Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mo Ne Anigye Nyankopɔn No Ani Nnye

Mo Ne Anigye Nyankopɔn No Ani Nnye

Mo Ne Anigye Nyankopɔn No Ani Nnye

“Nea aka no, anuanom, mo ani nnye, . . . na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn bedi mo akyi.”—2 KORINTOFO 13:11.

1, 2. (a) Dɛn nti na nnipa pii nni anigye wɔ asetra mu? (b) Dɛn ne anigye, na yɛbɛyɛ dɛn anya?

WƆ NNA bɔne yi mu no, nnipa pii nni nea wobegyina so anya anigye. Sɛ asiane bi to wɔn anaa wɔn dɔfo bi a, wobetumi ate nka sɛ Hiob a ɔtraa ase tete a ɔkae sɛ: “Onipa a ɔbea awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw mee no” no. (Hiob 14:1) “Mmere a emu yɛ den” yi mu haw ne ahoyeraw tumi ka Kristofo nso, na ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛtɔ mmere bi a Yehowa asomfo anokwafo abam bu.—2 Timoteo 3:1.

2 Nanso, Kristofo ani betumi agye wɔ sɔhwɛ mu mpo. (Asomafo no Nnwuma 5:40, 41) Nea ɛbɛyɛ na woate sɛnea eyi betumi ayɛ yiye ase no, di kan susuw nea anigye kyerɛ ho hwɛ. Wɔakyerɛ anigye ase sɛ “nkate a biribi pa a obi anya anaasɛ ɔhwɛ kwan de ba.” * Enti, sɛ yegye bere susuw nhyira horow a yɛwɔ mprempren no ho na yedwennwen anigye a yebenya wɔ Onyankopɔn wiase foforo mu no ho a, yɛn ani betumi agye.

3. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aka sɛ obiara wɔ nneɛma bi a obetumi agyina so anya anigye?

3 Obiara wɔ nhyira horow bi a ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ ho anisɔ. Abusua ti bi adwuma betumi afi ne nsa. Sɛnea ɛte no, ɛbɛhaw no. Ɔpɛ sɛ onya n’adɔfo ahiade ma wɔn. Nanso, sɛ ɔwɔ ahoɔden na ɔnyare a, obetumi akyerɛ ɛno ho anisɔ. Sɛ onya adwuma a, obetumi ayere ne ho ayɛ. Ɔkwan foforo so no, yare bi betumi abɔ Kristoni bea bi ma wayɛ mmerɛw. Nanso, obetumi ada Onyankopɔn ase wɔ mmoa a ne nnamfo a wɔdɔ no ne abusuafo de ma no ma otumi gyina ne yare no ano wɔ nidi ne akokoduru mu no ho. Na nokware Kristofo nyinaa, ɛmfa ho wɔn nsɛm tebea no, ani betumi agye sɛ wɔanya hokwan ahu Yehowa, “anigye Nyankopɔn” no, ne Yesu Kristo, “anigye tumfoɔ koro no.” (1 Timoteo 1:11; 6:15, NW) Yiw, Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo wɔ anigye kɛse. Wɔakura wɔn anigye mu ɛmfa ho sɛ tebea a ɛwɔ asase so no nte sɛ nea Yehowa bɔɔ ne tirim mfiase no koraa no. Yebetumi asua nneɛma pii afi wɔn nhwɛso no mu wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ yekura yɛn anigye mu ho.

Wɔn Anigye Nsɛee Da

4, 5. (a) Bere a nnipa a wodi kan no tew atua no, ɔkwan bɛn so na Yehowa yɛɛ n’ade? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa akɔ so anya adesamma ho adwempa?

4 Wɔ Eden turom hɔ no, na Adam ne Hawa wɔ ahoɔden a edi mũ, na na wɔn adwene yɛ pɛ. Ná wɔwɔ adwuma a mfaso wɔ so ne beae a ɛfata a wɔbɛyɛ no. Nea ɛsen ne nyinaa no, wonyaa hokwan ne Yehowa dii nkitaho daa. Na ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ wobenya daakye a ɛyɛ anigye. Nanso akyɛde pa yi ansɔ yɛn awofo a wodi kan no ani; wowiaa “papa ne bɔne hu dua” aba a na wɔabara no. Asoɔden yi na ɛde awerɛhow a yɛn a yɛyɛ wɔn asefo rehu no nnɛ no nyinaa bae.—Genesis 2:15-17; 3:6; Romafo 5:12.

