Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnipa Mmerɛwyɛ So Nkonim A Yebedi

Nnipa Mmerɛwyɛ So Nkonim A Yebedi

Nnipa Mmerɛwyɛ So Nkonim A Yebedi

“Ɔhonam adwene yɛ owu.”—ROMAFO 8:6.

1. Ɔkwan bɛn so na ebinom bu nipadua no, na nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

MEDA wo ase sɛ woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa.” (Dwom 139:14) Saa na odwontofo Dawid too dwom bere a na ɔresusuw Yehowa abɔde ahorow no mu biako—nipadua—ho no. Sɛ́ anka nyamesom akyerɛkyerɛfo bi de ayeyi a ɛfata yi bɛma no, wobu nipadua no sɛ bɔne hintabea ne bɔne adwinnade. Wɔato no din “anibiannaso nkataho, bɔne nnyinaso, dwowtwa nhama, esum adaka, ade huhuw, teaseawu.” Nokwarem no, ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Me honam mu de, papa bi nte mu.” (Romafo 7:18) Nanso, so eyi kyerɛ sɛ wɔaka yɛn ahyɛ nipadua a bɔne adonnɔn no mu a yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye?

2. (a) “Ɔhonam adwene” a yebenya no kyerɛ dɛn? (b) “Ɔhonam” ne “honhom” mu apereperedi bɛn na ɛkɔ so wɔ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani mu?

2 Ɛtɔ mmere bi a Kyerɛwnsɛm no frɛ nipadua sɛ ‘ɔhonam.’ (1 Ahene 21:27) Afei nso wɔde “honam” gyina hɔ ma onipa wɔ ne sintɔ mu sɛ otuatewfo Adam aseni. (Efesofo 2:3; Dwom 51:5; Romafo 5:12) Apɛgyade a yenya fii ne nkyɛn no ama yɛanya ‘honam mmerɛwyɛ.’ (Romafo 6:19) Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Ɔhonam adwene yɛ owu.” (Romafo 8:6) “Ɔhonam adwene” a yebenya no kyerɛ sɛ yɛbɛma ɔhonam mmerɛwyɛ adi yɛn so na akanyan yɛn. (1 Yohane 2:16) Enti sɛ yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a, apereperedi bi kɔ so wɔ yɛn honhom fam yiyedi ne yɛn nipasu a ɛtɔ kɔ bɔne so no ntam, na bere nyinaa ɛhyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ “ɔhonam nnwuma.” (Galatifo 5:17-23; 1 Petro 2:11) Bere a Paulo kaa apereperedi a ɛyɛ ahometew yi ho asɛm wiei no, ɔteɛɛm sɛ: “Me manehunufo! Hena na obeyi me afi owu yi nipadua mu?” (Romafo 7:24) So na Paulo rentumi nyɛ ne sɔhwɛ ahorow no ho biribiara mma ɛnyɛ yiye? Bible no bua sɛ dabi!

Sɛnea Sɔhwɛ ne Bɔne Te Ankasa

3. Ɔkwan bɛn so na nnipa pii bu bɔne ne sɔhwɛ, nanso ɔkwan bɛn so na Bible bɔ yɛn kɔkɔ wɔ su a ɛte saa ho?

3 Wɔ nnipa pii fam nnɛ no, wonnye ntom sɛ bɔne yɛ biribi a ɛwɔ hɔ. Ebinom ka “bɔne” ho asɛm de di fɛw sɛ ɛyɛ asɛmfua dedaw bi a na wɔde gyina hɔ ma nnipa mfomso nketenkete. Wonhu sɛ “etwa yɛn nyinaa sɛ yekopue Kristo atemmu agua anim hɔ, na obiara anya nea ɔnam nipadua so yɛe, papa oo, bɔne oo, sɛnea ɔyɛe no.” (2 Korintofo 5:10) Ebinom betumi aka kɛkɛ sɛ: “Sɔhwɛ akyi no, minsuro biribiara!” Nnipa binom te aman a wɔhyɛ nneɛma a wobenya ho anigye mprempren, te sɛ aduan, ɔbarima ne ɔbea nna, anigyede, anaa nneɛma a wotumi yɛ, ho nkuran mu. Ɛnyɛ sɛ wɔpɛ biribiara bi nko, na mmom wɔpɛ no mprempren yi ara! (Luka 15:12) Wɔnhwɛ ade ntra anigye a wobenya mprempren no mfa wɔn ani nto daakye anigye a ɛyɛ “nokware nkwa” no so. (1 Timoteo 6:19) Nanso, Bible no kyerɛkyerɛ yɛn sɛ yensusuw nsɛm ho yiye nhwɛ ade nkɔ akyiri, na yɛnkwati biribiara a ebetumi asɛe yɛn honhom fam yiyedi anaa nea ɛte saa. Abebusɛm a efi honhom mu ka sɛ: “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.”—Mmebusɛm 27:12.

