Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Yehowa Asɛm No Kɔɔ So Nyinii’

‘Yehowa Asɛm No Kɔɔ So Nyinii’

‘Yehowa Asɛm No Kɔɔ So Nyinii’

“Ɔma ne kaseɛ ba asase so, n’asɛm tu mmirika ntɛmntɛm.”—DWOM 147:15.

1, 2. Adwuma bɛn na Yesu de maa n’asuafo no, na na ɛhwehwɛ sɛ wɔyɛ dɛn?

BIBLE mu nkɔmhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa sen biara no biako ne nea ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 1:8 no. Aka bere tiaa bi ma Yesu aforo akɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo anokwafo no sɛ: ‘Sɛ honhom kronkron no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden, na moayɛ m’adansefo de akɔpem asase ano nohoa.’ Hwɛ adwuma kɛse ara a na eyi bɛyɛ!

2 Ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm a na wɔbɛka wɔ asase nyinaa so no bɛyɛ adwuma a ɛyɛ den wɔ asuafo kakraa bi a wɔkaa ho asɛm kyerɛɛ wɔn no ani so. Susuw nea na ɛno kyerɛ no ho hwɛ. Na ɛsɛ sɛ wɔboa nkurɔfo ma wɔte Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no ase. (Mateo 24:14) Yesu ho adanse a na wobedi no nso hwehwɛe sɛ wɔka ne nkyerɛkyerɛ a tumi wom no ho asɛm kyerɛ afoforo na wɔkyerɛkyerɛ dwuma a Yesu di wɔ Yehowa atirimpɔw mu no mu. Afei nso, nea na ɛka adwuma no ho ne nkurɔfo a wɔbɛyɛ wɔn asuafo na wɔabɔ wɔn asu. Na na ɛsɛ sɛ wɔyɛ eyi wɔ wiase nyinaa!—Mateo 28:19, 20.

3. Dɛn ho awerɛhyem na Yesu de maa n’akyidifo no, na ɔkwan bɛn so na wɔyɛɛ wɔn ade wɔ adwuma a wɔde maa wɔn no ho?

3 Nanso, Yesu maa n’akyidifo no awerɛhyem sɛ honhom kronkron no bɛboa wɔn ma wɔayɛ adwuma a ɔde ama wɔn no. Enti, wɔ adwuma no kɛse a ɛyɛ, ɛne mmɔden a asɔretiafo bɔe bere nyinaa sɛ wɔbɛma Yesu tete asuafo no amua wɔn ano nyinaa akyi no, wɔkɔɔ so yɛɛ nea na Yesu akyerɛ wɔn no. Ɛyɛ abakɔsɛm mu nokwasɛm a wontumi nnye ho kyim.

4. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn dɔ daa adi wɔ ahyɛde a wɔde mae sɛ wɔnka asɛm no na wɔnkyerɛkyerɛ afoforo no mu?

4 Ná wiase nyinaa asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no yɛ Onyankopɔn dɔ a ɔdaa no adi kyerɛɛ wɔn a na wonnim no no. Ɛma wonyaa hokwan baa Yehowa nkyɛn, na wonyaa bɔne fafiri. (Asomafo no Nnwuma 26:18) Asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma ho ahyɛde a wɔde mae no nso kyerɛ Onyankopɔn dɔ a ɔdaa no adi kyerɛɛ wɔn a wɔka asɛm no, efisɛ ɛma wonyaa hokwan daa ahofama a wɔwɔ ma Yehowa, ɛne ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn yɔnko nnipa no adi. (Mateo 22:37-39) Ɔsomafo Paulo buu Kristofo som adwuma no kɛse araa ma ɔfrɛɛ no “ademude.”—2 Korintofo 4:7.

5. (a) Ɛhe na yehu tete Kristofo no ho kyerɛwtohɔ a ahotoso wom sen biara, na nkɔso bɛn na wɔkaa ho asɛm wom? (b) Dɛn nti na Asomafo no Nnwuma no so wɔ mfaso ma Onyankopɔn asomfo nnɛ?

