Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔn A Wɔpaw Hann No Nya Nkwagye

Wɔn A Wɔpaw Hann No Nya Nkwagye

Wɔn A Wɔpaw Hann No Nya Nkwagye

“[Yehowa, “NW”] ne me hann ne me nkwagye, ɛhena na minsuro no?”—DWOM 27:1.

1. Nkwagye ho nsiesiei bɛn na Yehowa yɛ?

YEHOWA ne owia hann a ɛma nkwa tumi tra asase so no Fibea. (Genesis 1:2, 14) Ɔno na ɔsan yɛ honhom fam hann a eyi Satan wiase mu sum a edi awu fi hɔ no Bɔfo. (Yesaia 60:2; 2 Korintofo 4:6; Efesofo 5:8-11; 6:12) Wɔn a wɔpaw hann no betumi ne odwontofo no abom aka sɛ: “[Yehowa, NW] ne me hann ne me nkwagye, ɛhena na minsuro no?” (Dwom 27:1a) Nanso, sɛnea esii Yesu bere so no, atemmu nkutoo na na wɔn a wɔpaw sum no betumi ahwɛ kwan.—Yohane 1:9-11; 3:19-21, 36.

2. Tete mmere mu no, dɛn na ɛtoo wɔn a wɔpoo Yehowa hann no ne wɔn a wotiee n’asɛm no?

2 Wɔ Yesaia bere so no, Yehowa nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam no mu dodow no ara poo hann no. Ne saa nti, Yesaia huu Israel ahemman a ɛwɔ atifi fam no sɛe sɛ ɔman. Na wɔ afe 607 A.Y.B. mu no, wɔsɛee Yerusalem ne n’asɔrefie no, na wɔde Yudafo no kɔɔ nnommumfa mu. Nanso, wɔhyɛɛ wɔn a wotiee Yehowa asɛm no den ma wɔko tiaa ɔwae a na ɛwɔ hɔ saa bere no. Ɛdefa afe 607 A.Y.B. mu ho no, Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ wɔn a wobetie no no benya wɔn ti adidi mu. (Yeremia 21:8 9) Ɛnnɛ, yɛn a yɛdɔ hann no betumi asua pii afi nea esii saa bere no mu.—Efesofo 5:5.

Anigye a Wɔn a Wɔnantew Hann no Mu Nya

3. Ahotoso bɛn na yebetumi anya nnɛ, na ‘trenee man’ bɛn na yɛdɔ, na “kurow a ɛyɛ den” bɛn na saa ‘man’ no wɔ?

3 “Kurow a ɛyɛ den wɔ yɛn, [Onyankopɔn de] nkwagye ayɛ afasu ne mpempe. Munhiɛ apon no na ɔman trenee nhyɛn mu, ɔman a wɔkora nokwaredi no.” (Yesaia 26:1, 2) Eyi ne nsɛm a nkurɔfo a wɔde wɔn ho too Yehowa so no de dii ahurusi. Yudafo anokwafo a wɔtraa ase Yesaia bere so no hwɛɛ Yehowa kwan sɛ ɔno nkutoo ne wɔn ahobammɔ Fibea ankasa—ɛnyɛ wɔn man mufo atoro anyame no. Ɛnnɛ, yɛwɔ ahotoso a ɛte saa ara. Afei nso, yɛdɔ Yehowa ‘trenee man’—“Nyankopɔn Israel” no. (Galatifo 6:16; Mateo 21:43) Yehowa nso dɔ saa man yi esiane wɔn nokwaredi nti. Ɛdenam ne nhyira so no, Nyankopɔn Israel no wɔ “kurow a ɛyɛ den,” ahyehyɛde a ɛte sɛ kurow a egyina akyi na ɛbɔ ho ban.