4. Afotusɛm bɛn na Paulo de mae wɔ 1 Korintofo 10:12, 13?

4 Bere a Paulo kyerɛw Kristofo a wɔwɔ Korinto—kurow a na wɔn bra asɛe—mu no, ɔde sɔhwɛ ne tumi a bɔne wɔ ho kɔkɔbɔ a anibere wom mae. Ɔkae sɛ: “Nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ nhwɛ yiye, na wanhwe ase. Ɔsɔhwɛ bi ntoo mo ɛ, gye nea ɛyɛ nnipa de; na Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mutumi so, na mmom ɔbɛma ɔkwan a mode befi sɔhwɛ no mu abɛda ho, na moatumi asoa.” (1 Korintofo 10:12, 13) Yɛn nyinaa—mpanyin ne mmofra, mmea ne mmarima—hyia sɔhwɛ ahorow pii wɔ sukuu mu, adwumam, ne mmeae foforo. Enti, momma yɛnhwehwɛ Paulo nsɛm no mu nhwɛ nea ɛkyerɛ ma yɛn.

Nnye Wo Ho Nni Dodo

5. Dɛn nti na asiane wom sɛ yebegye yɛn ho adi dodo?

5 Paulo ka sɛ: “Nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ nhwɛ yiye, na wanhwe ase.” Asiane wom sɛ yebegye yɛn ho adi dodo sɛ yɛyɛ den wɔ abrabɔ fam. Ɛkyerɛ sɛ yɛnte sɛnea bɔne te ne tumi a ɛwɔ no ase. Esiane sɛ nnipa te sɛ Mose, Dawid, Salomo, ne ɔsomafo Petro yɛɛ bɔne nti, so ɛsɛ sɛ yesusuw sɛ yentumi nyɛ bɔne? (Numeri 20:2-13; 2 Samuel 11:1-27; 1 Ahene 11:1-6; Mateo 26:69-75) Mmebusɛm 14:16 ka sɛ: “Onyansafo suro, na ɔsan fi bɔne ho, na ɔkwasea de n’ahodaso fa mu.” Bio nso, Yesu kae sɛ: ‘Honhom pɛ, na ɔhonam yɛ mmerɛw.’ (Mateo 26:41) Esiane sɛ nnipa a yɛnyɛ pɛ nyinaa tɔ kɔ akɔnnɔ bɔne so nti, ehia sɛ yɛfa Paulo kɔkɔbɔ no aniberesɛm na yɛko tia sɔhwɛ, anyɛ saa a yɛbɛhwe ase.—Yeremia 17:9.

6. Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho ma sɔhwɛ?

6 Nyansa wom sɛ yebesiesie yɛn ho ama ɔhaw bi a ebetumi ato yɛn mpofirim. Ɔhene Asa hui sɛ asomdwoe bere ne bere pa a ɛsɛ sɛ ɔbɔ ne ho ban. (2 Beresosɛm 14:2, 6, 7) Ná onim sɛ sɛ ɔtwɛn ma wɔbɛtow hyɛ no so a, ɛbɛka akyi dodo. Saa ara na ɛfata sɛ yesusuw nea sɛ sɔhwɛ bi to yɛn a yɛbɛyɛ ho bere a biribiara nhaw yɛn no. (Dwom 63:6) Daniel ne ne nnamfo a wosuro Onyankopɔn no sii gyinae sɛ wobedi Yehowa mmara so ansa na wɔhyɛɛ wɔn sɛ wonni ahennuan no. Enti, wɔantwentwɛn wɔn nan ase koraa sɛ wobekura wɔn gyinae a wɔasi sɛ wɔrenni aduan a ɛho ntew no mu. (Daniel 1:8) Momma yɛnhyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yebekura abrabɔ pa mu no mu den ansa na sɔhwɛ ahorow bi asɔre. Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya ahoɔden de ako atia bɔne.

