Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahonhonsɛmdi ne Nokware Honhom Fam Yiyedi a Wɔhwehwɛ

Ahonhonsɛmdi ne Nokware Honhom Fam Yiyedi a Wɔhwehwɛ

Ahonhonsɛmdi ne Nokware Honhom Fam Yiyedi a Wɔhwehwɛ

YƐN nyinaa wɔ honhom fam ne honam fam ahiade ahorow. Enti na nnipa pii bisa nsɛm te sɛ, Dɛn ne asetra atirimpɔw, dɛn nti na nnipa hu amane, na sɛ yewu a dɛn na ɛba yɛn so? Nnipa komapafo pii hwehwɛ nsɛmmisa yi ne nea ɛtete saa ho mmuae wɔ ahonhonsɛmdi nhyiam ase, faako a wɔfrɛ asumanfo (wɔsan frɛ wɔn adebisafo), de hwɛ kwan sɛ wɔne awufo ahonhom bedi nkitaho. Wɔfrɛ adeyɛ yi ahonhonsɛmdi.

Ahonhonsɛm akyidifo wɔ aman pii mu, na wohyiam wɔ asafo ne asɔre ahorow mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ Brazil no, wobu akontaa sɛ ahonhonsɛmdifo 4,000,000 na wodi nkyerɛkyerɛ a, afeha a ɛto so 19 Franseni nhomanimfo ne nyansapɛfo Hyppolyte Léon Denizard Rivail a ɔde edin Allan Kardec na ɛkyerɛw ne nhoma no, ahyehyɛ akyi. Kardec dii kan nyaa ahonhonsɛm dwumadi ho anigye wɔ 1854 mu. Akyiri yi obisaa adebisafo nsɛm wɔ mmeae pii na ɔkyerɛw ɛho mmuae guu The Book of Spirits, a otintimii wɔ 1857 mu no mu. Nhoma abien a ɔkyerɛwee nso ne The Mediums’ Book ne The Gospel According to Spiritism.

Wɔadi ahonhonsɛm wɔ ɔsom ahorow te sɛ akɔmfosɛm, abayisɛm, ntafowayi, anaa Satansom mu. Nanso wɔn a wodi Allan Kardec nkyerɛkyerɛ akyi no ka sɛ ɛsono wɔn gyidi no. Wɔtaa fa Bible mu asɛm ka wɔ wɔn nhoma mu, na wɔka Yesu ho asɛm sɛ “adesamma nyinaa kwankyerɛfo ne nhwɛsofo.” Wɔka sɛ Yesu nkyerɛkyerɛ yɛ “ɔsoro mmara a edi mu sen biara.” Allan Kardec buu ahonhonsɛmdi nhoma sɛ Onyankopɔn mmara a ɛto so abiɛsa a wɔada no adi akyerɛ nnipa, a abien a edi kan no ne Mose ne Yesu nkyerɛkyerɛ no.

Ahonhonsɛmdi twetwe nnipa pii efisɛ esi yɔnkodɔ ne adɔe nnwuma so dua. Ahonhonsɛmdifo gyidi biako ne sɛ: “Sɛ woanyɛ adɔe a, worennya nkwagye.” Ahonhonsɛmdifo pii de wɔn ho hyɛ asetram nnwuma mu, boa ayaresabea, sukuu, ne ahyehyɛde ahorow. Nnwuma a ɛtete saa fata nkamfo. Nanso, ɔkwan bɛn so na yebetumi de ahonhonsɛmdi gyidi ahorow atoto Yesu nkyerɛkyerɛ a wɔakyerɛw wɔ Bible mu no ho? Momma yɛmfa nhwɛso abien: anidaso ma awufo ne nea enti a yehu amane.

Dɛn Ne Anidaso a Ɛwɔ Hɔ Ma Awufo?

