Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

W’ani Betumi Agye Ankasa?

W’ani Betumi Agye Ankasa?

W’ani Betumi Agye Ankasa?

NÁ George serew kyerɛ obiara. Ne fam no, na nkwa yɛ akyɛde a ɛsom bo a ɛsɛ sɛ yenya mu anigye. Ná nea wɔde nim no yiye ne n’anigye ne hwɛ a na ɔhwɛ nneɛma pa kwan no—ammrɛ ase bere a onyin ma ofii ase huu amane mpo no. Ná wonim George sɛ obi a ɔwɔ anigye kosi da a owui. So wowɔ anigye te sɛ George? So wubu adekyee biara sɛ akyɛde a ɛsɛ sɛ wunya mu anigye? Anaasɛ, wunni da foforo ho anigye biara anaa ɛma wobɔ hu mpo? So biribi nti w’ani nnye?

Wɔakyerɛ anigye ase sɛ asetra pa a ɛtra hɔ kyɛ kakra. Nkate ahorow te sɛ abotɔyam ne anigye a emu yɛ den ne ɔpɛ a obi nya sɛ tebea pa no bɛtra hɔ daa. So anigye a ɛte saa wɔ hɔ ankasa?

Ɛnnɛ, nkurɔfo hyɛ adwene a ɛne sɛ gye sɛ nnipa nya wɔn ho sɛnea ɛsɛ ansa na wɔn ani agye no ho nkuran. Nnipa ɔpepem pii kɔ so biri wɔn mogya ani sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya wɔn ho. Wɔ saayɛ mu no, wɔn mu pii de wɔne afoforo ntam abusuabɔ ne asetram nneɛma atitiriw bɔ afɔre. Te sɛ ntɛtea a wɔde ahopere nenam wɔn siw ho bere nyinaa no, wonnya adagyew nsusuw wɔn ankasa asetra ho na saa ara nso na wonnya adagyew mma afoforo. Ntease wom sɛ Los Angeles Times amanneɛbɔ bi ka sɛ “nnipa dodow a wɔyɛ wɔn mu nhwehwɛmu hu sɛ wɔn a wɔwɔ adwenemhaw no redɔɔso, na mfe a nkurɔfo di ansa na wɔanya [adwenemhaw] no so kɔ so tew. . . . Wɔtɔ nnuru a wɔde dwudwo adwenemhaw ano sen aduru biara. Nnipa ɔpepem pii nom nnubɔne anaa wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛnom mmosa de akata wɔn haw so. Sɛ ebinom haw a, wɔtotɔ nneɛma sɛe sika.” Britania atesɛm krataa The Guardian ka sɛ wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe mu no, “mmea na ɛnkyɛ koraa na wɔate asi sotɔɔ mu retotɔ nneɛma de adwudwo wɔn haw ano. Sɛ wɔhaw a, ɛnyɛ den koraa sɛ wɔbɛtotɔ nneɛma asen mmarima mpɛn abiɛsa.”

Nanso, wonnya nokware anigye mfi sotɔɔ, tumpan, aduru, paane, anaa sika a wɔde asie sikakorabea mu. Wɔntɔn anigye; wonya no kwa. Ɛhe na yebetumi anya akyɛde a ɛsom bo saa no? Yebesusuw ɛno ho wɔ asɛm a edi so no mu.