Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahenni Ho Asɛmpa No Ɛyɛ Dɛn?

Ahenni Ho Asɛmpa No Ɛyɛ Dɛn?

Ahenni Ho Asɛmpa No Ɛyɛ Dɛn?

Afe a etwaam no, nnipa 6,035,564, mpanyin ne mmofra de nnɔnhwerew 1,171,270,425 kaa ho asɛm kyerɛɛ afoforo wɔ nsase 235 so wɔ wiase nyinaa. Wɔn ano a wɔde kaa ho asɛm akyi no, wɔkyekyɛɛ ɛho nsɛm a wɔatintim bɛboro ɔpepem 700 maa afoforo de bɔɔ ho dawuru kyerɛkyerɛɛ mu. Afei nso wɔkyekyɛɛ kasɛt ne video ahorow de bɔɔ ho dawuru. Ɛyɛ dɛn “ade”?

“ƐYƐ” Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. Nokwarem no, wɔnkaa “ahenni ho asɛmpa yi” ho asɛm nkɔɔ akyiri wɔ adesamma abakɔsɛm mu sɛnea yehu no nnɛ yi da.—Mateo 24:14.

Wɔn a wɔreyɛ wiase nyinaa asɛnka adwuma yi nyinaa yɛ wɔn a wɔatu wɔn ho ama. Sɛ yegyina sɛnea wiase no bu adwumayɛfo so susuw wɔn ho a, ɛte sɛ nea wɔmfata mma adwuma no. Ɛnde dɛn na ɛma wonya akokoduru de yɛ ade saa? Tumi a ɛwɔ Ahenni ho asɛmpa no mu no yɛ ade titiriw, efisɛ ɛyɛ asɛm a ɛfa nhyira a adesamma benya ho. Eyi yɛ nhyira a nnipa nyinaa pɛ sɛ wonya—anigye, sikasɛm mu ahokyere a wɔbɛde wɔn ho afi mu, nniso pa, asomdwoe ne ahobammɔ, ne afei biribi a nnipa dodow no ara nsusuw ho mpo—daa nkwa! Akyinnye biara nni ho sɛ eyi yɛ asɛmpa ma nnipa a wɔrehwehwɛ asetra atirimpɔw no. Yiw, sɛ wutie na woyɛ Ahenni ho asɛmpa no ho biribi a, wo nsa betumi aka nhyira horow yi nyinaa bi.

Dɛn Ne Ahenni No?

Nanso dɛn koraa ne Ahenni a wɔreka ho asɛm sɛ asɛmpa no? Ɛyɛ Ahenni a wɔakyerɛ nnipa ɔpepem pii sɛ wɔmfa nsɛm a wonim no yiye yi mmɔ ho mpae no: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.”—Mateo 6:9, 10.

Ɛyɛ Ahenni a Hebrini diyifo Daniel kaa ho asɛm bɛboro mfeha 25 ni bere a ɔkyerɛw nea edi so yi no: “Ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.”—Daniel 2:44.

Enti asɛmpa no fa Ahenni, anaa nniso a Onyankopɔn de bɛba a ebeyi abɔnefosɛm nyinaa afi hɔ na adi asase nyinaa so asomdwoe mu no ho. Ɛbɛma Ɔbɔadeɛ no mfitiase atirimpɔw ma adesamma ne asase no abam.—Genesis 1:28.

“Ɔsoro Ahenni no Abɛn”

Bɛyɛ mfe 2,000 a atwam ni no, ɔbarima bi a wahyira ne ho so, a sɛnea na ɔte ne ɔkwan a ɔfa so yɛ n’ade no twetwee afoforo adwene baa ne so no, na odii kan kaa Ahenni ho asɛmpa no wɔ baguam. Saa ɔbarima no ne Yohane Osuboni, Yudani sɔfo Sakaria ne ne yere Elisabet babarima no. Ná Yohane fura yoma nhwi ntama, na nhoma abɔso bɔ n’asen, te sɛ odiyifo Elia a na ɔyɛ ne nsusuwso no. Nanso n’asɛm no na ɛtwetwee nnipa pii adwene baa ne so. Ɔkae sɛ: “Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.”—Mateo 3:1-6.

