Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔn A Wɔnantew Onyankopɔn Hann Mu No Ani Gye

Wɔn A Wɔnantew Onyankopɔn Hann Mu No Ani Gye

Wɔn A Wɔnantew Onyankopɔn Hann Mu No Ani Gye

“Mommra mma yɛnkɔ, na yɛnkɔnantew [Yehowa, “NW”] hann mu.”—YESAIA 2:5.

1, 2. (a) Ɔkwan bɛn so na hann ho hia? (b) Dɛn nti na kɔkɔbɔ a ɛne sɛ esum bɛkata asase so no yɛ aniberesɛm?

YEHOWA ne hann Fibea. Bible frɛ no nea ‘Ɔma owia haran awia na ɔhyɛ ɔsram ne nsoromma ma ɛharan anadwo.’ (Yeremia 31:35; Dwom 8:3) Ɔne nea ɔbɔɔ owia, a ɛyɛ nuklea fononoo kɛse a ɛde ahoɔden pii gu ahunmu, na ebi yɛ hann ne ɔhyew no. Saa ahoɔden no fã ketewaa bi pɛ a edu asase yi so sɛ owia hann no na ɛkora nkwa so no. Sɛ owia hann nni hɔ a, anka yentumi ntra ase. Anka asase bɛyɛ okyinnsoromma a nkwa ntumi ntra so.

2 Bere a ɛno wɔ yɛn adwenem no, yebetumi ate aniberesɛm a ɛwɔ tebea a odiyifo Yesaia kaa ho asɛm no mu no ase. Ɔkae sɛ: “Hwɛ, esum bɛkata asase so, na esum kabii akata aman so.” (Yesaia 60:2) Nokwarem no, eyi nkyerɛ esum ankasa. Yesaia ankyerɛ sɛ ɛda bi bɛba a owia, ɔsram, ne nsoromma renhyerɛn. (Dwom 89:36, 37; 136:7-9) Mmom no, na ɔreka honhom fam sum ho asɛm. Nanso, honhom fam sum yɛ hu. Efisɛ, sɛnea honam fam hann nni hɔ a yentumi ntra ase no, saa ara na sɛ honhom fam hann nni hɔ a yentumi ntra ase.—Luka 1:79.

3. Esiane Yesaia nsɛm no nti, dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ?

3 Esiane eyi nti, ehia sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ, ɛwom sɛ Yesaia nsɛm no nyaa mmamu wɔ tete Yuda so de, nanso ɛrenya ne mmamu kɛse nnɛ. Yiw, yɛn bere yi mu no, honhom fam sum akata wiase no so. Wɔ tebea a ɛyɛ hu saa mu no, honhom fam hann ne ade a ɛho hia sen biara. Ɛno nti na ɛyɛ papa sɛ Kristofo tie Yesu afotu yi no: “Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim.” (Mateo 5:16) Nokware Kristofo betumi ama esum no mu ayɛ hare ama ahobrɛasefo, na wɔnam so ama wɔafata ama nkwagye.—Yohane 8:12.

Esum Mmere Wɔ Israel

4. Bere bɛn na Yesaia nkɔmhyɛ nsɛm no baam nea edi kan, nanso tebea bɛn na na ɛwɔ n’ankasa bere so dedaw?

4 Yesaia nsɛm a ɛfa esum a ɛbɛkata amanaman nyinaa so ho no dii kan nyaa mmamu bere a Yuda daa mpan na wɔde emu nnipa kɔɔ nnommumfa mu wɔ Babilon no. Nanso, ansa na ɛno mpo reba no, na honhom fam sum akata ɔman no fã kɛse so dedaw wɔ Yesaia ankasa bere so, na ɛno na ɛkaa no ma ɔhyɛɛ ne manfo nkuran sɛ: “Yakob fi, mommra mma yɛnkɔ, na yɛnkɔnantew [Yehowa, NW] hann mu” no.—Yesaia 2:5; 5:20.

5, 6. Nneɛma bɛn na ɛmaa esum baa Yesaia bere so?