7. Dɛn nti na ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ afoforo atumi ako atia sɔhwɛ?

7 Hwɛ awerɛkyekye ara a yenya fi Paulo nsɛm no mu: “Ɔsɔhwɛ bi ntoo mo ɛ, gye nea ɛyɛ nnipa de”! (1 Korintofo 10:13) Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Ɔno na momfa gyidi nnyina hɔ pintinn nsiw no kwan, efisɛ munim sɛ amanehunu no ara na wɔde ato mo nuanom a wɔwɔ wiase so sɛ wonhu.” (1 Petro 5:9) Yiw, afoforo ahyia sɔhwɛ ahorow a ɛte saa na ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no, wɔatumi ako atia, na yɛn nso yebetumi ayɛ saa. Nanso, sɛ́ nokware Kristofo a yɛte wiase a ne bra asɛe mu no, yɛn nyinaa betumi ahwɛ kwan sɛ ɛrenkyɛ koraa na wɔasɔ yɛn ahwɛ. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebetumi anya ahotoso sɛ yebedi nnipa mmerɛwyɛ ne sɔhwɛ a ɛma yɛyɛ bɔne no so nkonim?

Yebetumi Ako Atia Sɔhwɛ!

8. Dɛn ne ɔkwan titiriw a yebetumi afa so akwati sɔhwɛ?

8 Ɔkwan titiriw a yebetumi afa so ‘agyae sɛ yɛbɛsom bɔne’ ne sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛbɛkwati sɔhwɛ. (Romafo 6:6) Mmebusɛm 4:14, 15 hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Nkɔ abɔnefo kwan mu, na mfa nnipa bɔne kwan so. Kwati no, nsen mfa so, mãn fi ho, na twa ho kɔ.” Mpɛn pii na yedi kan hu sɛ tebea horow bi betumi akowie bɔne mu ɔkwan biara so. Ne saa nti, nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ sɛ Kristofo ara ne sɛ ‘yɛrensen mfa so,’ na yɛatwe yɛn ho afi baabiara ne obiara ne biribiara a ebetumi akanyan akɔnnɔ wɔ yɛn mu na ama yɛn kɔn adɔ nneɛma a ɛho ntew no ho.

9. Ɔkwan bɛn so na wosi guan a yebeguan afi tebea a ɛsɔ yɛn hwɛ mu no so dua wɔ Kyerɛwnsɛm no mu?

9 Guan a yebeguan afi tebea a ɛsɔ yɛn hwɛ mu no yɛ ɔkwan foforo a yebetumi afa so adi sɔhwɛ so nkonim. Paulo tuu fo sɛ: “Munguan aguamammɔ!” (1 Korintofo 6:18) Na ɔkyerɛwee sɛ: “Munguan abosonsom!” (1 Korintofo 10:14) Ɔsomafo no nso bɔɔ Timoteo kɔkɔ sɛ onguan mfi honam fam nneɛma ho akɔnnɔ ne afei “mmerante bere mu akɔnnɔ” nso ho.—2 Timoteo 2:22; 1 Timoteo 6:9-11.