Ahonhonsɛmdifo pii gye obi a owu ma wɔwo no bio di. Ahonhonsɛmdifo nhoma biako ka sɛ: “Obi a owu ma wɔwo no bio gyidi no nkutoo ne nea ɛne ɔsoro atɛntrenee hyia; ɛno nkutoo ne nkyerɛkyerɛ a ebetumi akyerɛkyerɛ daakye mu na ahyɛ yɛn anidaso mu den.” Ahonhonsɛmdifo kyerɛkyerɛ mu sɛ, wɔ owu mu no, ɔkra, anaa “honhom a anya nipasu” no fi nipadua no mu—te sɛ afofantɔ a ɔrefi ne kotoku mu. Wogye di sɛ akyiri yi wɔsan wo saa ahonhom yi sɛ nnipa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛde wɔn ho afi bɔne a wɔyɛe wɔ wɔn kan asetra mu no ho. Nanso wɔnkae bɔne a wɔyɛɛ no kan no. The Gospel According to Spiritism nhoma no ka sɛ: “Onyankopɔn buu no sɛ ɛfata sɛ wɔkata kan nneɛma no so.”

Allan Kardec kyerɛwee sɛ: “Sɛ obi nnye wu a obi wu ma wɔwo no bio nni a na onnye Kristo nsɛm nso nni.” Nanso Yesu anka “obi a owu ma wɔwo no bio” ho asɛm da, na saa nso na wanna adwene a ɛte saa adi da. (Hwɛ “So Bible Kyerɛkyerɛ Wu a Obi Wu Ma Wɔwo no Bio?” a ɛwɔ kratafa 22 no.) Mmom no, Yesu kyerɛkyerɛɛ awufo sɔre ho asɛm. Wɔ n’asase so som adwuma mu no, onyanee nnipa baasa—Nain kunafo bi babarima, hyiadan mu panyin bi babea, ne n’adamfo paa, Lasaro. (Marko 5:22-24, 35-43; Luka 7:11-15; Yohane 11:1-44) Momma yensusuw nsɛntitiriw a esisii yi mu biako ho nhwɛ nea na Yesu pɛ sɛ ɔkyerɛ wɔ “owusɔre” ho.

Lasaro Wusɔre

Yesu tee sɛ n’adamfo Lasaro yare. Nnanu akyi no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Yɛn adamfo Lasaro ada; na merekɔ makonyan no.” Asuafo no ante nea na Yesu kyerɛ no ase nti ɔkae pefee sɛ: “Lasaro awu.” Bere a akyiri yi Yesu duu ɔboda a Lasaro da mu ho no, na ɔbarima no awu nnanan. Nanso Yesu hyɛe sɛ wonyi ɔbo a wɔde asiw ɔboda no ano no. Na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: “Lasaro, fi bra!” Ɔyɛɛ saa no, biribi a ɛyɛ nwonwa sii. “Na nea wawu no fii adi, ɔda mu ntama kyekyere ne nan ne ne nsa, na dukuu kyekyere n’anim. Na Yesu see wɔn sɛ: Monsan no, na momma ɔnkɔ!”—Yohane 11:5, 6, 11-14, 43, 44.

Ɛda adi pefee sɛ na eyi nyɛ obi a wawu ma wɔawo no bio. Yesu kae sɛ na Lasaro a wawu no ada, onnim hwee. Sɛnea Bible no kyerɛ no, ‘ne tirim a ɔbobɔe yerae.’ Na ‘onnim biribiara.’ (Dwom 146:4; Ɔsɛnkafo 9:5) Ná Lasaro a wɔanyan no no nyɛ onipa a wɔasan awo no a ɔwɔ honhom foforo. Ná ɔwɔ nipasu dedaw no ara, ne mfe nsakrae, na ne tirim asɛm nsakrae. Ɔtoaa n’asetra so fi baabi a ogyaw hɔ mpofirim no ara, na ɔsan kɔɔ n’adɔfo a wosui wɔ ne wu mu no nkyɛn.—Yohane 12:1, 2.

Akyiri yi, Lasaro wui bio. Enti atirimpɔw bɛn na ne wusɔre no dii? Te sɛ awufo afoforo a Yesu nyanee wɔn no, ɛhyɛ ahotoso a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne sɛ wobenyan Ne nkoa anokwafo afi awufo mu wɔ Ne bere a wahyɛ mu no mu den. Anwonwade ahorow a Yesu yɛe yi hyɛ ne nsɛm yi mu den: “Mene sɔre ne nkwa; nea ogye me di no, sɛ wawu po a, obenya nkwa.”—Yohane 11:25.