Ná Yohane atiefo no yɛ Yudafo a na wɔsom Nokware Nyankopɔn, Yehowa no. Sɛ́ ɔman no, na wɔnam Mose so de Mmara apam no ama wɔn bɛyɛ mfirihyia 1,500 a na atwam no. Ná asɔrefi fɛfɛ no, faako a na wɔbɔ afɔre ahorow sɛnea na Mmara no kyerɛ no, da so ara si Yerusalem. Ná Yudafo no gye tom paa sɛ wɔn som no teɛ wɔ Onyankopɔn ani so.

Nanso, bere a nkurɔfo bi tiee Yohane no, wobehui sɛ wɔn som no nte sɛnea na wosusuw sɛ ɛte no. Ná Helafo amanne ne nyansapɛ adidi aba Yudasom nkyerɛkyerɛ mu. Saa bere yi na wɔafra mmara a Onyankopɔn nam Mose so de maa wɔn no mu, na na wɔnam nnipa gyidi ne atetesɛm so mpo asɛe no. (Mateo 15:6) Esiane sɛ na wɔn nyamesom akannifo a wɔn koma apirim na wonni mmɔborohunu adaadaa wɔn nti, na wɔn mu dodow no nsom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so bio. (Yakobo 1:27) Ná ehia sɛ wɔsakra wɔn adwene fi bɔne a na wɔayɛ atia Onyankopɔn ne Mmara apam no ho.

Saa bere no, na Yudafo pii rehwɛ Mesia anaa Kristo no kwan, na na ebinom susuw sɛ: “Ebia Yohane ne Kristo no.” Nanso Yohane annye antom sɛ ɛyɛ ɔno, na mmom ɔdan wɔn adwene kɔɔ obi foforo a ɔkaa ne ho asɛm sɛ: “Mensɛ sɛ mesan ne mpaboa hama” so. (Luka 3:15, 16) Bere a Yohane de Yesu rekyerɛ n’asuafo no, ɔkae sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn guammaa a oyi wiase bɔne kɔ no ni.”—Yohane 1:29.

Ná ɛno yɛ asɛmpa ankasa, efisɛ na Yohane nam so rekyerɛ nkurɔfo nyinaa ɔkwan a wɔbɛfa so anya nkwa ne anigye—Yesu, nea “oyi wiase bɔne kɔ no.” Sɛ́ Adam ne Hawa asefo no, wɔwoo adesamma nyinaa wɔ bɔne ne owu nkoayɛ mu. Romafo 5:19 kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛnea nnipa bebree no nam onipa biako no [Adam] asoɔden so bɛyɛɛ nnebɔneyɛfo no, sɛ nso bebree no nam obiakofo no [Yesu] setie so bɛyɛ atreneefo nen.” Te sɛ oguammaa no, na Yesu ‘beyi bɔne afi hɔ’ na wadan adesamma tebea a enye no ani. Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bɔne so akatua ne owu; na Onyankopɔn dom akyɛde ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.”—Romafo 6:23.

Sɛ onipa a ɔyɛ pɛ—nokwarem no, onipa a ɔsen biara a watra ase pɛn—no, Yesu kaa asɛmpa no. Bible kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Marko 1:14, 15 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na woyii Yohane mae akyi no, Yesu baa Galilea bɛkaa Onyankopɔn ho asɛmpa kyerɛe. Na ɔkae sɛ: Ɛbere no awie du, Onyankopɔn ahenni no abɛn. Monsakra mo adwene, na munnye asɛmpa no nni!”

Wɔn a wotiee Yesu asɛm no na wɔkyerɛɛ asɛmpa no mu gyidi no nyaa nhyira pii. Yohane 1:12 ka sɛ: “Na dodow a wogyee [Yesu] no, wɔn a wogye ne din di no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ Onyankopɔn mma.” Esiane sɛ na wɔyɛ Onyankopɔn mma nti, na wobenya daa nkwa akatua no.—1 Yohane 2:25.

Nanso ɛnyɛ wɔn a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu nko na wonyaa hokwan sɛ wobenya Ahenni nhyira horow no. Sɛnea yɛadi kan aka no, wɔreka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no, na wɔrekyerɛkyerɛ wɔ asase so nyinaa nnɛ. Enti Ahenni nhyira horow da so ara wɔ hɔ. Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na ama wo nsa aka nhyira horow a ɛte saa no bi? Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ mu.