Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Akunafo A Yɛbɛboa Wɔn Wɔ Wɔn Sɔhwɛ Mu

Akunafo A Yɛbɛboa Wɔn Wɔ Wɔn Sɔhwɛ Mu

Akunafo A Yɛbɛboa Wɔn Wɔ Wɔn Sɔhwɛ Mu

AKUNAFO ho nsɛm a agye din paa biako ne Bible mu asɛm a ɛfa Rut ne n’asebea Naomi ho no. Ná mmea baanu yi nyinaa yɛ akunafo. Nanso, ɛnyɛ Naomi kunu nko na ɔhweree, na mmom, ne mmabarima baanu, a na biako yɛ Rut kunu no nso. Esiane sɛ na wɔte ɔman a wɔyɛ kua mu a na wɔn asetra gyina wɔn mmarima so kɛse nti, na wɔn tebea no yɛ awerɛhow ankasa.—Rut 1:1-5, 20, 21.

Nanso, na Naomi wɔ adamfo ne ɔwerɛkyekyefo a ɔyɛ soronko, n’asebea Rut, a wannyaw no hɔ ankɔ no. Bere kɔɔ so no, Rut daa ne ho adi sɛ ‘obi a na oye ma Naomi sen mmabarima baason’—ɛnyɛ ɔdɔ a emu yɛ den a na ɔwɔ ma Naomi no nko na mmom ɔdɔ a na ɔwɔ ma Onyankopɔn no nso. (Rut 4:15) Bere a Naomi kae sɛ anka Rut nsan nkɔ n’abusuafo a wɔyɛ Moabfo nkyɛn no, Rut de nokware ayɔnkofa ho nsɛm a ɛka koma sen biara a wɔakyerɛw pɛn buae sɛ: “Nea wokɔ na mɛkɔ, na nea wosoɛ na mɛsoɛ; wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn; nea wubewu, na mewu, na ɛhɔ ara na wobesie me; [Yehowa, NW] nyɛ me eyi ne bi nka ho, sɛ gye owu na ɛbɛtetew me ne wo ntam.”—Rut 1:16, 17.

Yehowa Nyankopɔn huu suban a Rut daa no adi no. Ohyiraa Rut ne Naomi abusua ketewa no, na awiei koraa no Rut waree Israelni Boas. Naomi hwɛɛ wɔn ba a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Yesu Kristo nana no te sɛ n’ankasa ne ba. Asɛm yi yɛ sɛnea Yehowa kyerɛ okunafo a wɔbɛn no na wonya ne mu ahotoso no ho anisɔ no ho nhwɛso. Bio nso, Bible ka kyerɛ yɛn sɛ wɔn a wofi ɔdɔ mu boa akunafo wɔ wɔn sɔhwɛ mu no som bo ma no. Enti ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa akunafo a wɔwɔ yɛn ntam no nnɛ?—Rut 4:13, 16-22; Dwom 68:5.

Boa Wɔn Ankasa Nanso Nhyɛ Wɔn So

Sɛ woreboa okunafo bi a, ɛyɛ papa sɛ wobɛma nneɛma mu ada hɔ nanso ɛnsɛ sɛ wohyɛ no so. Kwati sɛ wobɛka nsɛm a ɛmmoa te sɛ, “Sɛ wuhia biribi a ka kyerɛ me.” Ɛno betumi ayɛ sɛ nea woreka akyerɛ obi a awɔw ne ɔkɔm de no sɛ ‘wo ho nyɛ hyew na mee’ bere a wonyɛ hwee mfa mmoa no. (Yakobo 2:16) Sɛ nnipa pii hia biribi a, wɔremmisa; mmom no, wɔde bɛhyɛ wɔn ho. Saafo no a wobɛboa wɔn no gye nhumu, na ama woahu nea ehia wɔn. Ɔkwan foforo so no, wo ho a wode begye wɔn nsɛm mu pii dodow—na ebia woadi okunafo no asetra so koraa—no betumi de yawdi ne ntawntawdi aba. Ne saa nti Bible no si hia a ehia sɛ yɛkari pɛ wɔ yɛne afoforo nsɛnnii mu so dua. Bere a ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yemfi ɔdɔ mu nhwehwɛ afoforo yiyedi no, ɛkae yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ asɛmpɛfo.—Filipifo 2:4; 1 Petro 4:15.

Rut daa suban a ɛkari pɛ saa adi kyerɛɛ Naomi. Bere a Rut fi nokwaredi mu de ne ho bataa n’asebea no, wampiapia no, anaa wanhyɛ no so. Ofi ne pɛ mu yɛɛ ade nyansam, te sɛ aduan a ɔne Naomi bedi a ɔhwehwɛe, nanso odii Naomi akwankyerɛ akyi.—Rut 2:2, 22, 23; 3:1-6.

