Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Awowaw Me Me Nkwa Nna Nyinaa Mu

Yehowa Awowaw Me Me Nkwa Nna Nyinaa Mu

Asetram Nsɛm

Yehowa Awowaw Me Me Nkwa Nna Nyinaa Mu

SƐNEA FORREST LEE KA KYERƐE

Ná polisifo gyee yɛn gramafon ne Bible ho nhoma nkyɛe. Wiase Ko II maa asɔretiafo nyaa hokwan tuu Canada amrado panyin foforo no aso ma ɔbaraa Yehowa Adansefo dwumadi. Eyi sii wɔ July 4, 1940 mu.

BERE a yɛamma nea ɛbae no ammu yɛn aba mu no, yeyii nhoma pii fii baabi a yɛde asie no kɔɔ so yɛɛ yɛn asɛnka adwuma no. Mɛkae asɛm a Paapa kae saa bere no bere nyinaa: “Yennyae saa kɛkɛ. Yehowa na wahyɛ yɛn sɛ yɛnka asɛm no.” Saa bere no na meyɛ abofra a madi mfe 10 a mete apɔw. Nanso ɛde besi nnɛ mpo no, Paapa bo a na wasi, nsi a ɔyɛe wɔ asɛnka adwuma no ho no da so ara kae me sɛnea yɛn Nyankopɔn, Yehowa, wowaw n’anokwafo no.

Bere foforo a polisifo gyinaa yɛn no, ɛnyɛ yɛn nhoma nko na wɔfae na mmom wɔde Paapa kɔtoo afiase, gyaw Maame ne yɛn mmofra baanan no nko. Ɛno sii wɔ September 1940 mu wɔ Saskatchewan. Ɛno akyi no, ankyɛ na woyii me adi fii sukuu mu sɛ madi m’ahonim a wɔde Bible atete no no so ma enti mankyia frankaa anto ɔman dwom. Esiane sɛ metraa fie toaa me sukuu so nti, minyaa bere kakra, na mede me ho hyɛɛ asɛnka adwuma no mu kɛse.

Wɔ 1948 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ akwampaefo, Yehowa Adansefo a wɔde bere nyinaa yɛ ɔsom adwuma no, sɛ wontu nkɔ Canada apuei fam mpoano. Enti mekɔyɛɛ akwampae adwuma wɔ Halifax, Nova Scotia, ne Cape Wolfe, a ɛwɔ Prince Edward Supɔw so no. Afe a edi hɔ no, migyee nsa a wɔto frɛɛ me sɛ menkɔyɛ adwuma adapɛn abien wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Toronto no so. Saa adapɛn abien no kɔyɛɛ bɛboro mfe asia som adwuma a mfaso wɔ so. Awiei koraa no, mihyiaa Myrna, a na me ne no nyinaa dɔ Yehowa no, na yɛwaree wɔ December 1955 mu. Yɛkɔtraa Milton, Ontario, na ankyɛ na yɛtew asafo foforo wɔ hɔ. Yɛde ɔdan a ɛhyɛ yɛn dan ase no yɛɛ Ahenni Asa.

Ɔpɛ a Yenyae sɛ Yɛbɛtrɛw Yɛn Som Adwuma Mu

Mfe a edi hɔ mu no, yɛwoo mma baasia toatoaa so ntɛmntɛm. Yɛn babea Miriam na odii kan. Ɔno akyi na Charmaine, Mark, Annette, Grant, ne awiei koraa Glen bae. Mpɛn pii no, mefi adwumam aba fie no na mmofra yi abɔ kyenku tete fam wɔ gya ho, a Myrna rekenkan Bible kyerɛ wɔn, na ɔrekyerɛkyerɛ emu nsɛm mu kyerɛ wɔn de Yehowa ho dɔ redua wɔn komam. Esiane ɔdɔ mu a ofi boae nti, yɛn mma no nyinaa nyaa Bible mu nimdeɛ a ɛsɛ bere a na wosusua koraa no.

