Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Atemmu Da No Abɛn!

Yehowa Atemmu Da No Abɛn!

Yehowa Atemmu Da No Abɛn!

“[Yehowa, “NW”] da kɛse no abɛn, abɛn na ɛreba ntɛm sɛ.”—SEFANIA 1:14.

1. Kɔkɔbɔ bɛn na Onyankopɔn nam Sefania so de mae?

AKA kakraa bi ma Yehowa Nyankopɔn ayɛ ade atia amumɔyɛfo. Tie! Kɔkɔbɔ a ɔde ma ni: “Mɛpra onipa . . . na matwitwa nnipa afi asase ani agu.” (Sefania 1:3) Yehowa diyifo Sefania, a ebia na ɔyɛ ɔhene nokwafo Hesekia nanankanso no so na wɔnam kaa saa nsɛm a efi Amansan Hene Yehowa hɔ no. Saa asɛm no a wɔkaa no Ɔhempa Yosia bere so no anyɛ Yuda asase so abɔnefo no dɛ.

2. Dɛn nti na ade a Yosia yɛe no ansiw Yehowa atemmu da no ano?

2 Akyinnye biara nni ho sɛ Sefania nkɔmhyɛ no na ɛkanyan Yosia a na ɔyɛ abofra no ma ohuu hia a ehia sɛ oyi atoro som fi Yuda no. Nanso, ade a ɔhene no yɛe sɛ ɔde beyi atoro som afi asase no so no anyi amumɔyɛfo nyinaa amfi hɔ, na ampata ne nana, Ɔhene Manase, a ‘ɔde mogya a edi bem hyɛɛ Yerusalem ma’ no bɔne. (2 Ahene 24:3, 4; 2 Beresosɛm 34:3) Enti, na Yehowa atemmu da bɛba ɔkwan biara so.

3. Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya awerɛhyem sɛ yebetumi anya yɛn ti adidi mu wɔ “Yehowa abufuw da no”?

3 Nanso, na ebinom benya wɔn ti adidi mu wɔ saa da kɛse no mu. Enti Onyankopɔn diyifo no hyɛɛ nkuran sɛ: “Mommma ahyɛde no mmma ansa, da no resen aba sɛ ntɛtɛwa, mommma [Yehowa, NW] abufuw mu gya no mmma mo so ansa, mommma [Yehowa, NW] abufuw da no mmma mo so ansa. Monhwehwɛ [Yehowa, NW], asase sofo a mobrɛ mo ho ase na moyɛ n’atemmude nyinaa! Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase; ebia wɔbɛkora mo so, [Yehowa, NW] abufuw da no.” (Sefania 2:2, 3) Bere a yɛkae sɛ ebinom benya wɔn ti adidi mu wɔ Yehowa atemmu da no, momma yensusuw Bible mu nhoma a ɛne Sefania no ho. Wɔkyerɛwee wɔ Yuda ansa na afe 648 A.Y.B. reba, na ɛka Onyankopɔn “nkɔmhyɛ asɛm” a ɛsɛ sɛ yɛyɛ aso tie ɔkwan biara so no ho.—2 Petro 1:19.

Yehowa Teɛ Ne Nsa

4, 5. Ɔkwan bɛn so na Sefania 1:1-3 nyaa mmamu wɔ abɔnefo a na wɔwɔ Yuda no so?

4 “[Yehowa, NW] asɛm” a ɛbaa Sefania nkyɛn no de kɔkɔbɔ a yɛadi kan afa aka asɛm no na efii ase. Onyankopɔn kae sɛ: “Ɔpra na mɛpra ade nyinaa afi asase ani makɔ, [Yehowa, NW] asɛm ni. Mɛpra onipa ne aboa akɔ, mɛpra wim nnomaa ne ɛpo mu mpataa akɔ, ne hintidua ɛne abɔnefo, na matwitwa nnipa afi asase ani agu, [Yehowa, NW] asɛm ni.”—Sefania 1:1-3.

