Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dwen Onyankopɔn Anwonwade Ho

Dwen Onyankopɔn Anwonwade Ho

Dwen Onyankopɔn Anwonwade Ho

[Yehowa, “NW”], me Nyankopɔn, w’anwonwade ne w’adwene, woama adɔɔso ama yɛn, wɔrentumi mfa biribi nto wo ho.”—DWOM 40:5.

1, 2. Onyankopɔn anwonwade ho adanse bɛn na yɛwɔ, na dɛn na ɛsɛ sɛ eyi ka yɛn ma yɛyɛ?

SƐ WOKENKAN Bible no a, wubetumi ahu ntɛm ara sɛ Onyankopɔn yɛɛ anwonwade pii maa ne man, tete Israel. (Yosua 3:5; Dwom 106:7, 21, 22) Sɛ mpo Yehowa mfa ne ho nnye nneɛma mu saa ɛnnɛ a, yehu n’anwonwade ho adanse pii. Enti yɛwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛne odwontofo no bom ka sɛ: “[Yehowa, NW], wo nnwuma dɔɔso dɛn ara, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔde ahyɛ asase so ma.”—Dwom 104:24; 148:1-5.

2 Ɛnnɛ, nnipa pii po Ɔbɔadeɛ no nnwuma ho adanse a ɛda adi pefee saa no. (Romafo 1:20) Nanso mfaso wɔ so sɛ yesusuw ho na yegyina yɛn gyinabea ne asɛyɛde a yɛwɔ wɔ yɛn Bɔfo no anim so ka ho asɛm. Nneɛma a eye kyɛn so a ebetumi aboa yɛn wɔ Hiob ti 38 kosi 41, efisɛ ɛhɔ na Yehowa twee Hiob adwene kɔɔ N’anwonwade ahorow no bi so. Susuw nsɛm a ɛfata a Onyankopɔn kaa ho asɛm no bi ho hwɛ.

Nnwuma a Tumi Wom na Ɛyɛ Nwonwa

3. Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Hiob 38:22, 23, 25-29 no, nneɛma bɛn na Onyankopɔn bisaa ho asɛm?

3 Eduu baabi no, Onyankopɔn bisaa Hiob sɛ: “So woakɔ sukyerɛma korabea, anaa woahu amparuwbo akorae no, ade a makora masie ahohia bere ne ɔko ne dɔmdi da no?” Sukyerɛma ne amparuwbo ka nkurɔfo asetra ho wɔ asase so mmeae pii. Onyankopɔn toaa so sɛ: “Hena na oyiyi akã ma osu ne ɔkwan ma aprannaa asraman no, sɛ ɔbɛma osu atɔ asase a obi nni hɔ so, ne wura a onipa bi nni mu mu, na wama amamfo ne asase hunu amee, na wama wura a efuw no afefɛw? So osu wɔ agya, anaasɛ hena na ɔwo obosu a ɛsosɔ? Hena yam na nsu nkyenkyenee fi, na ɔsoro bosu a akyenkyen no, hena na ɔwoe?”—Hiob 38:22, 23, 25-29.

4-6. Ɔkwan bɛn so na nimdeɛ a onipa wɔ wɔ sukyerɛma ho no nni mũ?

4 Nnipa bi a wɔte aman a adagyew nnim koraa mu na ehia sɛ wotu kwan no betumi asusuw sɛ sukyerɛma yɛ ade a ɛhaw adwene. Nanso afoforo pii bu sukyerɛma sɛ ade a ɛyɛ fɛ, a ɛma asase ani yɛ fɛ wɔ awɔw bere mu na ɛma wonya kwan yɛ nneɛma atitiriw bi. Bere a Onyankopɔn asɛmmisa no wɔ w’adwenem no, so wowɔ sukyerɛma ho nimdeɛ a edi mu, sɛnea ɛte ankasa mpo? Ebia sukyerɛma ho mfonini a yɛahu ama yɛahu sɛnea sukyerɛma pii te, anaasɛ ebia na yɛn ankasa ahu bi pɛn. Nanso sukyerɛma nketenkete no nso ɛ? So wunim sɛnea ɛte, a ebia woahwɛ wɔ baabi a efi no?

