Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Ne Honhom Fam Paradise No?

Dɛn Ne Honhom Fam Paradise No?

Dɛn Ne Honhom Fam Paradise No?

WƆTETEE Gustavo wɔ kurow ketewa bi mu wɔ Brazil. * Wɔkyerɛkyerɛɛ no fi ne mmofraase sɛ sɛ nnipa papa wu a, wɔkɔ soro. Ná onnim Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ da bi bɛba a, adesamma anokwafo benya asetra a ɛyɛ pɛ wɔ asase so paradise ho hwee. (Adiyisɛm 21:3, 4) Biribi foforo nso wɔ hɔ a na onnim. Ná onnim sɛ mprempren mpo obetumi atra honhom fam paradise mu.

So woate saa honhom fam paradise no ho asɛm pɛn? So wunim dekode a ɛyɛ ne nea ehia na ama obi ayɛ emuni? Ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ n’ani gye ankasa no hu biribi fa saa paradise no ho.

Honhom Fam Paradise no a Yebehu

Sɛ́ yɛbɛka sɛ ɛnnɛ mpo obi betumi atra paradise no te sɛ nea ɛrentumi nyɛ yiye. Wiase yi nyɛ paradise ɔkwan biara so. Nnipa pii na nea tete Hebrifo hene bi kae yi to wɔn: “Na hwɛ, wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nusu, na wonni ɔwerɛkyekyefo bi, na nhyɛsofo nsam den no mu no, wonni ɔwerɛkyekyefo bi!” (Ɔsɛnkafo 4:1) Nnipa ɔpehaha pii hu amane wɔ amammui, nyamesom, ne sikasɛm nhyehyɛe a asɛe mu, na wonnya ahotɔ anaa ɔwerɛkyekyefo biara. Nnipa afoforo pii brɛ ansa na wɔatuatua wɔn ho aka, atete wɔn mma ayɛ nneɛma afoforo pii a ehia na ama wɔatumi atra ase. Ɛda adi sɛ eyinom nso ani begye sɛ wobenya “ɔwerɛkyekyefo,” obi a ɔbɛma saa adesoa no mu ayɛ hare kakra ama wɔn. Wɔn nyinaa fam no, asetra ne paradise ntam kwan ware yiye.

Ɛnde, ɛhe na honhom fam paradise no wɔ? Wiɛ, Engiresi asɛmfua “paradise” no ne Hela, Persia, ne Hebri nsɛmfua a ekura adwene a ɛne agodibea anaa turo, ahomegyebea a asomdwoe wɔ bɔ abusua. Bible hyɛ bɔ sɛ da bi bɛba a asase bɛyɛ paradise ankasa, turo fie a adesamma a wɔnyɛ bɔne bɛtra mu. (Dwom 37:10, 11) Bere a eyi wɔ yɛn adwenem no, yehu sɛ honhom fam paradise yɛ baabi a ɛyɛ fɛ na ɛma obi nya ahotɔ, na asomdwoe tra ɔne ne yɔnko ne Onyankopɔn ntam. Ɛnnɛ, sɛnea Gustavo hui no, paradise a ɛte saa wɔ hɔ, na nnipa pii na wɔwom.

Bere a Gustavo dii mfe 12 no, osii gyinae sɛ ɔbɛyɛ Roma Katolek sɔfo. Bere a n’awofo penee so no, ɔde ne ho kɔhyɛɛ asɔfodi sukuu mu. Ɛhɔ na ɔde ne ho hyɛɛ dwonto, baguam agodi, ne amammuisɛm a asɔre no hyɛɛ ne nyinaa ho nkuran sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanya mmabun no mu. Ná onim sɛ ɛsɛ sɛ ɔsɔfo tu ne ho si hɔ ma nnipa ne sɛ ontumi nware. Nanso, na asɔfo ne asɔfodi sukuu no mufo binom a Gustavo nim wɔn no de wɔn ho hyɛ ɔbrasɛe mu. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, ankyɛ na Gustavo fii asanom bebrebe ase. Ɛda adi pefee sɛ na onhuu honhom fam paradise no.

