Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ebetumi Asi Wo Yiye Ɛmfa Ho Sɛnea Wɔtetee Wo

Ebetumi Asi Wo Yiye Ɛmfa Ho Sɛnea Wɔtetee Wo

Ebetumi Asi Wo Yiye Ɛmfa Ho Sɛnea Wɔtetee Wo

NÁ NICHOLAS fi ne mmofraase wɔ atuatew su kakra wɔ ne mu. * Bere kɔɔ so no, ne nkate no maa ɔde ne ho kɔhyɛɛ nnubɔnenom ne asabow mu. Nicholas kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na me papa yɛ ɔsadweam, na ɔyɛɛ me ne me nuabea ayayade pii.”

Sɛ wohwɛ Malinda awofo a, na wɔyɛ asɔrekɔfo a wobu wɔn wɔ mpɔtam a wɔte no. Nanso na wɔde wɔn ho ahyɛ ɔsom mu amanne bi mu denneennen. Malinda a mprempren ɔwɔ ne mfirihyia 30 mu no ka sɛ: “Na wɔn som mu nneyɛe no bi haw me, na sɛ́ abofra no, ɛsɛee m’adwene.” Ɔde ka ho sɛ: “Abasamtu ne te a mete nka sɛ me so nni mfaso no anya me so nkɛntɛnso bere tenteenten.”

Hena na obetumi agye sɛe a basabasayɛ, ayayadeyɛ, sraha a awofo to mmofra, ne nneyɛe bɔne foforo a asɛe nnipa pii fi wɔn mmofraase no ho kyim? Mmofraase yawdi betumi anya obi so nkɛntɛnso akɔ akyiri. Nanso, so ɛsɛ sɛ ɛyawdi a ɛte saa no sɛe gye a obi betumi agye Onyankopɔn Asɛm mu nokware atom, ne anigye kakra a obetumi anya no daa? Ɛmfa ho ntetee a Nicholas ne Malinda nyae no, so ebetumi asi wɔn yiye sɛ nnipa a wodi nokware? Nea edi kan no, susuw Yuda hene Yosia ho hwɛ.

Kyerɛwnsɛm mu Nhwɛso

Yosia dii Yuda so mfirihyia 31 wɔ afeha a ɛto so ason A.Y.B. (659-629 A.Y.B.) Bere a wɔde Yosia dii ade wɔ n’agya kum akyi no, na tebea horow a ɛwɔ Yuda no nye koraa. Na Baal asomfo ne wɔn a na wɔreka Amonfo nyame titiriw, Malkam ntam, ahyɛ Yuda ne Yerusalem ma. Sefania, Onyankopɔn diyifo a na ɔwɔ hɔ saa bere no kae sɛ, na Yuda mmapɔmma yɛ “agyata a wɔbobom,” na na n’atemmufo yɛ “anadwofa mpataku.” Enti na basabasayɛ ne nnaadaa abu so wɔ asase no so. Na nnipa pii reka wɔ wɔn komam sɛ: “[Yehowa, NW] renyɛ papa na ɔrenyɛ bɔne.”—Sefania 1:3–2:3; 3:1-5.

Yosia daa ne ho adi sɛ ɔyɛ sodifo bɛn? Bible beresosɛm kyerɛwfo Esra kyerɛwee sɛ: ‘Yosia yɛɛ nea ɛteɛ Yehowa ani so, na ɔnantew n’agya Dawid akwan so, na wamman ankɔ nifa anaa benkum.’ (2 Beresosɛm 34:1, 2) Ɛda adi sɛ Yosia tumi yɛɛ nea ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so. Nanso, na abusua a ofi mu no te dɛn?

Mmofraase Ntetee a Eye Anaa Nea Enye?

Bere a wɔwoo Yosia wɔ afe 667 A.Y.B. mu no, na n’agya, Amon, adi mfirihyia 16 pɛ, na na ne nanabarima Manase redi ade wɔ Yuda. Na Manase yɛ ahemfo amumɔyɛfo a wɔsen biara a wodii Yuda so no mu biako. Osisii afɔremuka maa Baal, na ‘ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne bebree pa.’ Ɔmaa ne mmabarima faa ogya mu, yii ntafowa, dii abayisɛm, hyɛɛ adebisa ho nkuran, na ohwiee mogya a edi bem pii gui. Manase san de Asera nnua ahoni a wayɛ baa Yehowa asɔrefie hɔ. Ɔdaadaa Yuda ne Yerusalem ma “wɔyɛɛ bɔne sen amanaman a [Yehowa, NW] sɛee wɔn Israelfo anim no.”—2 Beresosɛm 33:1-9.