5 Yesaia hyɛɛ nkɔm wɔ Yuda wɔ “Yuda ahene Usia ne Yotam ne Ahas ne Hesekia bere so.” (Yesaia 1:1) Na ɛyɛ amammui bere a emu yɛ den a na basabasayɛ, nyamesom mu nyaatwomyɛ, atemmu mu ɔporɔw, ne ahiafo a wɔhyɛ wɔn so wom. Wɔ ahemfo a na wodi nokware te sɛ Yotam bere so mpo no, na wotumi hu atoro anyame afɔremuka a esisi nkoko pii atifi. Na tebea no asɛe koraa wɔ ahemfo a na wonni nokware no bere so. Sɛ nhwɛso no, ɔhene tirimɔdenfo Ahas yɛɛ ade kɔɔ akyiri araa ma ɔde ne ba bɔɔ afɔre maa onyame Molek. Na ɛyɛ esum bere ampa!—2 Ahene 15:32-34; 16:2-4.

6 Ná amanaman no nsɛm tebea nso yɛ hu. Ná Moab, Edom, ne Filistea abegyina Yuda ahye so rehunahuna wɔn. Ɛwom sɛ na atifi fam Israel ahemman no ne Yuda bɔ abusua de, nanso na wɔabɛdan wɔn atamfo denneennen. Na Siria nso rehaw Yuda adwene wɔ atifi fam nohoa. Na nea ɛyɛ hu sen biara ne Asiria atirimɔdenfo no a na wɔrehwehwɛ hokwan atrɛw wɔn tumidi mu bere nyinaa no. Bere a Yesaia rehyɛ nkɔm no, Asiria dii Israel so nkonim koraa, ma anka wɔreyɛ asɛe Yuda nso. Eduu bere bi no, na Asiria adi Yuda nkurow a ɛyɛ den nyinaa so nkonim, gye Yerusalem.—Yesaia 1:7, 8; 36:1.

7. Ɔkwan bɛn na Israel ne Yuda pawee, na Yehowa yɛɛ n’ade dɛn wɔ ho?

7 Esiane sɛ Israel ne Yuda anni Onyankopɔn nokware nti na ɔmaa ne nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam no huu amane a ɛtete saa no. Te sɛ nkurɔfo a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Mmebusɛm nhoma no mu no, na ‘wɔrefi trenee akwan so akɔnantew sum akwan so.’ (Mmebusɛm 2:13) Nanso, ɛwom sɛ na Yehowa bo afuw ne nkurɔfo no de, nanso wannyaw wɔn koraa. Mmom no, ɔmaa Yesaia ne adiyifo foforo sɔree de honhom fam hann maa ɔman no muni biara a na ɔpɛ sɛ ɔsom Yehowa nokware mu no. Na hann a saa adiyifo yi de mae no som bo ampa. Ná ɛma nkwa.

Esum Mmere a Ɛwɔ Hɔ Nnɛ

8, 9. Nneɛma bɛn na ɛde esum aba wiase nnɛ?

8 Na Yesaia bere so tebea no te sɛ nea yehu nnɛ no ara pɛ. Yɛn bere yi so no, nnipa akannifo adan wɔn akyi akyerɛ Yehowa ne ne Hene a ɔde no asi agua so, Yesu Kristo. (Dwom 2:2, 3) Kristoman nyamesom akannifo no adaadaa wɔn nguankuw no. Akannifo a wɔte saa ka sɛ wɔsom Onyankopɔn, nanso nokwarem no, wɔ abosonsom nkyerɛkyerɛ akyi no, wɔn mu dodow no ara kamfo wiase yi anyame—ɔmampɛ, asraadi, ahonyade, ne nnipa a wɔyɛ akunini.

9 Kristoman mu asɔre ahorow de wɔn ho ahyɛ amanko ne ɔmanfo basabasayɛ a ɛma wɔtɔre mmusuakuw ase ne ahude foforo mu wɔ mmeae pii. Afei nso, sɛ anka asɔre ahorow no begyina Bible mu abrabɔ akyi no, wɔn mu pii abu wɔn ani agu so anaasɛ wɔagye ɔbrasɛe te sɛ aguamammɔ ne nnipa a wokura bɔbeasu biako ntam nna atom denneennen. Esiane sɛ Kristoman apo Bible gyinapɛn ahorow a ɛtete saa nti, emufo no te sɛ mmarima a tete odwontofo no kaa wɔn ho asɛm yi no: “Wonnim de, na wɔnte ase, esum mu na wɔnantew kɔ, asase nnyinaso nyinaa rewosow.” (Dwom 82:5) Nokwarem no, Kristoman te esum kabii mu te sɛ tete Yuda.—Adiyisɛm 8:12.

