Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hwɛ Nea Ɔyɛ Anwonwade No!

Hwɛ Nea Ɔyɛ Anwonwade No!

Hwɛ Nea Ɔyɛ Anwonwade No!

“Gyina hɔ dwen Onyankopɔn anwonwade ho.”—HIOB 37:14.

1, 2. Ade a ɛyɛ nwonwa bɛn na wohui wɔ 1922 mu, na dɛn na wɔyɛe wɔ ho?

ENGIRESINI otitiriw bi a otutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ne afoforo yɛɛ adwuma boom de hwehwɛɛ akorade no. Awiei koraa wɔ November 26, 1922 mu no, Howard Carter a otutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ne Lord Carnarvon duu wɔn botae no ho wɔ baabi a wosie Misrifo faraonom wɔ Ahemfo Bon—Farao Tutankhamen ɔboda—mu. Bere a woduu ano pon a na wɔasɔ ano ho no, wotuu mu tokuru. Carter de kyɛnere hyɛɛ mu hwɛɛ mu.

2 Akyiri yi Carter kae sɛ: “Bere a na Lord Carnarvon ho pere no sɛ obehu nea ɛwom no, obisae sɛ, ‘Wuhu biribi?’ na ɛsɛ sɛ mede animia bua no sɛ, ‘Yiw, nneɛma a ɛyɛ nwonwa.’” Na funnaka a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ ka ademude ɔpepem pii a na ɛwom no ho. Ebia woahu saa “anwonwade” yi bi wɔ mfonini ahorow mu anaasɛ wɔ baabi a wɔde nneɛma kyerɛ wɔ tete nneɛma akorae. Nanso ɛmfa ho sɛnea saa nneɛma no yɛ nwonwa fa no, ɛda adi sɛ ɛne w’asetra nni abusuabɔ biara. Enti ma yɛnnan yɛn adwene nkɔ anwonwade a akyinnye biara nni ho sɛ ɛfa wo ho na ɛsom bo ma wo no so.

3. Ɛhefa na yenya nneɛma a ɛyɛ nwonwa a ɛso betumi aba yɛn mfaso no ho nsɛm?

3 Sɛ nhwɛso no, susuw ɔbarima bi a ɔtraa ase mfehaha pii a abɛsen kɔ, ɔbarima a ɛfata sɛ yedwen ne ho koraa sen sini mu onipa titiriw, agumadi mu okunini, anaa obi a ofi adehye abusua mu no ho hwɛ. Ná wɔfrɛ no, nea ɔsõ sen Apuei famfo nyinaa. Wubehu ne din—Hiob. Bible mu nhoma biako mu nsɛm nyinaa fa ne ho. Nanso, Hiob bere sofo mu biako, aberante bi a ne din de Elihu, hui sɛ ɛsɛ sɛ ɔteɛ Hiob so. Ne saa nti, Elihu kae sɛ na Hiob atwe adwene asi n’ankasa ne ne nkurɔfo so dodo. Yehu afotu pɔtee foforo bi a nyansa wom a yɛn mu biara betumi anya so mfaso ankasa wɔ Hiob ti 37.—Hiob 1:1-3; 32:1–33:12

4. Dɛn na ɛmaa Elihu de n’afotusɛm a wɔakyerɛw wɔ Hiob 37:14 no mae?

4 Mmarima baasa a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Hiob nnamfo no kasae pii wɔ nneɛma a na wosusuw sɛ Hiob adi mu mfomso no ho. (Hiob 15:1-6, 16; 22:5-10) Elihu tɔɔ ne bo ase twɛn kosii sɛ saa nkɔmmɔbɔ no baa awiei. Afei ɔde nhumu ne nyansa kasae. Ɔkaa nsɛm a mfaso wɔ so pii, nanso hyɛ asɛntitiriw bi a ɔkae nsow: “Hiob, yɛ eyi ho asõ, gyina hɔ dwen Onyankopɔn anwonwade ho.”—Hiob 37:14.

Nea Ɔyɛɛ Nnwuma No

5. “Onyankopɔn anwonwade” a Hiob kaa ho asɛm no fa dɛn ho?