5 Yiw, na Yehowa rebɛma amumɔyɛ agyae wɔ Yuda asase so. Hena na na Onyankopɔn nam ne so ‘bɛpra ade nyinaa afi asase ani akɔ’ no? Esiane sɛ ɛda adi sɛ Sefania hyɛɛ nkɔm wɔ Ɔhene Yosia ahenni no mmere a edi kan a efii ase wɔ 659 A.Y.B. mu no nti, saa nkɔmhyɛ asɛm no twe adwene si Yuda ne n’ahenkurow, Yerusalem, a Babilonfo bɛsɛee no wɔ 607 A.Y.B. mu no so. Saa bere no, ná ‘wɔbɛpra’ abɔnefo nyinaa afi Yuda.

6-8. Dɛn na wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ Sefania 1:4-6, na ɔkwan bɛn so na saa nkɔmhyɛ no nyaa mmamu wɔ tete Yuda?

6 Bere a Sefania 1:4-6 rehyɛ ade a Onyankopɔn bɛyɛ atia atoro asomfo ho nkɔm no, ɛkae sɛ: “Mɛteɛ me nsa, Yuda so ne Yerusalemfo nyinaa so, na metwa Baal nkae ne abosomfo asɔfo no din afi ha yi agu, ne wɔn a wɔsɔre ɔsoro asafo, adan atifi, ne asɔrefo a wɔkeka [Yehowa, NW] ntam na wɔkeka wɔn hene ntam, ne wɔn a wɔsan fi [Yehowa, NW] akyi, ne wɔn a wɔnhwehwɛɛ [Yehowa, NW] na wommisaa n’akyi kwan no.”

7 Yehowa teɛɛ ne nsa tiaa Yuda ne Yerusalemfo. Na wabɔ ne tirim sɛ obetwa Kanaanfo abawo nyame Baal asomfo no agu. Ná wɔfrɛ hɔnom anyame no pii Baal efisɛ na wɔn asomfo no te nka sɛ wɔwɔ tumi wɔ mmeae pɔtee bi. Sɛ nhwɛso no, na Baal bi wɔ hɔ a Moabfo ne Midianfo som wɔ Bepɔw Peor so. (Numeri 25:1, 3, 6) Wɔ Yuda nyinaa no, na Yehowa betwa Baal asɔfo ne Lewifo asɔfo a wonni nokware a wɔto Onyankopɔn mmara denam som a wɔne abosonsomfo bom som so no agu.—Exodus 20:2, 3.

8 Ná Onyankopɔn betwa wɔn a “wɔsɔre ɔsoro asafo,” a ɛda adi sɛ wɔhwɛ nsoromma mu na wɔsom owia no nso akyene. (2 Ahene 23:11; Yeremia 19:13; 32:29) Ná Onyankopɔn behwie n’abufuw agu wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde atoro som bɛfra nokware som mu denam ‘Yehowa ne Malkam,’ a wɔka wɔn ntam so nso so. Ɛda adi sɛ Malkam yɛ Molek, Amonfo nyame titiriw no din foforo. Na mmofra a wɔde wɔn bɔ afɔre ka Molek som ho.—1 Ahene 11:5; Yeremia 32:35.

Kristoman Awiei Abɛn!

9. (a) Dɛn na Kristoman di ho fɔ? (b) Nea ɛnte sɛ wɔn a wɔanni nokware wɔ Yuda no, dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

9 Eyi nyinaa betumi akae yɛn Kristoman a ɛde ne ho ahyɛ atoro som ne nsoromma mu hwɛ mu fee no yiye. Na kyɛfa a onya wɔ nnipa ɔpepem pii a wɔde wɔn bɔ afɔre wɔ akodi a asɔfo taa akyi mu no yɛ abofono ampa! Mommma yɛnnyɛ sɛ Yudafo a wɔanni nokware, a ‘wɔsan fii Yehowa akyi,’ na wɔbɛyɛɛ anibiannaso a wɔanhwehwɛ n’akyi kwan anaasɛ n’akwankyerɛ bio no da. Mmom no, momma yenkura yɛn mudi mu mma Nyankopɔn.