Da koro, Gustavo kenkan Bible ho kratawa bi a ɛkaa asase so paradise ho asɛm. Ɛma osusuw asetra atirimpɔw ho. Ɔka sɛ: “Mifii ase kenkan Bible no mpɛn pii, nanso mante ase. Manhu mpo sɛ Onyankopɔn wɔ din.” Ofii asɔfodi sukuu no mu, na ɔkɔɔ Yehowa Adansefo nkyɛn kɔhwehwɛɛ mmoa a ɛbɛma wate Bible no ase. Ɛno akyi no, onyaa nkɔso ntɛmntɛm na ankyɛ na ohyiraa ne nkwa so maa Onyankopɔn. Ná Gustavo resua honhom fam paradise no ho ade.

Nkurɔfo a Onyankopɔn Din Da Wɔn So

Gustavo behui sɛ Onyankopɔn din, Yehowa, no nyɛ ade a Bible suani ani gye ho kɛkɛ. (Exodus 6:3) Ɛyɛ nokware som mu ade titiriw. Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.” (Mateo 6:9) Bere a osuani Yakobo reka Amanaman mufo a wɔbɛyɛɛ Kristofo ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Onyankopɔn kɔhwɛɛ amanaman no mu . . . paw ɔman bi fii wɔn mu maa ne din.” (Asomafo no Nnwuma 15:14) Wɔ afeha a edi kan mu no, na ‘nkurɔfo a ɔpaw wɔn maa ne din’ no ne Kristofo asafo no. So nkurɔfo bi wɔ hɔ a wɔapaw wɔn ama Onyankopɔn din nnɛ? Yiw, Gustavo behui sɛ saa nkurɔfo no ne Yehowa Adansefo.

Yehowa Adansefo reyɛ adwuma wɔ nsase ne nsasesin bɛyɛ 235 so. Wɔn dodow bɛboro asomfo ɔpepem asia, na nnipa afoforo ɔpepem awotwe a wɔyɛ anigyefo akɔ wɔn nhyiam ahorow. Wɔn baguam som adwuma a wɔde nim wɔn yiye no ma Yesu nsɛm yi ba mu: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Ɛnde dɛn nti na Gustavo tee nka sɛ ɛdenam ɔne Yehowa Adansefo fekubɔ so no, wahu honhom fam paradise no? Ɔka sɛ: “Mede nea mihui wɔ wiase no mu ne ne titiriw no, nea mihui wɔ asɔfodi sukuu mu no totoo nea mihui wɔ Yehowa Adansefo mu no ho. Nsonsonoe kɛse a ɛwom ne ɔdɔ a ɛwɔ Adansefo mu no.”

Afoforo nso aka nsɛm a ɛte saa ara afa Yehowa Adansefo ho. Brazilni ababaa bi a wɔfrɛ no Miriam kae sɛ: “Ná minnim ɔkwan a mɛfa so anya anigye, wɔ m’abusua mu mpo. Yehowa Adansefo mu na midii kan huu sɛnea wɔda ɔdɔ adi.” Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Christian kae sɛ: “Ná mede me ho hyɛ ahonhonsɛmdi mu bere ne bere mu, nanso na nyamesom ho nhia me. Ná me dibea ne adwuma a meyɛ sɛ afiriyɛfo no som bo ma me kɛse. Nanso, bere a me yere fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, mihuu nsakrae bi wɔ ne ho. M’ani gyee Kristofo mmea a wɔbaa ne nkyɛn no anigye ne nsiyɛ no nso ho.” Dɛn nti na nkurɔfo ka nsɛm a ɛte saa fa Yehowa Adansefo ho?

Dɛn Ne Honhom Fam Paradise No?