Ɛwom, ebetumi asono nea obiara hia. Sandra a yedii kan kaa n’asɛm no ka sɛ: “Me nsa kaa nea mihia wɔ m’ahohia mu—nnamfo pa a wɔwɔ ɔdɔ a wotwaa me ho hyiae.” Nea ɛne eyi bɔ abira no, na Elain, a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no hia sɛ ne nkutoo bɛtra. Enti mmoa a wode bɛma no hwehwɛ sɛ wode nhumu bedi dwuma na woakari pɛ wɔ obi kokoam nsɛm ho ne bere a sɛ mmoa ho hia a wode bɛma no mu.

Mmoa a Abusuafo De Ma

Sɛ abusua a wɔda ɔdɔ a emu yɛ den adi wɔ hɔ a, wobetumi ayɛ pii na ama okunafo no anya awerɛhyem sɛ obetumi agyina. Ɛwom sɛ abusuafo bi betumi ayɛ mmoa kɛse asen afoforo de, nanso obiara betumi aboa. “Sɛ okunafo bi wɔ mma anaa mmanana a, wonsua onyamesom pa wɔn fi mu kan ntua wɔn awofo ka; efisɛ eyi na eye na ɛsɔ Onyankopɔn ani.”—1 Timoteo 5:4.

Wɔ nsɛm pii mu no, ebia sika fam mmoa anaa ‘akatua’ ho renhia. Akunafo binom wɔ sika a ɛdɔɔso a wɔde bɛhwɛ wɔn ho, na afoforo betumi anya aban mmoa ahorow a wonya wɔ aman bi so no bi. Nanso baabi a akunafo hia mmoa no, ɛsɛ sɛ abusuafo boa. Sɛ okunafo bi nni obusuani a ɔbɛn paa a ɔde mmoa a ɛte saa bɛma, anaasɛ obusuani a ɔbɛn no paa no ntumi mmoa no a, Kyerɛwnsɛm no hyɛ mfɛfo gyidifo nkuran sɛ wɔmmoa no: “Onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fĩ agya Onyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔn ahohia mu, na oyi ne ho fi wiase nkekae mu.”—Yakobo 1:27.

Wɔn a wɔde Bible nnyinasosɛm ahorow yi di dwuma no ‘di akunafo ni’ ankasa. (1 Timoteo 5:3) Sɛ́ wubedi obi ni no kyerɛ sɛ wobɛkyerɛ obu ama onii ko no. Nkurɔfo a wodi wɔn ni no te nka sɛ wɔn ho wɔ mfaso, wɔsom bo, na wɔahyɛ wɔn anuonyam. Wɔnte nka sɛ afoforo reboa wɔn esiane sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa kɛkɛ nti. Ɛwom sɛ Rut ankasa yɛɛ okunafo bere bi de, nanso ofi nokwaredi mu dii Naomi ni denam ne pɛ mu a ofi hwɛ hui sɛ Naomi nsa bɛka ne honam fam ne ne nkate fam ahiade no so. Nokwarem no, Rut suban no maa onyaa din pa, ma enti ne kunu a akyiri yi ɔbɛwaree no no ka kyerɛɛ no sɛ: “Me manfo nyinaa nim sɛ woyɛ ɔbea pa.” (Rut 3:11) Bere koro no ara, ɔdɔ a na Naomi wɔ ma Onyankopɔn, haw a na ɔnhaw adwene, ne anisɔ kɛse a na ɔwɔ ma mmɔden a na Rut bɔ wɔ ne ho no maa ɛyɛɛ Rut anigye sɛ ɔbɛboa no. Hwɛ nhwɛso pa ara a Naomi yɛ ma akunafo nnɛ!

Bɛn Onyankopɔn

Ɛwom, abusuafo ne nnamfonom ntumi nsi ɔhokafo a wawu no ananmu. Esiane eyi nti, ehia sɛ nea ne hokafo afi mu no bɛn “mmɔborohunu agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn a ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu” no. (2 Korintofo 1:3, 4) Susuw Hana, okunafo a na ɔbɔ ɔsom ho mmɔden a na wadi mfirihyia 84 bere a wɔwoo Yesu no nhwɛso ho hwɛ.

Bere a Hana kunu wui mfe ason pɛ wɔ wɔn aware akyi no, ɔdan kɔɔ Yehowa nkyɛn kɔhwehwɛɛ awerɛkyekye. “Ɔmpa asɔrefi hɔ da, na ɔde mmuada ne mpaebɔ som Nyankopɔn adesae ne adekyee.” (Luka 2:36, 37) So Yehowa yɛɛ Hana nyamesom pa no ho biribi? Yiw! Ɔdaa ɔdɔ a ɔwɔ ma no no adi wɔ ɔkwan titiriw so denam nea na obenyin abɛyɛ wiase Agyenkwa no a ɔma ohuu no no so. Hwɛ sɛnea eyi maa Hana ani gyei na ɛkyekyee ne werɛ! Ɛda adi pefee sɛ ohuu nokwasɛm a Dwom 37:4 yɛ no: “Ma w’ani nka [Yehowa, NW] ho, na wama wo nea wo koma pɛ.”