4. Adwene bɛn na ɛyɛ papa sɛ yenya?

4 Wɔn a wɔwɔ “kurow” yi mu no nim yiye sɛ ‘nea n’adwene tim Yehowa so na wɔbɛkora no asomdwoe a ɛte hɔ daa mu, efisɛ Yehowa so na ɔde ne ho to.’ Yehowa boa wɔn a wɔn adwene tim ne so na wɔde wɔn ho to no so, na wodi ne trenee nnyinasosɛm so no. Enti, anokwafo a na wɔwɔ Yuda no tiee Yesaia afotu yi: “Momfa mo ho nto [Yehowa, NW] so daa daa, efisɛ Yah [Yehowa, NW] ne daa botan.” (Yesaia 26:3, 4; Dwom 9:10; 37:3; Mmebusɛm 3:5) Wɔn a wɔwɔ adwene a ɛte saa no hwɛ ‘Yah Yehowa’ kwan sɛ ɔno nkutoo ne Ɔbotantim. Wonya ne mu ‘asomdwoe a ɛte hɔ daa.’—Filipifo 1:2; 4:6, 7.

Onyankopɔn Atamfo Animguase

5, 6. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔbrɛɛ tete Babilon ase? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔbrɛɛ ‘Babilon Kɛse” no ase?

5 Na sɛ wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so no hyia amanehunu nso ɛ? Ɛnsɛ sɛ wosuro. Yehowa ma nneɛma a ɛtete saa ho kwan bere bi, nanso awiei koraa no, ɔma wonya ahotɔ, na ɔde atemmu ba wɔn a wɔde amanehunu ba no so. (2 Tesalonikafo 1:4-7; 2 Timoteo 1:8-10) Susuw “kurow a ɛkorɔn” bi asɛm ho hwɛ. Yesaia kae sɛ: “[Yehowa] de wɔn a wɔtete soro ahwe fam, kurow a ɛkorɔn no, wabrɛ no ase; wabrɛ no ase ama adu fam, wama aka fam mfutuma; wɔde nan tiatia so, mmɔborɔfo anan, ahiafo anammɔn.” (Yesaia 26:5, 6) Kurow a ɛkorɔn a wɔaka ho asɛm wɔ ha no bɛyɛ Babilon. Saa kurow no maa Onyankopɔn nkurɔfo no huu amane. Nanso, dɛn na ɛbaa Babilon so? Ɛhwee ase wɔ afe 539 A.Y.B. wɔ Mediafo ne Persiafo nsam. Animguase bɛn ara ni!

6 Yɛn bere yi mu no, Yesaia nkɔmhyɛ nsɛm no kyerɛkyerɛ nea ato “Babilon Kɛse” fi afe 1919 mu no mu yiye. Saa kurow a ɛkorɔn no hwee ase animguase mu saa afe no bere a wɔhyɛɛ no ma ogyaee Yehowa nkurɔfo fii honhom fam nnommumfa mu no. (Adiyisɛm 14:8) Nea esii akyiri yi no yɛɛ animguase koraa. Saa Kristofo kuw ketewa yi twaa wɔn ho ‘tiatiaa’ wɔn a wɔfaa wɔn nnommum bere bi no so. Wɔ afe 1922 mu no, wofii ase bɔɔ Kristoman awiei a ɛreba no ho dawuru, na wɔpaee mu kaa nsɛm a abɔfo baanan a wɔhyɛnee torobɛnto wɔ Adiyisɛm 8:7-12 kae ne ɔhaw abiɛsa a wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ Adiyisɛm 9:1-11:15 no ho asɛm wɔ baguam.

“Ɔtreneeni Kwan Yɛ Tee”

7. Akwankyerɛ bɛn na wɔn a wɔdan ba Yehowa hann ho no nya, hena mu awerɛhyem na wonya, na dɛn na wɔkyerɛ ho anisɔ?

7 Yehowa gye wɔn a wɔba ne hann ho no nkwa, na ɔkyerɛ wɔn kwan, sɛnea Yesaia da no adi no: “Ɔtreneeni kwan yɛ tee, wo na wosesɛw ɔtreneeni tempɔn. Nso w’atemmu kwan so na yɛhwɛ wo [Yehowa, NW] kwan, yɛn kra ani gyina wo din ne wo nkae.” (Yesaia 26:7, 8) Yehowa yɛ trenee Nyankopɔn, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom no no di ne trenee gyinapɛn ahorow so. Sɛ wɔyɛ saa a, Yehowa kyerɛ wɔn kwan, na ɔsesɛw wɔn kwan. Sɛ ahobrɛasefo yi tie Yehowa akwankyerɛ a, wɔda no adi sɛ wɔde wɔn ani to no so, na wofi koma nyinaa mu kyerɛ ne din—ne “nkae”—ho anisɔ.—Exodus 3:15.