10. Ɔkwan bɛn so na wobɛkyerɛkyerɛ sɛnea nkɔmhyɛ a ɛwɔ Sefania 1:7 no ho hia mu?

10 Odiyifo no nsɛm a edi hɔ no fata Yuda abɔnefo ne wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn Ahenni a edi tumi nnɛ no nyinaa. Sefania 1:7 ka sɛ: “Mónyɛ komm, [Yehowa, NW] Nyankopɔn anim, na [Yehowa, NW] da no abɛn, na [Yehowa, NW] asiesie okum afɔre, wadwira wɔn a wafrɛ wɔn no.” Ɛda adi sɛ “wɔn a wafrɛ wɔn” no ne Yudafo atamfo Kaldeafo no. “Okum afɔre” no ne Yuda ankasa, a n’ahenkurow ka ho. Enti Sefania kaa Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛsɛe Yerusalem no ho asɛm, na nkɔmhyɛ yi twe adwene si Kristoman nso sɛe so. Nokwarem no, esiane Onyankopɔn atemmu da a abɛn nnɛ no nti, ɛsɛ sɛ wiase nyinaa ‘yɛ komm wɔ Amansan Hene Yehowa anim,’ na wotie nea ɔnam Yesu akyidifo, “kuw ketewa,” a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo, “nguan foforo” no so ka no. (Luka 12:32; Yohane 10:16) Ɔsɛe pasaa retwɛn wɔn a wɔrentie na wɔnam so bɛsɔre atia Onyankopɔn Ahenni nniso no.—Dwom 2:1, 2.

Ɛrenkyɛ—Adwotwa Da Bɛba!

11. Dɛn na Sefania 1:8-11 kyerɛ ankasa?

11 Ɛdefa Yehowa da no ho no, Sefania 1:8-11 de ka ho sɛ: “[Yehowa, NW] afɔre da no, mɛtwe mmapɔmma ne ahenemma no ne wɔn a wɔhyɛ ananafo atade nyinaa asõ. Na ɛda no mɛtwe obiara a ohuruw tra apongua ase asõ, wɔn a wɔde ɔhyɛ ne nsisi hyehyɛ wɔn wuranom afi amaama. Na ɛda no, [Yehowa, NW] asɛm ni, osũ nne befi mpataa pon no ano, na adwotwa afi ɔfã a etia abien no mu, na ɔsɛe kɛse afi nkoko no so aba. Múntwa adwo, mo a mote Maktes, efisɛ wɔasɛe aguadifo asafo no nyinaa, na wɔatwitwa wɔn a wɔsoa dwetɛ no nyinaa.”

12. Dɛn nti na wohu sɛ ebinom ‘hyehyɛ ananafo ntade’?

12 Yehoahas, Yehoiakim, ne Yehoiakin, na na wobedidi so abedi Ɔhene Yosia ade. Ɛno akyi na Sedekia nniso a ɛbɛhyɛ Yerusalem sɛe agyirae no bɛba. Ɛwom sɛ na ɔhaw a ɛte saa da wɔn anim de, nanso ɛda adi sɛ ebinom hwehwɛɛ mmoa fii aman a na atwa wɔn ho ahyia no binom nkyɛn denam ‘ananafo ntade a wɔhyɛe’ so. Saa ara na ɛnnɛ nnipa pii ma ɛda adi wɔ akwan pii so sɛ wɔnka Yehowa ahyehyɛde no ho. Sɛnea wɔama ada adi sɛ wɔyɛ Satan ahyehyɛde no fã no, wɔbɛtwe wɔn asõ.

