Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asɔre Agyanom—So Wogyinaa Bible Mu Nokware Akyi?

Asɔre Agyanom—So Wogyinaa Bible Mu Nokware Akyi?

Asɔre Agyanom—So Wogyinaa Bible Mu Nokware Akyi?

Sɛ́ wokyerɛ sɛ woyɛ Kristoni anaasɛ wonyɛ no, ebetumi aba sɛ wɔanya adwene a wukura wɔ Bible no Nyankopɔn, Yesu, ne Kristosom ho no so nkɛntɛnso kɛse. Ná wɔfrɛ wɔn mu biako Ɔnotewfo; na na wɔfrɛ ɔfoforo Ɔkɛseɛ. Wɔaka wɔn nyinaa ho asɛm sɛ “Kristo asetra ho nhwɛso a ɛsen biara.” Wɔne henanom? Wɔne tete nyamesom mu anyansafo, nhoma akyerɛwfo, nyamekyerɛfo, ne nyansapɛfo a wɔanya nnɛyi “Kristosom” nsusuwii so nkɛntɛnso kɛse—Asɔre Agyanom.

GREECE Ortodɔks nyamesom adesua ho ɔbenfo Demetrios J. Constantelos kyerɛ sɛ: “Ɛnyɛ Bible mu nsɛm nyinaa na ɛyɛ Onyankopɔn asɛm. Yentumi nka sɛ nhoma biako nkutoo mu na Honhom Kronkron a ɛda Onyankopɔn asɛm adi no wɔ.” Nhoma foforo bɛn mu na ebetumi aba sɛ Onyankopɔn adiyisɛm a ahotoso wom no wɔ? Constantelos ka wɔ ne nhoma Understanding the Greek Orthodox Church no mu sɛ: “Yebu Atetesɛm Kronkron ne Kyerɛw Kronkron no nyinaa sɛ dwetɛ sika biako a ɛwɔ afã abien.”

Asɔre Agyanom nkyerɛkyerɛ ne wɔn nhoma na ɛyɛ “Atetesɛm Kronkron” no nnyinaso. Ná wɔyɛ nyamekyerɛfo ne “Kristofo” nyansapɛfo a wɔagye din a wɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so abien ne anum Y.B. ntam hɔ. Wɔanya nnɛyi “Kristofo” nsusuwii so nkɛntɛnso akodu he? So wɔbataa Bible no ho wɔ wɔn nkyerɛkyerɛ no mu? Wɔ Yesu Kristo kyidifo fam no, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ nokware no nnyinaso pintinn?

Wɔn Ho Abakɔsɛm

Wɔ afeha a ɛto so abien Y.B. mfinimfini mu hɔ no, na wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo rebɔ wɔn gyidi ho ban wɔ Romafo ataafo ne ɔsom mu awaefo no ho. Nanso, saa bere yi no na nyamesom nkyerɛkyerɛ pii wɔ hɔ. Nyamesom mu akyinnyegye a ɛfa “onyame” a Yesu yɛ ne sɛnea honhom kronkron no te ne dwuma a edi ho no de mpaapaemu a emu yɛ den bae. “Kristofo” nkyerɛkyerɛ ho wontwiwontwi a emu yɛ den ne mpaapaemu a wontumi nsiesie trɛw kɔɔ amammuisɛm ne amammerɛ mu, na ɛtɔ mmere bi a na dede, atuatew, basabasayɛ, ne ɔko mpo sɔre wɔ mu. Abakɔsɛm kyerɛwfo Paul Johnson kyerɛwee sɛ: “Sakasakayɛ, akyinnyegye, mpaapaemu, ne nneɛma a ɛtete saa na wɔde fii Kristosom a [awae] no ase, na saa ara na akɔ so ayɛ. . . . Nyamesom mu adwenkyerɛ a enni ano a na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛtrɛw mu na ɛsɔree wɔ Mediterranea supɔw no mfinimfini ne apuei fam wɔ afeha a edi kan ne nea ɛto so abien Y.B. mu. . . . Enti, efi mfiase no na Kristosom a egu ahorow na ɛsono emu biara na na ɛwɔ hɔ.”