8. Su pa bɛn na Yesaia daa no adi?

8 Yesaia ani sɔɔ Yehowa din. Eyi da adi wɔ ne nsɛm a edi hɔ no mu: “Me kra ani gyina wo anadwo, me mu honhom nso, mede mefe wo, na sɛ w’atemmude ka asase a, wiasefo sua trenee.” (Yesaia 26:9) Yesaia ‘kra’—ne ne nipadua nyinaa ani gyinaa Yehowa. Yɛ odiyifo a ɔrebɔ Yehowa mpae anadwo a ewim atɛm dinn, na ɔreka ne komam nsɛm ahwehwɛ Yehowa akwankyerɛ denneennen no ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ. Nhwɛso pa bɛn ara ni! Afei nso, Yesaia suaa trenee fii Yehowa atemmu mu. Ɔkae yɛn wɔ eyi mu sɛ ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ bere nyinaa, na yehu Yehowa apɛde.

Ebinom Paw Esum No

9, 10. Ayamye bɛn na Yehowa daa no adi kyerɛɛ ne man a wɔanni nokware no, nanso wɔyɛɛ wɔn ade dɛn wɔ ho?

9 Yehowa daa adɔe kɛse adi kyerɛɛ Yuda, nanso awerɛhosɛm ne sɛ ɛnyɛ wɔn nyinaa na wogye toom. Mpɛn pii na wɔn mu dodow no ara paw atuatew ne ɔwae mmom sen sɛ wɔbɛpaw Yehowa nokware hann no. Yesaia kae sɛ: “Wɔdom ɔbɔnefo a, onsua trenee; nsɛntrenee asase so na odi amumɔyɛsɛm, na onhu [Yehowa, NW] kɛseyɛ.”—Yesaia 26:10.

10 Yesaia bere so, bere a Yehowa bɔɔ Yuda ho ban wɔ n’atamfo ho no, wɔn mu dodow no ara anhu eyi. Bere a ɔmaa ɔman no nyaa asomdwoe no, wɔankyerɛ ho anisɔ. Enti, Yehowa gyaw wɔn ma wɔsom ‘awuranom foforo,’ na awiei koraa no, ɔma wɔfaa Yudafo no kɔɔ nnommumfa mu wɔ Babilon wɔ afe 607 A.Y.B. (Yesaia 26:11-13) Nanso, bere bi akyi no, ɔman no nkaefo bi a na wɔateɛ wɔn so san baa wɔn kurom.

11, 12. (a) Daakye bɛn na na Yudafo no nnommumfafo no wɔ? (b) Wɔ afe 1919 mu no, daakye bɛn na Yehowa asomfo a wɔasra wɔn no kan nnommumfafo no nyae?

11 Na Yuda nnommumfafo no nso ɛ? Yesaia buaa no nkɔmhyɛ kwan so sɛ: “Awufo rentra ase, asamanfo rensɔre bio, ɛno nti na wobɛtwee wɔn aso na wosɛee wɔn, na womaa wɔn nkae nyinaa yerae.” (Yesaia 26:14) Yiw, bere a wɔsɛee Babilon wɔ afe 539 A.Y.B. mu no wɔn anidaso sae. Bere bi akyi no, na kurow no bɛyera koraa. Na ɔbɛyɛ sɛ ‘owufo a ontumi nyɛ hwee,’ na na wɔbɛtɔre n’ahemman kɛse no ase koraa. Kɔkɔbɔ bɛn na eyi yɛ ma wɔn a wɔde wɔn ho to wiase yi mu atumfoɔ so sɛɛ yi!

12 Saa nkɔmhyɛ yi fã bi nyaa ne mmamu bere a Onyankopɔn maa n’asomfo a wɔasra wɔn no kɔɔ honhom fam nnommumfa mu wɔ afe 1918 mu, na akyiri yi wogyaee wɔn wɔ afe 1919 mu no. Wɔn kan nnommumfafo, Kristoman titiriw, daakye yɛɛ hu fii saa bere no. Nanso, na nhyira a ɛwɔ hɔ ma Yehowa nkurɔfo no dɔɔso yiye.