10. Ɔkwan bɛn so na hann hyerɛn wɔ esum no mu nnɛ, na ɔkwan bɛn so na ahobrɛasefo nya so mfaso?

10 Esum a ɛte sɛɛ mu na Yehowa rema hann ahyerɛn ama ahobrɛasefo. Ɔde ne nkoa a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no na ɛredi eyi ho dwuma, na wɔn nso ‘rehyerɛn sɛ akanea wɔ wiase.’ (Mateo 24:45; Filipifo 2:15) Saa akoa kuw no a wɔn ahokafo “nguan foforo” ɔpepem pii taa wɔn akyi no da honhom fam hann a egyina Onyankopɔn Asɛm, Bible, so no adi. (Yohane 10:16) Wɔ wiase a aduru sum yi mu no, saa hann no ma ahobrɛasefo nya anidaso, ɛboa wɔn ma wɔne Onyankopɔn nya abusuabɔ, na ɛboa wɔn ma wɔkwati honhom fam asiane ahorow nso. Ɛyɛ ade a ɛsom bo a ɛma nkwa.

“Makamfo Wo Din”

11. Nsɛm bɛn na Yehowa de too gua wɔ Yesaia bere so?

11 Akwankyerɛ bɛn na Yehowa de mae wɔ esum bere a na Yesaia te mu no mu ne esum kabii bere a na ɛbɛba ɛno akyi bere a Babilonfo faa Yehowa man no kɔɔ nnommumfa mu no mu? Abrabɔ fam akwankyerɛ a ɔde mae akyi no, odii kan daa sɛnea ɔbɛma n’atirimpɔw ahorow abam wɔ ne nkurɔfo so no adi pefee. Sɛ nhwɛso no, susuw nkɔmhyɛ ahorow a ɛyɛ anigye a ɛwɔ Yesaia ti 25 kosi 27 no ho hwɛ. Saa ti ahorow yi mu nsɛm no da sɛnea Yehowa dii nneɛma ho dwuma saa bere no, ɛne sɛnea odi ho dwuma nnɛ no adi.

12. Asɛm a ɛka koma bɛn na Yesaia kae?

12 Nea edi kan no, Yesaia ka sɛ: “[Yehowa, NW], me Nyankopɔn ne wo, mɛma wo so makamfo wo din.” Nkamfo a efi komam bɛn ara ni! Nanso, dɛn na ɛkaa odiyifo no ma ɔbɔɔ saa mpae yi? Wɔda ade titiriw nti a ɔyɛɛ saa no adi wɔ nkyekyem no fã a ɛto so abien no mu, baabi a yɛkenkan sɛ: “Sɛ [wo Yehowa] woayɛ anwonwade; tete beeme agyinatu atim ayɛ nokware.”—Yesaia 25:1.

13. (a) Nimdeɛ bɛn na ɛhyɛɛ anisɔ a Yesaia wɔ ma Yehowa no mu den? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi asua biribi afi Yesaia nhwɛso no mu?