13. Nea ɛne Sefania nkɔmhyɛ no hyia no, dɛn na na ebesi bere a Babilonfo tow hyɛ Yerusalem so no?

13 ‘Saa’ Yuda akontaabu ‘da’ no ne da a Yehowa de bebu n’atamfo atɛn de amumɔyɛ aba awiei, na wada ne kɛseyɛ adi no hyia. Bere a Babilonfo no tow hyɛɛ Yerusalem so no, na osu befi Mpataa Pon no mu aba. Ebetumi aba sɛ wɔmaa pon no saa din no esiane sɛ na ɛbɛn mpataa gua no nti. (Nehemia 13:16) Babilon asraafo no bɛfa baabi a wɔfrɛ hɔ ɔfã a etia abien no na ahyɛn mu, na ‘ɔsɛe a efi nkoko so’ no betumi akyerɛ dede a Kaldeafo a wɔreba no yɛ no. Wɔn a wɔte Maktes, a ebia ɛda Tyropoeon Bon no atifi, no betwa “adwo.” Dɛn nti na wobetwa adwo? Efisɛ aguadi, a nea ɛka ho ne “wɔn a wɔsoa dwetɛ,” no begyae wɔ hɔ.

14. Ɛhe na Nyankopɔn bɛyɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔsom no no mu nhwehwɛmu akodu?

14 Ɛhe na Yehowa bɛyɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔsom no no mu nhwehwɛmu akodu? Nkɔmhyɛ no toa so sɛ: “Ɛbere no mu, mede akanea mɛpɛɛpɛe Yerusalem mu, na matwe nnipa a wɔada wɔn puw so no asõ, wɔn a wose wɔn komam sɛ: [Yehowa, NW] renyɛ papa na ɔrenyɛ bɔne no. Na wɔn ahonyade bɛdan afow ade, na wɔn afi adeda ntuw; wobesisi adan, na wɔrentra mu, na wɔbɛyɛ bobe nturo, na wɔrennom mu nsã.”—Sefania 1:12, 13.

15. (a) Dɛn na na ɛbɛba Yerusalem asɔfo a wɔawae no so? (b) Dɛn na ɛbɛba wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ atoro som mu nnɛ no so?

15 Ná Yerusalem asɔfo a wɔawae no de abosonsom refra Yehowa som mu. Ɛwom sɛ na wɔte nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ de, nanso na Onyankopɔn de akanea a ɛhyerɛn bɛhwehwɛ wɔn mu apɛɛpɛɛ honhom fam sum a wɔakohintaw mu no mu. Na wɔn mu biara renguan atemmu a Onyankopɔn de reba no ho dawurubɔ no. Ná saa awaefo a biribiara mfa wɔn ho no te hɔ te sɛ epuw a ada wɔ nsa-kyi-amoa ase no. Ná wɔmpɛ sɛ wɔbɛte Onyankopɔn atemmu a ɛreba no ho asɛm ama ahaw wɔn, nanso wɔremfi Onyankopɔn atemmu a ɛbɛba wɔn so no mu mfi. Saa ara nso na wɔn a wodi atoro som akyi nnɛ ne wɔn a wɔwɔ Kristoman mu ne ebinom a wɔawae afi Yehowa som ho no rennya baabiara nguan mfa. Esiane sɛ wonnye ntom sɛ eyi ne “nna a edi akyiri” no nti, wɔka wɔ wɔn komam sɛ, “[Yehowa, NW] renyɛ papa na ɔrenyɛ bɔne.” Nanso hwɛ sɛnea wɔredi mfomso!—2 Timoteo 3:1-5; 2 Petro 3:3, 4, 10.

16. Dɛn na na ebesi bere a wɔde Onyankopɔn atemmu aba Yuda so no, na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ eyi ho nimdeɛ ka yɛn?