5 Yehu tete Kristofo no asɛnka adwuma no ho kyerɛwtohɔ a ahotoso wom sen biara no wɔ Asomafo no Nnwuma a efi honhom mu a osuani Luka kyerɛwee no mu. Ɛyɛ nkɔso a ɛba ntɛmntɛm ho kyerɛwtohɔ a ɛyɛ nwonwa. Onyankopɔn Asɛm ho nimdeɛ ho nkɔso yi kae yɛn Dwom 147:15 a ɛka sɛ: ‘Yehowa ma ne kaseɛ ba asase so, n’asɛm tu mmirika ntɛmntɛm’ no. Tete Kristofo a honhom kronkron hyɛɛ wɔn den no ho kyerɛwtohɔ no yɛ nea ɛyɛ anigye na mfaso kɛse wɔ so ma yɛn nnɛ. Asɛnka ne asuafoyɛ adwuma koro no ara bi na Yehowa Adansefo reyɛ nnɛ, sõ na ɛsõ kɛse. Yɛn nso yehyia ɔhaw ahorow a ɛte sɛ nea Kristofo no hyiae wɔ afeha a edi kan no mu no. Sɛ yesusuw sɛnea Yehowa hyiraa tete Kristofo no na ɔhyɛɛ wɔn den no ho a, ɛma gyidi a yɛwɔ sɛ ogyina yɛn akyi no mu yɛ den.

Asuafo no Dodow Nya Nkɔanim

6. Onyin bɛn na ɛho asɛm pue mprɛnsa wɔ Asomafo no Nnwuma no mu, na ɛfa dɛn ho?

6 Ɔkwan biako a yɛbɛfa so ahwehwɛ Asomafo no Nnwuma 1:8 mmamu mu ne sɛ yebesusuw asɛm a ɛne ‘Yehowa asɛm kɔɔ so nyinii’ no ho, asɛm a epue mprɛnsa pɛ wɔ Bible mu a nsonsonoe kakraa bi na ɛwom a ne nyinaa wɔ Asomafo no Nnwuma mu no. (Asomafo no Nnwuma 6:7; 12:24; 19:20) ‘Yehowa asɛm,’ anaa “Onyankopɔn asɛm,” a ɛwɔ saa nsɛm yi mu no fa asɛmpa no—Onyankopɔn nokwasɛm a ɛka koma, nea nkwa wom, asɛm a tumi wom a ɛsakraa wɔn a wogye toom no asetra—ho.—Hebrifo 4:12.

7. Onyin bɛn na wɔde Onyankopɔn asɛm toto ho wɔ Asomafo no Nnwuma 6:7, na dɛn na esii wɔ Pentekoste 33 Y.B.?

7 Onyankopɔn asɛm a enya nkɔso ho asɛm a edi kan no wɔ Asomafo no Nnwuma 6:7. Yɛkenkan wɔ hɔ sɛ: “Na Onyankopɔn asɛm no kɔɔ so [nyinii, NW], na asuafo no dɔe pii Yerusalem, na asɔfo no mu pii nso yɛɛ wɔn aso mmerɛw maa gyidi no.” Ɛha no, wɔde onyin toto asuafo dodow nkɔanim ho. Ná wɔadi kan ahwie Onyankopɔn honhom kronkron no agu asuafo bɛyɛ 120 a na wɔahyiam wɔ abansoro dan bi mu wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. no so. Saa bere no na ɔsomafo Petro maa ɔkasa bi a ɛka koma, na wɔn a wotiei no mu bɛyɛ 3,000 bɛyɛɛ gyidifo saa da no ara. Hwɛ gyegyeegye a ɛbɛyɛ sɛ ɛbaa hɔ bere a na nnipa mpempem pii rekɔ ɔtare anaa atare a ɛwɔ Yerusalem ne mmeae a ɛbɛn hɔ ho ma wɔabɔ wɔn asu wɔ Yesu, ɔbarima a na wɔabɔ no asɛnduam sɛ ɔsɛmmɔnedifo bɛyɛ nnafua 50 a na atwam no, din mu no!—Asomafo no Nnwuma 2:41.

8. Ɔkwan bɛn so na asuafo no dodow nyaa nkɔanim wɔ Pentekoste 33 Y.B. akyi mfe bi mu?