Ná Manase nye araa ma Yehowa ma wɔde mpokyerɛ guu no de no kɔɔ Babilon a na ɛyɛ Asiria hene nkurow no biako mu. Bere a Manase wɔ nnommumfa mu no, ɔbrɛɛ ne ho ase, srɛɛ Yehowa hɔ bɔne fafiri. Onyankopɔn tiee n’adesrɛ no, na wɔsan de no dii ade wɔ Yerusalem. Afei Manase yɛɛ nsakrae ma esii no yiye kakra.—2 Beresosɛm 33:10-17.

Nkɛntɛnso bɛn na Manase amumɔyɛ ne n’ahonu no nyae wɔ ne ba Amon so? Ɔbɛyɛɛ ɔbɔnefo ankasa. Bere a Manase nuu ne ho na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛtew ɔman no ho afi efĩ a ɔno ankasa de bae ho no, Amon anyɛ ho hwee. Amon bedii ade bere a na wadi mfirihyia 22, “ɔyɛɛ [Yehowa, NW] ani so bɔne sɛnea n’agya Manase yɛe no.” Sɛ́ anka ɔbɛbrɛ ne ho ase Yehowa anim no, “Amon maa asodi dɔɔso.” (2 Beresosɛm 33:21-23) Bere a Amon bɛyɛɛ Yuda hene no na Yosia adi mfirihyia asia pɛ. Mmofraase ntetee a enye bɛn ara na ɛbɛyɛ sɛ Yosia nyae yi!

Amon nniso bɔne no baa awiei wɔ mfirihyia abien akyi bere a ne nkoa pam ne tiri so kum no no. Nanso, asase no sofo kunkum Amon atirisopamfo no, na wɔde ne ba, Yosia, sii hene.—2 Beresosɛm 33:24, 25.

Ɛmfa ho sɛ na Yosia mmofraase nsɛm tebea nye no, otumi yɛɛ nea eye wɔ Yehowa ani so. Esii no yiye wɔ ne nniso no mu araa ma Bible kaa ho asɛm sɛ: “Ne sɛso hene bi anni n’anim a ɔde ne koma nyinaa ne ne kra nyinaa ne n’ahoɔden nyinaa dan baa [Yehowa, NW] nkyɛn sɛ Mose mmara no kyerɛ no, na n’akyi nso obi ansɔre a ɔte sɛ ɔno.”—2 Ahene 23:19-25.

Nhwɛso a ɛhyɛ nkuran bɛn sɛɛ na Yosia yɛ ma wɔn a ebia wogyinaa tebea bɔne ano wɔ wɔn mmofraase no! Dɛn na yebetumi asua afi ne nhwɛso no mu? Dɛn na ɛboaa Yosia ma ɔpaw ɔkwantrenee na ɔnantew so no?

Hwehwɛ Yehowa

Nea onyaa Yosia so nkɛntɛnso pa wɔ ne mmofraase ne ne nanabarima, Manase, a onuu ne ho no. Bible no nka nkitaho dodow a wodii, ne mfe a na Yosia adi bere a Manase teɛɛ n’akwan no. Esiane sɛ na Yudafo mmusua bɛn nti, ebetumi aba sɛ Manase bɔɔ mmɔden sɛ obegye no afi nkɛntɛnso bɔne a na atwa ne ho ahyia no mu denam nokware Nyankopɔn Yehowa ne n’asɛm no ho obu a ɔde duaa ne banana no komam no so. Awiei koraa no, nokware aba biara ne ebia nkɛntɛnso pa foforo a Manase tumi de duaa Yosia komam no sow aba. Bere a na Yosia adi mfirihyia 15 na wadi ade mfirihyia awotwe no, ɔhwehwɛɛ Yehowa, na ɔyɛɛ n’apɛde.—2 Beresosɛm 34:1-3.