5 Ebinom de mfe pii asua sukyerɛma ho ade atwa ho mfonini. Nsukyenee a ɛyɛ hatahata bɛyɛ ɔha a emu adwini yɛ fɛ na ne dodow nni ano na ɛwɔ sukyerɛma biara mu. Atmosphere nhoma no ka sɛ: “Gu a sukyerɛma nketenkete gu ahorow no yɛ nea wonim no yiye, na ɛwom sɛ nyansahufo kyerɛ sɛ adebɔ mu mmara biara nni hɔ a ɛbara sɛ emu abien bedi nsɛ de, nanso wonhuu emu bi a ɛsɛ da. Wilson A. Bentley a ɔde bɛboro mfirihyia 40 de afiri a wɔde hwɛ nneɛma nketenkete paa yɛɛ sukyerɛma nketenkete mu nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri no . . . anhu emu abien a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ da.” Na mpo sɛ ɛba sɛ emu abien bi di nsɛ sɛnea ɛntaa nsi no a, so ɛno bɛsakra sɛnea sukyerɛma gu ahorow ma ɛyɛ nwonwa no?

6 Kae Onyankopɔn asɛmmisa no: “So woakɔ sukyerɛma korabea?” Nnipa pii susuw sɛ omununkum mu na wɔkora sukyerɛma. So wubetumi afa wo ho sɛ obi a ɔrekɔ adekorabea a ɛte saa akɔkan sukyerɛma mu adwini a ne dodow nni ano no? Nyansahu ho nhoma bi a ɛka nneɛma pii ho nsɛm ka sɛ: “Wontumi nhuu ade a omununkum mu nsu boaboa ano fa ho ma ɛyɛ nsukyenee bere a wim ayɛ nwini paa no suban ne ne fibea nwiei.”—Dwom 147:16, 17; Yesaia 55:9, 10.

7. Onipa nimdeɛ wɔ osutɔ ho no kodu he?

7 Na osutɔ nso ɛ? Onyankopɔn bisaa Hiob sɛ: “So osu wɔ agya, anaasɛ hena na ɔwo obosu a ɛsosɔ?” Nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm koro no ara ka sɛ: “Esiane sɛnea nneɛma a ekyinkyin wɔ wim dɔɔso, na tutuw ne mporoporowa a ɛwɔ mframa mu gu ahorow pii nti, ɛte sɛ nea yentumi nkyerɛkyerɛ ɔkwan a omununkum fa so hyehyɛ na osu nam so tɔ no mu.” Nyansahufo de nsɛm a asete nyɛ den akyerɛkyerɛ mu, nanso wontumi nkyerɛkyerɛ osutɔ mu koraa. Nanso, wunim sɛ osu tɔ, na egugu asase so ma afifide yɛ yiye, na ɛma abɔde a nkwa wom tumi tra ase nya ahotɔ.

8. Dɛn nti na Paulo nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Asomafo no Nnwuma 14:17 no fata?

8 So wo ne ɔsomafo Paulo nyɛ adwene wɔ asɛm a ɔkae no ho? Ɔhyɛɛ afoforo nkuran sɛ wɔmfa saa anwonwade yi so nhu Onii a ɔyɛe no. Paulo kaa Yehowa Nyankopɔn ho asɛm sɛ: “Wannyae ne ho adansedi, yɛ yiye ma mo osu fi soro ne bere a aduan ba, na ɔde aduan ne anigye ma mo abotɔyam.”—Asomafo no Nnwuma 14:17; Dwom 147:8.

9. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn anwonwade da ne tumi kɛse no adi?

