ Kristofo kwati sɛ wobeyi nsɛm a mmara kyerɛ sɛ ɛyɛ afoforo de (sɛnea Asafo ti nhoma ahorow te no) afi kɔmputa mu ade a wɔkora nsɛm wɔ so no so a ne wuranom mmaa ho kwan wɔ mmara mu.”