Saa bere no, nhoma akyerɛwfo ne anyansafo a wosusuwii sɛ ɛho hia sɛ wɔfa nyansapɛ so kyerɛkyerɛ “Kristofo” nkyerɛkyerɛ mu no fii ase nyaa nkɔso. Nea ɛbɛyɛ na nyamesom mu nhoma akyerɛwfo a wɔte saa no ama abosonsomfo nhomanimfo a na wɔaba “Kristosom” mu foforo no bo atɔ wɔn yam nti, wɔde wɔn ho too Helafo ne Yudafo tete nhoma so kɛse. Nea edi kan no, sɛnea Justin Martyr (100-165 Y.B.), a ɔkyerɛw nhoma wɔ Hela mu kyerɛ no, esiane sɛ wɔn a wɔkyerɛe sɛ wɔyɛ Kristofo no suaa Helafo nyansapɛ a asete yɛ den nti, wɔbɛyɛɛ nkurɔfo a wɔn ntease yɛ hwanyann kɛse.

Adeyɛ yi sow aba wɔ Origen (185-254 Y.B.), Helani nhoma kyerɛwfo a ofi Alexandria no nhoma ahorow mu. Origen nsɛm a ɛwɔ On First Principles mu no ne mmɔden a edi kan a wɔbɔe sɛ wɔnam Helafo nyansapɛ so bɛkyerɛkyerɛ “Kristofo” nkyerɛkyerɛ ahorow mu. Mmɔden a Nicaea Bagua (325 Y.B.) no bɔe sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ “onyame” a Kristo yɛ mu na ama wɔatumi de nkyerɛkyerɛ no asi hɔ no yɛɛ ade titiriw a ɛmaa wɔn ahoɔden foforo a wɔde bɛkyerɛkyerɛ “Kristofo” nkyerɛkyerɛ no mu. Saa bagua no na efii bere a asɔre bagua ahorow hwehwɛe sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ mu pɛpɛɛpɛ no ase.

Nhoma Akyerɛwfo ne Akasafo a Wɔn Ano Atew

Eusebius a ofi Kaesarea a ɔkyerɛw nhoma wɔ Nicaea Bagua a edi kan no bere so no de ne ho bɔɔ Ɔhempɔn Constantine. Nicaea bagua no akyi bɛyɛ mfirihyia 100 ne akyi no, nyamekyerɛfo, a na wɔn mu dodow no ara kyerɛw nhoma wɔ Hela mu no gyee akyinnye denneennen wɔ nea na ɛrebɛyɛ Kristoman nkyerɛkyerɛ a ɛda nsow, Baasakoro, no ho. Nea na odi mu akoten ne Athanasius, ɔsɔfo panyin onuɔdenfo a ofi Alexandria, ɛne asɔre akannifo baasa a wofi Kapadokia, Asia Kumaa—Basil Ɔkɛseɛ, ne nua Gregory a ofi Nyssa, ne wɔn adamfo Gregory a ofi Nazianzus.

Nhoma akyerɛwfo ne asɛmpakafo a na wɔwɔ hɔ saa bere no ano tewee yiye. Ná Gregory a ofi Nazianzus ne John Chrysostom (a ɛkyerɛ “Ɔnotewfo”) wɔ Hela mu ne Ambrose a ofi Milan ne Augustine a ofi Hippo wɔ Latin mu no yɛ nkurɔfo a wonim kasa yiye, na na wɔyɛ wɔn bere so adesua bi a na wobu no kɛse na agye din sen biara no mu abenfo. Nhoma kyerɛwfo a na wagye din sen biara saa bere no ne Augustine. Ne nyamekyerɛ nsɛm no anya “Kristofo” a wɔwɔ hɔ nnɛ nsusuwii so nkɛntɛnso wɔ baabiara. Jerome a na ɔyɛ saa bere no so nhomanimfo a ɔsen biara no na odii Latin Vulgate Bible a wɔkyerɛɛ ase fii mfitiase kasa mu no mu akoten.

Nanso, nsɛmmisa a ɛho hia ni: So saa Asɔre Agyanom no bataa Bible no ho denneennen? So wokuraa Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no mu wɔ wɔn nkyerɛkyerɛ mu? So wɔn nhoma horow no di mũ a ɛbɛma obi anya Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ?

