Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nya Honhom Adwene Na Nya Nkwa!

Nya Honhom Adwene Na Nya Nkwa!

Nya Honhom Adwene Na Nya Nkwa!

“Honhom adwene yɛ nkwa.”—ROMAFO 8:6.

1, 2. Nsonsonoe bɛn na Bible no ma ɛda “ɔhonam” ne “honhom” ntam?

ƐNYƐ mmerɛw koraa sɛ yebekura abrabɔ gyinapɛn a ɛho tew mu wɔ Onyankopɔn anim wɔ wiase a ɛhyɛ ɔhonam akɔnnɔ ho nkuran mu. Nanso, Kyerɛwnsɛm no kyerɛ nsonsonoe a ɛda “ɔhonam” ne “honhom” ntam, na ɛma asiane a efi gyae a obi gyae ne ho mu ma honam a ɛtɔ sin nya ne so tumi ne nhyira a efi Onyankopɔn honhom a obi ma enya ne so nkɛntɛnso mu ba no da adi pefee.

2 Sɛ nhwɛso no, Yesu Kristo kae sɛ: “Honhom ne nea ɛma nkwa, ɔhonam de, ɛnyɛ hwee; nsɛm a maka mo no yɛ honhom ne nkwa.” (Yohane 6:63) Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Galatia no sɛ: “Ɔhonam kɔn dɔ tia honhom, na honhom tia ɔhonam, na nneɛma abien yi nka.” (Galatifo 5:17) Paulo kae nso sɛ: “Nea ogu gu ne honam so no fi honam mu betwa porɔwee, na nea ogu gu honhom so no fi honhom mu betwa daa nkwa.”—Galatifo 6:8.

3. Dɛn na yehia na ama yɛatumi ade yɛn ho afi akɔnnɔ ne nsusuwii bɔne ho?

3 Yehowa honhom kronkron—n’adeyɛ tumi—no betumi atu “ɔhonam akɔnnɔ” ne yɛn nipadua a ɛtɔ sin nhyɛso bɔne no ase koraa. (1 Petro 2:11) Sɛ yebetumi ade yɛn ho afi nsusuwii bɔne ho a, ehia sɛ yenya Onyankopɔn honhom, efisɛ Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɔhonam adwene yɛ owu, na honhom adwene yɛ nkwa ne asomdwoe.” (Romafo 8:6) Sɛ́ yebenya honhom adwene no kyerɛ dɛn?

‘Honhom Adwene a Yebenya’

4. Dɛn na ‘honhom adwene a yebenya’ no kyerɛ?

4 Bere a Paulo kyerɛw ‘honhom adwene a yebenya’ ho asɛm no, ɔde Hela asɛmfua a ɛkyerɛ “sɛnea wosusuw ade ho, (nea wɔde adwene si so), . . . botae, nea wɔhwɛ kwan, nea wɔpere du ho,” na edii dwuma. Adeyɛ asɛm a ɛne no wɔ abusuabɔ no kyerɛ “sɛ́ wobedwen, sɛ́ wobedwen biribi ho wɔ ɔkwan bi so.” Enti honhom adwene a yebenya no kyerɛ sɛ Yehowa adeyɛ tumi no bedi yɛn so, na akanyan yɛn. Ɛkyerɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu ma Onyankopɔn honhom kronkron nya yɛn nsusuwii, suban, ne botae ahorow so nkɛntɛnso koraa.

5. Ɛsɛ sɛ yɛma honhom kronkron no nya yɛn so nkɛntɛnso kodu he?

5 Paulo sii baabi a ɛsɛ sɛ yɛma honhom kronkron no nya yɛn so nkɛntɛnso kodu no so dua bere a ɔkaa ‘som a yɛsom honhom’ mu ho asɛm no. (Romafo 7:6) Ɛdenam Kristofo gyidi wɔ Yesu ogye afɔre no mu so no, wɔagye wɔn afi bɔne nkoayɛ mu na wɔnam so “awu” ama wɔn kan tebea a na wɔwom sɛ bɔne nkoa no. (Romafo 6:2, 11) Sɛnkyerɛnne kwan so no, wɔn a wɔawu saa kwan no so no da so ara te ase honam mu na wɔwɔ hokwan sɛ wodi Kristo akyi sɛ “trenee nkoa.”—Romafo 6:18-20.