8 Nokwarem no, na ɛno yɛ mfiase ara kwa. Mmɔden a Yudafo nyamesom akannifo kɔɔ so bɔe sɛ wobesiw asɛnka adwuma no ano no yɛɛ ɔkwa. ‘Yehowa kɔɔ so de asuafo a wogyee wɔn nkwa kaa asafo no ho daa’ maa saa akannifo no abam bui. (Asomafo no Nnwuma 2:47) Ankyɛ ‘na mmarima no dodow bɛyɛɛ sɛ mpemnum.’ Ɛno akyi no, “wɔde nnipa a wogye dii no, mmarima ne mmea bebree, toatoa so bɛkaa Awurade ho.” (Asomafo no Nnwuma 4:4; 5:14) Bere bi akyi no, yɛkenkan sɛ: ‘Asafo no nyaa asomdwoe Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa, na wonyin kɔɔ so; na wɔnantewee Yehowa suro mu tiee honhom kronkron afotu kɔɔ so dɔe.’ (Asomafo no Nnwuma 9:31) Mfe bi akyi, bɛyɛ afe 58 Y.B. mu no, wɔkaa ‘gyidifo mpempem’ ho asɛm. (Asomafo no Nnwuma 21:20) Ebeduu saa bere no, na Amanaman mufo gyidifo pii nso wɔ hɔ.

9. Ɔkwan bɛn so na wobɛka tete Kristofo no ho asɛm?

9 Adwensakra a ebinom nyae no na ɛma wonyaa nnipa dodow nkɔanim yi. Na ɔsom no yɛ foforo—nanso na ɛyɛ nnam. Esiane sɛ na asuafo no asua nokware no afi wɔn a wɔataa wɔn denneennen hɔ nkyɛe nti, na wɔnte sɛ asɔremma a wotie asɛm kɛkɛ no, na wɔwɔ ahofama a edi mu koraa ma Yehowa ne N’asɛm no. (Asomafo no Nnwuma 16:23, 26-33) Wɔn a wogyee Kristosom toom no yɛɛ saa denam asɛm no a wosusuw ho na wofi ahonim mu sii ho gyinae so. (Romafo 12:1) Wɔkyerɛkyerɛɛ wɔn wɔ Onyankopɔn akwan so; ná nokware no wɔ wɔn adwene ne wɔn koma mu. (Hebrifo 8:10, 11) Na wɔasiesie wɔn ho sɛ wobewu ama wɔn gyidi.—Asomafo no Nnwuma 7:51-60.

10. Adwuma bɛn na tete Kristofo no gye too wɔn ho so, na ne nsɛso bɛn na yehu nnɛ?

10 Wɔn a wogyee Kristofo nkyerɛkyerɛ toom no huu asɛyɛde a wɔwɔ sɛ wɔka nokware no ho asɛm kyerɛ afoforo no. Eyi na ɛma wonyaa nnipa dodow nkɔanim no. Bible ho ɔbenfo bi kae sɛ: “Ɛnyɛ wɔn a na wɔyɛ nnam paa anaa wɔn a wɔahyɛ da apaw wɔn sɛ asɛmpakafo nkutoo na na wɔwɔ hokwan sɛ wɔka gyidi no ho asɛm kyerɛ. Na Asɔreba biara wɔ hokwan, na na ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔyɛ asɛmpaka adwuma no bi. . . . Ɔpɛ mu a Kristofo no nyinaa fi de wɔn ho hyɛɛ adwuma no mu mfiase pɛɛ no na ɛmaa kuw no yɛɛ den kɛse.” Ɔkɔɔ so kyerɛwee sɛ: “Na asɛmpaka adwuma no ne tete Kristofo no asetram ade titiriw.” Ɛte saa ara wɔ nokware Kristofo fam nnɛ.