9 Akyinnye biara nni ho sɛ anwonwade ne nnwuma a mfaso wɔ so saa Yɛfo no wɔ nyansa ne tumi kɛse. Ɛdefa ne tumi ho no, susuw eyi ho hwɛ: Wɔkyerɛ sɛ aprannaa 45,000 na ɛpaapae da biara, na bɛboro ɔpepem 16 na esisi afe biara. Eyi kyerɛ sɛ bɛyɛ 2,000 na ɛresisi saa bere yi ara. Ahoɔden a ɔprannaa biako de wosow amununkum pii a ahyehyɛ no bɛyɛ sɛ nuklea atopae a wɔtotowee wɔ Wiase Ko II mu no mmɔho du anaa nea ɛboro saa. Wuhu saa ahoɔden no bi sɛ anyinam. Sɛ yɛde sɛnea ɛyɛ nwonwa no to nkyɛn a, anyinam boa ankasa ma yenya mframa a wɔfrɛ no nitrogen a ɛkɔ asase mu ma afifide twetwe sɛ adebɔ mu ɔyɛ-asase-yiye no. Enti anyinam yɛ tumi a wɔda no adi, na yenya so mfaso ankasa nso.—Dwom 104:14, 15.

Nkɛntɛnso Bɛn Na Enya Wɔ Wo So?

10. Wubebua nsɛmmisa a ɔwɔ Hiob 38:33-38 no dɛn?

10 Fa no sɛ wo ne Hiob a Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn rebisa no nsɛm no. Akyinnye biara nni ho sɛ wubegye atom sɛ nnipa dodow no ara na wonsusuw Onyankopɔn anwonwade ho ahe biara. Yehowa bisabisa yɛn nsɛm a yɛkenkan wɔ Hiob 38:33-38 no. “So wunim ɔsoro nhyehyɛe anaa wubetumi ahyehyɛ sɛnea enni asase so mfa? So woma wo nne so kɔ amununkum mu sɛ nsu pii mmɛkata wo ho anaa? So wubetumi asoma anyinam ma akɔ, na aka akyerɛ wo sɛ: Yɛn ni! anaa? Hena na ɔde nyansa siee ayamde mu, anaa hena na ɔde nhumu maa honhom? Hena na ɔde nyansa kenkan amununkum, na ɔsoro nkotoku no, hena na ɔdan no ma mfutuma twe kɔhɔre siw, na dɔte bɔ atɔwatɔw?”

11, 12. Nneɛma bɛn na edi adanse sɛ Onyankopɔn na Ɔyɛ anwonwade?

11 Nsɛm a Elihu ne Hiob susuw ho no kakraa bi pɛ na yɛaka ho asɛm, ɛnna afei yɛaka nsɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Hiob sɛ onyi ano “sɛ ɔbarima” no bi nso ho asɛm. (Hiob 38:3) Yɛka sɛ ‘ebi’ efisɛ wɔ Hiob ti 38 ne 39 mu no, Yehowa twee adwene sii adebɔ mu nneɛma foforo nso a ɛho hia so. Sɛ nhwɛso no, ɔkaa ɔsoro nsoromma akuw ho asɛm. Hena na onim wɔn nyinaa mmara? (Hiob 38:31-33) Yehowa twee Hiob adwene kɔɔ mmoa no bi so—gyata ne anene, abotan so abirekyi, sare so afurum, ɛkoɔ ne sohori, ɔpɔnkɔ ne ɔkɔre. Onyankopɔn nam saayɛ so bisaa Hiob sɛ ɔno na ɔmaa mmoa ahorow yi wɔn su ahorow a ɛma wɔkɔ so tra nkwa mu no anaa. Titiriw sɛ w’ani gye apɔnkɔ ne mmoa afoforo ho a, ebia wubetumi asua saa ti ahorow yi ma w’ani agye.—Dwom 50:10, 11.

12 Afei nso wubetumi ahwehwɛ Hiob ti 40 ne 41 mu, baabi a Yehowa bisaa Hiob bio sɛ onyi nsɛm a ɔrebisa afa mmoa atitiriw abien bi ho ano no. Yɛte ase sɛ saa mmoa yi ne susono (Behemoth), a ɔsõ na ne ho yɛ den, ɛne Nil mu dɛnkyɛm (Leviathan) a ne ho yɛ hu no. Wɔn mu biara yɛ abɔde a ɛyɛ nwonwa a ɛfata sɛ yedwen ho. Afei ma yɛnhwɛ nea ɛsɛ sɛ yɛka fa wɔn ho.

13. Tumi bɛn na Onyankopɔn asɛmmisa no nyae wɔ Hiob so, na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ nsɛm yi ka yɛn?