Nsakrae Bi a Ɛyɛ Nwonwa

6. Nsakrae bɛn na wɔn a wɔabɛyɛ “trenee nkoa” no anya?

6 Sakra a wɔsakra fi ‘bɔne nkoayɛ’ mu kɔsom Onyankopɔn sɛ “trenee nkoa” no yɛ nwonwa ampa. Ɛdefa wɔn a wɔyɛɛ nsakrae yi ho no, Paulo kyerɛwee sɛ: “Wɔaguare mo, na wɔatew mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.”—Romafo 6:17, 18; 1 Korintofo 6:11.

7. Dɛn nti na ehia sɛ yenya Yehowa adwene wɔ nsɛm ho?

7 Nea ɛbɛyɛ na yɛanya nsakrae a ɛyɛ nwonwa yi no, ehia sɛ yedi kan hu Yehowa adwene wɔ nsɛm ho. Mfehaha bi a atwam no, odwontofo Dawid srɛɛ Onyankopɔn denneennen sɛ: “[Yehowa, NW], kyerɛ me w’akwan, . . . Ma mennantew wo nokware mu, na kyerɛkyerɛ me.” (Dwom 25:4, 5) Yehowa tiee Dawid, na Obetumi atie mpae a ɛte saa a ne nnɛyi asomfo bɔ no nso. Esiane sɛ Onyankopɔn akwan ne ne nokware ho tew na ɛyɛ kronkron nti, sɛ yesusuw ho a, ɛbɛboa yɛn bere a wɔsɔ yɛn hwɛ sɛ yenkodi ɔhonam akɔnnɔ akyi no.

Dwuma Titiriw a Onyankopɔn Asɛm Di

8. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yesua Bible no?

8 Onyankopɔn Asɛm, Bible no, fi ne honhom mu. Ne saa nti, ɔkwan titiriw biako a yɛbɛma honhom no ayɛ yɛn mu adwuma ne sɛ yɛbɛkenkan Bible no na yɛasua—sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛbɛyɛ no daa. (1 Korintofo 2:10, 11; Efesofo 5:18) Bible mu nokware ne nnyinasosɛm ahorow a yɛde bɛhyɛ yɛn adwene mu no bɛboa yɛn ma yɛagyina biribi a ɛbɛsɔ yɛn honhom fam yiyedi ahwɛ ano. Yiw, sɛ ɔbrabɔne ho sɔhwɛ bi sɔre a, Onyankopɔn honhom betumi akaakae yɛn Kyerɛwnsɛm mu nkaesɛm ne nnyinasosɛm ahorow a ebetumi ahyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛyɛ ade ma ɛne Onyankopɔn apɛde ahyia no mu den. (Dwom 119:1, 2, 99; Yohane 14:26) Enti, yɛrenni mfomso nkɔfa ɔkwammɔne so.—2 Korintofo 11:3.

9. Ɔkwan bɛn so na Bible adesua hyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yebekura yɛne Yehowa ntam abusuabɔ mu no mu den?

9 Bere a yɛkɔ so fi komam sua Kyerɛwnsɛm no anibere so denam Bible ho nhoma ahorow so no, Onyankopɔn honhom nya yɛn adwene ne yɛn koma so tumi, na ɛma obu a yɛkyerɛ ma Yehowa gyinapɛn ahorow no yɛ kɛse. Yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ bɛyɛ yɛn asetra mu ade titiriw. Sɛ yehyia sɔhwɛ a, yɛmma anigye a yebetumi anya afi bɔneyɛ mu no ntra yɛn adwenem. Mmom no, ade a ɛba yɛn adwenem ntɛm ara ne sɛ yebekura yɛn mudi mu ama Yehowa. Yɛne ne ntam abusuabɔ ho anisɔ a emu yɛ den a yenya no kanyan yɛn ma yɛko tia su biara a ebetumi asɛe no no.