‘Woama Ɔman no Adɔ’

13, 14. Nhyira a ɛdɔɔso bɛn na Yehowa asomfo a wɔasra wɔn no anya fi afe 1919?

13 Onyankopɔn hyiraa adwensakra honhom a n’asomfo a wɔasra wɔn no daa no adi wɔ afe 1919 mu no so, na ɔma wɔdɔe. Nea edi kan no, wɔde adwene sii Nyankopɔn Israel no mufo a wodi akyiri no anoboaboa so, na afei wofii ase boaboaa “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” no ano. (Adiyisɛm 7:9; Yohane 10:16) Wɔkaa saa nhyira yi ho asɛm siei wɔ Yesaia nkɔmhyɛ no mu: “[Yehowa, NW], woma ɔman no dɔ, woma ɔman no dɔ, w’anim aba nyam, wotrɛw asase no ahye nyinaa mu. [Yehowa, NW], ahohia mu wɔhwehwɛɛ wo, wosii wo nteɛso ano apini.”—Yesaia 26:15, 16.

14 Ɛnnɛ, Nyankopɔn Israel no atrɛw wɔn ahye mu adu asase nyinaa so, na ɛnnɛ nnipakuw kɛse a wɔabɛka wɔn ho no dodow bɛyɛ ɔpepem asia a wɔde anigye renya asɛmpaka adwuma no mu kyɛfa. (Mateo 24:14) Yehowa nhyira bɛn ara ni! Na anuonyam bɛn ara na eyi de ba ne din so yi! Wɔte saa din no wɔ nsase 235 so—ne bɔhyɛ mmamu a ɛyɛ anigye bɛn ara ni.

15. Sɛnkyerɛnne kwan so owusɔre bɛn na esii wɔ afe 1919 mu?

15 Na Yudafo no hia Yehowa mmoa na ama wɔafi Babilon nnommumfa mu. Na wɔn ankasa ntumi nnye wɔn ho. (Yesaia 26:17, 18) Saa ara na Nyankopɔn Israel gye a ɛbae wɔ afe 1919 mu no yɛɛ Yehowa mmoa ho adanse. Sɛ wamfa ne ho annye mu a anka anyɛ yiye. Wɔn tebea no sakrae ma ɛyɛɛ nwonwa araa ma Yesaia de totoo owusɔre ho: “W’awufo benya nkwa, m’afunu bɛsɔre; munnyan nto ahurusi dwom, mo a mote mfutuma mu, na wo bosu yɛ hann bosu, na asase beyi asamanfo agu.” (Yesaia 26:19; Adiyisɛm 11:7-11) Yiw, sɛnea yɛbɛka no no, wɔbɛsan awo awufo a wontumi nyɛɛ hwee no ma wɔasan ayɛ adwuma!

Ahobammɔ Wɔ Mmere a Emu Yɛ Hu Mu

16, 17. (a) Wɔ afe 539 A.Y.B. mu no, dɛn na na ɛsɛ sɛ Yudafo no yɛ na ama wɔanya wɔn ti adidi mu afi Babilon asehwe no mu? (b) Ɛda adi sɛ, dɛn ne “mpia” no nnɛ, na ɔkwan bɛn so na yenya so mfaso?

16 Yehowa asomfo hia n’ahobammɔ bere nyinaa. Nanso, ɛrenkyɛ, ɔbɛteɛ ne nsa nea etwa to atia Satan wiase no, na n’asomfo behia ne mmoa asen bere biara. (1 Yohane 5:19) Ɛdefa saa bere a ɛyɛ hu no ho no, Yehowa bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Me man, kɔ na kɔhyɛ wo mpia mu, na toto w’akyi apon mu; fa wo ho hintaw kakraa bi kosi sɛ abufuw no betwam akɔ. Na hwɛ, [Yehowa, NW] refi n’afã akɔtwe asase sofo aso, wɔn amumɔyɛ nti; na asase beyi ne mogya adi, na ɔrenkata wɔn a wɔakum wɔn nso no so bio.” (Yesaia 26:20, 21; Sefania 1:14) Saa kɔkɔbɔ yi maa Yudafo no huu ɔkwan a wɔbɛfa so anya wɔn ti adidi mu bere a Babilon hwee ase wɔ afe 539 A.Y.B. no. Wɔn a wotiee no bɛhyɛ wɔn afie mu, na amma wɔanhyia asiane biara wɔ asraafo a wɔadi nkonim a wɔnenam mmorɔn so no nsam.