Ná nsi a me papa yɛ wɔ ɔsom adwuma mu no anya m’adwene ne me koma so nkɛntɛnso kɛse. (Mmebusɛm 22:6) Enti wɔ 1968 mu bere a wɔtoo nsa frɛɛ Yehowa Adansefo mmusua sɛ wontu nkɔ Amerika Mfinimfini fam ne Anafo fam nkɔboa wɔ asɛnka adwuma mu no, yɛn abusua no nyaa ɔpɛ sɛ yebegye ɔfrɛ no so. Eduu saa bere no na yɛn mma no adi fi mfe 5 kosi 13, na na yɛn mu biara nnim Spania kasa mu asɛmfua biako pɛ mpo. Bere a midii akwankyerɛ a wɔde mae so no, mitutuu akwan kɔɔ aman horow so kɔhwɛɛ sɛnea ɛhɔnom asetra te. Bere a mesan bae no, yɛde mpaebɔ susuw baabi a yɛbɛkɔ ho na awiei koraa no, yesii gyinae sɛ yebetu akɔ Nicaragua.

Som a Yɛsom Wɔ Nicaragua

Eduu October 1970 no, na yɛte yɛn fie foforo no mu, na adapɛn abiɛsa pɛ ntam no, wɔmaa me dwumadi ketewaa bi wɔ asafo nhyiam dwumadi mu. Mede Spania kakra a na mete no peree me ho yiye na mede me dwumadi no baa awiei denam asafo mũ no nyinaa a metoo nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmra yɛn fie Memeneda anɔpa 9:30 mmɛnom cerveza (nsa) no so. Na anka mepɛ sɛ meka sɛ servicio, asɛmfua a ɛkyerɛ asɛnka, nanso nea ɛte ne sɛ, na mereto nsa afrɛ wɔn nyinaa sɛ wɔmmɛnom nsa. Nokwarem no, na kasa no sua yɛ den!

Mfiase no, na mekyerɛw nsɛm a mɛka gu me nsa ho, na bere a menam kwan so rekɔ no, na merebobɔ so. Na meka sɛ: “Yɛde nhoma no yɛ ofie Bible adesua a wontua ho hwee.” Obi a ɔpenee so kae akyiri yi sɛ, na ɛsɛ sɛ ɔba yɛn nhyiam ahorow ase ansa na wate nea na mepɛ sɛ meka kyerɛ no no ase. Ɔbarima yi bɛyɛɛ Yehowa Dansefo. Hwɛ sɛnea ɛda adi ampa sɛ Onyankopɔn na ɔma nokware aba no nyin wɔ nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase mu, sɛnea ɔsomafo Paulo kae no!—1 Korintofo 3:7.

Bere a yedii bɛyɛ mfe abien wɔ Managua ahenkurow mu no, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yentu nkɔ Nicaragua anafo fam. Yɛkɔɔ hɔ no, yɛne asafo a ɛwɔ Rivas ne anigyefo a wɔwɔ akuw a atew ne ho mu a wɔbɛn hɔ no yɛɛ adwuma. Sɛ yɛkɔsrasra akuw yi a, Pedro Peña, Ɔdansefo nokwafo bi a ne mfe akɔ anim, kogya me. Na kuw biako wɔ ogya nsupɔw a ɛwɔ Ɔtare Nicaragua ho, baabi a na Yehowa Adansefo abusua biako pɛ te no so.

Ɛwom sɛ na abusua yi nni honam fam nneɛma pii de, nanso wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ yɛn nsrahwɛ no ho anisɔ. Anwummere a yeduu hɔ no, na wɔasiesie aduan asi yɛn akyi. Yedii dapɛn biako wɔ hɔ, na adɔfo a na wɔwɔ hɔ a wɔkyerɛ Bible ho anigye no pii ne yɛn dii wɔn aduan. Yɛn ani gyei sɛ nnipa 101 betiee baguam Bible ɔkasa no Kwasida.