“Medɔ Wo Mmara Dɛn Ara!”

10. Dɛn nti na ehia sɛ yedi Yehowa mmara so na ama yɛanya honhom adwene?

10 Sɛ yebenya honhom adwene a, Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ nkutoo a yebenya nnɔɔso. Na Ɔhene Salomo nim Yehowa gyinapɛn ahorow yiye, nanso wantumi amfa ammɔ ne bra n’asetra nna a edi akyiri mu. (1 Ahene 4:29, 30; 11:1-6) Sɛ yɛyɛ nnipa a yedwen honhom fam nneɛma ho a, yebehu hia a ehia sɛ, ɛnyɛ sɛ yebehu nea Bible ka nko na mmom sɛ yebefi yɛn koma nyinaa mu adi Onyankopɔn mmara so nso. Ɛno kyerɛ sɛ yebefi ahonim pa mu asusuw Yehowa gyinapɛn ahorow ho yiye na yɛabɔ mmɔden adi akyi. Ná odwontofo no wɔ su a ɛte saa. Ɔtoo dwom sɛ: “Medɔ wo mmara dɛn ara! Ɛne m’adwene daa adesae.” (Dwom 119:97) Sɛ Onyankopɔn mmara so di hia yɛn nokwarem a, yefi ase da suban pa adi. (Efesofo 5:1, 2) Sɛ́ anka yebegyaa yɛn ho mu ama bɔneyɛ koraa no, yɛda honhom aba adi, na ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛsɔ Yehowa ani no twe yɛn fi “ɔhonam nnwuma” funu ho.—Galatifo 5:16, 19-23; Dwom 15:1, 2.

11. Ɔkwan bɛn so na wobɛkyerɛkyerɛ mu sɛ Yehowa mmara a ɛbara aguamammɔ no yɛ ahobammɔ ma yɛn?

11 Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya obu ne ɔdɔ a emu yɛ den ama Yehowa mmara? Ɔkwan biako ne sɛ yɛbɛtɔ yɛn bo ase ahwehwɛ mfaso a ɛwɔ so mu. Susuw Onyankopɔn mmara a ɛka sɛ awarefo nkutoo na ɛsɛ sɛ wonya ɔbarima ne ɔbea nna mu kyɛfa, na ɛbara aguamammɔ ne awaresɛe no ho hwɛ. (Hebrifo 13:4) So mmara yi so a yebedi no ma yɛhwere biribi pa bi? So ɔsoro Agya a ɔwɔ dɔ no bɛhyɛ mmara bi a ɛde biribi a mfaso wɔ so bɛkame yɛn? Ɛnte saa koraa! Hwɛ nea ɛrekɔ so wɔ nnipa pii a wɔmfa Yehowa abrabɔ gyinapɛn ahorow ntra ase no asetra mu. Nyinsɛn a wɔnhwɛ kwan taa ma woyi nyinsɛn gu anaasɛ ebia ɛma wɔde wɔn ho kɔhyɛ mperɛwa-ware a anigye nnim mu. Nnipa pii tete abofra a okunu anaa ɔyere nka ho. Bio nso, wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ aguamammɔ mu no betumi anya ɔbea ne ɔbarima nna mu nyarewa. (1 Korintofo 6:18) Na sɛ Yehowa somfo bi bɔ aguaman a, ebetumi ahaw n’adwene yiye. Sɛ obi bɔ mmɔden sɛ ɔbɛka n’ahonim a ebu no fɔ ahyɛ a, ebetumi ama wayare kɔdaanna na wahaw yiye. (Dwom 32:3, 4; 51:3) Ɛnde, so ɛnna adi pefee sɛ wɔhyɛɛ Yehowa mmara a ɛbara aguamammɔ no sɛ ɛmmɔ yɛn ho ban? Yiw, mfaso kɛse wɔ abrabɔ fam ahotew a yebekura mu no so!

Bɔ Mpae Hwehwɛ Yehowa Mmoa

12, 13. Dɛn nti na ɛfata sɛ yɛbɔ mpae bere a akɔnnɔ bɔne hyɛ yɛn so no?