13 Hiob ti 42 ma yehu tumi a Onyankopɔn nsɛmmisa no nyae wɔ Hiob so. Mfiase no Hiob twee adwene kɔɔ ɔno ne afoforo so dodo. Nanso, bere a Hiob gyee Onyankopɔn nteɛso toom no, ɔsesaa n’adwene. Hiob kaa n’anom asɛm sɛ: “Mahu sɛ [Yehowa] wutumi ade nyinaa yɛ, na wɔrensiw w’atirimbɔ bi kwan. Hena ne nea onni nimdeɛ, na ɔfono afotu ani yi? Enti na mekaa nea mente ase, anwonwade a ɛsen me a minnim.” (Hiob 42:2, 3) Yiw, bere a Hiob dwennwen Onyankopɔn anwonwade ho akyi no, ɔkae sɛ saa nneɛma yi yɛ no nwonwa dodo. Ɛsɛ sɛ adebɔ mu nneɛma a ɛyɛ nwonwa a yɛasusuw ho yi ka yɛn ma yɛn nso yehu Onyankopɔn nyansa ne ne tumi kɛse no. Dɛn ntia? So ɛsɛ sɛ yɛn ani gye ne tumi ne n’ahoɔden kɛse no ho ara kwa? Anaasɛ ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ nea ɛsen saa?

14. Dawid yɛɛ n’ade dɛn wɔ Onyankopɔn anwonwade ho?

14 Wiɛ, yehu nsɛm bi wɔ Dwom 86 a ɛte sɛ nea na Dawid aka wɔ dwom bi a edi kan mu sɛ: “Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam, na ewim kyerɛ ne nsa ano adwuma. Ɛda woro kyerɛ da, na anadwo ma anadwo te nka” no. (Dwom 19:1, 2) Nanso, Dawid kaa nsɛm kɔɔ akyiri. Yɛkenkan wɔ Dwom 86:10, 11 sɛ: “Woyɛ kɛse, na woyɛ anwonwade, wo nkutoo ne Nyankopɔn. [Yehowa, NW], kyerɛ me wo kwan, mɛnantew wo nokware mu, ka me koma bom ma ensuro wo din.” Nea na ɛka nidi a Dawid de maa Ɔbɔadeɛ no wɔ n’anwonwade nyinaa ho ne osuro pa. Wubetumi ahu nea enti a ɛte saa. Ná Dawid mpɛ sɛ ɔyɛ biribi a ɛrensɔ Onii a otumi yɛɛ saa anwonwade yi no ani. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ.

15. Dɛn nti na na osuro pa a Dawid wɔ ma Onyankopɔn no fata?

15 Ɛbɛyɛ sɛ na Dawid ahu sɛ esiane sɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn wɔ tumi kɛse a ɔde di dwuma nti, obetumi de ako atia wɔn a wonni n’anim dom no nyinaa. Wɔn fam no, ɛyɛ ahude. Onyankopɔn bisaa Hiob sɛ: “So woakɔ sukyerɛma korabea, anaa woahu amparuwbo akorae no, ade a makora masie ahohia bere ne ɔko ne dɔmdi da no?” Sukyerɛma, asukɔtweaa, osuframa, ahum, ne anyinam nyinaa ka n’akode ho. Adebɔ mu akode a ano yɛ den bɛn ara ni!—Hiob 38:22, 23.

16, 17. Dɛn na ɛkyerɛkyerɛ Onyankopɔn tumi kɛse no mu, na ɔkwan bɛn so na ɔde saa tumi no dii dwuma tete no?

16 Ebia wokae amanehunu kɛse a saa nneɛma yi mu biako de baa baabi—sɛ́ ɛyɛ ahum a wɔfrɛ no hurricane, typhoon anaa cyclone a etu, asukɔtweaa a ɛtɔ, anaa nsuyiri no. Sɛ yɛbɛyɛ ho mfatoho a, wɔ afe 2000 mfiase mu no, ahum kɛse bi tui wɔ Europa anafo fam atɔe. Ɛmaa ewim nsɛm ho animdefo mpo ho dwiriw wɔn. Ahum a ano yɛ den yi tuu mmirika kilomita 200 wɔ dɔnhwerew biako mu, popaa adan so, bubuu anyinam nkanea nnua, na ebutubutuw lɔre akɛse. Bɔ mmɔden yɛ eyi ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ: Ahum no tutui anaa ebubuu nnua bɛyɛ ɔpepem 270, na wɔ Versailles turo a ɛwɔ Paris kurotia no mu nkutoo no, etutuu nnua 10,000. Etwaa anyinam nkanea mu wɔ afie ɔpepem pii mu. Ɛkaa kakra ma nnipa a ekunkum wɔn dodow duu 100. Eyi nyinaa sii wɔ bere tiaa bi mu. Tumi bɛn ara ni!