5 Nanso, Yehowa amma Adam ne Hawa bonniayɛ no ansɛe n’anigye. Na ɔwɔ ahotoso sɛ anyɛ yiye koraa no, wɔn asefo mu bi koma bɛka wɔn ma wɔasom no. Nokwarem no, na ɔwɔ ahotoso koraa ma ɔde ne tirim a na wabɔ sɛ obegye Adam ne Hawa asefo asoɔmmerɛfo no too gua ansa mpo na wɔrewo wɔn abakan no! (Genesis 1:31; 3:15) Wɔ mfehaha pii a edii hɔ mu no, adesamma mu dodow no ara dii Adam ne Hawa anammɔn akyi, nanso Yehowa ampo adesamma abusua wɔ asoɔden pii a ɛte saa a wɔyɛe no ho. Mmom no, ɔde n’adwene sii mmarima ne mmea a ‘wɔmaa ne koma tɔɔ ne yam,’ wɔn a wɔbɔɔ mmɔden ankasa sɛ wɔbɛsɔ n’ani esiane sɛ na wɔdɔ no nti no so.—Mmebusɛm 27:11; Hebrifo 6:10.

6, 7. Nneɛma bɛn na ɛboaa Yesu ma ɔkɔɔ so kuraa anigye mu?

6 Na Yesu nso ɛ—ɔkwan bɛn so na okuraa n’anigye mu? Sɛ́ honhom abɔde a ɔwɔ soro a ɔwɔ tumi no, na Yesu wɔ hokwan biara sɛ obetumi ahu nnwuma a na mmarima ne mmea reyɛ wɔ asase so no. Na wɔn sintɔ ahorow da adi pefee, nanso Yesu dɔɔ wɔn. (Mmebusɛm 8:31) Akyiri yi, bere a ɔbaa asase so na “ɔbɛtraa” nnipa mu ankasa no, adwene a na ɔwɔ wɔ adesamma ho no ansesa. (Yohane 1:14) Dɛn na ɛmaa Onyankopɔn Ba a ɔyɛ pɛ no tumi kuraa adesamma abɔnefo ho adwempa a ɛte saa no mu?

7 Nea edi kan koraa no, na Yesu nhwehwɛ nneɛma pii mfi n’ankasa ne afoforo hɔ. Ná onim sɛ ɔrensakra wiase nnipa nyinaa. (Mateo 10:32-39) Enti sɛ komapafo biako mpo tie Ahenni asɛm no a, na n’ani gye. Ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a na n’asuafo no suban ne wɔn nneyɛe nyɛ papa de, nanso na Yesu nim sɛ wɔn komam de na wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde, na ɛno nti ɔdɔɔ wɔn. (Luka 9:46; 22:24, 28-32, 60-62) Nea ehia titiriw no, bere a na Yesu rebɔ ne soro Agya mpae no, ɔbɔɔ nneɛma pa a na n’asuafo no ayɛ de besi saa bere no mua sɛ: “Wɔadi w’asɛm so.”—Yohane 17:6.

8. Kyerɛ akwan bi a yebetumi afa so asuasua Yehowa ne Yesu wɔ anigye mu a yebekura ho.

8 Akyinnye biara nni ho sɛ, yɛn nyinaa benya mfaso wɔ susuw a yebesusuw nhwɛso a Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ayɛ wɔ eyi mu ho no mu. So yebetumi asuasua Yehowa yiye paa denam haw a ebia yɛrenhaw pii bere a nneɛma nkɔ yiye sɛnea yɛhwɛɛ kwan no? So yebetumi adi Yesu anammɔn akyi pɛɛ yiye anya adwempa wɔ tebea horow a yɛwom mprempren ho, ada ntease adi wɔ nneɛma a yɛhwɛ kwan fi yɛn ankasa ne afoforo hɔ no ho? Ma yɛnhwɛ sɛnea yebetumi de saa nnyinasosɛm ahorow yi bi adi dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so wɔ ade a Kristofo a wɔyɛ nsi a wɔwɔ mmaa nyinaa ani gye ho—asɛnka adwuma—no mu.

Kura Adwempa Mu Wɔ Asɛnka Adwuma Ho

9. Ɔkwan bɛn so na Yeremia san nyaa anigye, na ɔkwan bɛn so na ne nhwɛso no betumi aboa yɛn?

9 Yehowa pɛ sɛ yɛn ani gye wɔ ne som adwuma mu. Ɛnsɛ sɛ yɛn anigye gyina nea efi yɛn asɛnka mu ba no so. (Luka 10:17, 20) Odiyifo Yeremia kaa asɛm mfirihyia pii wɔ asasesin a na ɛnsow aba mu. Bere a ɔde n’adwene sii nkurɔfo no nneyɛe bɔne so no, n’anigye sɛee. (Yeremia 20:8) Nanso bere a osusuw nea ɛwɔ asɛm no mu a ɛma ɛyɛ asɛmpa no ho no, ɔsan nyaa anigye. Yeremia ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Wo nsɛm ba a, na ɛyɛ me aduan, na wo nsɛm yɛ me ahosɛpɛw ne akomatɔyam, na wɔde wo din ato me, [Yehowa, NW], asafo Nyankopɔn.” (Yeremia 15:16) Yiw, Yeremia ani gyee hokwan a na wanya de reka Onyankopɔn asɛm no ho. Yɛn nso yebetumi ayɛ saa ara.