Mete nka sɛ Yehowa tumi a ɔde wowaw no daa adi bere foforo a na ɛsɛ sɛ yɛkɔsra anigyefo kuw bi a na wɔte mmepɔw so wɔ baabi a ɛbɛn Costa Rica hye so no. Eduu da a na ɛsɛ sɛ yefi hɔ no, Pedro bae sɛ ɔrebɛfa me akɔ, nanso na atiridinini aka me ato mpa mu. Mekae sɛ: “Pedro, mintumi nkɔ.” Bere a ɔde ne nsa too me moma so no, ɔkae sɛ: “Wo ho ayɛ hyew paa, nanso ɛsɛ sɛ woba! Anuanom retwɛn.” Ɛnna ɔbɔɔ mpae a ɛka koma sen biara a mate pɛn no mu biako.

Ɛno akyi no, mekae sɛ: “Kɔpɛ fresco (aduaba mu nsu) bi nom. Mesiesie me ho awie bɛyɛ simma du mu.” Ná Adansefo abusua abien te baabi a yɛkɔe no, na wɔhwɛɛ yɛn yiye. Ade kyee no, yɛne wɔn kɔɔ asɛnka ɛmfa ho sɛ na atiridiinini no ama mayɛ mmerɛw no. Hwɛ sɛnea na ɛhyɛ nkuran sɛ nnipa bɛboro ɔha baa nhyiam a yɛyɛɛ no Kwasida no!

Yɛsan Tu Bio

Yɛwoo yɛn ba a ɔto so ason, Vaughn, wɔ 1975 mu. Afe a edi hɔ no, esiane sikasɛm nti na ɛsɛ sɛ yɛsan kɔ Canada. Fi a na yɛrefi Nicaragua no anyɛ mmerɛw efisɛ na yɛahu Yehowa tumi a ɔde wowaw yɛn bere a na yɛte hɔ no. Eduu bere a yefii hɔ no, na nnipa a wɔwɔ yɛn asafo no asasesin mu no bɛboro 500 rekɔ nhyiam ahorow.

Mfiase a wɔpaw me ne me babea Miriam akwampaefo atitiriw wɔ Nicaragua no, Miriam bisaa me sɛ: “Paapa, sɛ ɛba sɛ wobɛsan akɔ Canada a, so wobɛma matra ha?” Na menyɛɛ m’adwene sɛ mɛkɔ enti mikae sɛ: “Yiw!” Enti bere a yefii hɔ no, Miriam kaa hɔ toaa ne bere nyinaa som adwuma no so. Akyiri yi ɔwaree Andrew Reed. Wɔ 1984 mu no wɔkɔɔ Gilead adesuakuw a ɛto so 77, Yehowa Adansefo asɛmpatrɛw sukuu a saa bere no na ɛwɔ Brooklyn, New York no. Mprempren Miriam ne ne kunu som wɔ Dominican Republic, na ɔredi ɔpɛ a asɛmpatrɛwfo a wotu mpɔn de duaa ne mu wɔ Nicaragua no ho dwuma.

Saa bere yi nyinaa no, Paapa nsɛm, “yennyae saa kɛkɛ,” no da so ara wɔ me komam denneennen. Enti eduu 1981 mu a na yɛasie sika kakra a yebetumi asan de akɔ Amerika Mfinimfini fam no, yetuu bio, na saa bere yi de yɛkɔɔ Costa Rica. Bere a yɛresom wɔ hɔ no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔboa ma wonsi wɔn baa dwumadibea foforo no. Nanso wɔ 1985 mu no, na yɛn babarima Grant hia ayaresa, enti yɛsan kɔɔ Canada. Glen traa Costa Rica yɛɛ adwuma wɔ baa dwumadibea adansi adwuma no mu, na Annette ne Charmaine somee sɛ akwampaefo atitiriw. Yɛn a yefii Costa Rica no anso dae da sɛ yɛrensan nkɔ hɔ.

Amanehunu Ano a Yegyina

September 17, 1993, fii ase fɛfɛɛfɛ. Ná me ne yɛn babarima panyin, Mark, rekuruw dan bi so. Yɛboom yɛɛ adwuma dii honhom fam nkɔmmɔ sɛnea na yɛtaa yɛ no. Ɛbɛyɛ sɛ mannyina yiye, enti mifii ɔdan no atifi hɔ bɛhwee fam. Bere a m’ani so tetew me no, nea na mitumi hu ara ne nkanea hyerenn ne nnipa a wɔhyehyɛ ntade fitaa. Ná ɛyɛ baabi a wɔhwɛ ayarefo a wɔn tebea gye ntɛmpɛ no.