17 Obi betumi aka ahum ho asɛm sɛ biribi a esi mpofirim a biribiara nkyerɛ no kwan a wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye. Nanso, sɛ tumi nyinaa Wura no yɛ anwonwade denam tumi a ɛte saa a ɔde bedi dwuma wɔ ɔkwan pɔtee bi so a, dɛn na ebesi? Ɔyɛɛ biribi a ɛte saa wɔ Abraham, obi a ohui sɛ asase nyinaa Temmufo no asusuw nkurow abien, Sodom ne Gomora, amumɔyɛ ho no bere so. Na wɔasɛe araa ma na wɔn nteɛm aforo akodu Onyankopɔn a ɔboaa treneefo nyinaa ma wofii nkurow a na wɔabu no fɔ no mu no nkyɛn. Abakɔsɛm kyerɛwtohɔ ka sɛ: “[Yehowa, NW] tɔɔ sufrɛ ne gya fi [Yehowa, NW] nkyɛn ɔsoro” guu saa nkurow no so. Ná ɛno yɛ anwonwade, efisɛ ɛkoraa treneefo so na ɛsɛee nnebɔneyɛfo a wontumi nsakra no.—Genesis 19:24.

18. Nneɛma a ɛyɛ nwonwa bɛn na Yesaia ti 25 twe adwene si so?

18 Bere bi akyi no, Yehowa buu tete kurow Babilon, a ɛbɛyɛ sɛ ɛno na wɔkaa ho asɛm wɔ Yesaia ti 25 no atɛn. Onyankopɔn ka siei sɛ saa kurow no bɛbɔ: “Woadan kurow afabo kuw, woama abannennen ayɛ abansin; ananafo aban afɛfɛ nyɛ kurow bio, na wɔrento bio da biara da.” (Yesaia 25:2) Wɔn a wɔkɔsra tete Babilon amamfo so nnɛ no betumi aka sɛ asɛm yi baa mu saa. So Babilon sɛe no yɛ abakɔsɛm a esii ara kwa? Dabi. Mmom no yebetumi agye Yesaia asɛm no atom: “[Yehowa, NW], me Nyankopɔn ne wo, mɛma wo so makamfo wo din sɛ woayɛ anwonwade; tete beeme agyinatu atim ayɛ nokware.”—Yesaia 25:1, 2.

Anwonwade a Ɛbɛba Daakye

19, 20. Yesaia 25:6-8 mmamu bɛn na yebetumi ahwɛ kwan?

19 Onyankopɔn maa nkɔmhyɛ a ɛwɔ atifi hɔ no baa mu wɔ tete no, na ɔbɛyɛ anwonwade daakye. Sɛnea Yesaia ka Onyankopɔn “anwonwade” ho asɛm wɔ ha no, yehu nkɔmhyɛ bi a yebetumi de yɛn ho ato so a ennya mmaa mu. Bɔhyɛ a ɛyɛ ‘anigye’ bɛn ara ni? Yesaia 25:6 ka sɛ: “Asafo [Yehowa, NW] bɛtow aman nyinaa pon bepɔw yi so: sradeduan, nsã a akyɛ, srade ne hon, nsã a wɔasɔn so.”