5 Hyɛ no nsow sɛ Elihu anka sɛ Hiob nnwen Hiob, Elihu ankasa, anaa nnipa foforo biara ho. Elihu fi nyansa mu hyɛɛ Hiob—ne yɛn—nkuran sɛ, yennwen Yehowa Nyankopɔn anwonwade ne n’akwan ho. Wususuw sɛ asɛm “Onyankopɔn anwonwade” no fa dɛn ho? Bio nso, w’akwahosan, sikasɛm, wo daakye, w’abusua, mfɛfo adwumayɛfo, ne afipamfo ho a wudwen nyinaa akyi no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wudwen Onyankopɔn anwonwade ho? Ɛda adi sɛ, Yehowa Nyankopɔn anwonwade no da ne nyansa ne tumi a ɔwɔ wɔ abɔde a yehu a atwa yɛn ho ahyia so no adi. (Nehemia 9:6; Dwom 24:1; 104:24; 136:5, 6) Nea ɛbɛma yɛahu eyi yiye no, hyɛ asɛm bi a ɛwɔ Yosua nhoma no mu nsow.

6, 7. (a) Anwonwade bɛn na Yehowa yɛe wɔ Mose ne Yosua bere so? (b) Sɛ wuhuu saa nnwuma no mu biara wɔ Mose ne Yosua bere so a, dɛn na anka wobɛyɛ?

6 Yehowa de ɔhaw ahorow baa tete Misraim so, na afei ɔpaee Po Kɔkɔɔ no mu sɛnea ɛbɛyɛ na Mose atumi adi tete Israelfo anim ma wɔanya ahofadi. (Exodus 7:1–14:31; Dwom 106:7, 21, 22) Asɛm bi a ɛte saa ara sii a wɔaka ho asɛm wɔ Yosua ti 3. Ná Mose nanmusifo, Yosua, rebedi Onyankopɔn nkurɔfo no anim de wɔn atwa nsu foforo akɔ Bɔhyɛ Asase no so. Yosua kae sɛ: “Montew mo ho, na ɔkyena [Yehowa, NW] bɛyɛ mo mu anwonwade.” (Yosua 3:5) Anwonwade bɛn?

7 Wiɛ, kyerɛwtohɔ no kyerɛ sɛ Yehowa paee kwan faa nsu a na ayɛ akwanside, Yordan Asubɔnten no mu, maa mmarima, mmea, ne mmofra ɔpehaha pii tumi faa asase kesee so twa kɔe. (Yosua 3:7-17) Sɛ na yɛwɔ hɔ na yɛrehwɛ asubɔnten a emu apae ama ɔman no nyinaa retwa akɔ nsu no agya dwoodwoo a, anka sɛnea asɛm yi sii no bɛyɛ yɛn nwonwa! Ɛdaa Onyankopɔn tumi a ɔwɔ wɔ abɔde so no adi. Nanso, mprempren—yɛn bere yi so—nneɛma a ɛyɛ nwonwa saa ara wɔ hɔ. Nea ɛbɛyɛ na yɛahu saa nneɛma yi bi ne nea enti a ɛsɛ sɛ yedwen ho no, susuw Hiob 37:5-7 ho.

8, 9. Anwonwade bɛn na Hiob 37:5-7 twe adwene si so, nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedwen eyinom ho?

8 Elihu kae sɛ: “Onyankopɔn de ne prannaa bobom ma ɛyɛ nwonwa, ɔyɛ ade akɛse a yenhu mu.” Dɛn na na ɛwɔ Elihu adwenem wɔ nneɛma a “ɛyɛ nwonwa” a Onyankopɔn yɛ no ho? Wiɛ, ɔka sukyerɛma ne osutɔ ho asɛm. Eyinom bɛma okuafo a ɔreyɛ adwuma wɔ n’afum agyae adwuma yɛ, na ama wanya bere de asusuw Onyankopɔn nnwuma ho. Ebia yɛnyɛ akuafo, nanso osutɔ ne sukyerɛma betumi aka yɛn nyinaa. Baabi a yɛte no betumi ama osu anaa sukyerɛma ama yɛn nso yɛagyae adwuma yɛ. So yegye bere de susuw nea ɔyɛ anwonwade a ɛtete saa no ne nea ɛkyerɛ no ho? So woayɛ saa pɛn?

