Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wiase Nyinaa Fekuw Bi a Wɔboa Wɔn Ho Wɔn Ho

Wiase Nyinaa Fekuw Bi a Wɔboa Wɔn Ho Wɔn Ho

Wiase Nyinaa Fekuw Bi a Wɔboa Wɔn Ho Wɔn Ho

NNIPA sa so araa kosi baabi a aniwa betumi ahwɛ ade akodu. Wɔn mu pii mfe akɔ anim, na wɔn mu bi ayɛ mmerɛw ma ɛyɛ den sɛ wɔbɛnantew. Mmea a wɔafa afuru ne awarefo a wɔn mfe nkɔɔ anim pii a wɔretwe wɔn mma nkumaa ka ho. Wɔn nyinaa yɛ aguanfo—mmarima, mmea, ne mmofra—a amanko, atoyerɛnkyɛm, anaa nsɛm tebea foforo ama wɔaguan afi wɔn kurom rekɔhwehwɛ guankɔbea wɔ ɔman a ɛbɛn mu. Ama ebinom atu afi wɔn afie mu mpɛn pii. Sɛ wohu ɔman basabasayɛ anaa atoyerɛnkyɛm ho sɛnkyerɛnne bi pɛ a, wɔsesa wɔn nneɛma kakra fa wɔn mma, na wɔakɔhwehwɛ guankɔbea. Afei, sɛ tebea no san yɛ yiye a, aguanfo pii san kosisi wɔn adan na wofi ɔbra ase bio.

Mfe pii a abɛsen no, Central African Republic ama aguanfo a wofi aman pii so aba wɔn man no mu. Nnansa yi, nnipa mpempem pii a Yehowa Adansefo pii ka ho, guan fii Democratic Republic of Congo a ɔko asi hɔ no kɔɔ Central African Republic a ahobammɔ kakra wɔ hɔ no.

Anuanom Bɛboa Wɔn

Adansefo a wɔwɔ Central African Republic no faa no sɛ ɛyɛ hokwan a wɔanya sɛ wɔbɛyɛ mmɔborohunu ade ho nhyehyɛe. Wɔhwehwɛɛ dabere maa anuanom a na wɔreba no. Mfiase no, wonyaa adan wɔ ankorankoro afie mu, nanso bere a aguanfo no dodow kɔɔ anim no, ɛbɛdaa adi sɛ na ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe foforo a edi mũ. Wɔde Ahenni Asa horow bi yɛɛ dabere. Ɛhɔnom anuanom hyehyɛɛ nkanea no bi kaa ho, sisii nsu nnurubɛn, na wɔkaa adan no mu semɛnte sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn a wɔbɛda hɔ no ho atɔ wɔn. Aguanfo no ne ɛhɔnom anuanom no boom yɛɛ saa bere tiaa mu dabere yi ho adwuma. Wɔyɛɛ Kristofo nhyiam horow ho nhyehyɛe wɔ Lingala kasa mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔreba no benya honhom fam aduan a ɛma nkwa no. Biakoyɛ a ɛkɔɔ so wɔ hɔnom Adansefo no ne wɔn ahɔho no ntam no daa no adi sɛ amanaman ntam onuayɛ bi wɔ hɔ ampa.

Ɛnyɛ bere nyinaa na na aguanfo ne wɔn mmusua nyinaa bom ba. Ɛtɔ mmere bi a, abusuafo a wɔn ntam atetew no san hyiam wɔ baabi a wɔkɔsoɛ no. Wɔkyerɛw wɔn a wɔabedu dwoodwoo no din to Ahenni Asa biara so. Na wɔyɛ nhyehyɛe de hwehwɛ wɔn a wɔayera no. Da biara da na Baa dwumadibea a ɛde Yehowa Adansefo adwuma no ho akwankyerɛ ma wɔ ɔman no mu no de kar abiɛsa kohyia Adansefo a wɔda so nam kwan so reba no, na wɔhwehwɛ obiara a ebia wayera no. Wɔde nkyerɛwde akɛse a ɛkenkan sɛ “ƆWƐN-ABAN—Yehowa Adansefo” na ɛhyɛɛ kar ahorow yi agyirae.

Hwɛ anigye a aguanfo mmofra baason a na wɔne wɔn awofo ntam atetew no nyae bere a wohuu Yehowa Adansefo kar no. Ntɛm ara na wotutuu mmirika kɔɔ kar no ho kɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ Adansefo. Anuanom no ma wɔforoo kar no, na wɔde wɔn kɔɔ Ahenni Asa bi so, baabi a awiei koraa no wohuu wɔn abusuafo bio no.

Dɛn na ama Kristofo komapafo yi atumi agyina tebea horow a ɛnyɛ pɛnkoro na asi, na mmom mpɛn pii, no ano? Wogye di koraa sɛ yɛte nna a edi akyiri a Kyerɛw Kronkron no kaa ho asɛm siei no mu.—2 Timoteo 3:1-5; Adiyisɛm 6:3-8.

Enti, wonim sɛ ɛrenkyɛ na Yehowa Nyankopɔn de akodi, ɔtan, basabasayɛ, ne nitan aba awiei. Aguanfo haw bɛyɛ ade a atwam. Enkosi saa bere no, Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa wɔn ho wɔn ho ma ɛne ɔsomafo Paulo afotu a ɛwɔ 1 Korintofo 12:14-26 no ahyia. Ɛwom sɛ asubɔnten, ahye, kasa, ne ɔkwan a ɛda wɔn ntam no ama wɔn ntam atetew de, nanso wodwen wɔn ho wɔn ho, enti sɛ ehia wɔn mu bi biribi a, wɔyɛ ho ade ntɛm so.—Yakobo 1:22-27.

[Asase mfonini wɔ kratafa 30]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

AFRIKA

Central African Republic

Democratic Republic of Congo

[Asɛm Fibea]

Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 30]

Wɔdan Ahenni Asa abiɛsa de yɛɛ beae a wogye ahɔho

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Wɔhyehyɛɛ gyaade ntɛm so

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Aguanfo bebree toatoaa so bae

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]

Wɔn a wɔawo wɔn foforo nanso wɔyɛ aguanfo