Nkɔso a Ɛba Nsase Pii So

11. Nkɔso bɛn na wɔka ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma 12:24, na ɔkwan bɛn so na eyi bae?

11 Yehu nkɔso a ɛbae wɔ Onyankopɔn asɛm ho nimdeɛ mu no ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma 12:24 sɛ: “Onyankopɔn asɛm kɔɔ so [nyinii NW], na ɛtrɛwee.” Ɛha no, asɛm no fa nkɔso a ɛba nsase pii so no ho. Ɛmfa ho ɔsɔretia a nniso ahorow de baa adwuma no so no, ɛkɔɔ so nyinii. Wodii kan hwiee honhom kronkron no guu asuafo no so wɔ Yerusalem, na efi hɔ no, asɛm no trɛw ntɛmntɛm. Ɔtaa a ɛbaa Yerusalem no bɔɔ asuafo no hwetee Yudea ne Samaria amantam no nyinaa mu. Dɛn na efii mu bae? “Wɔn a wɔhwetee no kyinkyin kɔkaa asɛmpa no.” (Asomafo no Nnwuma 8:1, 4) Wɔkyerɛɛ Filipo kwan ma ɔkɔɔ ɔbarima bi a bere a ɔbɔɔ no asu wiei no ɔde asɛm no kɔɔ Etiopia no nkyɛn. (Asomafo no Nnwuma 8:26-28, 38, 39) Ntɛm ara na nokware no gyee ntini wɔ Lida, Saron Asasetaw no so, ɛne Yopa. (Asomafo no Nnwuma 9:35, 42) Akyiri yi, ɔsomafo Paulo tutuu akwan kilomita pii faa po ne asase so, hyehyɛɛ asafo ahorow wɔ Mediterranea aman pii mu. Ɔsomafo Petro kɔɔ Babilon. (1 Petro 5:13) Bere a wohwiee honhom kronkron no guu asuafo no so wɔ Pentekoste akyi mfirihyia 30 ntam no, Paulo kyerɛwee sɛ asɛmpa no “wɔaka no wiase abɔde nyinaa mu.”—Kolosefo 1:23.

12. Ɔkwan bɛn so na Kristosom atamfo gyee Onyankopɔn asɛm a ɛtrɛw kɔɔ nsase pii so no toom?

12 Wɔn a wɔsɔre tia Kristosom mpo gye toom sɛ na Onyankopɔn asɛm no agye ntini wɔ Roma Ahemman no nyinaa mu. Sɛ nhwɛso no, Asomafo no Nnwuma 17:6 ka sɛ wɔ Tesalonika a ɛwɔ Greece atifi fam no, asɔretiafo no boboom sɛ: “Eyinom a wɔadan wiase ani no aba ha nso!” Afei nso, afeha a ɛto so abien mfiase no, Pliny Akumaa no kyerɛw Kristosom ho krataa fii Bitinia kɔmaa Roma Ɔhempɔn Trajan. Onwiinwii sɛ: “Ɛnyɛ nkurow akɛse nkutoo mu na ɛwɔ, na mmom n’adesɛe no mu atrɛw adu nkuraase a ɛbemmɛn ne ɔman no nyinaa mu.”

13. Ɔkwan bɛn so na asɛm no a ɛtrɛw kɔɔ nsase pii so no da Onyankopɔn dɔ a ɔwɔ ma adesamma no adi?

13 Na nkɔso a ɛbae wɔ nsase pii so no yɛ Yehowa dɔ kɛse a ɔdaa no adi kyerɛɛ adesamma a wɔfata ogye no. Bere a Petro hui sɛ honhom kronkron aba Amanaman muni Kornelio so no, ɔkae sɛ: “Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Yiw, na ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ nnipa nyinaa, na saa ara na ɛsɛ sɛ wɔyɛ nnɛ. Nkɔso a Onyankopɔn asɛm no nyae wɔ nsase pii so no maa nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa nyaa hokwan gyee Onyankopɔn dɔ toom. Wɔ afeha a ɛto so 21 yi mu no, Onyankopɔn asɛm no atrɛw adu asase so mmaa nyinaa ankasa.

Nkɔso a Ɛyɛɛ Den

14. Nkɔso bɛn na wɔkaa ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma 19:20, na dɛn na Onyankopɔn asɛm dii so nkonim?

14 Nkɔso a Onyankopɔn asɛm nya ho asɛm a ɛto so abiɛsa no pue wɔ Asomafo no Nnwuma 19:20 sɛ: “Sɛnea [Yehowa, NW] asɛm nam ahoɔden so nyinii na ɛyɛɛ den ne no.” Mfitiase Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “ɛyɛɛ den” no kura adwene a ɛne sɛ “ahoɔden wom.” Nkyekyem ahorow a edi kan no ka sɛ Efesofo pii bɛyɛɛ gyidifo, na wɔn mu binom a na wɔyɛ asumanne no hyew wɔn nhoma nnipa nyinaa anim. Enti, Onyankopɔn asɛm dii atoro som nkyerɛkyerɛ so nkonim. Asɛmpa no nso dii akwanside afoforo te sɛ ɔtaa so nkonim. Biribiara antumi ansiw no kwan. Eyi mu no, sɛ yɛsan de toto yɛn bere yi so nokware Kristosom ho a, yenya nsɛdi bi a ɛyɛ nwonwa.

