Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Oprehyɛn a Wɔmma Mogya Wom “Aduruyɛ mu Adeyɛ Titiriw”

Oprehyɛn a Wɔmma Mogya Wom “Aduruyɛ mu Adeyɛ Titiriw”

Oprehyɛn a Wɔmma Mogya Wom “Aduruyɛ mu Adeyɛ Titiriw”

WƆ ASƐMTI “Oprehyɛn a ‘Wɔmma Mogya Wom’” ase no, Maclean nsɛmma nhoma no bɔɔ amanneɛ sɛ nnuruyɛfo a wɔwɔ Canada nyinaa “refa akwan foforo bi so a mfe anum a atwam ni no, ama nea wɔfrɛ no oprehyɛn a wɔmma mogya wom abɛyɛ aduruyɛ mu adeyɛ titiriw.” Brian Muirhead a ɔhwɛ ma nea wɔreyɛ no oprehyɛn tra nkwa mu wɔ Winnipeg’s Health Sciences Centre no yɛ wɔn mu biako. Dɛn na ɛma ɔhwehwɛɛ nnuru a mogya nnim a wɔde sa yare akyi kwan?

Wɔ 1986 mu no, Oduruyɛfo Muirhead gyee asɛyɛde a ɛne sɛ ɔbɛyɛ ɔbarima bi a wadi mfe 70 a mogya tu ne nsono ho, a esiane ne gyidi a egyina Bible so sɛ Yehowa Dansefo nti wasrɛ sɛ wɔnhwɛ no yare a wɔmma no mogya, oprehyɛn too ne ho so. (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Maclean bɔ amanneɛ sɛ Oduruyɛfo Muirhead “faa ɔkwan a na wɔntaa mfa so koraa a ɛne sɛ ɔbɛma ɔyarefo no saline na amma ne mogya so antew so. Ɔkwan a ɔfaa so no yɛɛ yiye, na esii ade a na Muirhead gye tom kɛse yi so dua sɛ ‘yɛde mogya pii rema dodo. Misusuw sɛ bere aso sɛ yɛhwehwɛ akwan foforo.’”

“Mogya a afoforo befi wɔn pɛ mu de ama daakye ho dadwen—ne suro a ayarefo pii suro sɛ wobenya ɔyare mmoawa afi mogya a wogye mu na ɛkɔfaa” oprehyɛn a wɔmma mogya wom ho asɛm bae. Esiane nhwehwɛmu a Nnuruyɛfo a wɔpɛ nsakrae ayɛ nti, ɛnyɛ Yehowa Adansefo nkutoo na wɔanya so mfaso na mmom nnipa foforo pii nso. Maclean ka sɛ: “Sɛ yɛde hia a mogya a wɔde ma ho nhia no to nkyɛn a, oprehyɛn a wɔmma mogya wom tew asiane—ɛmfa ho sɛ esua—a ɛwɔ hɔ sɛ wobenya nsanyare afi mogya mu no so.” Nanso mogya a “ɔyare mmoawa nnim” mpo betumi ama obi anya nsanyare denam brɛ a ɛbɛbrɛ ɔyarefo no nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no ase bere tiaa mu no so.

Dɛn nti na Yehowa Adansefo wɔ nnuru a mogya nnim a wɔde sa yare mu gyidi pintinn saa? Ebia w’ani begye ho sɛ wobɛkenkan How Can Blood Save Your Life? nhomawa no. Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔne wo besusuw ho.