16 Wɔbɔɔ Yuda awaefo no kɔkɔ sɛ Babilon asraafo no bɛfow wɔn ahonyade, asɛe wɔn afie, na wɔafa wɔn bobe nturo mu nsã. Sɛ Onyankopɔn de n’atemmu ba Yuda so a, na honam fam nneɛma ho remma mfaso biara. Saa ara na ɛbɛyɛ bere a Yehowa atemmu da ba mprempren nneɛma nhyehyɛe yi so no. Enti ɛmmra sɛ yebenya honhom fam adwene na ‘yɛahyehyɛ yɛn ademude wɔ soro’ denam Yehowa som a yɛde bedi kan wɔ yɛn asetram no so!—Mateo 6:19-21, 33.

‘Yehowa Da Kɛse no Abɛn’

17. Sɛnea Sefania 1:14-16 kyerɛ no, Yehowa atemmu da no abɛn dɛn?

17 Yehowa atemmu da no abɛn dɛn? Sɛnea Sefania 1:14-16 kyerɛ no, Onyankopɔn de saa awerɛhyem yi ma sɛ: “[Yehowa, NW] da kɛse no abɛn, abɛn na ɛreba ntɛm sɛ, [Yehowa, NW] da no nne yɛ nwene sɛ! Ɔdɔmmarima teɛm dennen wɔ hɔ. Ɛda no yɛ anibere da, ahohia ne ahokyere da, ɔsɛe ne amamfõyɛ da, esum ne kusuuyɛ da, amununkum ne kusukuukuu da, torobɛnto ne osebɔ da a ɛreba afasu mu nkurow ne aban atenten ano sorɔnsorɔn so.”

18. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ Yehowa atemmu da no wɔ akyirikyiri?

18 Wɔbɔɔ Yuda asɔfo, mmapɔmma, ne nnipa a wɔawae no kɔkɔ sɛ “[Yehowa, NW] da kɛse no abɛn.” Wɔ Yuda fam no, ‘ná Yehowa da no reba ntɛm.’ Saa ara na yɛn bere yi mu nso, ɛnsɛ sɛ obiara susuw sɛ ɛda a Yehowa de bebu abɔnefo atɛn no wɔ akyirikyiri. Mmom no, sɛnea Onyankopɔn yɛɛ ade ntɛm wɔ Yuda no, saa ara na ɔbɛma n’atemmu da no ‘aba ntɛm.’ (Adiyisɛm 16:14, 16) Hwɛ sɛnea saa da no bɛyɛ yaw ama wɔn a wobuu wɔn ani guu Yehowa kɔkɔbɔ a N’adansefo de mae no so, na wɔannye nokware som antom no!

19, 20. (a) Nneɛma bɛn na ɛkɔɔ so bere a Onyankopɔn hwiee n’abufuw guu Yuda ne Yerusalem so no? (b) Esiane sɛ ɔsɛe a ɛreba nneɛma nhyehyɛe yi so no bɛyɛ nyiyim nti, nsɛmmisa bɛn na ɛsɔre?

19 Ná Onyankopɔn abufuw a ɔde baa Yuda ne Yerusalem so no yɛ “ahohia ne ahokyere da.” Babilon ntuafo no maa Yudafo no ho hiahiaa wɔn pii, na owu ne ɔsɛe a na ɛreba wɔn so no gyaw wɔn dadwen. Ná saa “ɔsɛe ne amamfõyɛ da” no yɛ esum ne kusuuyɛ da, omununkum ne kusukuukuu da, a ebia ɛnyɛ sɛnkyerɛnne kwan so nko, na mmom na ɛbɛba paa nso, efisɛ na wusiw ne afunu wɔ baabiara. Ná ɛyɛ “torobɛnto ne osebɔ da,” nanso ɛho kɔkɔbɔ a wɔde mae no ankosi hwee.

20 Bere a Babilonfo de wɔn asae akɛse dwiriw “aban atenten ano sorɔnsorɔn” gui no, Yerusalem awɛmfo no antumi anyɛ hwee. Saa ara na mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne no akoban ahorow no ntumi ne Onyankopɔn soro akode a wayɛ krado sɛ ɔde bɛsɛe ade ntɛm wɔ ne ko a ɛbɛyɛ nyiyim mu no nni asi. So wopɛ sɛ wunya wo ti didi mu? So woasi gyinae pintinn sɛ wubegyina Yehowa ‘a ɔhwɛ n’adɔfo nyinaa so, nanso ɔbɛsɛe abɔnefo nyinaa no’ afã?—Dwom 145:20.