Ɛdefa saa daakye wusɔre no ho no, Yesu kae sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi; wɔn a wɔayɛ papa no bɛkɔ nkwa sɔre mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no bɛkɔ atemmu sɔre mu.” (Yohane 5:28, 29) Sɛnea Lasaro de no yɛe no, saa ara na ɛbɛyɛ wɔ nnipa a wɔawuwu a wobenyan wɔn no mu. Ɛrenyɛ ahonhom a wɔwɔ atenka a wɔde bɛhyehyɛ nipadua a ɛporɔwee a ebia abɔde ahorow a nkwa wom dii na wɔasan anyan wɔn mu. Awufo a wobenyan wɔn no yɛ ade a ɔsoro ne asase Bɔfo a ne nyansa ne ne tumi nni ano no betumi ayɛ.

So owusɔre nkyerɛkyerɛ a Yesu Kristo kaa ho asɛm no nna ɔdɔ a emu yɛ den a Onyankopɔn wɔ ma adesamma sɛ ankorankoro no adi? Na asɛmmisa a ɛto so abien a yɛkaa ho asɛm no nso ɛ?

Dɛn Nti na Yehu Amane?

Nneɛma a nnipa a wonnim nyansa, wonni osuahu, anaa wɔyɛ atirimɔdenfo yɛ no na ɛde amanehunu ba. Ɛnde asiane a wontumi mfa ho asodi nto nnipa so tẽẽ no nso ɛ? Sɛ nhwɛso no, dɛn nti na akwanhyia ne asiane ahorow wɔ hɔ? Dɛn nti na wɔbɛwo mmofra binom no na wɔadi dɛm? Allan Kardec buu nneɛma a ɛtete saa sɛ asotwe. Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ wɔretwe yɛn aso a, ɛnde na yedii mfomso. Sɛ mfomso no mfi yɛn mprempren asetra mu a, ɛnde na efi yɛn kan asetra mu.” Wɔakyerɛkyerɛ ahonhonsɛmdifo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Awurade, W’akwan nyinaa teɛ. Yare a wopaw maa me no sɛ me . . . migye tom sɛ me kan nneyɛe ho mpata ne me gyidi ne W’apɛdeyɛ ho sɔhwɛ.”—The Gospel According to Spiritism.

So Yesu kyerɛkyerɛɛ biribi a ɛte saa? Dabi. Ná Yesu nim Bible asɛm yi yiye: “Ɛbere ne asiane to wɔn nyinaa.” (Ɔsɛnkafo 9:11, NW) Ná onim sɛ ɛtɔ mmere bi a, nneɛma bɔne sisi ara kwa. Ɛnyɛ bɔne ho asotwe ankasa.

Susuw Yesu asetra mu asɛm yi ho hwɛ: “Na [Yesu retwam] no, ohuu onipa bi a n’ani afura fi n’awo mu. Na n’asuafo no bisaa no sɛ: Rabi, hena na ɔyɛɛ bɔne, oyi anaa n’agya ne ne na, sɛ wɔwoo no onifuraefo yi?” Asuade pii wɔ mmuae a Yesu de mae no mu: “Ɛnyɛ oyi anaa n’agya ne ne na na wɔyɛɛ bɔne, na mmom sɛ Onyankopɔn nnwuma bɛda adi wɔ no mu. Ɔkaa saa no, ɔtow ntasu guu fam, na ɔde ntasu no fraa dɔte, na ɔde dɔte no sraa onifuraefo no ani so, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, kɔhohoro so ɔtare Siloa . . . mu. Ɛnna osiim kɔe kɔhohoroo so, na ɔbae na ohu ade.”—Yohane 9:1-3, 6, 7.