12 Akyinnye biara nni ho sɛ honhom adwene a yebenya no hwehwɛ sɛ yefi komam bɔ mpae. Ɛfata sɛ yɛhwehwɛ Onyankopɔn honhom no mmoa, efisɛ Yesu kae sɛ: ‘Sɛ munim sɛnea mode nnepa ma mo mma a, mpɛn ahe ara na mo agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa honhom kronkron mma wɔn a wobisa no!’ (Luka 11:13 ) Sɛ yɛrebɔ mpae a, yebetumi ada yɛn ho a yɛde to honhom so no adi de ahwehwɛ yɛn mmerɛwyɛ ho mmoa. (Romafo 8:26, 27) Sɛ yehu sɛ akɔnnɔ bɔne anaa subammɔne renya yɛn so tumi, anaa yɛn yɔnko gyidini bi a ɔdɔ yɛn twe yɛn adwene si so a, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛbɛka ɔhaw pɔtee no ho asɛm wɔ yɛn mpaebɔ mu na yɛahwehwɛ Onyankopɔn mmoa a yɛde bedi su yi so.

13 Yehowa betumi aboa yɛn ma yɛde yɛn adwene asi nneɛma a ɛteɛ, nea ɛho tew, ɔbra pa, ne nea ɛfata ayeyi so. Na hwɛ fata ara a ɛfata sɛ yɛbɔ no mpae denneennen sɛnea ɛbɛyɛ a “Onyankopɔn asomdwoe” bɛhwɛ yɛn koma ne yɛn adwene tumi so! (Filipifo 4:6-8) Enti afei momma yɛmmɔ mpae nhwehwɛ Yehowa mmoa a yɛde ‘bedi trenee, onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, boasetɔ, odwo akyi.’ (1 Timoteo 6:11-14) Ɛdenam yɛn soro Agya no mmoa so no, dadwen ne sɔhwɛ ahorow mu renyɛ den nkodu baabi a yɛyɛ ho biribiara a ɛnyɛ yiye. Mmom no, Onyankopɔn asomdwoe bɛhyɛ yɛn asetra ma.

Nhow Honhom no Werɛ

14. Dɛn nti na Onyankopɔn honhom yɛ ade a ɛboa yɛn ma yɛn ho tew?

14 Yehowa asomfo a wɔn ho akokwaw de Paulo afotu yi di dwuma: “Munnnum honhom no.” (1 Tesalonikafo 5:19) Esiane sɛ Onyankopɔn honhom yɛ “ahotew honhom” nti, ɛho tew na ɛyɛ kronn. (Romafo 1:4) Enti sɛ saa honhom no reyɛ yɛn so adwuma a, ɛma yɛyɛ kronkron anaa yɛn ho tew. Ɛboa yɛn ma yɛyɛ osetie ma Onyankopɔn, na ɛma yɛkɔ so nantew asetra kwan a ɛho tew so. (1 Petro 1:2) Ade biara a ɛho ntew a yɛbɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ yɛrebu yɛn ani agu saa honhom no so, na ebetumi apira yɛn. Ɔkwan bɛn so?

15, 16. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahow Onyankopɔn honhom no werɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi akwati sɛ yɛbɛhow Yehowa honhom no werɛ?

15 Wiɛ, Paulo kyerɛwee sɛ: “Monnhow Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔde no asɔw mo ano ama ogye da no werɛ.” (Efesofo 4:30) Kyerɛwnsɛm no ka Yehowa honhom ho asɛm sɛ ‘nea ɛbɛba no fã bi’ anaa Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no nsɔano. Na ɛno yɛ ɔsoro asetra a owu nnim. (2 Korintofo 1:22; 1 Korintofo 15:50-57; Adiyisɛm 2:10) Onyankopɔn honhom betumi akyerɛ wɔn a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo a wɔwɔ asase so anidaso no kwan ma wɔde nokwaredi abɔ wɔn bra, na ebetumi aboa wɔn ma wɔakwati nnwuma bɔne.