17 Ɛnnɛ, ɛda adi sɛ nkɔmhyɛ no mu “mpia” no fa Yehowa nkurɔfo asafo ahorow ɔpedudu pii a ɛwɔ wiase nyinaa no ho. Ɛnnɛ mpo saa asafo ahorow no yɛ hintabea, baabi a Kristofo nya ahobammɔ wɔ wɔn nuanom mu, wɔ mpanyimfo no hwɛ a ɔdɔ wom ase. (Yesaia 32:1, 2; Hebrifo 10:24, 25) Eyi te saa titiriw esiane sɛnea nneɛma nhyehyɛe yi awiei abɛn na nkwa a obi benya begyina osetie so no nti.—Sefania 2:3.

18. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘bekum po mu asuboa kɛse no’ nnansa yi ara?

18 Yesaia hyɛɛ saa bere no ho nkɔm sɛ: “Ɛda no na [Yehowa, NW] de n’afoa dennen a ɛsõ na ɛyɛ den no bɛtwe bonsu a ɔyɛ ɔwɔ a ne ho yɛ hare, bonsu a ɔyɛ ɔwɔ a ɔpompono no asõ, na wakum po mu asuboa kɛse no.” (Yesaia 27:1) Dɛn ne nnɛyi “bonsu” no? Ɛda adi sɛ ɛne “ɔwɔ dedaw no,” Satan ankasa ne ne nneɛma nhyehyɛe bɔne a ɔde di dwuma de ko tia Nyankopɔn Israel no. (Adiyisɛm 12:9, 10, 17; 13:14, 16, 17) Wɔ afe 1919 mu no, Bonsu no hweree tumi a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn nkurɔfo so no. Bere kɔ so no, wobeyi no afi hɔ koraa. (Adiyisɛm 19:19-21; 20:1-3, 10) Enti, Yehowa ‘bekum po mu asuboa kɛse no.’ Enkosi saa bere no, biribiara a Bonsu no de bɛba Yehowa nkurɔfo so no rentra hɔ nkyɛ. (Yesaia 54:17) Hwɛ awerɛkyekye a ɛyɛ sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ no!

“Bobeturo a Emu Nsa Ani Wɔ Ahuru”

19. Nkaefo no tebea te dɛn nnɛ?

19 Esiane saa hann a efi Yehowa hɔ yi nyinaa nti, so yenni biribi a yebegyina so anya anigye? Yiw, yɛwɔ bi! Yesaia kaa Yehowa nkurɔfo anigye ho asɛm fɛfɛɛfɛ bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛda no, mobɛto dwom ama no sɛ: ‘Bobeturo a emu nsa ani wɔ ahuru! Me, Yehowa, na mebɔ no ho ban. Megu no so nsu bere nyinaa. Sɛnea ɛbɛyɛ a obiara renko ntia no no, mɛbɔ no ho ban anadwo ne awia.’” (Yesaia 27:2, 3, NW) Yehowa ahwɛ ne “bobeturo,” Nyankopɔn Israel nkaefo no ne wɔn mfɛfo adwumayɛfo no so. (Yohane 15:1-8) Nea afi mu aba ne aba a ɛhyɛ ne din anuonyam na ɛma n’asomfo a wɔwɔ asase so ani gye kɛse no.

20. Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɔ Kristofo asafo no ho ban?