9 Nea ehia titiriw no, sɛnea yɛkenkan wɔ Hiob ti 38 no, Yehowa Nyankopɔn ankasa ka biribi a ɛte saa ho asɛm bere a obisa Hiob nsɛm a mfaso wɔ so no. Ɛwom sɛ Hiob na yɛn Bɔfo no bisaa no nsɛm yi de, nanso ɛfa yɛn nneyɛe, yɛn asetra, ne yɛn daakye ho. Enti momma yɛnhwɛ nea Onyankopɔn bisae, na yensusuw nea ɛkyerɛ no ho, yiw, yɛnyɛ nea Hiob 37:14 hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ no.

10. Nkɛntɛnso bɛn na ɛsɛ sɛ Hiob ti 38 nya wɔ yɛn so, na nsɛmmisa bɛn na ɛma ɛsɔre?

10 Ti 38 fi ase sɛ: “[Yehowa, NW] fi ahum no mu buaa Hiob sɛ: Hena ne nea obiri afotu ani, nsɛm a emu nni nimdeɛ mu yi? Bɔ w’asen sɛ ɔbarima ɛ, na mimmisa wo, na kyerɛ me.” (Hiob 38:1-3) Eyi na ɛbɔɔ kwan no. Ɛboaa Hiob ma ɔsakraa ne nsusuwii na ohui sɛ ogyina amansan Bɔfo no anim sɛ obi a obebu akontaa akyerɛ no. Ɛyɛ biribi pa a ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛne yɛn bere sofo yɛ. Afei Onyankopɔn kɔfaa nneɛma a Elihu kaa ho asɛm no bae. “Ɛhe na wowɔ, bere a mehyɛɛ asase ase no? Sɛ wowɔ nhumu a, ka ɛ! Hena na ɔde ne nsusuwii too hɔ, wunim anaa? Anaasɛ hena na ɔsãa so hama? Dɛn so na wɔde ne nnyinaso sii, anaa hena na ɔde ne twea bo toe?”—Hiob 38:4-6.

11. Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ Hiob 38:4-6 ma yehu?

11 Ɛhe na na Hiob wɔ—ɛhe na na yɛn mu biara wɔ—bere a wɔyɛɛ asase no? So na yɛyɛ adansi ho animdefo, a yedii yɛn asase ho adwini yɛɛ ne nsusuwso, de susudua hyehyɛɛ n’afefarem? Dabida! Na nnipa nni hɔ mpo. Bere a Onyankopɔn de yɛn asase yi retoto ɔdan kɛse bi ho no, obisae sɛ: “Hena na ɔde ne twea bo toe?” Yenim sɛ asase no si baabi a ɔkwan a ɛda ɛne owia ntam no fata pɛpɛɛpɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi atra asase yi so ha. Na ne kɛse nso fata saa ara. Sɛ anka asase yɛɛ kɛse kakra kaa ho a, anka mframa a wɔfrɛ no hydrogen no ntumi mfi ahunmu a atwa yɛn asase ho ahyia no mu nkɔ, na anka nkwa ntumi ntra yɛn okyinnsoromma yi so. Ɛda adi pefee sɛ obi na “ɔde ne twea bo” too beae a ɛfata. So na ɛfata sɛ wɔde ho ayeyi ma Hiob? So ɛfata sɛ wɔde ho ayeyi ma yɛn? Anaasɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔfata sɛ wɔde ɛho ayeyi ma no?—Mmebusɛm 3:19; Yeremia 10:12.

Onipa Bɛn na Obetumi Ayi Ano?

12. Asɛmmisa a ɛwɔ Hiob 38:6 no ma yesusuw dɛn ho?

12 Onyankopɔn san bisae sɛ: “Dɛn so na wɔde ne nnyinaso sii?” So ɛnyɛ asɛmmisa a ɛfata? Ebetumi aba sɛ yenim biribi a na Hiob nnim—tumi a ɛtwe ade ba fam (gravity). Yɛn mu pii nim sɛ tumi a ɛtwe ade ba fam a efi owia a ɛyɛ kɛse mu ba no na ɛboa ma yɛn asase yi gyina nea egyina no, na sɛnea yɛbɛka no no, ɛno na ɛma ne nnyinaso tumi tim fam. Nanso, hena na ɔte tumi a ɛtwe ade ba fam no ase koraa?

13, 14. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yegye tom wɔ tumi a ɛtwe ade ba fam no ho? (b) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ tebea a Hiob 38:6 twee adwene sii so no ho?