Esiane nea Bible no ka nti, nea midii kan kae ne sɛ: “Mempɛ mogya, mempɛ mogya!” (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Hwɛ abotɔyam ara a minyae sɛ metee Charmaine nne sɛ: “Eye, eye Paapa. Yɛn nyinaa wɔ ha.” Akyiri yi na mihui sɛ nnuruyɛfo no huu me mogya kratasin no, na mogya ho asɛm biara ansɔre. Ná mabu me kɔn mu ma mabubu koraa, a na mintumi nhome.

Esiane sɛ na mintumi nyɛ hwee nti, na mihia Yehowa mmoa sen bere biara. Me dwɛɛdwɛɛwa a wotwae de rɔba hama hyɛɛ mu sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ahome no siw mframa a na ɛfa me menewa mu no kwan. Ná mintumi nkasa. Ná ɛsɛ sɛ nkurɔfo hwɛ m’ano na ama wahu nea mepɛ sɛ meka.

Ɛho ka no kɔɔ soro ntɛmntɛm. Esiane sɛ na me yere ne me mma no mu dodow no ara wɔ bere nyinaa som adwuma mu nti, na minhu sɛ ebia ɛsɛ sɛ wogyae adwuma yi na wɔkɔpɛ sika a wɔde bedi asɛyɛde yi ho dwuma anaa. Nanso Mark tumi nyaa adwuma bi a asram abiɛsa pɛ mu no, etumi tuaa ɛka yi mu kɛse. Eyi nti wɔn nyinaa tumi traa bere nyinaa som adwuma no mu, gye me ne me yere nkutoo.

Wɔde nkratawa a wɔde ma tiri-nkwa ne nkrataa a wɔkyerɛw fii aman horow asia so bae no bobɔɔ ayaresabea dan a na meda mu no fasu ho nyinaa. Ná Yehowa rewowaw me ankasa. Asafo no nso boaa m’abusua no maa wɔn nnuan wɔ asram anum ne fã a midii wɔ baabi a wɔhwɛ ayarefo a wɔn tebea gye ntɛmpɛ no mu bere bi. Da biara, na Kristoni panyin biako tra me nkyɛn awia, kenkan Bible ne Bible ho nhoma kyerɛ me, na wɔka osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran nso kyerɛ me. Ná m’abusua mufo baanu ne me di kan sua asafo nhyiam dwumadi biara, enti honhom mu aduan a ehia ampa me ti so.

Bere a na meda so ara da ayaresabea no, wɔyɛɛ nhyehyɛe maa me sɛnea ɛbɛyɛ a metumi akɔ da koro nhyiam titiriw dwumadi bi. Ayaresabea adwumayɛfo no yɛɛ nhyehyɛe maa ɔyarehwɛfo bi ne obi a onim mfiri a wɔde home ho adwuma kaa me ho kɔe da mũ nyinaa. Hwɛ anigye ara a minyae sɛ me ne me nuanom Kristofo mmarima ne mmea hyiae bio! Me werɛ remfi nnipa ɔhaha pii a wɔtoo santen twɛnee sɛ wobekyia me no da.

Honhom Fam Yiyedi mu a Makura

Bɛyɛ akwanhyia no akyi afe no, mitumi ne m’abusua kɔɔ fie bio, ɛwom sɛ na meda so ara hia sɛ wɔhwɛ me nnɔnhwerew 24 da biara de. Kar bi a wɔahyɛ da asiesie ama me no ma mitumi kɔ nhyiam ahorow, a mentoto mu. Nanso ɛsɛ sɛ meka sɛ, egye akokoduru na ama matumi akɔ. Efi bere a mebaa fie no, matumi akɔ ɔmantam nhyiam ahorow nyinaa bi.