Ade biako a ɛma Yehowa Adansefo da nsow ne Bible mu nimdeɛ ho anisɔ a wɔkyerɛ no. Wogye di sɛ Bible no yɛ nokware, na ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm. Enti, ɛnyɛ wɔn som mu nsɛntitiriw nkutoo na wɔpɛ sɛ wohu. Wɔwɔ nhyehyɛe a ɛma wɔkɔ so yɛ kokoam adesua ne Bible akenkan. Bere tenten a obi ne Yehowa Adansefo bɔ no, dodow no ara na onya Onyankopɔn ne N’atirimpɔw a wɔada no adi wɔ Bible mu no ho nimdeɛ.

Nimdeɛ a ɛte saa ma Yehowa Adansefo de wɔn ho fi nneɛma te sɛ gyidihunu ne nsusuwii a epira a ɛmma nkurɔfo nnya anigye ho. Yesu kae sɛ: ‘Nokware no bɛma moade mo ho,’ na Yehowa adansefo ahu sɛ eyi yɛ nokware. (Yohane 8:32, NW) Fernando a bere bi na ɔde ne ho hyɛ ahonhonsɛmdi mu no ka sɛ: “Daa nkwa ho ade a misuae ankasa no maa me ho tɔɔ me yiye. Ná misuro sɛ me, anaa m’awofo bewu.” Nokware no maa Fernando dee ne ho fii suro a na osuro ahonhommɔne ne nea wɔfrɛ no owu akyi asetra no ho.

Wɔ Bible mu no, Onyankopɔn ho nimdeɛ ne paradise wɔ abusuabɔ a emu yɛ den. Odiyifo Yesaia kae sɛ: “Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na [Yehowa ho nimdeɛ, NW] bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.”—Yesaia 11:9.

Ɛwom sɛ nimdeɛ nkutoo ntumi mfa asomdwoe a Yesaia kaa ho asɛm siei no mma. Ɛsɛ sɛ obi de nea osua no di dwuma. Fernando kaa asɛm yi: “Sɛ obi sow honhom aba a, ɔboa ma yenya honhom fam paradise.” Ná Fernando reka ɔsomafo Paulo a ɔfrɛɛ suban pa a ɛsɛ sɛ Kristoni da no adi “honhom aba” no ho asɛm. Ɔkae sɛ ɛne “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ahosodi.”—Galatifo 5:22, 23, NW.

Wubetumi ahu nea enti a sɛ wo ne nnipakuw a wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya su a ɛte saa bɔ a ɛyɛ te sɛ nea wowɔ paradise ankasa no? Honhom fam paradise a odiyifo Sefania hyɛɛ ho nkɔm no bɛtra nnipa a wɔte saa mu. Ɔkae sɛ: ‘Wɔrenyɛ akɔntɔnkyede, na wɔrenka atosɛm, na wɔrenhu nsisi tɛkrɛma wɔn anom, na wɔn de, wɔbɛyɛn wɔn ho na wɔabutubutuw hɔ, na obi renyi wɔn hu.’—Sefania 3:13.

Dwuma Titiriw a Ɔdɔ Di

Ebia wohyɛɛ no nsow sɛ honhom aba a edi kan a Paulo kaa ho asɛm ne ɔdɔ. Eyi ne su a Bible ka ho asɛm pii. Yesu kae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Ɛwom, Yehowa Adansefo nyɛ pɛ. Ɛtɔ mmere bi a wɔne wɔn ho wɔn ho nya nsɛm sɛnea na ɛte wɔ Yesu asuafo no mu no ara pɛ. Nanso wɔdodɔ wɔn ho ankasa, na wɔbɔ mpae de hwehwɛ honhom kronkron no mmoa bere a wɔda su yi adi no.