10. Sɛ yɛn asasesin nsow aba mprempren mpo a, ɔkwan bɛn so na yebetumi akura yɛn anigye mu wɔ asɛnka adwuma no mu?

10 Sɛ nnipa dodow no ara antie asɛmpa no mpo a, yɛwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛn ani gye bere a yɛde yɛn ho hyɛ asɛnka mu no. Kae sɛ, ɛdaa adi sɛ na Yehowa wɔ ahotoso koraa sɛ nnipa bi koma bɛkanyan wɔn ma wɔasom no. Te sɛ Yehowa no, ɛnsɛ sɛ yɛpa aba da efisɛ awiei koraa no, nnipa binom bɛte ɔsɛmpɔw no ase na wɔagye Ahenni asɛm no atom. Ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi sɛ nnipa nsɛm tebea sesa. Sɛ onipa a ɔte nka sɛ hwee nhia no koraa no mpo hwere biribi anaa ohyia nsɛnnennen bi mpofirim a, obetumi afi ase asusuw asetram atirimpɔw ho anibere so. Sɛ ‘honhom fam nneɛma ho behia’ onipa a ɔte saa a, so wobɛkɔ akɔboa no? (Mateo 5:3) Hwɛ, ebetumi aba sɛ obi wɔ w’asasesin mu a wayɛ krado sɛ obetie asɛmpa no bere foforo a wobɛkɔ ne nkyɛn no!

11, 12. Dɛn na ɛkɔɔ so wɔ kurow bi mu, na dɛn na yebetumi asua afi mu?

11 Nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu nsɛm tebea nso betumi asesa. Susuw nhwɛso bi ho hwɛ. Ná awarefo nkumaa bi a wɔwɔ mma na wɔn abusuabɔ mu yɛ den te kurow ketewaa bi mu. Sɛ Yehowa Adansefo kɔ wɔn nkyɛn a, asɛnkoro no ara na na wɔka kyerɛ wɔn, “Yɛn ani nnye ho!” Sɛ obi kyerɛ Ahenni asɛm no ho anigye a, na afipamfo no yɛ ntɛm ara bu n’abam sɛ ɔne Adansefo no mmmɔ nkɔmmɔ bio. Akyinnye biara nni ho sɛ na ɛhɔ asɛnkakɔ yɛ den. Nanso, Adansefo no ampa abaw; wɔkɔɔ so kaa asɛm no. Dɛn na efii mu bae?

12 Bere kɔɔ so no, saa kurow no mu mmofra pii nyinii warewaree, na wɔn ankasa kɔtratraa wɔn afie. Bere a wohui sɛ wɔn asetra kwan amma wɔannya anigye ankasa no, mmerante ne mmabaa yi binom fii ase hwehwɛɛ nokware no. Bere a wotiee asɛmpa no a Adansefo no kae no, wonyaa anigye. Enti ɛbae sɛ mfirihyia pii akyi no, asafo ketewaa no fii ase dɔe. Hwɛ anigye a Ahenni adawurubɔfo a wɔampa abaw no nyae! Ɛmmra sɛ yɛn nso yebenya anuonyam Ahenni asɛm a yɛkɔ so ka no mu anigye!

Mfɛfo Gyidifo Bɛboa Wo

13. Sɛ yɛn abam bu a, hena nkyɛn na yebetumi akɔ?

13 Sɛ wuhyia ahokyere anaa amanehunu bi wɔ asetram a, ɛhe na wubetumi akɔhwehwɛ awerɛkyekye? Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so ɔpepem pii di kan kɔ Yehowa nkyɛn wɔ mpaebɔ mu, na afei wɔkɔ wɔn nuanom Kristofo mmarima ne mmea nkyɛn. Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔno ankasa kyerɛɛ obu maa mmoa a n’asuafo de maa no no. Anadwo a ade rebɛkye ma wawu no, ɔkaa wɔn ho asɛm sɛ “mone wɔn a wɔda so ka me ho me sɔhwɛ mu.” (Luka 22:28) Ɛwom sɛ na saa asuafo no nyɛ pɛ de, nanso wɔn nokwaredi no kyekyee Onyankopɔn Ba no werɛ. Yɛn nso yebetumi anya ahoɔden afi yɛn mfɛfo asomfo nkyɛn.

14, 15. Dɛn na ɛboaa awarefo bi ma wogyinaa wɔn babarima wu ano, na dɛn na wusua fi wɔn asɛm no mu?