10. Nhwɛso ahorow abien a ɛbɔ abira bɛn na ɛma yehu mfaso a ɛwɔ guan a yebeguan afi sɔhwɛ mu no so?

10 Susuw Israel hene Dawid asɛm no ho hwɛ. Bere a ofi n’ahemfie dan atifi hwɛɛ fam no, ohuu ɔbea hoɔfɛfo bi a na ɔreguare, na akɔnnɔ bɔne hyɛɛ ne koma ma. Na anka ɛsɛ sɛ ofi ɔdan no atifi hɔ na oguan sɔhwɛ no. Mmom no, obisaa ɔbea yi—Bat-Seba—ase, na nea efii mu bae anyɛ papa. (2 Samuel 11:1–12:23) Nea ɛne no bɔ abira no, ɔkwan bɛn so na Yosef yɛɛ n’ade bere a ne wura yere hyɛɛ no sɛ ɔne no nna no? Kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na ɔka kyerɛɛ Yosef saa daa daa, nanso Yosef antie sɛ ɔne no bɛda, na wakɔ ne ho.” Bere a na onni Mose Mmara, a saa bere no na wɔmfa mmae no, Yosef kaa eyi de buaa no sɛ: “Ɛdɛn na menyɛ amumɔyɛ kɛse yi, na menyɛ bɔne mintia Onyankopɔn?” Da koro osoo no mu kae sɛ: “Wo ne me mmɛda!” So Yosef traa hɔ bɔɔ mmɔden sɛ ɔne no besusuw nsɛm ho? Dabi. ‘Oguan fii adi.’ Yosef amma nna ho sɔhwɛ kwan. Oguanee!—Genesis 39:7-16.

11. Sɛ ɛba sɛ yɛtaa hyia sɔhwɛ bi a, dɛn na yebetumi ayɛ?

11 Ɛtɔ mmere bi a yebu obi a oguan biribi no sɛ ohufo, nanso mpɛn pii no, ɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi tebea bi mu ankasa. Ebia yɛrehyia sɔhwɛ bi a ɛkɔ so bere nyinaa wɔ yɛn adwumam. Ɛwom sɛ ebia yentumi nsesa nnwuma de, nanso akwan bi wɔ hɔ a yebetumi afa so atwe yɛn ho afi tebea a ɛsɔ yɛn hwɛ ho. Ehia sɛ yeguan fi biribiara a yenim sɛ ɛyɛ bɔne ho, na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ nkutoo. (Amos 5:15) Wɔ mmeae bi no, guan a yebeguan sɔhwɛ no hwehwɛ sɛ yɛkwati Intanɛt so nguamansɛm ne anigyebea horow a ɛmfata. Ebetumi akyerɛ nso sɛ yɛbɛtow nsɛmma nhoma bi agu anaa yɛbɛfa nnamfo foforo—wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn a wobetumi aboa yɛn. (Mmebusɛm 13:20) Sɛ yɛyɛ anyansafo a, yɛbɛkwati sɔhwɛ biara a ɛtwetwe yɛn kɔ bɔne mu.—Romafo 12:9.

Sɛnea Mpaebɔ Betumi Aboa

12. Sɛ yɛbɔ mpae sɛ: “Mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu” a, na dɛn na yɛrebisa afi Onyankopɔn nkyɛn?

12 Paulo de nkuranhyɛsɛm a ahotoso wom yi ma sɛ: “Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mutumi so, na mmom ɔbɛma ɔkwan a mode befi sɔhwɛ no mu abɛda ho, na moatumi asoa.” (1 Korintofo 10:13) Ɔkwan biako a Yehowa nam so boa yɛn ne sɛ otie mpae a yɛbɔ sɛ ɔmmoa yɛn mma yennyina sɔhwɛ ano no. Yesu Kristo kyerɛe sɛ yɛmmɔ mpae sɛ: “Mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, na yi yɛn fi bɔne mu.” (Mateo 6:13) Nea ɛne mpae a ɛte saa a yefi komam bɔ hyia no, Yehowa rennyae yɛn mma wɔnsɔ yɛn nhwɛ; obegye yɛn afi Satan ne ne nnɛɛdɛe mu. (Efesofo 6:11) Ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn ma ɔboa yɛn ma yehu sɔhwɛ ahorow na yenya ahoɔden a yɛde bɛko atia. Sɛ yɛsrɛ no sɛ ɔmmma yennni nkogu bere a wɔsɔ yɛn hwɛ no a, ɔbɛboa yɛn na Satan, “ɔbɔnefo” no annya yɛn.