20 Saa nkɔmhyɛ no bɛbam ɔkwan biara so wɔ wiase foforo a ɛwɔ yɛn anim pɛɛ a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no mu. Wobeyi ɔhaw ahorow a egu adesamma so a ayɛ nnipa pii so adesoa nnɛ no afi hɔ saa bere no. Nokwarem no, nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 25:7, 8 no ma awerɛhyem sɛ Onyankopɔn de n’adeyɛ tumi bɛyɛ anwonwade a ɛsen biara saa bere no: “Ɔbɛmene owu akosi daa, na [Yehowa, NW] bɛpopa ani nyinaa so nusu, na wayi ne man ahohora afi asase nyinaa so akɔ, efisɛ [Yehowa, NW] na waka.” Akyiri yi ɔsomafo Paulo faa saa asɛm no so kasae de faa awufo a Onyankopɔn de wɔn bɛba nkwa mu bio, awufo a obenyan wɔn no ho. Anwonwade bɛn ara na ɛno bɛyɛ sɛɛ yi!—1 Korintofo 15:51-54.

21. Anwonwade bɛn na Onyankopɔn bɛyɛ ama awufo?

21 Ade biako nso a ɛbɛma mmɔborosu afi hɔ ne sɛ wobeyi adesamma honam fam nyarewa nyinaa afi hɔ. Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔsaa ayarefo pii yare—buee anifuraefo aniwa, maa asotifo tee asɛm, na ɔmaa wɔn a wɔadi dɛm nyaa ahoɔden. Yohane 5:5-9 ka ɔbarima bi a na wabubu mfirihyia 38 a ɔsaa no yare ho asɛm. Wɔn a wohui no kae sɛ ɛyɛ anwonwade. Na ɛyɛ anwonwade ampa! Nanso, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ awufo a obenyan wɔn no bɛyɛ nwonwa asen saa: “Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi; wɔn a wɔayɛ papa no bɛkɔ nkwa sɔre mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no bɛkɔ atemmu sɔre mu.”—Yohane 5:28, 29.

22. Dɛn nti na ahiafo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so no betumi anya anidaso?

22 Ɛno bɛba ɔkwan biara so efisɛ Yehowa na ɔde ahyɛ bɔ. Nya awerɛhyem sɛ sɛ ɔde ne tumi kɛse no di dwuma yiye a, nea ebefi mu aba no bɛyɛ nwonwa. Dwom 72 ka nea ɔnam ne Ba ne Ɔhene no so bɛyɛ no ho asɛm. Saa bere no, ɔtreneeni besi frɔmm. Asomdwoe pii bɛba. Onyankopɔn begye wɔn a wɔyɛ ahiafo ne amanehunufo no. Ɔhyɛ bɔ sɛ: “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi, ɛso aba bɛwosow sɛ [tete] Lebanon, na nkurow no asoa sɛ asase so wura.”—Dwom 72:16.

23. Dɛn na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn anwonwade ka yɛn ma yɛyɛ?

23 Ɛda adi sɛ, yɛwɔ nneɛma pii a enti ɛsɛ sɛ yedwen Yehowa anwonwade ho—nea ɔyɛe tete mmere mu, nea ɔreyɛ nnɛ, ɛne nea ɔbɛyɛ nnansa yi ara. “Nhyira ne [Yehowa, NW] Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn a ne nko yɛ anwonwade, na nhyira ne n’anuonyam din daa, na n’anuonyam nhyɛ asase nyinaa ma. Amen ne Amen.” (Dwom 72:18, 19) Ɛsɛ sɛ yɛne yɛn abusuafo ne afoforo bɔ ho nkɔmmɔ anigye so daa. Yiw, ‘Momma yɛnka n’anuonyam, amanaman mu, n’anwonwade, aman nyinaa mu.’—Dwom 78:3, 4; 96:3, 4.

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na nsɛm a wobisaa Hiob no si sɛnea nnipa nimdeɛ tɔ sin no so dua?

• Onyankopɔn anwonwade ahorow a wɔtwee adwene sii so wɔ Hiob ti 37-41 bɛn na w’ani agye ho?

• Bere a yɛasusuw Onyankopɔn anwonwade ahorow no bi ho awie no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Dɛn na wubetumi aka afa sukyerɛma a egu ahorow ma ɛyɛ nwonwa no ne anyinam tumi kɛse no ho?

[Asɛm Fibea]

snowcrystals.net

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 13]

Ka Onyankopɔn anwonwade ho asɛm daa wɔ wo nkɔmmɔbɔ mu