Onyankopɔn Nkyerɛkyerɛ Anaasɛ Nnipa Nkyerɛkyerɛ?

Nnansa yi, Greece Ortodɔks Kuropɔn mu Sɔfopɔn a ɔwɔ Pisidia no kyerɛw The Hellenic Pedestal of Christianity nhoma no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛda no adi sɛ Helafo amammerɛ ne nyansapɛ na ɛmaa nnɛyi “Kristofo” nyaa wɔn nsusuwii nnyinaso. Wɔ saa nhoma no mu no, ogye tom ntɛm ara sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ Asɔre Agyanom atitiriw no nyinaa buu Helafo mmara sɛ eye sen biara, na wɔfa fii tete Hela kasa a asete yɛ den mu, na wɔde dii dwuma sɛ nea wɔnam so bɛte Kristofo nokware ahorow ase na wɔakyerɛkyerɛ mu pɛpɛɛpɛ.”

Sɛ nhwɛso no, susuw adwene a ɛne sɛ Agya, Ɔba, ne honhom kronkron na ɛka bom yɛ Baasakoro no ho hwɛ. Nicaea Bagua no akyi no, Asɔre Agyanom pii bɛyɛɛ Baasakorofo denneennen. Na wɔn nhoma ne wɔn nkyerɛkyerɛmu ahorow ho hia na ama Baasakoro no ayɛ Kristoman nkyerɛkyerɛ titiriw. Nanso, so Baasakoro no wɔ Bible mu? Dabi. Ɛnde Asɔre Agyanom no nya fii he? A Dictionary of Religious Knowledge ka sɛ nnipa pii ka sɛ Baasakoro “yɛ asɛm a wɔkɔfa fii abosonsom mu bɛkaa Kristofo gyidi ho.” Na The Paganism in Our Christianity si so dua sɛ: “[Baasakoro] fi abosonsom mu koraa.” *Yohane 3:16; 14:28.

Anaasɛ susuw ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ, gyidi a ɛkyerɛ sɛ onipa fã bi kɔ so tra ase bere a nipadua no awu no ho hwɛ. Bio nso, Asɔre Agyanom no dii akoten de saa nkyerɛkyerɛ yi baa ɔsom a na enni ɔkra a ɛkɔ so tra ase wɔ owu akyi ho adwene biara no mu. Bible da no adi pefee sɛ ɔkra tumi wu: “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.” (Hesekiel 18:4) Dɛn na Asɔre Agyanom no gyinaa so gyee ɔkra a enwu da no dii? New Catholic Encyclopedia no ka sɛ: “Kristofo adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn bɔɔ honhom mu ɔkra bi, ɛnna ɔde hyɛɛ nipadua no mu wɔ nyinsɛn mu ma onipa bɛyɛɛ onipa mũ no yɛ ade a wonya fii Kristofo nyansapɛ mu bere tenten a atwam no. Origen a ofi Apuei fam ne Ɔhotefo Augustine a ofi Atɔe fam no nkutoo na wɔkyerɛe sɛ ɔkra yɛ honhom, na wɔnam nyansapɛ so kyerɛɛ sɛnea ɛte. . . . [Augustine nkyerɛkyerɛ] no (ɛne emu sintɔ ahorow no bi) fi Plato nkyerɛkyerɛ mu.” Na Presbyterian Life nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Ɔkra a enwu da yɛ Helafo adwene a wɔnam tete abosonsom mu ahintasɛm so hyehyɛe na nyansapɛfo Plato trɛw mu.” *

Kristofo Nokware no Nnyinaso a Ɛyɛ Den

Bere a yɛayɛ Asɔre Agyanom abakɔsɛm ne wɔn nkyerɛkyerɛ fibea ho nhwehwɛmu kakra yi akyi no, ɛfata sɛ yebisa sɛ, So ɛsɛ sɛ nokware Kristoni de ne gyidi gyina Asɔre Agyanom nkyerɛkyerɛ so? Ma Bible no mmua.