13 Nhoma bi a wotintim no nnansa yi The Universe Explained gye tom sɛ ‘adebɔ mu tumi a yenim ho asɛm sen biara, nanso yɛnte ase koraa ne tumi a ɛtwe ade ba fam no.’ Ɛde ka ho sɛ: “Ɛte sɛ nea tumi a ɛtwe ade ba fam fa ahunmu prɛko pɛ, na enni ɔkwan pɔtee a ɛnam so. Nanso, wɔ mfe kakra a abɛsen mu no, abɔde mu nneɛma ho animdefo afi ase keka sɛ ebetumi aba sɛ tumi a ɛtwe ade ba fam no yɛ nneɛma nketenkete muhumuhu bi a wɔfrɛ no gravitons a ekyinkyin di akɔneaba . . . Nanso, obiara adwene ntumi nsi no pi sɛ biribi a ɛte saa wɔ hɔ ankasa.” Susuw nea ɛno kyerɛ no ho hwɛ.

14 Nyansahu anya nkɔanim fi bere a Yehowa bisabisaa Hiob saa nsɛm no mfirihyia 3,000 ni no. Nanso, yɛn anaa abɔde mu nneɛma ho animdefo a wɔaben ntumi nkyerɛkyerɛ tumi a ɛtwe ade ba fam a ɛma yɛn asase no fa ne kwan so pɛpɛɛpɛ, baabi a ɛsɛ sɛ ɛfa na ama yɛatumi atra asase yi so no mu nwie ara. (Hiob 26:7; Yesaia 45:18) Yɛnka eyi mfa nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa haw yɛn ho hwehwɛ tumi a ɛtwe ade ba fam ho nsɛm a yennya ntee ase no nyinaa mu. Mmom no, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn anwonwade mu ade biako yi ho a yebedwennwen no tumi nya adwene a yɛwɔ wɔ ne ho no so tumi. So ne nyansa ne ne nimdeɛ no ma wo ho dwiriw wo, na wuhu hia a ehia sɛ yesua n’apɛdeyɛ ho ade pii no?

15-17. (a) Nneɛma bɛn na Hiob 38:8-11 twee adwene sii so, na nsɛmmisa bɛn na ɛma ɛsɔre? (b) Ɛdefa sɛnea nimdeɛ a yɛwɔ wɔ po ho ne sɛnea wɔakyekyem wɔ asase so ho no, dɛn na ɛsɛ sɛ yegye tom?

15 Ɔbɔadeɛ no toaa ne nsɛmmisa no so sɛ: “Hena na ɔkaa po hyehyɛɛ apon mu, bere a efii asase yam puei, na mede omununkum meyɛɛ ne nkataho, ne sum kabii nso meyɛɛ n’abomu, na mitwaa no so hye, na misisii adaban ne apon, na mekae sɛ: Ɛha yi na bra bedu, na ntra so, na ɛha ara na w’asorɔkye ahantan mmɛsõ no?”—Hiob 38:8-11.

16 Ɛpo a wɔka hyehyɛɛ mu no, fa nsasepɔn, ɛpo, ne asorɔkye ho. Bere tenten ahe na onipa de ahwɛ saa nneɛma yi asua ho ade? Mfe mpempem pii—na emu yɛɛ den wɔ afeha a etwaam yi mu. Ebia wubesusuw sɛ ɛde besi nnɛ no, yɛahu nea ɛsɛ sɛ yehu wɔ ho. Nanso, wɔ afe 2001 mu yi, sɛ woyɛ saa asɛm no mu nhwehwɛmu wɔ nhomakorabea akɛse anaasɛ wɔ Intanɛt so dwumadi a wɔde yɛ nhwehwɛmu pii no mu sɛ worehwehwɛ nokwasɛm a ada adi nnansa yi a, dɛn na wubehu?

17 Wubehu saa nokwasɛm yi wɔ nhoma bi a wogye tom yiye paa mu sɛ: “Sɛnea mmepɔw sisi wɔn sibea wɔ nsasepɔn so ne sɛnea ɛpo deda okyinnsoromma ani, ɛne sɛnea asase hwɛbea ahorow te fi bere tenten no ayɛ anwonwade ahorow a ɛyɛ den ma nyansahufo sɛ wɔbɛhwehwɛ mu anya ho nokwasɛm no mu biako.” Bere a nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm no kaa eyi wiei no, ɛde nkyerɛkyerɛmu anan a emu bi betumi ayɛ nokware mae, nanso ɛkae sɛ eyinom ka “nsɛm ahorow pii a nnipa abɔ ne tirim aka no ho.” Sɛnea ebia wunim no, nsɛm a wɔbɔ tirim ka “kyerɛ asɛm a enni nnyinaso a edi mũ, na ɛyɛ nea yentumi mfa yɛn ho nto so.”