13. Sɛ yehyia sɔhwɛ ntoatoaso a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

13 Sɛ yehyia sɔhwɛ ntoatoaso a, saa bere no titiriw na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn mpaebɔ mu yɛ den. Sɔhwɛ ahorow bi betumi ama apereperedi kɛse akɔ so wɔ yɛn mu, na ama yɛanya su a ɛbɛma yɛakae sɛnea yɛyɛ mmerɛw fa no. (Dwom 51:5) Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛkaakae nneyɛe bɔne bi a yɛayɛ atwam na ɛhaw yɛn adwene a, dɛn na yebetumi ayɛ? Na sɛ biribi piapia yɛn sɛ yɛnkɔyɛ bio nso ɛ? Sɛ́ anka wobɛbɔ mmɔden aka nkate a ɛte saa ahyɛ kɛkɛ no, fa asɛm no to Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu—sɛ ɛbɛyɛ yiye a, tĩ mu mpɛn pii. (Dwom 55:22) Ɛdenam N’asɛm ne ne honhom no tumi so no, obetumi aboa yɛn ma yɛayi nsusuwii bɔne afi yɛn tirim.—Dwom 19:8, 9.

14. Dɛn nti na mpaebɔ ho hia na ama yɛatumi agyina sɔhwɛ ano?

14 Bere a Yesu hui sɛ n’asomafo no ani kum wɔ Getsemane turo no mu no, ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ: “Monwɛn na mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom pɛ de, na ɔhonam na ɛyɛ mmerɛw.” (Mateo 26:41) Ɔkwan biako a yebetumi afa so adi sɔhwɛ so ne sɛ yɛbɛma yɛn ani ada hɔ wɔ akwan horow a wɔfa so sɔ yɛn hwɛ ho na yɛahwɛ yiye wɔ anifere kwan a ɛnam so ba no ho. Ɛho hia nso sɛ yɛbɔ sɔhwɛ no ho mpae ntɛmpa ara sɛnea ɛbɛyɛ a yebesiesie yɛn ho honhom fam ako atia. Esiane sɛ sɔhwɛ nam baabi a yɛtɔ sin na ɛba nti, yɛn nkutoo ntumi nko ntia. Mpaebɔ ho hia efisɛ Onyankopɔn ahoɔden betumi ahyɛ yɛn den ma yɛako atia Satan. (Filipifo 4:6, 7) Yebetumi ahia “asafo no mu mpanyimfo” honhom fam mmoa ne mpaebɔ nso.—Yakobo 5:13-18.

Ko Tia Sɔhwɛ Denneennen

15. Dɛn na ɛhwehwɛ na ama yɛatumi ako atia sɔhwɛ?

15 Sɔhwɛ a yɛbɛkwati sɛnea yebetumi biara akyi no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ko tia kosi sɛ ebetwam anaasɛ tebea no bɛsakra. Bere a Satan sɔɔ Yesu hwɛe no, ɔko tiae kosii sɛ Ɔbonsam gyaw no hɔ kɔe. (Mateo 4:1-11) Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo nkyɛn.” (Yakobo 4:7) Onyankopɔn Asɛm a yɛde bɛhyɛ yɛn adwenem na yɛasi yɛn bo pintinn sɛ yebedi ne gyinapɛn ahorow akyi no na yɛde fi ase ko tia. Ɛyɛ papa sɛ yɛbɛkae kyerɛw nsɛm atitiriw bi a ɛfa yɛn mmerɛwyɛ pɔtee bi ho na yɛasusuw ho. Ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ yebenya Kristoni bi a ne ho akokwaw—ebia asafo mu panyin bi—a yɛbɛka yɛn ahiasɛm akyerɛ no na sɛ sɔhwɛ to yɛn a, yɛatumi ahwehwɛ ne mmoa.—Mmebusɛm 22:17.

16. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akɔ so akura abrabɔ pa mu?