13 Eduu Yesaia bere so no, na Yehowa ayɛ anwonwade pii ama Israel, na na wɔayɛ saa nneɛma no ho kyerɛwtohɔ. Ɛda adi pefee sɛ na Yesaia nim saa kyerɛwtohɔ ahorow yi. Sɛ nhwɛso no, na onim sɛ Yehowa gyee ne nkurɔfo fii nkoasom mu wɔ Misraim, na ogyee wɔn fii Farao asraafo no abufuw mu wɔ Po Kɔkɔɔ no ho. Na onim sɛ Yehowa dii ne nkurɔfo anim faa sare so de wɔn baa Bɔhyɛ Asase no so. (Dwom 136:1, 10-26) Abakɔsɛm mu kyerɛwtohɔ a ɛte saa daa no adi sɛ Yehowa Nyankopɔn yɛ ɔnokwafo ne nea wotumi de ho to no so. ‘N’agyinatu’—nneɛma a ɔbɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ nyinaa—bam. Nokware nimdeɛ a Onyankopɔn de mae no hyɛɛ Yesaia den ma ɔkɔɔ so nantew hann no mu. Enti, ɔyɛɛ nhwɛso pa maa yɛn. Sɛ yɛde ahwɛyiye sua Onyankopɔn Asɛm na yɛde di dwuma wɔ asetra mu a, yɛn nso yebetumi akɔ so anantew hann no mu.—Dwom 119:105; 2 Korintofo 4:6.

Wɔsɛe Kurow No

14. Nkɔm bɛn na wɔhyɛ faa kurow bi ho, na ɛda adi sɛ na saa kurow no yɛ kurow bɛn?

14 Yehu Onyankopɔn agyinatu ho nhwɛso bi wɔ Yesaia 25:2, baabi a yɛkenkan sɛ: “Wodan kurow afabo kuw, woama abannennen ayɛ abansin; ananafo aban afɛfɛ nyɛ kurow bio, na wɔrento bio da biara da.” Dɛn ne saa kurow yi? Ɛda adi sɛ na Yesaia reka Babilon ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ kwan so. Nokwarem no, bere dui a Babilon bɛdanee afabo kuw no.

15. “Kurow kɛse” bɛn na ɛwɔ hɔ nnɛ, na dɛn na ɛbɛba so?

15 So kurow a Yesaia bɔɔ din no wɔ nsusuwso bi nnɛ? Yiw. Adiyisɛm nhoma no ka “kurow kɛse a edi asase so ahene so hene” ho asɛm. (Adiyisɛm 17:18) Saa kurow kɛse no ne “Babilon kɛse,” wiase nyinaa atoro som ahemman no. (Adiyisɛm 17:5) Ɛnnɛ, Babilon Kɛse no fã titiriw ne Kristoman, a n’asɔfo di anim ma wɔsɔre tia Yehowa nkurɔfo Ahenni asɛnka adwuma no. (Mateo 24:14) Nanso, te sɛ tete Babilon no, wɔbɛsɛe Babilon Kɛse nnansa yi ara, na ɛrensɔre bio.

16, 17. Ɔkwan bɛn so na Yehowa atamfo ahyɛ no anuonyam wɔ tete ne nnɛ bere yi mu?

16 Nkɔm bɛn bio na Yesaia hyɛ faa “kurow a ɛyɛ den” no ho? Bere a Yesaia rekasa akyerɛ Yehowa no, ɔkae sɛ: “Ɔman a ɛyɛ den bɛhyɛ wo anuonyam, amanaman ahoɔdenfo kurow besuro wo.” (Yesaia 25:3) Ɔkwan bɛn so na kurow a wɔtan no yi, “amanaman ahoɔdenfo kurow,” no bɛhyɛ Yehowa anuonyam? Wiɛ, kae nea ɛtoo Babilon hene a na ɔwɔ tumi sen biara, Nebukadnesar no. Bere a onyaa osuahu bi a ɛma ohuu n’ankasa mmerɛwyɛ no, ɛhyɛɛ no ma ogyee Yehowa kɛseyɛ ne ade nyinaa so tumi a Ɔwɔ no toom. (Daniel 4:34, 35) Sɛ Yehowa da ne tumi adi a, ɛma n’atamfo mpo de amemenemfe gye n’anwonwade tom.