18. Nsɛm bɛn na Hiob 38:8-11 ma wugye tom?

18 So eyi nsi so dua sɛ nsɛmmisa a yɛkenkan wɔ Hiob 38:8-11 no nyɛ nea ne bere atwam? Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ wɔde yɛn okyinnsoromma yi so nhyehyɛe yi biara ho ayeyi ma yɛn. Ɛnyɛ yɛn na yɛde ɔsram sii ne sibea sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma ɛpo abu asorɔkye na ammu amfa nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ne yɛn ankasa so. Wunim nea ɔyɛe, Nea Ɔyɛ anwonwade no.—Dwom 33:7; 89:9; Mmebusɛm 8:29; Asomafo no Nnwuma 4:24; Adiyisɛm 14:7.

Fa Ayeyi a Ɛfata Ma Yehowa

19. Anwensɛm a wɔka wɔ Hiob 38:12-14 no twe yɛn adwene kɔ asase ho nokwasɛm bɛn so?

19 Nnipa ntumi nnye twa a asase twa ne ho a wɔkaa ho asɛm wɔ Hiob 38:12-14 no ho ayeyi mfa. Asase ntwaho yi na ɛma adekyee, a mpɛn pii ɛyɛ fɛ yiye no ba. Sɛ owia pue a, yetumi hu yɛn okyinnsoromma yi so nneɛma yɛbea ne ne hwɛbea yiye, te sɛ hankare bi a wɔde ato dɔte a ɛyɛ mmerɛw so ma ne yɛbea no aka so. Sɛ yesusuw mmirika a asase tu ho kakra mpo a, ɛsɛ sɛ asase no a entwa ne ho ntɛmntɛm dodo no ma yɛn ho dwiriw yɛn. Saa ara nso na ɛnkɔ nyaa dodo mma adekyee ne adesae nkyɛ, na ɛmfa ɔhyew ne awɔw pii a ɛmma nnipa ntumi ntra ase mma. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛn ani gye sɛ ɛnyɛ nnipakuw bi na wɔhwɛ ma asase no tu mmirika twa ne ho, na mmom ɛyɛ Onyankopɔn ankasa.—Dwom 148:1-5.

20. Wubebua nsɛmmisa a ɛwɔ Hiob 38:16, 18 no dɛn?

20 Afei fa no sɛ Onyankopɔn bisa wo nsɛm foforo yi: “So woakɔ po aniwa ho, na woanantew bun donkudonku ase?” Ɛpo ne emu nneɛma ho animdefo mpo ntumi nyi ano koraa! “Woahu asase trɛw mu anaa? Sɛ wunim ne nyinaa a, ka ɛ!” (Hiob 38:16, 18) So woakɔsra asase so mmeae nyinaa akɔhwehwɛ hɔ, anaa emu fã kɛse mpo? Yɛn asase so mmeae a ɛyɛ fɛ ne ɛso nneɛma a ɛyɛ nwonwa ho a yebedwennwen no begye yɛn nkwa nna dodow ahe? Na hwɛ sɛnea saa bere no bɛyɛ anigye!

21. (a) Nyansahu mu nsusuwii bɛn na nsɛmmisa a ɛwɔ Hiob 38:19 no betumi ama asɔre? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ hann ho nokwasɛm ahorow no ka yɛn ma yɛyɛ?