Honhom fam nneɛma ho nkitahodi a nnipa binom nyae wɔ wɔn mmofraase araa ne nea wonya fii obusuani bi a ɔne wɔn ntam kwan ware, ɔmannifo, anaa ofipamfo bi hɔ no. Nanso, sɛ wogugu aba a wɔatɛw no so a, ebetumi asow aba pa akyiri yi. Malinda a yedii kan kaa ne ho asɛm no nyaa akwakoraa ɔyamyefo bi a ɔte bɛn no a na ɔde Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma ba ne fie daa. Ɔde anigye kae no sɛ: “Nea ɛmaa m’ani gyee me fipamfo no ho sen biara ne sɛ na onni nnapɔnna. Na eyi ho hia me paa efisɛ sɛ edu Halloween ne nnapɔnna foforo so a, wɔyɛ amanne ahorow wɔ m’awofo som mu.” Mfe du akyi, bere a Malinda adamfo bi too nsa frɛɛ no kɔɔ Kristofo nhyiam ase wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so no, ɔkaee saa ofipamfo yi na ɔkɔe. Ɛno boaa no ma ɔhwehwɛɛ nokware no.

Brɛ Wo Ho Ase Onyankopɔn Anim

Ade a ɛhyɛɛ Yosia nniso no agyirae ne ɔsom mu nsakrae a ɛkɔɔ so wɔ Yuda asase so no. Bere a Yosia de mfirihyia asia tuu abosonsom so sa na ɔtew Yuda asase ho wiei no, osiesiee Yehowa fie no. Bere a na saa adwuma no rekɔ so no, Ɔsɔfopanyin Hilkia huu ade a ɛsom bo bi! Ohuu ‘Yehowa mmara nhoma’ dedaw no ankasa. Bere a Hilkia de ade nwonwaso a ohui yi maa Sefan, ɔkyerɛwfo no, ɔde nea aba no ho asɛm kɔtoo ɔhene anim. So nea Yosia a na wadi mfirihyia 25 no tumi yɛe no ma ɔyɛɛ ahantan?—2 Beresosɛm 34:3-18.

Esra kyerɛwee sɛ: “Ɔhene tee mmara no mu nsɛm no no, osunsuanee ne ntade mu.” Na eyi yɛ awerɛhodi a efi komam efisɛ ohui sɛ wɔn agyanom anni Onyankopɔn ahyɛde no nyinaa so. Ahobrɛase ho sɛnkyerɛnne ankasa ni! Ntɛm ara na ɔhene no somaa nnipa baanum sɛ wɔnkɔ odiyifobea Hulda nkyɛn nkobisa Yehowa hɔ ade. Amanneɛbɔ a asomafo no san de bae ni: ‘Esiane Yehowa Mmara a wɔanni so nti adebɔne no bɛba. Nanso, esiane sɛ wo Ɔhene Yosia, woabrɛ wo ho ase nti, wɔbɛboa wo akɔ wo da mu asomdwoe mu, na worenhu adebɔne no.’ (2 Beresosɛm 34:19-28) Yehowa ani gyee Yosia nneyɛe ho.

Ɛmfa ho ntetee a yenyae no, yɛn nso yebetumi abrɛ yɛn ho ase wɔ nokware Nyankopɔn Yehowa anim, na yɛakyerɛ obu ama ɔno ne N’asɛm, Bible no. Nicholas a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no yɛɛ eyi. Ɔka sɛ: “Ɛwom sɛ esiane nnubɔne ne asabow nti m’asetra sɛee de, nanso na m’ani gye Bible ho, na na m’ani gyina sɛ menya atirimpɔw wɔ asetra mu. Awiei koraa no, mihyiaa Yehowa Adansefo, sesaa m’asetra kwan, na migyee nokware no.” Yiw, yebetumi akyerɛ obu ama Onyankopɔn ne N’asɛm ɛmfa ho tebea a yɛwom.

Nya Yehowa Nhyehyɛe so Mfaso

Na Yosia wɔ obu kɛse nso ma Yehowa adiyifo no. Ɛnyɛ odiyifobea Hulda hɔ ade nko na okobisae, na mmom adiyifo foforo a na wɔwɔ hɔ wɔ ne bere so no nso nyaa ne so nkɛntɛnso kɛse. Sɛ nhwɛso no, na Yeremia ne Sefania nyinaa rekasa tia abosonsom a na ɛrekɔ so wɔ Yuda no denneennen. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ wɔn nsɛm a Yosia tiei no hyɛɛ no den bere a na ɔretu atorosom so sa no!—Yeremia 1:1, 2; 3:6-10; Sefania 1:1-6.

