Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Osetie So Ɛyɛ Ade a Ɛho Hia sɛ Wosua no Mmofraase?

Osetie So Ɛyɛ Ade a Ɛho Hia sɛ Wosua no Mmofraase?

Osetie So Ɛyɛ Ade a Ɛho Hia sɛ Wosua no Mmofraase?

“AWOFO Pɛ Nnipa a Wɔda Nsow, Ɛnyɛ Mmofra a Wɔyɛ Osetie.” Saa na atesɛm krataa mu asɛm bi asɛmti ka. Saa amanneɛbɔ yi gyina nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ New zealand, a ɛma ɛbɛdaa adi sɛ “wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu ɔha mu nkyem 22 pɛ na wosusuw sɛ ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ mmofra osetieyɛ wɔ fie” no so. Nhwehwɛmu no ma ɛbɛdaa adi nso sɛ awofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no gye di sɛ ɛho hia paa sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ mmofra nneɛma te sɛ suban pa, ahofadi, ne sɛnea wodi asɛyɛde ho dwuma.

Saa bere yi a obiara yɛ nea ɔpɛ na osusuw n’ankasa ho yi, ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii adwenem yɛ wɔn naa wɔ osetie ne kyerɛ a wɔde bɛkyerɛkyerɛ mmofra no ho. Nanso so ɛsɛ sɛ yebu yɛn ani gu mmofraase osetieyɛ so sɛ tete adeyɛ anaa ade a ne bere atwam? Anaasɛ ɛka nneɛma a ɛho hia a mmofra betumi asua na wɔanya so mfaso no ho? Nea ehia sen biara no, ɔkwan bɛn so na Yehowa Nyankopɔn, abusua hyehyɛfo no, bu osetie a wɔyɛ ma awofo, na mfaso horow a efi osetie a ɛte saa mu ba no bi ne dɛn?—Asomafo no Nnwuma 17:28; Efesofo 3:14, 15.

“Eyi na Ɛteɛ”

Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa afeha a edi kan Kristofo asafo a na ɛwɔ Efeso no sɛ: “Mma, muntie mo awofo asɛm Awurade mu; na eyi na ɛteɛ.” (Efesofo 6:1) Enti ade titiriw a enti osetie a ɛte saa ho hia ne sɛ ɛne Onyankopɔn gyinapɛn ma adetrenee hyia. Sɛnea Paulo kae no, “eyi na ɛteɛ.”

Nea ɛne eyi hyia no, yehu sɛ Onyankopɔn Asɛm ka awofo nteɛso a wofi ɔdɔ mu de ma ho asɛm sɛ ade a ɛyɛ fɛ, “wo ti anuonyam abotiri ne wo kɔn mu ntweaban,” na ɛyɛ ade a “ɛsɔ Awurade ani.” (Mmebusɛm 1:8, 9; Kolosefo 3:20) Nea ɛne no bɔ abira no, asoɔden a wɔyɛ wɔ awofo so de Onyankopɔn abufuw na ɛba.—Romafo 1:30, 32.

“Na Awie Wo Yiye”

Paulo twee adwene sii mfaso foforo a efi osetie mu ba so bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Di w’agya ne wo na ni! Eyi ne mmara asɛm a edi kan a bɔhyɛ wɔ mu: na awie wo yiye, na wo nna aware asase so.” (Efesofo 6:2, 3; Exodus 20:12) Akwan bɛn so na osetie a wɔyɛ ma awofo ma obi di yiye?

Sɛ yebefi ase a, so ɛnyɛ nokware sɛ awofo de mfe pii atra ase na wɔwɔ osuahu? Ɛwom sɛ ebetumi aba sɛ wonni kɔmputa ne nneɛma foforo a wɔkyerɛ wɔ sukuu no ho nimdeɛ ahe biara de, nanso wɔwɔ asetra ne sɛnea wogyina asetra mu nsɛnnennen ano ho nimdeɛ pii. Nea ɛne eyi bɔ abira no, mmofra nsusuwii nkari pɛ sɛ mpanyimfo. Enti, wɔtaa pere wɔn ho wɔ gyinaesi mu, na mpɛn pii no, wogyae wɔn ho mu ma atipɛnfo nhyɛso ma epira wɔn ankasa. Ɛfata sɛ Bible ka sɛ: “Agyimisɛm kyekyere abofra koma ho.” Dɛn ne ano aduru? “Nteɛso abaa bɛma afi ne ho.”—Mmebusɛm 22:15.