16 Kyerɛwnsɛm no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnhyɛ nipasu foforo no. (Efesofo 4:24) Eyi kyerɛ sɛ yɛbɛma Yehowa atete yɛn na wasakra yɛn. Bere a Paulo rekyerɛw ne yɔnko dwumayɛni Timoteo no, ɔkae sɛ: “Di trenee, onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, boasetɔ, odwo akyi. Ko gyidi ko pa no, so daa nkwa a wɔbɔɔ din frɛɛ wo no mu.” (1 Timoteo 6:11, 12) Yebetumi ‘adi trenee akyi’ denam Onyankopɔn Asɛm a yebesua no anibere so na afei yɛabɔ yɛn bra ma ɛne n’ahwehwɛde ahorow ahyia so. Kristofo dwumadi, te sɛ asɛmpa no a yɛbɛka ne nhyiam ahorow a yɛbɛkɔ bere nyinaa nso ho hia. Onyankopɔn a yɛbɛbɛn no na yɛde honhom fam nsiesiei adi dwuma yiye no bɛboa yɛn ma yɛanyin wɔ honhom fam na yɛakura abrabɔ pa mu.—Yakobo 4:8.

17. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn rennyaw yɛn bere a yehyia sɔhwɛ no?

17 Paulo ma yɛn awerɛhyem sɛ, sɔhwɛ biara a yebehyia no remmoro tumi a Onyankopɔn de ama yɛn a yɛde begyina ano no so. Yehowa bɛma ‘ɔkwan a yɛde befi mu abɛda ho.’ (1 Korintofo 10:13) Nokwarem no, sɛ yɛkɔ so de yɛn ho to Onyankopɔn so a, ɔremma sɔhwɛ mmunkam yɛn so araa mma yɛnhwere honhom fam ahoɔden a ɛdɔɔso a yɛde bekura yɛn mudi mu no. Ɔpɛ sɛ yedi nkonim wɔ sɔhwɛ a ɛbɛma yɛayɛ nea ɛnteɛ wɔ n’ani so a yɛbɛko atia denneennen no mu. Bio nso, yebetumi anya ne bɔhyɛ yi mu gyidi: “Merennyaw wo, nanso merempa wo da.”—Hebrifo 13:5.

18. Dɛn nti na yebetumi anya anidaso sɛ yebedi nnipa mmerɛwyɛ so nkonim?

18 Ná Paulo nim nea ebefi nnipa mmerɛwyɛ a na ɔreko atia no mu aba. Wammu ne ho sɛ obi a ɔyɛ mmɔbɔ a ontumi nyɛ ne honam akɔnnɔ ho hwee. Nea ɛne no bɔ abira no, ɔkae sɛ: “Mmirika a mitu yi, mintu no asunsumabo mu; kuturuku a meko yi, menko no sɛ nea ɔboro mframa, na mmom mehyɛ me nipadua ahometew, na midi no nya, na mereka asɛm makyerɛ ebinom yi, m’ankasa manyɛ nea ɔmfra.” (1 Korintofo 9:26, 27) Yɛn nso, yebetumi ako atia ɔhonam mmerɛwyɛ no. Ɛdenam Kyerɛwnsɛm no, Bible ho nhoma ahorow, Kristofo nhyiam ahorow, ne mfɛfo Kristofo a wɔn ho akokwaw so no, yɛn soro Agya no kɔ so ma yɛn nkaesɛm a ɛboa yɛn ma yɛfa akwantrenee so. Yɛnam ne mmoa so betumi adi nnipa mmerɛwyɛ so nkonim!

So Wokae?

•Dɛn na ‘ɔhonam adwene’ a yebenya no kyerɛ?

•Ɔkwan bɛn so na yebetumi asiesie yɛn ho ama sɔhwɛ?

•Dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛa- gyina sɔhwɛ ano?

•Dwuma bɛn na mpaebɔ di wɔ sɔhwɛ ano a yebegyina mu?

•Yɛyɛ dɛn hu sɛ yebetumi adi nnipa mmerɛwyɛ so nkonim?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Bible no kyerɛkyerɛ sɛ yebetumi ayɛ yɛn honam akɔnnɔ ho biribi

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Guan a yebeguan afi sɔhwɛ mu no ne ɔkwan biako a yɛnam so kwati bɔne