Ade biako ne sɛ, Yesu Kristo ankasa yii nyamesom mu abodin a ɛne ‘Agya’ no fii hɔ bere a ɔkae sɛ: “Mommfrɛ obiara mo agya asase so; na obiako ne mo agya, ɔne nea ɔwɔ soro no.” (Mateo 23:9) Ɛnyɛ Kristofo su, na ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia sɛ wɔde edin ‘Agya’ bɛfrɛ ɔsom muni bi. Wɔkyerɛw Onyankopɔn Asɛm no wiei wɔ bɛyɛ afe 98 Y.B., bere a ɔsomafo Yohane kyerɛw ne nhoma no wiei no. Enti, enhia sɛ nokware Kristofo bɛhwehwɛ honhom mu adiyisɛm afi onipa bi hɔ. Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye sɛ nnipa atetesɛm nti ‘wɔrensɛe Onyankopɔn asɛm.’ Ɛyɛ asiane kɛse wɔ honhom fam sɛ wɔde nnipa atetesɛm besi Onyankopɔn Asɛm ananmu. Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Sɛ onifuraefo kyerɛ onifuraefo kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amoa mu.”—Mateo 15:6, 14.

So Onyankopɔn Asɛm a ɛwɔ Bible mu akyi no, Kristoni hia adiyisɛm foforo bi? Dabi. Adiyisɛm nhoma no de kɔkɔbɔ ma wɔ biribi foforo biara a yɛde bɛka kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no ho sɛ: “Sɛ obi de biribi ka nneɛma yi ho a, Onyankopɔn de ɔhaw horow a wɔakyerɛw wɔ nhoma yi mu no bɛka no ho.”—Adiyisɛm 22:18.

Kristofo nokware no wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible, mu. (Yohane 17:17; 2 Timoteo 3:16; 2 Yohane 1-4) Emu ntease a ɛfata a yebenya no nnyina wiase nyansa so. Ɛdefa nnipa a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa nnipa nyansa so akyerɛkyerɛ Onyankopɔn adiyisɛm mu ho no, ɛfata sɛ yetĩ ɔsomafo Paulo nsɛmmisa no mu sɛ: “Onyansafo wɔ he? Kyerɛwfo wɔ he? Wi yi ase kyinnyegyefo wɔ he? Onyankopɔn nnan wi yi ase nyansa nkwaseasɛm anaa?”—1 Korintofo 1:20.

Afei nso, nokware Kristofo asafo no yɛ “nokware dum ne nnyinaso.” (1 Timoteo 3:15) Emu ahwɛfo bɔ nkyerɛkyerɛ a wɔde ma wɔ asafo no mu kronkronyɛ ho ban, na wosiw nkyerɛkyerɛ bɔne biara kwan na amma mu. (2 Timoteo 2:15-18, 25) Woyi ‘atoro adiyifo, atoro akyerɛkyerɛfo, ne ɔsɛe fekusɛm’ fi asafo no mu. (2 Petro 2:1) Asomafo no wu akyi no, Asɔre Agyanom no maa “nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ” gyee ntini wɔ Kristofo asafo no mu.—1 Timoteo 4:1.

Nea efii saa ɔwae yi mu bae no da adi pefee wɔ Kristoman mu nnɛ. Wɔn gyidi ne wɔn nneyɛe yɛ soronko koraa wɔ Bible mu nokware ho.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 15 Wubetumi anya Baasakoro ho nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri wɔ nhomawa So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, a Yehowa Adansefo tintimii no mu.

^ nky. 16 Sɛ wopɛ Bible nkyerɛkyerɛ a ɛfa ɔkra ho a ɛkɔ akyiri a, hwɛ Reasoning From the Scriptures, a Yehowa Adansefo tintimii no nkratafa 98-104 ne 375-80.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 18]

