Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ɔmanfo Akwahosan Ho Asiane a Ahintaw”

“Ɔmanfo Akwahosan Ho Asiane a Ahintaw”

“Ɔmanfo Akwahosan Ho Asiane a Ahintaw”

NHWEHWƐMU bi a wɔayɛ nnansa yi a ɛfa ɔbarima ne ɔbea nna ho nsɛm ho daa no adi ma ɛyɛɛ nwonwa sɛ, mpanyimfo a wɔde Intanɛt di dwuma wɔ United States no baasa biara mu biako abue beae bi a ɛka nna ho nsɛm. Nnipa pii na wɔnam Intanɛt so redi wɔn nna ho akɔnnɔ ho dwuma nnɛ. Ɔbenfo Al Cooper, adwene ne nneyɛe ho nimdefo a ɔyɛɛ nhwehwɛmu no ka sɛ: “Eyi yɛ ɔmanfo akwahosan ho asiane a ahintaw a ɛretrɛw, efisɛ nnipa kakraa bi pɛ na wɔahu sɛ ɛte saa anaasɛ wɔfa no aniberesɛm.”

Henanom titiriw na nna ho nsɛm a ɛte saa no betumi anya wɔn so nkɛntɛnso kɛse? Ɔbenfo Cooper ka sɛ: “Wɔn a wɔde Intanɛt di dwuma a ebia wɔahyɛ wɔn nna ho nkate so na wɔmfa wɔn ho nhyɛ mu pii wɔ wɔn asetra mu” nanso “mpofirim ara wonya nna ho nsɛm pii” wɔ Intanɛt so no.

Nanso, wɔn a wɔtaa bue mmeae a ɛka nna ho nsɛm no mu dodow no ara bu no sɛ asiane biara nni ho. So ɛte saa? Sɛnea obi a nnubɔnenom aka no hɔ tumi nya aduru a ne nom aka no hɔ no ho anigye nkakrankakra no, saa ara na wɔn a wɔn ani gye nna ho nsɛm ho no bebree hwehwɛ nna ho nsɛm “dodow” pii wɔ Intanɛt so de dwudwo wɔn akɔnnɔ ano. Wɔn adwuma ne wɔne wɔn ahokafo ntam nkitahodi mpo betumi asɛe!

Nanso, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani no wɔ ade foforo nti a ɛsɛ sɛ wɔkwati sɛ wobebue mmeae a wɔka nna ho nsɛm wɔ Intanɛt so no. Onyankopɔn Asɛm tu fo sɛ: “Enti, munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no: aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso, akɔnnɔ bɔne ne anibere a ɛyɛ abosonsom. Eyinom na ɛde Onyankopɔn abufuw ba.” (Kolosefo 3:5, 6) Nea ɛbɛyɛ na obi ‘akum n’akwaa’ a ɛfa akɔnnɔ nhyɛso ho no, ɛsɛ sɛ onya ɔdɔ a emu yɛ den ma Yehowa Nyankopɔn. (Dwom 97:10) Sɛ ohu sɛ ɔmanfo akwahosan ho asiane a ɛne nna ho nsɛm a ɛwɔ Intanɛt so no retwetwe no a, ɛsɛ sɛ ɔhyɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa no mu den denam Onyankopɔn Asɛm, Bible, no a obesua so. Fekubɔ pa a obi ne Yehowa Adansefo benya wɔ wɔn Ahenni Asa so no betumi aboa kɛse ma wahyɛ ne bo a wasi sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani no mu den.