20 Yɛn ani betumi agye sɛ abufuw a Yehowa dii kan nyae wɔ ne nkurɔfo a wɔasra wɔn ho—a ɛno nti ɔma wɔkɔɔ honhom fam nnommumfa mu wɔ afe 1918 mu—no agyae. Yehowa ankasa ka sɛ: “Abohuru bi nni me mu; sɛ mihu nsɔe ne nguare ɛ, anka mede kõ mewura mu makɔhyew ne nyinaa. Gye sɛ woguan toa me, na wɔne me di asomdwoesɛm, asomdwoesɛm na ma wɔne me nni.” (Yesaia 27:4, 5) Sɛnea ɛbɛyɛ na Yehowa bobe no akɔ so ama “nsa a ahuru wɔ ani” nti, obubu nguare biara a ebetumi asɛe wɔn no hyew no. Enti, mommma obiara mmfa Kristofo asafo no yiyedi nnto asiane mu! Momma yɛn nyinaa ‘nguan ntoa Yehowa,’ nhwehwɛ n’anim dom ne n’ahobammɔ. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛne Onyankopɔn nya asomdwoe—biribi a ɛte saa a Yesaia kaa ho asɛm mpɛn abien.—Dwom 85:1, 2, 8; Romafo 5:1.

21. Ɔkwan bɛn so na “aba” ahyɛ asase so ma?

21 Nhyira ahorow no kɔ so: “Nna a ɛbɛba no mu Yakob begye ntini, na Israel afefɛw agu nhwiren, na wɔde aba ahyɛ wiase ani mama.” (Yesaia 27:6) Saa nkyekyem yi anya mmamu fi afe 1919, na ada Yehowa tumi adi wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye so. Kristofo a wɔasra wɔn no de “aba,” honhom fam aduan a ahoɔden wom ahyɛ asase so ma. Bere a wɔte wiase a aporɔw mu no, wɔde anigye kora Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn no so. Na Yehowa kɔ so hyira wɔn ma wɔdɔ. Ne saa nti, wɔn ahokafo ɔpepem pii, nguan foforo no, ‘resom Onyankopɔn awia ne anadwo.’ (Adiyisɛm 7:15) Ɛmmra sɛ yɛn werɛ remfi hokwan kɛse a ɛne “aba” no mu kyɛfa a yɛrenya ne ɛho asɛm a yɛreka akyerɛ afoforo no da!

22. Nhyira ahorow bɛn na wɔn a wogye hann no tom no nya?

22 Wɔ saa mmere a emu yɛ den yi mu, bere a esum akata asase so na esum kabii akata amanaman so no, so ɛnyɛ yɛn anisɔ sɛ Yehowa ahwie honhom fam hann agu nkurɔfo so? (Yesaia 60:2; Romafo 2:19; 13:12) Wɔn a wogye hann a ɛte saa tom nyinaa fam no, ɛkyerɛ asomdwoe ne anigye a wonya mprempren, ɛne mpo daa nkwa daakye. Ɛnde, ntease wom sɛ yɛn a yɛdɔ hann no fi yɛn komam yi Yehowa ayɛ, na yɛne odwontofo no bom ka sɛ: “[Yehowa, NW] ne me nkwagye ahoɔden, ɛhena anim na me ho mpopo? Ma w’ani nna [Yehowa, NW] so, hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru, na ma w’ani nna [Yehowa, NW] so.”—Dwom 27:1b, 14.

So Wokae?

• Daakye bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔhyɛ Yehowa nkurɔfo so?

• Nkɔso bɛn na wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ Yesaia nhoma no mu?

• “Mpia” bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ mu, na dɛn ntia?

• Dɛn nti na Yehowa nkurɔfo tebea de ayeyi brɛ no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka wɔ kratafa 22]

NHOMA FOFORO

Wɔmaa nsɛm a yɛasusuw ho wɔ adesua nsɛm abien yi mu fã kɛse no ara sɛ ɔkasa wɔ afe 2000/2001 ɔmantam nhyiam dwumadi no ase. Ɔkasa no awiei no, woyii nhoma foforo a n’asɛmti ne Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I no adi. Wɔasusuw Yesaia nhoma no ti 40 a edi kan no nkyekyem ahorow ho mmiako mmiako wɔ nhoma a ekura nkratafa 416 yi mu.

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Treneefo nkutoo na wɔma wɔtra Yehowa “kurow a ɛyɛ den,” n’ahyehyɛde no mu

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Yesaia hwehwɛɛ Yehowa “anadwo”

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Yehowa bɔ ne “bobeturo” no ho ban na ɔma ɛsow aba