‘Owura’ Yesu Kristo, apaw n’akyidifo a wɔasra wɔn—“akoa nokwafo ne ɔbadwemma”—no sɛ wɔmfa honhom fam aduan mma wɔ bere a ɛsɛ mu. (Mateo 24:45-47) Akoa kuw no nam Bible ho nhoma ahorow ne asafo no nhyehyɛe so twe adwene si mfaso a ɛwɔ Bible mu afotu a yebetie so, na wɔde di a yɛde bedi dwuma wɔ yɛn da biara da asetram no ho nyansahyɛ ahorow ma. Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ yɛde Yehowa nhyehyɛe bedi dwuma ma aboa yɛn ma yɛatumi adi su biara a agye ntini wɔ yɛn mu a ɛmfata so! Efi Nicholas mmofraase no, na n’ani nnye tumidi ho koraa. Bere mpo a osuaa Onyankopɔn Asɛm mu nokware no, saa mmerɛwyɛ yi amma wantumi ansom Yehowa kɛse. Anyɛ mmerɛw amma no sɛ ɔbɛsesa saa su yi. Nanso, bere kɔɔ so no, otumi sesae. Ɔkwan bɛn so? Nicholas kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛdenam mpanyimfo baanu a wɔwɔ ntease mmoa so no, migyee me haw no toom, na mifii ase de wɔn afotu a efi Kyerɛwnsɛm mu no dii dwuma.” Ɔde ka ho sɛ: “Ɛwom sɛ mitumi nya menasepɔw nkakrankakra bere ne bere mu de, nanso madi m’atuatew no so mprempren.”

Malinda nso hwehwɛ afotu fi mpanyimfo no hɔ, sɛ ɔresisi gyinae a ɛho hia wɔ n’asetram a. Sɛ ɔredi abasamtu ne te a ɔte nka sɛ mfaso nni ne so a onya fii ne mmofraase no ho dwuma a, nea ohu sɛ ɛboa no titiriw paa ne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu nsɛm ahorow no. Ɔka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a asɛm bi mu nkyekyem anaa kasamu bi—asɛm ketewaa bi—na ɛka me koma. Bɛyɛ mfirihyia akron a atwam ni no, mifii ase de nsɛm a ɛtete saa no hyehyɛɛ nhoma bi mu sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ahwɛ mu ntɛm ara.” Ɛnnɛ, ɔwɔ nsɛm a waboaboa ano no bɛyɛ 400 wɔ ne nhoma abiɛsa mu!

Dabi, ɛnsɛ sɛ abusua bi mu asetra bɔne nya nkurɔfo so nkɛntɛnso afebɔɔ. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, ebetumi asi wɔn yiye wɔ honhom fam. Sɛnea ntetee pa a obi nya wɔ ne mmofraase nkyerɛ sɛ ɔbɛyɛ nokwaredifo ɔkwan biara so no, saa ara na ntetee pa a obi annya wɔ ne mmofraase no ntumi nsiw yɛ a ɔbɛyɛ obi a osuro Onyankopɔn no kwan.

Bere a Yosia huu Mmara nhoma no bere a na wɔresiesie asɔrefie hɔ no, ɔkɔɔ so ‘pamee Yehowa anim sɛ obedi Yehowa akyi, na wakɔ so de ne koma ne ne kra nyinaa adi n’ahyɛde so.’ (2 Beresosɛm 34:31) Wamman amfi ne gyinaesi yi ho kosii ne wu da. Malinda ne Nicholas nso asi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so adi Yehowa Nyankopɔn nokware, na wɔakɔ so ayɛ nokwaredifo. Ɛmmra sɛ wo nso wubesi wo bo abata Onyankopɔn ho na woasom no mudi mu. Wubetumi anya ahotoso sɛ ebesi wo yiye, efisɛ Yehowa hyɛ bɔ sɛ: “Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma wo bo nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me trenee nifa mikura wo mu.”—Yesaia 41:10, 13.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Wɔasesa din ahorow no bi.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]

Ɛmfa ho sɛ Yosia mmofraase anyɛ papa no, ɔhwehwɛɛ Yehowa, na esii no yiye wɔ n’asetra mu

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Mpanyimfo betumi aboa wo ma woadi su a agye ntini wɔ wo mu no so

[Mfonini wɔ kratafa 28]

“Ɔwɛn-Aban” ne “Nyan!” betumi aboa wo ma woakura wo mudi mu