21 Hwɛ asɛmmisa a emu dɔ a ɛwɔ Hiob 38:19 no nso: “Ɛhe na hann trabea kwan wɔ, na esum nso, n’afa wɔ he?” Ebia wunim sɛ efi bere tenteenten na nyansahufo asusuw sɛ hann tu mmirika te sɛ mframa, te sɛ ɔtare ani a ɛwosow a yetumi hu no. Afei wɔ afe 1905 mu no, Albert Einstein kyerɛe sɛ hann yɛ tumi bi a ɛte sɛ nneɛma nketenkete akuwakuw bi. So ɛno de asɛm no mu nkyerɛkyerɛmu baa awiei? Nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm bi a wɔyɛe nnansa yi ara bisae sɛ: “So hann yɛ mframa anaa nneɛma nketenkete bi?” Ebua sɛ: “Ɛte sɛ nea [hann] ntumi nyɛ emu biara efisɛ nsonsonoe kɛse da nneɛma abien yi [mframa ne nneɛma nketenkete no] ntam koraa. Mmuae a eye koraa ne sɛ hann nyɛ emu biara.” Nanso, owia hann ma yɛn ho kɔ so yɛ hyew (ɛno ara bɔ yɛn tẽẽ anaa ɛfa biribi so) ɛmfa ho sɛ onipa biara ntumi nkyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn nnwuma a ɛfa eyi ho mu no nwiei. Esiane hann a afifide nya nti ɛma yenya aduan di ne mframa pa home. Yetumi kenkan ade, hwɛ yɛn adɔfo anim, hwɛ sɛnea owia tɔ, ne nea ɛkeka ho. Bere a yɛyɛ eyi no, so ɛnsɛ sɛ yegye Onyankopɔn anwonwade tom?—Dwom 104:1, 2; 145:5; Yesaia 45:7; Yeremia 31:35.

22. Dawid a ɔtraa ase tete no yɛɛ n’ade dɛn wɔ Onyankopɔn anwonwade ho?

22 So nea enti a yedwen Yehowa anwonwade ho ara ne sɛ ɛbɛka yɛn ma yɛn ho adwiriw yɛn araa ma enti yentumi nhu nea yɛnka? Dabida. Tete odwontofo no gye toom sɛ yentumi nte Onyankopɔn anwonwade nyinaa ase na yentumi nka ho asɛm nwie. Dawid kyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW], me Nyankopɔn, w’anwonwade . . . woama adɔɔso ama yɛn, . . . anka mɛka na makasa ho, ɛdɔɔso sen sɛ wobetumi akan.” (Dwom 40:5) Nanso ɛda adi sɛ na ɔnkyerɛ sɛ obemua n’ano wɔ saa anwonwade yi ho. Dawid nam ne bo a na wasi so daa eyi adi wɔ Dwom 9:1: “[Yehowa, NW], mɛda wo ase me koma nyinaa mu, mɛka w’anwonwade nyinaa.”

23. Dɛn na woyɛ wɔ Onyankopɔn anwonwade ho, na ɔkwan bɛn so na wubetumi aboa afoforo?

23 So ɛnsɛ sɛ ɛka yɛn saa ara? So ɛnsɛ sɛ sɛnea Onyankopɔn nnwuma yɛ yɛn nwonwa no ka yɛn ma yɛka nea wɔayɛ ne nea ɔrebɛyɛ no ho asɛm? Mmuae no da adi pefee—ɛsɛ sɛ ‘yɛka n’anuonyam, amanaman mu, n’anwonwade, aman nyinaa mu.’ (Dwom 96:3-5) Yiw, yebetumi afi ahobrɛase mu akyerɛ Onyankopɔn anwonwade ho anisɔ denam nea yɛasua afa Onyankopɔn ho a yɛbɛka akyerɛ afoforo no so. Sɛ wɔtetee yɛn wɔ ɔman bi a wonnye nni sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ mu mpo a, nsɛm a ɛhyɛ nkuran a yɛbɛka no betumi ama wɔn ani aba wɔn ho so na wɔagye atom sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Nea ɛsen saa no, ebetumi aka wɔn ma wɔanya ɔpɛ sɛ wobesua na wɔasom Yehowa, nea ‘ɔbɔɔ nneɛma nyinaa,’ na Ɔyɛ Anwonwade no.—Adiyisɛm 4:11.

Wubebua Dɛn?

• Onyankopɔn nnwuma bɛn na afotu a ɛwɔ Hiob 37:14 no ma wudwen ho?

• Nneɛma bɛn na wɔatwe adwene asi so wɔ Hiob ti 37 ne 38 a nyansahu ntumi nkyerɛkyerɛ mu nwie?

• Wote nka dɛn wɔ Onyankopɔn anwonwade ho, na ɛka wo ma woyɛ dɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Hena na ɔkaa po hyehyɛɛ apon mu, ma egyina ne gyinabea no?

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Hena na wakɔsra asase so mmeae a ɛyɛ fɛ a Onyankopɔn abɔ no nyinaa?