Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Po a Awu Nhoma Mmobɔwee No—Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woma Ɛho Hia Wo?

Po a Awu Nhoma Mmobɔwee No—Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woma Ɛho Hia Wo?

Po a Awu Nhoma Mmobɔwee No—Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woma Ɛho Hia Wo?

Ansa na wɔrehu Po a Awu Nhoma Mmobɔwee no, na Hebri Kyerɛwnsɛm no nsaano nkyerɛwee a akyɛ sen biara a ɛwɔ hɔ yɛ nea wɔyɛɛ no afeha a ɛto so akron ne du Y.B. mu no. So na wobetumi de wɔn ho ato nsaano nkyerɛwee yi so sɛ nea wɔnam so bɛma yɛanya Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ nokware, bere a na wɔadi kan akyerɛw Hebri Kyerɛwnsɛm no awie bɛboro mfirihyia apem no? Ɔbenfo Julio Trebolle Barrera, a ɔyɛ Po a Awu Nhoma Mmobɔwee no amanaman ntam samufo kuw no muni no ka sɛ: “Isaiah Scroll [a efi Qumran] no ma yenya adanse a edi mũ sɛ Yudafo akyerɛwfo a wɔhwɛɛ Bible nkyerɛwee so de wɔn nsa kyerɛw bi bɛboro mfirihyia apem biako mu no de nokware ne ahwɛyiye kɛse na ɛyɛɛ saa.”

YESAIA nhoma mũ no nyinaa wɔ nhoma mmobɔwee a Barrera ka ho asɛm no mu. Ɛde besi nnɛ no, Bible nsaano nkyerɛwee bɛboro 200 na wɔahu wɔ Qumran, a Hebri Kyerɛwnsɛm mu nhoma no mu biara fã bi wɔ mu, gye Ester nhoma no nkutoo. Nea ɛnte sɛ Yesaia Nhoma Mmobɔwee no, emu dodow no ara yɛ nhoma no asinasin bi, a ennu nhoma no mu biara nkyekyem du mu biako. Bible mu nhoma ahorow a na agye din wɔ Qumran no yɛ Nnwom (mfuamfua 36), Deuteronomium (mfuamfua 29), ne Yesaia (mfuamfua 21). Eyinom nso ne nhoma a wɔtaa fa mu nsɛm ka wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu sen biara.

Ɛwom sɛ nhoma mmobɔwee no da no adi sɛ nsakrae atitiriw biara mmaa Bible no mu de, nanso ɛsan ma ɛda adi sɛ na Yudafo no de Hebri Bible nkyerɛwee ahorow a na nsonsonoe wɔ emu biara mu na edi dwuma wɔ Asɔrefie a Ɛto so Abien no mu wɔ ɔkwan bi so. Ɛnyɛ nhoma mmobɔwee no nyinaa na na ɛne Masoretfo nkyerɛwee no yɛ pɛ wɔ sɛnea wɔkyerɛw nsɛmfua no mu. Ebi ne Hela Septuagint no mu de reyɛ ayɛ pɛ. Kan no, na nhomanimfo susuw sɛ ɛbɛyɛ sɛ nsonsonoe a ɛwɔ Septuagint mu no befi mfomso a nsɛm asekyerɛfo no dii anaasɛ nsɛm foforo a wɔhyɛɛ da de hyehyɛɛ mu. Ɛnnɛ nhoma mmobɔwee no da no adi sɛ saa nsonsonoe no mu pii fi Hebri nkyerɛwee a na egu ahorow ankasa no mu. Eyi betumi ama yɛate nea enti a sɛ ɛtɔ mmere bi na tete Kristofo no fa Hebri Kyerɛwnsɛm mu nsɛm ka asɛm a na ɛsono nsɛmfua a wɔde dii dwuma ne nea ɛwɔ Masoretfo nkyerɛwee no mu no ase.—Exodus 1:5; Asomafo no Nnwuma 7:14.

Enti, saa Bible nhoma mmobɔwee no ne nhoma asinasin a ɛsom bo a wohui yi yɛ ade titiriw a yegyina so sua nea ɛyɛe a Hebri Bible nkyerɛwee no bɛkaa yɛn nsa no ho ade. Po a Awu Nhoma Mmobɔwee no asi mfaso a ɛwɔ Septuagint ne Samariafo Pentateuch no nkyerɛwee a yɛde bɛyɛ ntotoho no so dua. Ɛma Bible nkyerɛasefo nya ade foforo a wobetumi agyina so ayɛ nsakrae ahorow wɔ Masoretfo nkyerɛwee no mu. Wɔ nsɛm pii mu no, ɛfoa gyinae ahorow a New World Bible Translation Baguafo no sii san de Yehowa din hyehyɛɛ mmeae a na ɛhyehyɛ a woyiyi fii Masoret nkyerɛwee no mu no so.

Bere a nhoma mmobɔwee no reka Qumran kuw no mmara ne wɔn gyidi ahorow ho asɛm no, ɛmaa emu daa hɔ fann sɛ Yesu bere so no, na Yudasom nyɛ biako pɛ. Na nsonsonoe wɔ Qumran kuw no amanne ne Farisifo ne Sadukifo de ntam. Ɛda adi sɛ saa nsonsonoe yi na ɛmaa kuw no tu kɔtraa sare so no. Wodii mfomso susuw sɛ wɔn so na Yesaia 40:3 a ɛka ɛnne bi a wɔte no sare so sɛ wɔnteɛ Yehowa kwan no nya mmamu. Nhoma asinasin no mu dodow no ara ka Mesia a akyerɛwfo no hui sɛ ne ba abɛn no ho asɛm. Eyi ho hia yɛn titiriw esiane asɛm a Luka ka sɛ ‘na ɔman no hwɛ Mesia no ba kwan’ no nti.—Luka 3:15.

Po a Awu Nhoma Mmobɔwee no boa yɛn ma yɛte asetra a na Yudafo no wom bere a na Yesu ka asɛm no ase kodu baabi. Ɛma yenya nsɛm a yɛde bɛtoto nneɛma ho asua tete Hebri nkyerɛwee ne Bible no. Nanso, ɛho da so hia sɛ yɛhwehwɛ Po a Awu Nhoma Mmobɔwee no pii mu yiye. Enti, yebetumi anya nhumu foforo. Yiw, afeha a ɛto so 20 yi mu nneɛma a wɔatutu fam ahu a ɛsen biara no kɔ so kanyan nhomanimfo ne Bible asuafo nyinaa anigye bere a yɛadu afeha a ɛto so 21 no mu no.

[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 7]

Qumran excavations: Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.; manuscript: Courtesy of Shrine of the Book, Israel Museum, Jerusalem