KAPADOKIA AGYANOM

Nhoma kyerɛwfo Kallistos a ɔyɛ ɔkokorani no ka sɛ: “Ortodɔks Asɔre no wɔ obu soronko bi ma afeha a ɛto so anan no mu nhoma akyerɛwfo, ne ne titiriw no, wɔn a wɔfrɛ wɔn ‘Asɔfo Akɛse baasa no,’ Gregory a ofi Nazianzus, Basil Ɔkɛseɛ, ne John Chrysostom.” So saa Asɔre Agyanom yi de wɔn nkyerɛkyerɛ no gyinaa Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no so? Ɛdefa Basil Ɔkɛseɛ ho no, The Fathers of the Greek Church nhoma no ka sɛ: “Ne nhoma no da no adi sɛ, ɔkɔɔ so de ne ho bɔɔ Plato, Homer, ne abakɔsɛm akyerɛwfo no ne wɔn a wɔn ano atew ho bere tenten, na akyinnye biara nni ho sɛ wonyaa ne nhomakyerɛw so nkɛntɛnso. . . . Basil kɔɔ so yɛɛ ‘Helani.’” Ɛte saa ara wɔ Gregory a ofi Nazianzus no nso fam. “Wɔ ne fam no, na nea ɛbɛma Asɔre no nkonimdi ne ne kɛseyɛ ada adi yiye ne abenfo no atetesɛm a ebegye atom koraa.”

Ɛdefa wɔn baasa nyinaa ho no, Ɔbenfo Panagiotis K. Christou kyerɛwee sɛ: “Bere a wɔbɔ ‘nyansapɛ ne nnaadaa hunu’ [Kolosefo 2:8] ho kɔkɔ bere ne bere mu—sɛnea ɛbɛyɛ na wɔayɛ wɔn ade ma ɛne Apam Foforo no mu mmara ahyia—no, bere koro no ara na wosua nyansapɛ ne ɛho mmara atitiriw anibere so, na wɔkamfo kyerɛɛ afoforo mpo sɛ wonsua.” Ɛdaa adi sɛ, asɔre akyerɛkyerɛfo a wɔte saa no susuwii sɛ wontumi mfa Bible nkutoo nnyina adwenhorow a wokura no akyi. So adum afoforo a wɔhwehwɛe no kyerɛ sɛ na wɔn nkyerɛkyerɛ no ne Bible no nhyia? Ɔsomafo Paulo bɔɔ Hebrifo Kristofo no kɔkɔ sɛ: “Mommma kyerɛ horow ne nsɛm foforo mmfa mo nnkyinkyini.”—Hebrifo 13:9.

[Asɛm Fibea]

© Archivo Iconografico, S.A./CORBIS

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 20]

CYRIL A OFI ALEXANDRIA ASƆRE AGYA A ASƐM WƆ NE HO

Asɔre Agyanom a asɛm wɔ wɔn ho sen biara no mu biako ne Cyril a ofi Alexandria. (bɛyɛ 375-444 Y.B.) Asɔre ho abakɔsɛm kyerɛwfo Hans von Campenhausen ka ne ho asɛm sɛ na “ɔyɛ katee, ɔyɛ basabasa, ɔyɛ oniberefo, na n’adwuma ho nidi ne ne kɛseyɛ adi ne ti,” na ɔde ka ho sɛ “wammu biribiara sɛ ɛteɛ da gye sɛ nea ɛso bɛba no mfaso na ama ne tumi mu atrɛw nko . . . N’atirimɔdensɛm ne n’asisisɛm no anhaw n’adwene da.” Bere a na Cyril yɛ ɔsɔfo panyin wɔ Alexandria no, ɔnam adanmude, dinsɛe, ne ntwiri so pɛe sɛ otu ɔsɔfo panyin a ɔwɔ Constantinople no. Wosusuw sɛ ɔno na ɔma wokum nyansapɛfo a na wagye din, Hypatia, yayaayaw wɔ afe 415 Y.B. mu no. Ɛdefa Cyril nyamekyerɛ nhoma ho no, Campenhausen ka sɛ: “Ɔno na ofii ase sɛ ɔrennyina Bible nkutoo so nsisi gyidi ho nsɛm ho gyinae, na mmom ɔbɛhwehwɛ mmoa afi afoforo nsɛm a wɔakeka a ɛfata ne abenfo a wɔagye wɔn atom nsɛm a wɔaboaboa ano mu.”

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Jerome

[Asɛm Fibea]

Garo Nalbandian