17 So biribi ama Babilon Kɛse agye Yehowa anwonwade atom pɛn? Yiw. Wɔ wiase nyinaa ko a edi kan no mu no, Yehowa asomfo a wɔasra wɔn no kaa asɛm no wɔ ahohiahia mu. Wɔ afe 1918 mu no, wɔkɔɔ honhom fam nnommumfa mu bere a wɔde Ɔwɛn Aban Asafo no mu mpanyimfo guu afiase no. Ɛkame ayɛ sɛ asɛnka adwuma ho nhyehyɛe no gyaee koraa. Afei, wɔ afe 1919 mu no, Yehowa san gyee wɔn de ne honhom kanyan wɔn, na wofii ase dii ahyɛde a ɛne sɛ wɔnka asɛmpa no wɔ asase so amanaman nyinaa mu no so. (Marko 13:10) Wɔhyɛɛ eyi nyinaa ne nkɛntɛnso a ebenya wɔ wɔn atamfo so no ho nkɔm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu. ‘Wosuroe, na wɔhyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn anuonyam.’ (Adiyisɛm 11:3, 7, 11-13) Ɛnyɛ sɛ wɔn nyinaa sakraa wɔn som, na mmom ɛhyɛɛ wɔn ma wogyee Yehowa anwonwade a ɔyɛe saa bere no toom, sɛnea na Yesaia aka asie no ara pɛ.

‘Aban a Ɛyɛ Den Ma Mmɔboroni’

18, 19. (a) Dɛn nti na Yehowa nkurɔfo atamfo ntumi nsɛee wɔn mudi mu a wokura no? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔbɛbrɛ “nhyɛsofo dwae dwom” ase?

18 Bere a Yesaia dan kɔɔ sɛnea Yehowa ne wɔn a wɔnantew hann mu di no ayamye mu so no, ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Woayɛ aban a ɛyɛ den ama mmɔboroni, aban a ɛyɛ den ama ohiani, n’ahohia mu, ahum ano guankɔbea, ahohuru mu onwini, atirimɔdenfo ahome ayɛ sɛ ahum ne osu a ɛboro fasu. Wobrɛɛ ananafo hooyɛ ase sɛ nkyerekyerewa so ahohuru; nhyɛsofo dwae dwom brɛɛ ase sɛ omununkum nwini ase ahohuru.”—Yesaia 25:4, 5.

19 Efi afe 1919 no, nhyɛsofo abɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛma nokware asomfo agyae wɔn mũdi mu kura, nanso wontumi. Dɛn ntia? Efisɛ Yehowa yɛ abannennen ne guankɔbea ma ne nkurɔfo. Ɔma wonya hintabea fi ɔtaa a emu yɛ den mu, na ɔyɛ sɛ ɔfasu a ɛyɛ den ma wɔn wɔ ɔsɔretia a ɛte sɛ osuframa ho. Yɛn a yɛnam Onyankopɔn kwan so no de ahotoso hwɛ bere a ‘wɔbɛbrɛ nhyɛsofo dwae dwom ase no’ kwan. Yiw, yɛde anigye rehwɛ da a wobeyi Yehowa atamfo afi hɔ no kwan.

20, 21. Ɔpon bɛn na Yehowa tow, na dɛn na ɛbɛba saa apontow no ase wɔ wiase foforo no mu?

20 Yehowa yɛ pii sen n’asomfo ho ban kɛkɛ a ɔbɔ. Ɔhwɛ wɔn sɛ wɔn Agya a ɔwɔ dɔ. Bere a ogyee ne nkurɔfo fii Babilon Kɛse mu wɔ afe 1919 mu no, ɔtow wɔn nkonimdi pon bi a honhom fam nnuan pii wɔ ase. Wɔhyɛɛ eyi ho nkɔm wɔ Yesaia 25:6, baabi a yɛkenkan sɛ: “Asafo [Yehowa, NW] bɛtow aman nyinaa pon bepɔw yi so: sradeduan, nsã a akyɛ, srade ne hon, nsã a wɔasɔn so.” Hwɛ nhyira ara a yɛanya sɛ yedi saa aduan no bi! (Mateo 4:4) Nnuan pa wɔ ‘Yehowa pon no so’ ampa. (1 Korintofo 10:21) Wɔnam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so ma yɛn nsa ka biribiara a yebehia wɔ honhom fam no.

