Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Wusɔre No Mu Nhwehwɛmu

Yesu Wusɔre No Mu Nhwehwɛmu

Yesu Wusɔre No Mu Nhwehwɛmu

“Metumi aka akyerɛ mo pen sɛ bere a yebetumi agye atom koraa sɛ Yesu traa ase no, . . . yentumi nsi so dua saa ara nka sɛ yenim sɛ Onyankopɔn nyanee No fii awufo mu.” Saa na Church of England Canterbury Sɔfopɔn paa no kae.

NÁ Kristoni ɔsomafo Paulo nni adwenem naayɛ biara a ɛte saa. Wɔ Paulo krataa a efi honhom mu a odii kan kyerɛw kɔmaa ne mfɛfo Kristofo a na wɔwɔ tete Korinto no ti 15 no, ɔkyerɛwee sɛ: “Nsɛm a edi kan a me nso minyae a mede mehyɛɛ mo nsa ne sɛ: yɛn bɔne nti Kristo wui, sɛnea kyerɛw nsɛm no ka no. Na wosiee no, na ne nnansa, wonyan no, sɛnea kyerɛw nsɛm no ka no.”—1 Korintofo 15:3, 4.

Ɛyɛ Yesu Kristo wusɔre no mu gyidi na ɛkaa n’asuafo no ma wɔkaa asɛmpa no wɔ Hela ne Roma wiase no nyinaa mu—“wiase abɔde nyinaa mu.” (Kolosefo 1:23) Nokwasɛm ne sɛ, Yesu wusɔre no ne Kristofo gyidi nnyinaso ankasa.

Nanso, efi mfiase pɛɛ na nkurɔfo adwenem ayɛ wɔn nãã wɔ Yesu wusɔre no ho, na wɔagye ho kyim. Wɔ Yudafo dodow no ara fam no, na ɛyɛ abususɛm sɛ Yesu akyidifo no bɛka sɛ saa ɔbarima a wɔbɔɔ no asɛnduam yi ne Mesia no. Na wɔ Helafo nhomanimfo dodow no ara fam no, esiane sɛ wogye dii sɛ ɔkra nwu nti, na wɔmpɛ sɛ wɔte owusɔre ho asɛm koraa.—Asomafo no Nnwuma 17:32-34.

Ɛnnɛyi Akyinnyegyefo

Mfe kakra a abɛsen mu no, nhomanimfo bi a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo atintim nhoma akyerɛw nsɛm bi a ɛkyerɛ sɛ Yesu wusɔre no yɛ atosɛm, na wɔagye asɛm yi ho akyinnye denneennen. Bere a nhomanimfo no reyɛ “abakɔsɛm mu Yesu” ho nhwehwɛmu no, wɔn mu bebree kyerɛ sɛ ɔda a biribiara nnim ne yi a Yesu yii ne ho adi kyerɛe wɔ ne wusɔre akyi, a Nsɛmpa no ka ho asɛm no yɛ ayɛsɛm ankasa a wɔhyehyɛe wɔ ne wu akyi bere tenteenten sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde begyina ne soro tumi a wɔkyerɛ sɛ ɔwɔ no akyi.

Fa Germanni nhomanimfo Gerd Lüdemann, Apam Foforo no ho ɔbenfo ne What Really Happened to Jesus—A Historical Approach to the Resurrection nhoma no kyerɛwfo adwenhorow no sɛ nhwɛso. Ɔkyerɛ sɛ Yesu wusɔre no yɛ “atosɛm” a ɛsɛ sɛ obiara a okura “wiase nyansahu ho adwene” po.

Ɔbenfo Lüdemann kyerɛ sɛ, Kristo a wɔanyan no a Petro huu no no yɛ anisoadehu a Petro nyae esiane po a ɔpoo Yesu ho awerɛhow ne afobu a na abunkam ne so nti. Na sɛnea Lüdemann kyerɛ no, hu a gyidifo bɛboro 500 huu Yesu wɔ bere koro mu no fi “nnipa dodow anigye ntraso.” (1 Korintofo 15:5, 6) Ne tiaatwa mu no, nhomanimfo pii ma Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa Yesu wusɔre ho no bɛyɛ nsɛm a egyina nkurɔfo adwenkyerɛ so a wɔnam so maa asuafo no nyaa ahotoso ne asɛmpatrɛw ho nsi honhom foforo.

Ɛwom, nnipa pii ani nnye nyansapɛ akyinnyesɛm ho. Nanso, ɛsɛ sɛ Yesu wusɔre no ho nsusuwii hia yɛn nyinaa. Dɛn ntia? Efisɛ, sɛ wɔannyan no a, na Kristosom gyina atosɛm so. Nanso, sɛ Yesu wusɔre no yɛ abakɔsɛm mu nokwasɛm ankasa a, ɛnde na Kristosom gyina nokware so. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde na ɛnyɛ nsɛm a Kristo kekae nko na ɛho asan na mmom ne bɔhyɛ ahorow nso. Afei nso, sɛ owusɔre wɔ hɔ a, ɛnde na owu nyɛ nkonimdifo kɛse na mmom ɔtamfo a wobetumi adi ne so nkonim.—1 Korintofo 15:55.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

From the Self-Pronouncing Edition of the Holy Bible, containing the King James and the Revised versions