15. (a) Dɛn na Bible ho abakɔsɛm kyerɛwfo bi kyerɛw faa tete Kristofo no ho? (b) Hena na asuafo no de wɔn nkonimdi no ho anuonyam maa no?

15 Asomafo no ne tete Kristofo afoforo de nsi kaa Onyankopɔn asɛm no. Bible ho abakɔsɛm kyerɛwfo bi ka faa wɔn ho sɛ: “Sɛ wɔpɛ sɛ wɔka wɔn Wura no ho asɛm a, wonya akwan pii a wɔbɛfa so ayɛ saa. Nokwarem no, nea ɛkanyan saa mmarima ne mmea yi na yɛn ani gye ho kɛse sen akwan a na wɔfa so no.” Nanso, saa tete Kristofo no gye toom sɛ nkɔso a na wonya wɔ wɔn som adwuma no mu no nnyina wɔn ankasa mmɔdenbɔ nkutoo so. Wonyaa Onyankopɔn ahyɛde sɛ wɔnyɛ wɔn adwuma no, na Onyankopɔn gyinaa wɔn akyi ma wɔyɛe. Honhom fam nkɔso fi Onyankopɔn. Ɔsomafo Paulo gyee eyi toom wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Korinto asafo no mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Me de, miduae, Apolo guguu so nsu, na Onyankopɔn na ɔma enyinii. Na yɛyɛ Onyankopɔn adwumayɛboafo.”—1 Korintofo 3:6, 9.

Honhom Kronkron Reyɛ Adwuma

16. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ honhom kronkron no hyɛɛ asuafo no den ma wɔkasaa akokoduru so?

16 Kae sɛ Yesu maa n’asuafo no awerɛhyem sɛ honhom kronkron bɛyɛ adwuma wɔ Onyankopɔn asɛm no nkɔso mu, ɛne sɛ honhom kronkron no bɛma asuafo no ahoɔden ma wɔde ayɛ wɔn asɛnka adwuma no. (Asomafo no Nnwuma 1:8) Ɔkwan bɛn so na eyi bae? Bere a wohwiee honhom kronkron guu asuafo no so wɔ Pentekoste akyi bere tiaa bi no, wɔde Petro ne Yohane kɔɔ Yudafo Sanhedrin, ɔman no asɛnnibea kunini a na Yesu Kristo kum no ho asodi da emu atemmufo so no anim sɛ wɔne wɔn nkɔkasa. So na ehu bɛma asomafo no ho apopo wɔ bagua kɛse a wɔn tirim yɛ den no anim? Dabida! Honhom kronkron hyɛɛ Petro ne Yohane den ma wɔde akokoduru ne wɔn atamfo no kasae ma ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na “wohuu wɔn sɛ wɔne Yesu na ɛtrae.” (Asomafo no Nnwuma 4:8, 13) Honhom kronkron maa Stefano nso dii adanse akokoduru so wɔ Sanhedrin no anim. (Asomafo no Nnwuma 6:12; 7:55, 56) Ná honhom kronkron no adi kan akanyan asuafo no ma wɔaka asɛm no akokoduru so. Luka bɔ amanneɛ sɛ: ‘Na wowiee asɔre no, nea wohyiae hɔ wosowee, na honhom kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔde nnam kaa Onyankopɔn asɛm.’—Asomafo no Nnwuma 4:31.

17. Akwan foforo bɛn so na honhom kronkron no boaa asuafo no wɔ wɔn som adwuma no mu?

17 Yehowa nam ne honhom kronkron a tumi wom no so ne Yesu a wɔanyan no afi awufo mu no kyerɛɛ asɛnka adwuma no kwan. (Yohane 14:28; 15:26) Bere a wohwiee honhom kronkron guu Kornelio, n’abusuafo, ne ne nnamfo a wɔbɛn no so no, ɔsomafo Petro hui sɛ na Amanaman mufo a wontwaa twetia no betumi afata ama asubɔ wɔ Yesu Kristo din mu. (Asomafo no Nnwuma 10:24, 44-48) Akyiri yi, honhom no dii dwuma titiriw ma wɔpaw Barnaba ne Saul (ɔsomafo Paulo) ma wɔkɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma, na ɛkyerɛɛ wɔn baabi a ɛsɛ sɛ wɔkɔ ne baabi a ɛnsɛ sɛ wɔkɔ. (Asomafo no Nnwuma 13:2, 4; 16:6, 7) Ɛkyerɛɛ asomafo no ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem no kwan ma wosisii gyinae. (Asomafo no Nnwuma 15:23, 28, 29) Honhom kronkron kyerɛɛ wɔn kwan nso ma wɔpaw ahwɛfo wɔ Kristofo asafo no mu.—Asomafo no Nnwuma 20:28.