16 Ɔsomafo no kasa tiaa atorodi, adewia, ne aniwude ne nea ɛtete saa ho adwene a yebenya. Sɛ yɛma kwan ma nneɛma a ɛte saa twetwe yɛn a, na yɛreyɛ ade atia Onyankopɔn Asɛm mu afotu a efi honhom mu no. (Efesofo 4:17-29; 5:1-5) Yɛnam saayɛ so betumi ahow Onyankopɔn honhom no werɛ wɔ ɔkwan bi so, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ biribi a yɛpɛ sɛ yɛkwati. Ɛno nti, sɛ yɛn mu biara fi ase bu n’ani gu Yehowa Asɛm mu afotu so a, yebetumi afi ase anya su ahorow anaa nneyɛe a ebetumi ama yɛahyɛ da ayɛ bɔne na ama yɛahwere Onyankopɔn anim dom koraa. (Hebrifo 6:4-6) Ɛwom sɛ ebia ɛnyɛ nea yegu so reyɛ bɔne mprempren de, nanso ebetumi aba sɛ yɛde yɛn ani asi saa kwan no so. Sɛ yɛyɛ nneɛma a ɛne honhom no akwankyerɛ nhyia a, yɛbɛhow no werɛ. Afei nso ɛbɛkyerɛ sɛ yɛreko tia Yehowa, honhom kronkron wura no, na yɛhyɛ no awerɛhow. Sɛ nnipa a yɛdɔ Onyankopɔn no, yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ saa da. Mmom no, yebetumi abɔ mpae ahwehwɛ Yehowa mmoa sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenhow ne honhom no werɛ na mmom yebetumi ahyɛ ne din kronkron no anuonyam denam honhom no adwene a yɛbɛkɔ so anya so.

Kɔ So Nya Honhom no Adwene

17. Dɛn ne honhom fam botae horow a yebetumi de asisi yɛn ani so no bi, na dɛn nti na nyansa wom sɛ yɛbɛpere adu ho?

17 Ɔkwan a ɛfata a yebetumi afa so akɔ so anya honhom no adwene ne sɛ yɛde honhom fam botae ahorow besisi yɛn ani so na yɛapere adu ho. Sɛnea yɛn nsɛm tebea ne ahiade ahorow te no, nneɛma a yebetumi de asisi yɛn ani so no bi betumi ayɛ yɛn adesua a yɛbɛma atu mpɔn, asɛnka adwuma mu kyɛfa a yenya a yɛbɛma anya nkɔanim, ɔsom hokwan pɔtee bi a yɛbɛpere adu ho, te sɛ bere nyinaa akwampae adwuma, Betel som anaa asɛmpatrɛw adwuma. Eyi bɛma honhom fam nneɛma ahyɛ yɛn adwenem ma, na ɛbɛboa yɛn ma yɛako atia yɛn ho mu a yebegyae ama nnipa mmerɛwyɛ anaa honam fam ade dodowpɛ ne akɔnnɔ a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia a wogye tom wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu a yɛbɛma atwetwe yɛn no. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi yɛ nyansa kwan efisɛ Yesu hyɛe sɛ: “Monnhyehyɛ ademude asase so, nea nwewee ne nkannare sɛe no, na awifo bubu kowia. Na monhyehyɛ ademude ɔsoro, nea nwewee ne nkannare nsɛe no na awifo mmubu nkowia; na nea w’ademude wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.”—Mateo 6:19-21.