Mfaso horow a ɛwɔ osetie so no kɔ akyiri sen awofo ne wɔn mma ntam abusuabɔ. Sɛ adesamma abusua bɛyɛ ade ma akɔ so yiye a, biakoyɛ a ɛno nso hwehwɛ osetie kakra ho hia. Sɛ nhwɛso no, wɔ aware mu no, ɔpɛ mu a obi befi agyae nneɛma mu na ɛde asomdwoe, biakoyɛ, ne anigye ba na ɛnyɛ sɛ ɔbɛyɛ nhyɛ na onsusuw hokwan a afoforo wɔ ne wɔn nkate ho. Wɔ adwumam no, adwumayɛfo ahobrɛase ho hia na ama adwuma biara atumi akɔ so. Wɔ aban mmara ne ahyɛde ahorow mu no, ɛnyɛ sɛ osetie ma obi de ne ho fi asotwe ho nko, na mmom anyɛ yiye koraa no, ɛsan ma onya ahotɔ ne ahobammɔ.—Romafo 13:1-7; Efesofo 5:21-25; 6:5-8.

Mmofra a wɔnyɛ osetie mma tumidi no ntaa nsen ɔman mu. Nea ɛne no bɔ abira no, osetie ho ade a wosua wɔ mmofraase no so betumi aba mfaso wɔ obi nkwa nna nyinaa mu. Hwɛ mfaso ara a ɛwɔ so sɛ yebesua eyi wɔ mmofraase!

Osetie so Akatua Kɛse

Ɛnyɛ abusua mu anigye ne asetram mfaso horow nko na osetie de ba, na mmom ɛma yenya nea yebegyina so ahyehyɛ abusuabɔ a ehia sen biara—nea ɛda onipa ne ne Bɔfo no ntam. Sɛ ‘Ɔbɔadeɛ Kɛse’ a ɔyɛ “nkwa nsuti” no, Onyankopɔn na ɛfata sɛ yɛyɛ osetie koraa ma no.—Ɔsɛnkafo 12:1; Dwom 36:9.

Sɛnea wɔde asɛmfua “osetie” di dwuma wɔ akwan horow so no pue bɛboro mpɛn 160 wɔ Bible mu. Bio nso, wɔdan adwene kɔ Onyankopɔn mmara, akwankyerɛ, ahyɛde, atemmusɛm, ne nhyehyɛe ahorow so a ne nyinaa hwehwɛ ahobrɛase. Ɛda adi pefee sɛ Onyankopɔn bu osetie sɛ ahwehwɛde a ɛma yenya n’anim dom. Yiw, osetie yɛ ahiade titiriw a yɛrentumi nkwati ne Yehowa nnya abusuabɔ. (1 Samuel 15:22) Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnyɛ nea onipa fi awosu mu pɛ ne sɛ ɔbɛyɛ osetie, na mmom sɛ ɔbɛyɛ asoɔden. Bible ka sɛ: “Onipa komam adwene yɛ bɔne fi ne mmofraase.” (Genesis 8:21) Enti ɛnyɛ mmofraase nko na ɛsɛ sɛ yesua sɛ yɛbɛyɛ osetie, na mmom yɛn nkwa nna nyinaa mu. Saayɛ de nhyira pii ba.

Kae sɛ sɛnea ɔsomafo Paulo kae no, ahyɛde a ese yentie awofo no kura bɔhyɛ abien, a ɛne sɛ, ‘ebewie wo yiye na wo nna aware asase so.’ Wosi bɔhyɛ yi so dua wɔ Mmebusɛm 3:1, 2 sɛ: “Me ba, mma wo werɛ mmfi me mmara, na ma wo koma nni me mmara nsɛm so; efisɛ onyinkyɛ ne nkwa mfe ne asomdwoe na ɛde bɛka wo ho.” Akatua kɛse a wɔn a wɔyɛ osetie no benya ne sɛ wɔne Yehowa benya abusuabɔ nnɛ ne daa nkwa wɔ wiase foforo a asomdwoe wom no mu.—Adiyisɛm 21:3, 4.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]

Osetie ma yenya abusua mu, adwumam, ne yɛne Yehowa ntam abusuabɔ pa