Onyankopɔn Nam Mfɛfo Kristofo So Yɛ Adwuma

Elaine ka sɛ: “David wui akyi bere tenteenten no, me honam yɛɛ me yaw te sɛ nea wɔde sekan rewowɔ me mfe mparow mu. Ná misusuw sɛ aduan a midi na entumi nyam. Da bi de, emu bɛyɛɛ den araa ma misusuw sɛ ɛsɛ sɛ mikohu oduruyɛfo. Onuawa bi a ɔwɔ honhom fam nhumu na ɔyɛ m’adamfo kyerɛe sɛ ebia m’awerɛhodi no ka ho bi, ma enti ɔhyɛɛ me nkuran sɛ mensrɛ Yehowa hɔ mmoa ne awerɛkyekye. Ntɛm ara na migyee n’afotu no toom, na mifi komam bɔɔ mpae me tirim srɛɛ Yehowa sɛ ɔnwowaw me wɔ m’awerɛhodi no mu. Na ɔwowaw me!” Elaine ho fii ase tɔɔ no, na ɛno akyi bere tiaa bi no, ne honam a ɛyɛ no yaw no mpo gyaee.

Asafo mu mpanyimfo titiriw betumi afi ayamye mu ada adamfofa adi akyerɛ akunafo a wɔredi awerɛhow no. Sɛ mpanyimfo de anifere ne nhumu di dwuma de honhom fam mmoa ma a, wobetumi aboa wɔn ma wɔabɛn Yehowa ɛmfa ho wɔn sɔhwɛ a wohyia no. Baabi a ɛho hia no, mpanyimfo betumi aboa nso ma wɔayɛ honam fam mmoa ho nhyehyɛe. Mpanyimfo a wɔwɔ ayamhyehye ne nhumu yi bɛyɛ “mframa ano hintabea” ankasa.—Yesaia 32:2; Asomafo no Nnwuma 6:1-3.

Awerɛkyekye a Ɛtra Hɔ Daa a Efi Asase So Hene Foforo no Nkyɛn

Onii a Hana a ne mfe akɔ anim no ani gyei sɛ ohuu no bɛyɛ mfe mpem abien a atwam ni no abɛyɛ Onyankopɔn soro Ahenni no Mesia Hene. Ɛrenkyɛ, nniso yi beyi nneɛma a ɛde awerɛhodi ba nyinaa, a owu ka ho, afi hɔ. Adiyisɛm 21:3, 4 ka wɔ eyi ho sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, . . . Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” So wohyɛɛ no nsow sɛ asɛm yi fa “adesamma” ho? Yiw, wobegye nnipa afi owu ne awerɛhodi ne osu a ɛde ba nyinaa mu.

Nanso nsɛm pa no pii wɔ hɔ! Bible no san hyɛ awufo a wobenyan wɔn ho bɔ. “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte [Yesu] nne na wɔafi adi.” (Yohane 5:28, 29) Te sɛ Lasaro a Yesu nyan no fii awufo mu no, wobefi adi aba sɛ nnipa, ɛnyɛ ahonhom abɔde. (Yohane 11:43, 44) Wɔn a ɛno akyi no ‘wɔbɛyɛ adetrenee’ no bɛkɔ nnipa pɛyɛ mu na wɔn ankasa ahu sɛnea Yehowa hwɛ ne mma sɛ agya no bere a ‘obue ne nsam ma ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee no.’—Dwom 145:16.

Wɔn a owu ama wɔahwere wɔn adɔfo na wɔkyerɛ anidaso a enni huammɔ yi mu gyidi no nya eyi mu awerɛkyekye kɛse. (1 Tesalonikafo 4:13) Enti sɛ woyɛ okunafo a, hwɛ hu sɛ ‘wobɛbɔ mpae daa’ de ahwehwɛ awerɛkyekye ne mmoa a wuhia daa na ama woatumi adi wo haw ahorow nyinaa ho dwuma. (1 Tesalonikafo 5:17; 1 Petro 5:7) Na gye bere da biara da fa kenkan Onyankopɔn Asɛm sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nsusuwii bɛkyekye wo werɛ. Sɛ woyɛ saa nneɛma yi a, w’ankasa wubehu sɛnea ɛmfa ho sɔhwɛ ne nsɛnnennen a wuhyia sɛ okunafo nyinaa akyi no, Yehowa betumi aboa wo ma woanya asomdwoe ampa.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

Mmoa a wode bɛma no hwehwɛ sɛ wokari pɛ wɔ afoforo kokoam nsɛm a wobɛkyerɛ obu ama ne bere a sɛ mmoa ho hia a wode bɛma no mu

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Onyankopɔn hyiraa Hana, okunafo a na ne mfe akɔ anim no