21 Na Onyankopɔn apontow yi kyerɛ nneɛma pii. Honhom fam apontow a yenya mu kyɛfa seesei no kae yɛn honam fam aduan pii a yebenya wɔ Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ mu no. Saa bere no, honam fam aduan pii bɛka “sradeduan” no ho. Honam fam anaa honhom fam kɔm renne obiara bio. Hwɛ abotɔyam ara a ɛbɛyɛ ama yɛn mfɛfo gyidifo anokwafo a wohu amane seesei esiane “ɔkɔm” a wɔhyɛɛ ho nkɔm a ɛyɛ “sɛnkyerɛnne” a ɛkyerɛ sɛ Yesu aba no fã no nti! (Mateo 24:3, 7) Wɔn fam no, odwontofo no nsɛm no ma wonya awerɛkyekye ankasa. Ɔkae sɛ: “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.”—Dwom 72:16.

22, 23. (a) “Anim ntama” anaa “nkataso” bɛn na wobeyi afi hɔ, na ɔkwan bɛn so? (b) Ɔkwan bɛn so na wobeyi ‘Yehowa nkurɔfo ahohora’ afi hɔ?

22 Afei tie bɔhyɛ a ɛyɛ nwonwa sen saa mpo no. Bere a na Yesaia de bɔne ne owu retoto “anim ntama” anaa “nkataso” ho no, ɔkae sɛ: “Bepɔw yi so na [Yehowa beyi] anim ntama a ɛkataa aman nyinaa anim, ne nkataso a ɛkataa amanaman nyinaa so no.” (Yesaia 25:7) Susuw ho hwɛ! Bɔne ne owu, a ahyɛ adesamma so sɛ kuntu a akyekyere nnipa no befi hɔ koraa. Hwɛ sɛnea yɛn ani gyina da a wɔde Yesu agyede afɔrebɔ no so mfaso bedi dwuma ama adesamma asoɔmmerɛfo anokwafo koraa no!—Adiyisɛm 21:3, 4.

23 Bere a odiyifo a honhom kaa no no retwe adwene asi saa anigye bere no so no, ɔkae sɛ: ‘Onyankopɔn bɛmene owu akosi daa, na Yehowa bɛpopa ani nyinaa so nusu, na wayi ne man ahohora afi asase nyinaa so akɔ, efisɛ Yehowa, na waka.’ (Yesaia 25:8) Onyin ne nyarewa renkum obiara bio, na saa ara na yɛn dɔfo bi renwu mma yensu. Nsakrae a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Afei nso, asase so baabiara nni hɔ a yɛbɛte ahohorabɔ ne atosɛm a Onyankopɔn ne n’asomfo agyina ano bere tenten no bio. Dɛn ntia? Efisɛ Yehowa beyi ne farebae—atoro agya, Satan Ɔbonsam, ne Satan asefo nyinaa, afi hɔ.—Yohane 8:44.

24. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔnantew Yehowa hann mu no yɛ wɔn ade wɔ anwonwade a ɔyɛ ma wɔn no ho?

24 Sɛ wɔn a wɔnantew hann no mu no susuw Yehowa tumi a ɔda no adi saa no ho a, ɛka wɔn ma wɔteɛm sɛ: “Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛn ani daa no so sɛ obegye yɛn no ni; [Yehowa, NW] a yɛn ani daa no so no ni. Momma yenni ahurusi, na yɛn ani nnye ne nkwagye no mu.” (Yesaia 25:9) Ɛrenkyɛ, adesamma atreneefo bedi ahurusi ankasa. Esum no befi hɔ koraa, na anokwafo no bɛnantew Yehowa hann mu akosi daa. So anidaso bi wɔ hɔ a ebetumi ayɛ anigye asen eyi? Dabida!

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛnantew hann no mu nnɛ?

• Dɛn nti na Yesaia kamfoo Yehowa din?

• Dɛn nti na Onyankopɔn nkurɔfo atamfo ntumi nsɛe wɔn mudi mu a wokura no da?

• Nhyira a ɛdɔɔso bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔnantew hann no mu no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 12, 13]

Yudafo de wɔn mma bɔɔ afɔre maa Molek

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

Yehowa ahoɔdenne ho nimdeɛ kaa Yesaia ma ɔkamfoo Yehowa din

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Treneefo bɛnantew Yehowa hann mu akosi daa