Esiane eyi nti, wɔn fekubɔ no da nsow. Abusua mu nyiyim anaa ɔmampɛ a ɛde mpaapaemu ba biara nni wɔn mu. Nokwarem no, Adansefo pii a na wɔwɔ mmeae a wɔtɔre mmusuakuw ase na wokunkum mmusua bi mufo pii bere a afeha a ɛto so 20 reba awiei no de wɔn nkwa mpo too asiane mu bɔɔ wɔn ho wɔn ho ban. Ɛmfa ho sɛ “wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu no,” wɔwɔ biakoyɛ a, sɛ wonka wɔn ho a ɛbɛyɛ den sɛ wobɛte ase.—Adiyisɛm 7:9.

Paradise a Ɛwɔ Wɔn a Wɔyɛ Onyankopɔn Apɛde Mu

Adifudepɛ, ɔbrasɛe, ne pɛsɛmenkominya nni afã biara wɔ honhom fam paradise no mu. Wɔka kyerɛ Kristofo sɛ: “Monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.” (Romafo 12:2) Sɛ yɛbɔ bra a ɛho tew na yɛyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ akwan horow so a, ɛboa ma yɛhyehyɛ honhom fam paradise no, na ɛde anigye brɛ yɛn ankasa. Carla hui sɛ eyi yɛ nokware. Ɔka sɛ: “Me papa kyerɛɛ me sɛ menyɛ adwuma denneennen na manya sika a mede bɛhwɛ me ho. Nanso ɛmfa ho sɛ sukuupɔn a mekɔe no ma metee nka sɛ mewɔ ahobammɔ no, mehweree abusua mu biakoyɛ ne ahobammɔ a nimdeɛ a efi Onyankopɔn Asɛm mu nkutoo na ebetumi ama yɛanya no.”

Ɛwom, honhom fam paradise mu a obi benya atra no nyi asetram haw mfi ne so. Kristofo da so ara yare. Ɔmanko betumi asi ɔman a wɔte mu no mu. Ohia ka wɔn mu pii. Nanso, abusuabɔ a emu yɛ den a yɛne Yehowa Nyankopɔn benya—a ɛyɛ honhom fam paradise no fã titiriw—no kyerɛ sɛ yebetumi ahwehwɛ ne nkyɛn mmoa. Nokwasɛm ni, ɔto nsa frɛ yɛn sɛ ‘yɛnnan yɛn nnosoa nto ne so,’ na nnipa pii betumi adi anwonwakwan a ɔnam so aboa wɔn wɔ tebea horow a emu yɛ den sen biara mu no ho adanse. (Dwom 55:22; 86:16, 17) Onyankopɔn hyɛ n’asomfo bɔ sɛ sɛ wɔwɔ “esum kabii bon no mu” mpo a, ɔka wɔn ho. (Dwom 23:4) Ahotoso a yɛwɔ sɛ Onyankopɔn ayɛ krado sɛ ɔbɛboa yɛn no boa yɛn ma yɛkora “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so” no so.—Filipifo 4:7.

Honhom Fam Paradise no Ho Mmɔden a Yɛbɛbɔ

Nnipa dodow no ara ani gye ho sɛ wɔbɛkɔ ahomegyebea anaa turo bi mu. Wɔn ani gye sɛ wɔbɛnantew mu anaasɛ wɔbɛtra benkyi bi so ahwɛ hɔ. Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, nnipa pii ani gye sɛ wɔne Yehowa Adansefo bɛbɔ. Wohu sɛ wɔn fekubɔ no yɛ anigye, asomdwoe wom, na ɛma ahotɔ. Nanso sɛ turo a ɛyɛ fɛ biara bɛkɔ so ayɛ te sɛ paradise a, ehia sɛ wɔyɛ mu adwuma. Saa ara na honhom fam paradise no te wɔ wiase a ɛnyɛ paradise yi mu efisɛ Yehowa Adansefo yɛ ho adwuma na Onyankopɔn hyira wɔn mmɔdenbɔ so. Ɛnde ɔkwan bɛn so na obi betumi ayɛ biribi aboa saa paradise no?

