Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wubegyina Ɛyawdi Ano

Sɛnea Wubegyina Ɛyawdi Ano

Sɛnea Wubegyina Ɛyawdi Ano

● Asaf nwiinwii sɛ: “Ampa ara, matew me koma ho kwa, na mahohoro me nsa bemdi mu kwa, nanso wɔahaw me daa adesae na wɔatwe m’aso daa anɔpa.”—Dwom 73:13, 14.

● Baruk sii apini sɛ: “Minnue, sɛ [Yehowa, “NW”] de ɛyaw ka m’awerɛhow ho. Mabrɛ ne apinisi, na minnya ɔhome bi.”—Yeremia 45:3.

● Naomi bɔɔ abubuw sɛ: “Tweaduampɔn ne me adi no nwoma sɛ! Mekɔɔ no ma, na [Yehowa, “NW”] de me hunu na aba; ɛdɛn na mofrɛ me Naomi, na [Yehowa, “NW”] ayi me ntɛn, na Tweaduampɔn ne me adi no bɔne yi?”—Rut 1:20, 21.

YEHOWA asomfo anokwafo a abasamtu bunkam wɔn so mmere bi ho nhwɛso pii wɔ Bible mu. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ́ nnipa a yɛnyɛ pɛ no, yɛn nyinaa nya nkate a ɛte saa bere ne bere mu. Yɛn mu binom abam betumi abu ntɛmntɛm—ma ebia yɛayɛ yɛn ho mmɔbɔmmɔbɔ mpo—asen afoforo esiane nsɛm a ɛyɛ awerɛhow a yɛahyia nti.

Nanso, sɛ woanhwɛ anni nkate a ɛtete saa no so a, ebetumi asɛe wo ne afoforo ne Yehowa Nyankopɔn ntam abusuabɔ. Kristoni bea bi a ɔtaa su ne ho mmɔbɔ ka sɛ: “Mankɔ nsa a wɔto frɛ me kɔ apontow ase no mu pii efisɛ na mete nka sɛ memfata sɛ me ne asafo no mufo bɔ.” Hwɛ sɛnea nkate a ɛte saa betumi asɛe obi asetra afa! Dɛn na wubetumi ayɛ de ayi afi hɔ?

Bɛn Yehowa

Asaf kyerɛw ne haw no ho asɛm pefee wɔ Dwom 73. Bere a ɔde n’ankasa asetra totoo abɔnefo a wodi yiye de ho no, n’ani beree wɔn. Ohui sɛ abɔnefo no yɛ ahantan na wɔyɛ basabasa, na ɛte sɛ nea obiara nyɛ wɔn hwee wɔ eyi ho. Afei Asaf adwenem yɛɛ no nãã wɔ mfaso a ɛwɔ ɔkwantrenee a ɔnam so no ho.—Dwom 73:3-9, 13, 14.

Te sɛ Asaf no, so woahu yiye a abɔnefo a wɔhoahoa wɔn ho wɔ wɔn nnebɔne ho di no? Ɔkwan bɛn so na Asaf dii ɛyaw a na odi no so? Ɔtoaa so sɛ: “Misusuw ho sɛ mehu ade yi, ɛyɛɛ m’ani so den dodo, kosii sɛ mekɔɔ Onyankopɔn kronkron mu hɔ mikohuu nea akyiri kowie wɔn.” (Dwom 73:16, 17) Asaf faa akwan pa so denam Yehowa nkyɛn a ɔdan kɔe wɔ mpaebɔ mu no so. Sɛ yɛfa ɔsomafo Paulo nsɛm a ɔde dii dwuma akyiri yi no ka asɛm a, yɛbɛka sɛ Asaf kaa “ɔkra muni” no hyɛe denam “honhom muni” a ɔkanyan no no so. Bere a onyaa honhom fam nneɛma ho adwene foforo no, ɔtee ase sɛ Yehowa kyi amumɔyɛ, ne sɛ wɔ bere a ɛsɛ mu no, ɔbɛtwe abɔnefo aso.—1 Korintofo 2:14, 15.

Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ woma Bible no boa wo ma wode w’adwene si asetram nokwasɛm so! Yehowa kae yɛn sɛ ohu nea abɔnefo yɛ no. Bible kyerɛkyerɛ sɛ: “Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa. . . . Na mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu.” (Galatifo 6:7-9) Yehowa de abɔnefo begyina “nea ɛhɔ yɛ toro”; ɔbɛma ‘wɔahwe fam abubu pasaa.’ (Dwom 73:18) Onyankopɔn atɛntrenee bedi nkonim bere nyinaa.

Yehowa pon so a wubedidi bere nyinaa ne fekubɔ pa a wo ne Onyankopɔn nkurɔfo benya no bɛboa wo na ahyɛ wo gyidi den, na ama woadi abasamtu anaa ɛyawdi foforo biara so. (Hebrifo 10:25) Te sɛ Asaf no, sɛ wobɛn Onyankopɔn a, wubetumi anya ne mmoa a ɔdɔ wom. Asaf toaa so sɛ: “Me de, mɛtra wo nkyɛn daa yi, woaso me nsa nifa mu. Wonam w’atirimpɔw so kyerɛkyerɛ me kwan, na akyiri no, woagye me akɔ anuonyam mu.” (Dwom 73:23, 24) Kristoni bea bi a wɔyɛɛ no ayayade wɔ ne mmofraase huu nyansa a ɛwɔ saa nsɛm yi mu no. Ɔka sɛ: “Asafo no a mede me ho bɔe denneennen no ma mihuu asetra fã foforo. Mihui pefee sɛ na Kristofo mpanyimfo no wɔ ɔdɔ, na na wɔnyɛ polisifo na mmom nguanhwɛfo.” Yiw, Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ ayamhyehye no di dwuma titiriw de yi nkate bɔne fi wɔn mu.—Yesaia 32:1, 2; 1 Tesalonikafo 2:7, 8.