21, 22. Ɔkwan bɛn so na Sefania 1:17, 18 benya mmamu wɔ yɛn bere yi so?

21 Atemmu da a ɛyɛ hu bɛn ara na wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ Sefania 1:17, 18 yi! Yehowa Nyankopɔn ka sɛ: “Mehiahia nnipa ho na wɔanantew sɛ afuraefo, efisɛ [Yehowa, NW] na wɔayɛ no bɔne; na wɔn mogya begu sɛ mfutuma, ne wɔn honam sɛ nwura dodow; wɔn dwetɛ anaa wɔn sika rentumi nnye wɔn, [Yehowa, NW] abufuw da no, na ninkuntwe gya no mu na asase no nyinaa bɛhyew, na ɔdwerɛw a ɛba mpofirim ara na ɔde bɛba asase no sofo nyinaa so.”

22 Sɛnea Yehowa yɛe wɔ Sefania nna no mu no, saa ara na obehiahia “asase no sofo nyinaa” a wontie ne kɔkɔbɔ nnɛ no ho. Esiane sɛ wɔyɛ bɔne tia Nyankopɔn nti, wɔbɛnantew sɛ afuraefo, a wontumi nnya ogye biara. Wɔ Yehowa atemmu da no mu no, wɔn mogya “begu sɛ mfutuma,” sɛ biribi a mfaso nni so. Wɔn awiei bɛyɛ animguase ampa, efisɛ Onyankopɔn bɛpaapae saa asase so abɔnefo yi mu—wɔn yafunu mpo mu—“sɛ nwura dodow.”

23. Ɛwom sɛ abɔnefo rennya wɔn ti nnidi mu “Yehowa abufuw da” no de, nanso anidaso bɛn na Sefania nkɔmhyɛ no de ma?

23 Obiara rentumi nnye wɔn a wɔko tia Onyankopɔn ne ne nkurɔfo no. Dwetɛ ne sika antumi annye Yuda abɔnefo no, sɛnea ahode bebrebe ne adanmude rentumi nnye Kristoman ne nhyehyɛe bɔne yi fã a aka no wɔ “[Yehowa, NW] abufuw da no.” Saa da a etwa to no mu no, Onyankopɔn ninkuntwe gya bɛhyew “asase no nyinaa” bere a ɔtɔre abɔnefo ase koraa no. Esiane sɛ yɛwɔ Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm no mu gyidi nti, yegye tom sɛ yɛabɛn “awiei bere no” pɛɛ. (Daniel 12:4) Yehowa atemmu da no abɛn na ɔbɛtɔ n’atamfo so were nnansa yi ara. Nanso, Sefania nkɔmhyɛ no ka ogye ho anidaso ho asɛm. Ɛnde, sɛ yɛpɛ sɛ wɔkora yɛn so Yehowa abufuw da no a, dɛn na wɔhwehwɛ sɛ yɛyɛ?

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na Sefania nkɔmhyɛ no nyaa mmamu wɔ Yuda ne Yerusalem so?

• Dɛn na ɛbɛba Kristoman ne yɛn bere yi so abɔnefo nyinaa so?

• Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ Yehowa atemmu da no bɛba wɔ daakye akyirikyiri?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Sefania fi akokoduru mu kae sɛ Yehowa atemmu da no abɛn

[Asɛm Fibea]

From the Self-Pronouncing Edition of the Holy Bible, containing the King James and the Revised versions

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Yehowa da baa Yuda ne Yerusalem so wɔ Babilonfo nsam wɔ afe 607 A.Y.B.

[Mfonini wɔ kratafa 16]

So wowɔ anidaso sɛ sɛ Yehowa sɛe abɔnefo a, wubenya wo ti adidi mu?