Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So Wokae?

So w’ani gyee Ɔwɛn-Aban a ɛbaa nnansa yi akenkan ho? Sɛ saa a, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi a:

Romafo 5:3-5 no, dɛn nti na ɔsomafo Paulo de anidaso twaa nsɛm a ɔhyehyɛe no to?

Paulo kaa nsɛm pii a Kristofo hyia ho asɛm—ahohia, boasetɔ, osuahu, ne anidaso. “Anidaso” yi nyɛ Bible mu anidaso a obi di kan nya no, na mmom ɛyɛ anidaso a ɛyɛ den, emu dɔ, na ɛtra hɔ kyɛ a Kristoni betumi de bere tenten bi anya.—12/15, nkratafa 22-3.

Dɛn nti na mmirikatu ho akansi a na ɛkɔ so wɔ tete Greece no ho nsɛm betumi ahia Kristoni bi nnɛ?

Sɛnea na saa akansi no te ne ɛho amanne a obi bɛte ase no betumi ama Bible mu nsɛm ahorow bi mu ada hɔ ama no. Ebi fa ‘ko a wɔko sɛnea ɛho mmara te,’ ‘adesoa biara adesoa a wɔtow gu ne Yesu nhwɛso a wɔhwɛ,’ ‘mmirika no a wotu wie’ ne abotiri, anaa akatua no a wonya ho. (2 Timoteo 2:5; 4:7, 8; Hebrifo 12:1, 2; 1 Korintofo 9:24, 25; 1 Petro 5:4)—1/1, nkratafa 28-30.

Ɔkwan foforo bɛn a wɔfa so ka asɛmpa no na ɛbae wɔ January 1914 mu?

Saa bere no na woyii “Photo-Drama of Creation” no adi. Ná ɛyɛ afã anan a mfonini a ɛkeka ne ho ne nea ɛnkeka ne ho ɔhaha pii wom, na na ɛho nkyerɛkyerɛmu ho ɔkasa a wɔakyere agu mpaawa so ka eyi mu pii ho. Wɔyɛɛ Drama yi ahorow aduonu, na wɔde dii dwuma kɛse kyerɛkyerɛɛ Bible mu kyerɛɛ nkurɔfo.—1/15, nkratafa 8-9.

Ɔkwan bɛn so na nsonsonoe da Sodikuw no ne mmara kwan so ahyehyɛde no ntam?

Bere a mmara kwan so ahyehyɛde no mufo na wɔtow aba paw akwankyerɛfo no, ɛnyɛ onipa bi na mmom Yesu Kristo na ɔpaw Sodikuw no. Ɛho nhia sɛ ahyehyɛde ahorow a Yehowa Adansefo de di dwuma no akwankyerɛfo yɛ Sodikuw no mufo. Wɔ afe afe nhyiam a Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania yɛe nnansa yi ase no, Sodikuw no mufo a na wɔresom sɛ n’akwankyerɛfo ne mpanyimfo no fii wɔn pɛ mu de wɔn dibea ahorow no guu hɔ. Wɔde anuanom a wɔyɛ “nguan foforo” no mufo hyehyɛɛ wɔn ananmu. (Yohane 10:16) Enti Sodikuw no betumi anya bere pii asiesie honhom fam aduan na wɔnam saayɛ so adi anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa honhom fam ahiade ho dwuma.—1/15, nkratafa 29, 31.

Bible mu nhwɛso abien bɛn na yebetumi ahwehwɛ mu asua sɛnea yebegyina abasamtu ano?

Biako ne Hana, Samuel maame. Na anka obetumi ama n’abam abu bere a Israel sɔfopanyin Eli buu no atɛnkyea no. Mmom no, ofii obu mu kaa nokwasɛm no kyerɛɛ no pefee. Afei nso, Hana annya Eli ho menasepɔw. Nea ɔto so abien ne Marko, a ebetumi aba sɛ n’abam bui bere a na ɔsomafo Paulo mpɛ sɛ ɔka wɔn ho wɔ wɔn asɛmpatrɛw akwantu no mu no. Sɛ́ anka ɔbɛma hokwan a ɔhweree yi abu n’abam koraa no, ɔkɔɔ so somee, na ɔne Barnaba tutuu akwan.—2/1, nkratafa 20-2.

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ yiye wɔ kɔmputa so dwumadi a wɔde bɛma afoforo, anaasɛ wobegye afi afoforo hɔ no ho?

Tumi krataa da kɔmputa so nsɛm dodow no ara (a nea wɔde di agoru ka ho) so a ɛkyerɛ sɛ nea ɔde di dwuma no betumi de agu kɔmputa biako so. Ɛtaa tia mmara sɛ yɛbɛhwɛ so ayɛ bi ama afoforo, sɛ yɛde rema kwa mpo a. Kristofo pɛ sɛ wodi mmara so, ‘de Kaesare de ma Kaesare.’ (Marko 12:17)—2/15, nkratafa 28-9.

Henanom ne Cyril ne Methodius, na mmoa bɛn na wɔyɛe wɔ Bible sua ho?

Na wɔyɛ anuanom baanu a wɔwoo wɔn wɔ Tesalonika, Greece, wɔ afeha a ɛto so akron no mu. Wɔn na wɔyɛɛ Slavic kasa horow nkyerɛwee na wɔkyerɛɛ Bible no fã kɛse no ara ase kɔɔ Slavonic kasa mu no.—3/1, nkratafa 28-9.

Dɛn na asɛm ‘honhom adwene a yebenya’ no kyerɛ?—Romafo 8:6.

Nea ɛkyerɛ ne sɛ Yehowa adeyɛ tumi no bedi yɛn so, na akanyan yɛn. Yebetumi ama Onyankopɔn honhom ayɛ adwuma wɔ yɛn so denam Bible no a yɛbɛkenkan na yɛasua so, na yɛafi yɛn koma nyinaa mu adi Onyankopɔn mmara so, na yɛabɔ mpae ahwehwɛ Onyankopɔn honhom.—3/15, kratafa 15.

Sɛ yɛte nka sɛ wɔnte yɛn ase a, dɛn na yebetumi ayɛ?

Ɛho hia sɛ wubefi ɔdɔ mu akyerɛkyerɛ nsɛm mu. Sɛ ɛte sɛ nea ɛno anyɛ yiye a, mpa abaw. Hwehwɛ ntease ne mmoa fi Yehowa, nea ɔyɛ “koma karifo” no hɔ. (Mmebusɛm 21:2; 1 Samuel 16:7)—4/1, nkratafa 21-3.