Awiei koraa wɔ February 1997 mu no, mitumi kasae kakra. Ayarehwɛfo a wɔhwɛ me no binom de anigye tie me bere a meka m’anidaso a egyina Bible so ho asɛm kyerɛ wɔn no. Ayarehwɛfo no mu biako akenkan Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom nhoma no nyinaa ne Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma afoforo akyerɛ me. Me ne nkurɔfo di nkrataakyerɛw denam kɔmputa bi a mede abaa bɔ so. Ɛwom sɛ saa kwan a mefa so bɔ nsɛm no yɛ den de, nanso ɛhyɛ nkuran sɛ mitumi yɛ ɔsom adwuma no bi.

Me hon ntini a ɛyɛ me yaw no ma mebrɛ ankasa. Nanso ɛte sɛ nea sɛ mereka Bible mu nokware akyerɛ afoforo anaasɛ meretie bere a wɔrekenkan kyerɛ me no a, ano brɛ ase kakra. Ɛtɔ mmere bi a, me ne me yere a ɔyɛ me boafo no di adanse wɔ borɔn so, na sɛ mihia mmoa a ɔkyerɛ kasa ase ma me. Matumi asom sɛ akwampaefo boafo mpɛn pii. Som a mesom sɛ Kristoni panyin no ma m’ani gye, titiriw bere a anuanom no ba me nkyɛn wɔ nhyiam ase anaa wɔbɛsra me wɔ fie na mitumi boa wɔn hyɛ wɔn nkuran no.

Nokwarem no, ɛnkyɛ koraa na mahaw. Enti bere biara a mete nka sɛ maba mu abu no, ntɛm ara na mabɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a metumi anya anigye. Mebɔ mpae awia ne anadwo sɛ Yehowa nkɔ so nwowaw me. Sɛ obi kyerɛw me krataa anaa ɔbɛsra me a, ɛma m’ani gye bere nyinaa. Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! nsɛmma nhoma a mɛkenkan no nso ma minya nsɛm a ɛma denhyɛ. Ɛtɔ mmere bi a ayarehwɛfo afoforo kenkan nsɛmma nhoma yi kyerɛ me. Efi bere a minyaa akwanhyia no, matie Bible no nyinaa wɔ kasɛt so mpɛn ason. Eyinom ka akwan horow a Yehowa afa so awowaw me no ho.—Dwom 41:3.

Nsakrae a aba m’asetram no ama manya bere de asusuw sɛnea yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini, Yehowa, kyerɛkyerɛ yɛn na ama yɛatra ase no ho. Ɔma yenya n’apɛde ne n’atirimpɔw ho nokware nimdeɛ, ne nhumu a sɛ asɛm to yɛn a ɛbɛma yɛahu nea yɛbɛyɛ. Yehowa ama me ɔyere nokwafo a oye dodo. Me mma nso de nokwaredi agyina m’akyi, na m’ani gye sɛ wɔn nyinaa ayɛ bere nyinaa som adwuma no bi. Nokwasɛm ne sɛ, wɔ March 11, 2000 mu no, yɛn babarima Mark ne ne yere, Allyson, wiee Gilead Sukuu adesuakuw a ɛto so 108, na wɔmaa wɔn dwumadi wɔ Nicaragua. Me ne me yere tumi kɔɔ wɔn adesua awiei dwumadi no bi. Metumi aka no nokwarem sɛ asiane no asakra m’asetra, nanso ɛnyɛ me koma.—Dwom 127:3, 4.

Meda Yehowa ase sɛ wama me nyansa ama madan honhom fam apɛgyade a minyae no ama m’abusua no. Sɛ mihu sɛ me mma no wɔ su a na me papa a ɔkae sɛ, “Yennyae saa kɛkɛ. Yehowa na wahyɛ yɛn sɛ yɛnka asɛm no,” wɔ no bi bere a wɔsom wɔn Bɔfo no a, ɛma me ho yɛ me den na ɛhyɛ me nkuran. Nokwarem no, Yehowa awowaw me ne m’abusua no yɛn nkwa nna nyinaa mu.

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Me ne Paapa, me nuabarimanom ne me nuabeanom, wɔ fie a wɔde apɔnkɔ twe a na yɛte mu bere a na yɛyɛ akwampae adwuma no. Me na migyina nifa so hɔ paa no

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Me ne me yere, Myrna

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Mfonini bi a yɛn abusua no twae nkyɛe

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Meda so ara de nkrataakyerɛw di adanse