Yesu nsɛm no kyerɛe sɛ ɔbarima no anifurae a ɔde fi awo mu no mfi ɔno anaa n’awofo. Enti Yesu anka biribiara a ɛkyerɛ sɛ na wɔretwe ɔbarima no aso wɔ bɔne bi a ɔyɛe wɔ ne kan asetra mu ho. Nokwarem no, na Yesu nim sɛ nnipa nyinaa nyaa bɔne fii awo mu. Nanso wonyaa bɔne fii Adam mu, na ɛnyɛ bɔne a wɔyɛe ansa na wɔrewo wɔn. Esiane Adam bɔne nti, wɔde sintɔ awo nnipa nyinaa, ma enti wɔyare na wowuwu. (Hiob 14:4; Dwom 51:5; Romafo 5:12; 9:11) Nokwasɛm ne sɛ, ɛno ne tebea a wɔsomaa Yesu sɛ ommesiesie no. Osuboni Yohane kae sɛ Yesu ne “Onyankopɔn guammaa a oyi wiase bɔne kɔ no.”—Yohane 1:29. *

Hyɛ no nsow nso sɛ Yesu anka sɛ Onyankopɔn na wahyɛ da ama wɔawo ɔbarima no sɛ onifuraefo sɛnea ɛbɛyɛ a Yesu bɛba abɛsa no yare da bi. Hwɛ atirimɔdensɛm ara a anka ɛno bɛyɛ! So anka ɛno bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam? Dabi. Mmom no, onifuraefo no a wɔnam anwonwakwan so saa no yare no ‘maa Onyankopɔn nnwuma daa adi.’ Te sɛ nyarewa horow a Yesu sae no, ɛdaa ɔdɔ a efi komam a Onyankopɔn wɔ ma adesamma a wɔrehu amane no adi, na esii nokware a ne bɔhyɛ yɛ sɛ ɔbɛma nnipa nyarewa ne amanehunu nyinaa aba awiei wɔ Ne bere a ɛsɛ mu no so dua.—Yesaia 33:24.

So ɛnyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ sɛ anka yɛn soro Agya no bɛma yɛahu amane no, ɔde ‘nnepa ma wɔn a wobisa no’ no? (Mateo 7:11) Hwɛ anuonyam ara a Ɔsorosoroni no benya bere a anifuraefo aniwa buebue, asotifo aso tue, na apakye nantew, huruw na otu mmirika no!—Yesaia 35:5, 6.

Yɛn Honhom Fam Ahiade Ho Dwuma a Yebedi

Yesu kae sɛ: “Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi [Yehowa, NW] anom so.” (Mateo 4:4) Yiw, sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm, Bible no na yɛbɔ yɛn bra ma ɛne no hyia a, yedi yɛn honhom fam ahiade ho dwuma. Adebisafo nkyɛn a yɛbɛkɔ no renni yɛn honhom fam ahiade ho dwuma. Nokwarem no, wɔkasa tia adeyɛ a ɛte saa no denneennen wɔ nea Allan Kardec kaa ho asɛm sɛ Onyankopɔn mmara mu adiyi a edi kan no mu.—Deuteronomium 18:10-13.

Nnipa pii a ahonhonsɛmdifo ka ho, nim sɛ Onyankopɔn ne Opumpuni, nea ɔte hɔ daa, ɔyɛ pɛ, ne yam ye, oye na obu atɛntrenee no. Nanso Bible no da nea ɛsen saa adi. Ɛka sɛ ɔwɔ din, Yehowa, a ɛsɛ sɛ yedi no ni sɛnea Yesu yɛe no. (Mateo 6:9; Yohane 17:6) Ɛda Onyankopɔn adi sɛ obi ankasa a nnipa betumi ne no anya abusuabɔ a emu yɛ den. (Romafo 8:38, 39) Sɛ yɛkenkan Bible no a, yehu sɛ Onyankopɔn yɛ mmɔborohunufo ne sɛ “ɔnhwɛ yɛn mfomso nhyɛ yɛn ananmu.” (Dwom 103:10) Amansan Hene Yehowa nam N’asɛm so da ne dɔ, ne tumi, ne ne ntease adi. Ɔno na ɔde akwankyerɛ ma nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase na ɔbɔ wɔn ho ban. Hu a yebehu Yehowa ne ne Ba, Yesu Kristo no ‘kyerɛ daa nkwa.’—Yohane 17:3.