Nea edi kan no, ehia sɛ wode wo ho bɔ Yehowa Adansefo asafo bi, na wo ne wɔn sua Bible, na wunya Bible mu nimdeɛ a ɛne honhom fam paradise no nnyinaso no. Carla kae sɛ: “Honhom fam paradise biara nni hɔ a honhom fam aduan nnim.” Ebi ne sɛ wobɛkenkan Onyankopɔn Asɛm daa na woasusuw nea wokenkan no ho. Nimdeɛ a wubenya no bɛka wo abɛn Yehowa Nyankopɔn, na ɛbɛma woadɔ no. Afei nso wubesua sɛ wo ne no bɛkasa wɔ mpaebɔ mu na woasrɛ ne nkyɛn akwankyerɛ ne ne honhom no mmoa bere a woyɛ n’apɛde no. Yesu ka kyerɛɛ yɛn sɛ yennnyae mpaebɔ. (Luka 11:9-13) Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Munnnyae mpaebɔ da!” (1 Tesalonikafo 5:17) Hokwan a wunya sɛ wo ne Onyankopɔn bɛkasa wɔ mpaebɔ mu ne ahotoso koraa a wowɔ sɛ otie wo no yɛ honhom fam paradise no mu ade titiriw.

Bere kɔ so no, nea wusua no bɛma w’asetra atu mpɔn, na awiei koraa no, wobɛka ho asɛm akyerɛ afoforo. Ɛno ansa na wubetumi atie Yesu ahyɛde a ese: “Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nneyɛe pa, na wɔahyɛ mo agya a ɔwɔ soro no anuonyam.” (Mateo 5:16) Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ho nimdeɛ ho asɛm a yɛbɛka akyerɛ afoforo na yɛakamfo ɔdɔ kɛse a wɔada no adi akyerɛ adesamma no de anigye pii ba.

Bere bi reba a asase nyinaa bɛyɛ paradise ankasa—baabi a ɛte sɛ turo a ɛfata sɛ adesamma anokwafo tra a efĩ biara nni hɔ. Wɔ a honhom fam paradise yi wɔ hɔ wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu no yɛ Onyankopɔn tumi ho adanse ne nea ɔbɛyɛ daakye no ho nhwɛso ketewaa bi.—2 Timoteo 3:1.

Mprempren mpo, wɔn a wɔwɔ honhom fam paradise mu no nya Yesaia 49:10 no mmamu wɔ honhom fam. “Ɔkɔm renne wɔn, na osukɔm renne wɔn, na kumaforote ne owia renka wɔn, na nea ohu wɔn mmɔbɔ no begya wɔn, na wakyerɛ wɔn mmasu so kwan.” José bedi nokwasɛm a ɛno yɛ no ho adanse. Ná ne botae ne sɛ ɔbɛyɛ odwontofo kɛse, nanso onyaa abotɔyam kɛse wɔ Kristofo asafo no a ɔne wɔn som Onyankopɔn no mu. Ɔka sɛ: “Mprempren manya asetra a mfaso wɔ so. Mete nka sɛ mewɔ ahobammɔ wɔ anuanom Kristofo no mu, na minim Yehowa sɛ Agya a ɔwɔ dɔ a yebetumi de yɛn ho ato no so.” Wɔka anigye a José—ne nnipa ɔpepem pii a wɔte sɛ ɔno—wɔ no ho asɛm ma ɛfata wɔ Dwom 64:10 sɛ: “Ɔtreneeni ani begye [Yehowa, NW] ho, na waguan atoa no.” Honhom fam paradise ho nkyerɛkyerɛmu a ɛyɛ dɛ bɛn ara ni!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Wɔn a yɛabobɔ wɔn din no yɛ nnipa ankasa, nanso yɛasesa edin ahorow no bi.

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Bere a worenya honhom fam paradise no mu anigye no, boa ma wɔntrɛw mu!