18. Dɛn nti na ɛho hia yiye sɛ yɛbɛkɔ so anya honhom adwene wɔ nna a edi akyiri yi mu?

18 Akyinnye biara nni ho sɛ honhom adwene a yebenya na yɛaka wiase akɔnnɔ ahyɛ no ne ade a nyansa wom a ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ “nna a edi akyiri” yi mu. (2 Timoteo 3:1-5) Efisɛ, “wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” (1 Yohane 2:15-17) Sɛ nhwɛso no, sɛ Kristoni abofra bi de bere nyinaa som adwuma no si n’ani so a, eyi betumi akyerɛ no kwan bere a wadu ne mpanyin afe so anaa mmerantebere ne mmabaabere a emu yɛ den mu no. Sɛ ohyia nhyɛso a ɛbɛma wagyae ne gyidi mu asiesie a, onipa a ɔte saa no ani bɛba ne ho so akae nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ wɔ Yehowa som mu. Honhom muni a ɔte saa bebu biribi a ɛte saa sɛ nea nyansa nnim, anaa mpo sɛ ɛyɛ agyimisɛm sɛ obedi honam fam ade dodowpɛ anaa anigyede bɔne bi akyi ama honhom fam botae abɔ no. Kae sɛ Mose a na honhom fam nneɛma ho hia no no ‘pawee sɛ ɔne Nyankopɔn man behu amane mmom kyɛn sɛ ɔbɛte bɔne mu dɛw nna tiaa bi.’ (Hebrifo 11:24, 25) Sɛ́ ebia yɛyɛ mmofra anaa mpanyin no, yɛpaw hokwan a ɛte saa bere a yɛkɔ so nya honhom adwene mmom sen ɔhonam mmerɛwyɛ no.

19. Sɛ yɛkɔ so nya honhom adwene a, mfaso bɛn na yebenya?

19 “Ɔhonam adwene yɛ nitan a ɛtan Onyankopɔn,” bere a “honhom adwene yɛ nkwa ne asomdwoe.” (Romafo 8:6, 7) Sɛ yɛkɔ so nya honhom adwene a, yebenya asomdwoe a ɛfata. Ɛbɛbɔ yɛn koma ne yɛn adwene tumi ho ban afi bɔne nkɛntɛnso ho kɛse. Ɛbɛma yɛatumi ako atia bɔne ho sɔhwɛ ahorow yiye. Na yebenya Onyankopɔn mmoa a yɛde begyina honam ne honhom ntam apereperedi a ɛrekɔ so no ano.

20. Dɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ yebetumi adi nkonim wɔ honam ne honhom ntam apereperedi no mu?

20 Sɛ yɛkɔ so nya honhom adwene a, ɛma yɛkɔ so kura yɛne Yehowa, nkwa ne honhom kronkron wura no ntam abusuabɔ a ɛho hia no mu. (Dwom 36:9; 51:11) Satan Ɔbonsam ne n’adwumayɛfo reyɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛsɛe yɛne Yehowa Nyankopɔn ntam abusuabɔ no. Wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya yɛn adwene so tumi, bere a wonim sɛ sɛ yegyae yɛn ho mu a, awiei koraa no, ɛbɛkɔ akowie tan a yɛbɛtan Nyankopɔn ne owu mu no. Nanso yebetumi adi nkonim wɔ ɔhonam ne honhom ntam akodi yi mu. Ɛno na Paulo hyiae, efisɛ bere a ɔrekyerɛw n’ankasa apereperedi ho asɛm no, odii kan bisae sɛ: “Hena na obeyi me afi owu yi nipadua mu?” Afei, bere a na ɔrekyerɛ sɛ wobetumi ayi no afi mu no, ɔkae sɛ: “Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn!” (Romafo 7:21-25) Yɛn nso, yebetumi afa Kristo so ada Onyankopɔn ase sɛ wama yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so agyina nnipa mmerɛwyɛ ano na yɛakɔ so anya honhom adwene ne daa nkwa ho anidaso a ɛyɛ anigye no.—Romafo 6:23.

So Wokae?

•Honhom adwene a yebenya no kyerɛ dɛn?

•Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama Ye- howa honhom ayɛ yɛn mu adwuma?

•Kyerɛkyerɛ nea enti a bere a yɛreko tia bɔne no, ehia sɛ yesua Bible, di Yehowa mmara so, na yɛbɔ no mpae no mu.

•Ɔkwan bɛn so na honhom fam botae ahorow a yɛde besisi yɛn ani so no remma yɛmman mfi nkwa kwan no so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Bible adesua boa yɛn ma yegyina ntua a ɛba yɛn honhom fam yiyedi so no ano

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Ɛyɛ papa sɛ yɛbɛbɔ mpae de ahwehwɛ Yehowa mmoa de adi akɔnnɔ bɔne so

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

Honhom fam botae ahorow betumi aboa yɛn ma yɛakɔ so anya honhom adwene