Bible no de Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho nsɛm a yehia nyinaa ma yɛn, na ɛkyerɛ yɛn nea sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ n’ani a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Bible no mu a yɛde ahwɛyiye bɛhwehwɛ no ma yenya yɛn nsɛmmisa ho mmuae a ɛma akomatɔyam. Bible no san ma yɛn nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho akwankyerɛ, na ɛma yɛn anidaso a enhinhim. Ɛma yɛn awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ koraa Onyankopɔn ‘bɛpopa nnipa aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no betwam.’ (Adiyisɛm 21:3, 4) Ɛdenam Yesu Kristo so no, Yehowa bɛma adesamma ade wɔn ho afi bɔne ne owu a wonya fii awo mu no mu, na nnipa asoɔmmerɛfo benya daa nkwa wɔ asase so paradise mu. Saa bere no, wobedi wɔn honam fam ne honhom fam ahiade nyinaa ho dwuma koraa.—Dwom 37:10, 11, 29; Mmebusɛm 2:21, 22; Mateo 5:5.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 19 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea ɛyɛe a bɔne ne owu bae ho asɛm a, hwɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no ti 6.

[Adaka wɔ kratafa 22]

SO BIBLE KYERƐKYERƐ WU A OBI WU MA WƆWO NO BIO?

So Bible mu kyerɛwsɛm bi foa wu a obi wu ma wɔwo no bio nkyerɛkyerɛ so? Susuw kyerɛw nsɛm ahorow a wɔn a wogye nkyerɛkyerɛ yi tom no binom de adi dwuma no ho hwɛ:

“Na adiyifo no nyinaa ne mmara no hyɛɛ nkɔm besii Yohane so. . . Oyi ne Elia a ɔreba no.”—Mateo 11:13, 14.

So na Yohane Osuboni no yɛ Elia a wɔasan awo no? Bere a wobisaa no sɛ: “Wone Elia?” no, Yohane buae pefee sɛ: “Ɛnyɛ mene no.” (Yohane 1:21) Nanso na wɔaka asie sɛ Yohane de “Elia honhom ne ahoɔden” bedi Mesia no anim aba. (Luka 1:17; Malaki 4:5, 6) Ɔkwan foforo so no, na Yohane Osuboni no yɛ Elia efisɛ ɔyɛɛ adwuma a ɛte sɛ Elia de no.

“Wɔanwo obi foforo a, ɔrentumi nhu Nyankopɔn ahenni no. Mma ɛnnyɛ wo nwonwa sɛ meka mekyerɛɛ wo sɛ: Etwa sɛ wɔwo mo foforo.”—Yohane 3:3, 7.

Akyiri yi asomafo no mu biako kyerɛw sɛ: “Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne Agya! Ɛnam ne mmɔborohunu a ɛdɔɔso nti ɔnam Yesu Kristo sɔre a ofi awufo mu sɔree no so awo yɛn foforo akɔ anidaso a emu wɔ nkwa mu.” (1 Petro 1:3, 4; Revised Standard Version; Yohane 1:12, 13) Ɛda adi pefee sɛ awo foforo a Yesu kaa ho asɛm no kyerɛ honhom mu adeyɛ a ɛbɛba bere a n’akyidifo da so te ase, ɛnyɛ daakye a wobewu ma wɔawo wɔn bio.

“Sɛ onipa wu a, ɔtra ase daa; sɛ m’asase so asetra nna nyinaa ba awiei a, mɛtwɛn, bere a minim sɛ mɛsan aba no.”—Sɛnea wɔakyerɛ Hiob 14:14 ase wɔ “Hela” mu a wɔfa fii The Gospel According to Spiritism mu.

Revised Standard Version no ka kyerɛwsɛm yi sɛ “Sɛ onipa wu a, so ɔbɛtra ase bio? Anka nna a mede bɛsom nyinaa mɛtwɛn akosi sɛ wobeyi me.” Kenkan nsɛm a ɛfa saa kyerɛwsɛm no ho no. Wubehu sɛ awufo twɛn wɔ ɔdamoa mu sɛ ‘wobeyi’ wɔn. (Nkyekyem 13) Bere a wɔtwɛn no, wonni baabiara. “Onipa a wawu kɔ koraa; na sɛ onipa wu a, onni hɔ bio.”—Hiob 14:10, Bagster Septuagint nkyerɛase.

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Owusɔre anidaso no da sɛnea Onyankopɔn susuw yɛn ho yiye sɛ ankorankoro no adi

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

Onyankopɔn bɛma nnipa amanehunu nyinaa aba awiei