18. Ɔkwan bɛn so na tete Kristofo no daa ɔdɔ adi?

18 Afei nso, honhom kronkron no daa adi wɔ Kristofo no ankasa mu ma wɔsow aba pa te sɛ ɔdɔ. (Galatifo 5:22, 23) Ɔdɔ kaa asuafo no ma wɔne afoforo kyɛɛ wɔn nneɛma. Sɛ nhwɛso no, Pentekoste 33 Y.B. akyi no, woyii foto bi sii hɔ a wɔde dii asuafo no honam fam ahiade ho dwuma wɔ Yerusalem. Bible kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “[Na] obiara nni wɔn mu a biribi hia no; na wɔn a wɔwɔ nsase anaa adan tontɔnee, na wɔde nea wɔtɔnee no ti ade bae de beguu asomafo no anan ase; na wɔkyekyɛɛ mu maa obiara sɛnea ehia no.” (Asomafo no Nnwuma 4:34, 35) Ɛnyɛ mfɛfo gyidifo nko na woyii saa dɔ yi adi kyerɛɛ wɔn na mmom afoforo nso, na wɔkaa asɛm no, daa ayamye nso adi kyerɛɛ wɔn wɔ nneɛma foforo mu. (Asomafo no Nnwuma 28:8, 9) Yesu kae sɛ ɔdɔ a efi ahofama mu na ɛbɛma wɔahu n’akyidifo no. (Yohane 13:34, 35) Ɛyɛ ampa sɛ su a ɛho hia a ɛne ɔdɔ na ɛtwee nkurɔfo kɔɔ Onyankopɔn nkyɛn na ɛmaa nkɔso bae wɔ afeha a edi kan no mu sɛnea ɛyɛ nnɛ no ara pɛ.—Mateo 5:14, 16.

19. (a) Akwan abiɛsa bɛn so na Yehowa asɛm nyinii wɔ afeha a edi kan no mu? (b) Dɛn na yɛbɛhwehwɛ mu wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

19 Ne nyinaa mu no, asɛm ‘honhom kronkron’ no pue mpɛn 41 wɔ Asomafo no Nnwuma no mu. Ɛda adi pefee sɛ, nyin a nokware Kristosom nyinii wɔ afeha a edi kan no mu no fi honhom kronkron no ahoɔden ne n’akwankyerɛ ankasa. Asuafo no dodow nyaa nkɔanim, Onyankopɔn asɛm no trɛw kɔɔ mmeae pii, na edii nyamesom ne nyansapɛ ahorow a na ɛwɔ hɔ saa bere no so nkonim. Nkɔso a ɛbae wɔ afeha a edi kan mu yi ne adwuma a Yehowa Adansefo reyɛ nnɛ no di nsɛ. Asɛm a edi hɔ no mu no, yɛbɛhwehwɛ nkɔso a ɛyɛ nwonwa a Onyankopɔn asɛm anya nnɛyi no mu.

So Wokae?

• Ɔkwan bɛn so na tete asuafo no dodow nyaa nkɔanim?

• Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn asɛm trɛw kɔɔ nsase pii so?

• Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn asɛm dii nkonim wɔ afeha a edi kan no mu?

• Dwuma bɛn na honhom kronkron dii wɔ Onyankopɔn asɛm no nyin mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Filipo kaa asɛm no kyerɛɛ Etiopiani no, na wɔnam so trɛw asɛmpa no mu kɔɔ nsase pii so

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Honhom kronkron maa asomafo no ne mpanyimfo no akwankyerɛ wɔ Yerusalem

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 10]

Upper right corner: Reproduction of the City of Jerusalem at the time of the Second Temple - located on the grounds of the Holyland Hotel, Jerusalem