Gye Yehowa Afotu Tom

Baruk, odiyifo Yeremia kyerɛwfo no, sii apini esiane n’adwuma no mu ahoyeraw nti. Nanso, Yehowa fi ayamye mu twee Baruk adwene sii nokwasɛm so. “Wo na worehwehwɛ ade kɛse afa? Nhwehwɛ, na hwɛ, mede bɔne mereba ɔhonam nyinaa so, [Yehowa, NW] asɛm ni, na mede wo kra mɛma wo sɛ asade, baabiara a wobɛkɔ.”—Yeremia 45:2-5.

Yehowa ka kyerɛɛ Baruk pefee sɛ n’ankasa pɛsɛmenkominya na ama n’abam abu. Na Baruk ntumi nnya anigye wɔ adwuma a Onyankopɔn de ama no no mu, bere a bere koro no ara na ɔrehwehwɛ ade kɛse afa no. Ebia wo nso wubetumi ahu sɛ ɔkwan pa a wubetumi afa so adi abasamtu so ankasa ne sɛ woremma nneɛma foforo ntwetwe w’adwene, na woagye asomdwoe a Onyankopɔn mu ahotoso de ba no atom.—Filipifo 4:6, 7.

Okunafo Naomi amma awerɛhow anhyɛ no so wɔ Moab bere a ne kunu ne ne mmabarima baanu no wui no. Nanso, adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ odii ɔne ne nsewnom ho yaw bere bi. Bere a Naomi reka akyerɛ wɔn sɛ wɔnsan no, ɔkae sɛ: “Awie me bɔne sen mo, efisɛ [Yehowa, NW] nsa afi adi ne me adi no bɔne.” Bio, bere a oduu Betlehem no, ɔkae sɛ: “Mommfrɛ me Naomi [ase ne: Nea wɔadom no], na momfrɛ me Mara [ase ne: Nwenenwene], efisɛ Tweaduampɔn ne me adi no nwoma so sɛ!”—Rut 1:13, 20.

Nanso, Naomi antew antra anni awerɛhow—wantwe ne ho amfi Yehowa ne ne nkurɔfo ho. Ɔwɔ Moab no na ɔtee sɛ “[Yehowa, NW] abɛhwɛ ne man na wama wɔn aduan.” (Rut 1:6) Ɔtee ase sɛ nea eye ma no sen biara ne sɛ ɔne Yehowa nkurɔfo bɛtra. Ɛno akyi no, Naomi ne n’asebea Rut nyinaa san kɔɔ Yuda na ofii nyansa mu kyerɛɛ Rut sɛnea ɛsɛ sɛ ɔyɛ n’ade wɔ wɔn busuani Boas, ne gyefo, no ho.

Saa ara na ɛnnɛ, anokwafo a wɔn ahokafo awuwu no nam adwuma a wɔreyɛ wɔ Kristofo asafo no mu denneennen no so regyina ahoyeraw no ano. Te sɛ Naomi no, wɔkɔ so de wɔn ho hyɛ honhom fam nnwuma mu, na wɔkenkan Onyankopɔn Asɛm no daa.

Onyankopɔn Nyansa a Wɔde Di Dwuma so Mfaso

Bible mu nsɛm yi ma obi nya nhumu wɔ sɛnea obetumi agyina nea ɛyawdi de ba no ano ho. Asaf hwehwɛɛ mmoa wɔ Yehowa asɔrefie, na ɔtɔɔ ne bo ase twɛn Yehowa. Baruk tiee afotu, na wamma nneɛma foforo antwetwe n’adwene. Naomi kɔɔ so ne Yehowa nkurɔfo bɔe, siesiee ababaa Rut maa hokwan ahorow a ɔwɔ wɔ nokware Nyankopɔn som mu no.—1 Korintofo 4:7; Galatifo 5:26; 6:4.

Sɛ wode w’adwene si ɔsoro nkonim ahorow a Yehowa ama ne nkurɔfo, ankorankoro ne nnipakuw, adi no so a, wubetumi adi abasamtu ne ɛyawdi so. Nea ɛbɛyɛ na woatumi ayɛ saa no, susuw Yehowa adeyɛ a ɔdɔ wom sen biara a ɛne agyede no a ɔde ma maa wo no ho. Kyerɛ Kristofo onuayɛ nokware dɔ no ho anisɔ. Fa w’adwene si Onyankopɔn wiase foforo a ɛreba nnansa yi ara no mu asetra a wubenya no so. Na ebia wo ne Asaf bɛyɛ adwene aka sɛ: “Me de, Onyankopɔn nkyɛn tra ye ma me, mede [Yehowa, NW] mayɛ me guandɔbea, na maka wo nnwuma nyinaa.”—Dwom 73:28.