14 Kristofo awarefo bi a wɔde Michel ne Diane huu sɛnea wɔn nuanom mmarima ne mmea mmoa betumi asom bo no. Wɔyɛɛ wɔn babarima a na wadi mfirihyia 20, Jonathan, Kristoni a na ɔwɔ ahoɔden ne daakye ho anidaso pa, mu nhwehwɛmu hui sɛ kokoram ahon n’amemene mu. Nnuruyɛfo bɔɔ mmɔden biara sɛ wobegye no nkwa, nanso Jonathan yare no mu yɛɛ den kosii sɛ da koro anwummere, owui. Asɛm no haw Michel ne Diane yiye. Wohui sɛ na wɔreyɛ apɔn da no anwummere Ɔsom Nhyiam no. Nanso, esiane sɛ na wohia awerɛkyekye denneennen nti, wɔka kyerɛɛ ɔpanyin a na ɔka wɔn ho no sɛ ɔne wɔn nkɔ Ahenni Asa so. Woduu hɔ bere a na wɔreka Jonathan wu no ho asɛm akyerɛ asafo no. Bere a wɔpɔn nhyiam no, anuanom mmarima ne mmea betwaa awofo a na wɔresu no ho hyiae bam wɔn kaa awerɛkyekye nsɛm kyerɛɛ wɔn. Diane ka sɛ: “Bere a yeduu asa no so no, na yɛn abam abu, nanso hwɛ sɛnea yɛn nuanom kyekyee yɛn werɛ—hwɛ sɛnea wɔhyɛɛ yɛn den! Ɛwom sɛ wɔantumi anyi yaw a na yɛredi no amfi yɛn mu de, nanso wɔboaa yɛn ma yegyinaa ɔhaw no ano!”—Romafo 1:11, 12; 1 Korintofo 12:21-26.

15 Amanehunu no maa Michel ne Diane bɛn wɔn nuanom yiye. Ɛmaa wɔbɛn wɔn ho wɔn ho nso. Michel ka sɛ: “Masua sɛ mɛma m’ani asɔ me yere a medɔ no no kɛse. Sɛ ɛtɔ mmere bi na sɛ yɛn abam bu a, yɛbɔ Bible mu nokware no ne sɛnea Yehowa rewowaw yɛn no ho nkɔmmɔ.” Diane de ka ho sɛ: “Yɛn ani abegye Ahenni anidaso no ho kɛse mprempren.”

16. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yedi kan ma yɛn nuanom hu yɛn ahiade?

16 Yiw, yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea betumi ‘akyekye yɛn werɛ’ wɔ ahohia mmere mu na wɔaboa yɛn ma yɛakura yɛn anigye mu. (Kolosefo 4:11) Nokwarem no, wontumi nhu nea ɛwɔ yɛn adwenem. Enti, sɛ yehia mmoa a, ɛyɛ papa sɛ yɛbɛma wɔahu. Afei yebetumi akyerɛ anisɔ ankasa wɔ awerɛkyekye biara a yɛn nuanom betumi de ama yɛn no ho, na yɛabu no sɛ efi Yehowa nkyɛn.—Mmebusɛm 12:25; 17:17.

Hwɛ W’asafo Mu

17. Nsɛnnennen bɛn na ɛna bi a onni ɔhokafo hyia, na ɔkwan bɛn so na yebu nnipa a wɔte sɛ ɔno no?

17 Dodow a wohwɛ wo mfɛfo gyidifo yiye no, dodow no ara na wubenya anisɔ ama wɔn na w’ani agye wɔn fekubɔ ho. Hwɛ w’asafo mu. Dɛn na wuhu? So ɔwofo a onni ɔhokafo a ɔrebɔ mmɔden atete ne mma wɔ nokware no mu wɔ mu? So woasusuw nhwɛso pa a ɔyɛ no ho akɔ akyiri? Bɔ mmɔden susuw nsɛnnennen bi a ohyia ho. Ɛna bi a onni ɔhokafo a ne din de Jeanine ka nsɛnnennen yi bi ho asɛm sɛ: ankonamyɛ, nna ho nsɛm a mmarima de guan ne ho wɔ adwumam, ne sikasɛm ho nsɛnnennen. Nanso, ɔka sɛ, nea ɛyɛ den sen biara no ne ne mma nkate fam ahiade ho dwuma a obedi, esiane sɛ ɛsono abofra biara nti. Jeanine ka ɔhaw foforo ho asɛm sɛ: “Ebetumi ayɛ den ankasa sɛ woremfa wo babarima nyɛ abusua no ti mfa nsi okunu a onni hɔ no ananmu. Mewɔ ɔbabea, na ɛyɛ den sɛ mɛkae sɛ ɛnsɛ sɛ meka me kokoam nsɛm kyerɛ no de haw n’adwene.” Te sɛ awofo a wonni ahokafo mpempem pii a wosuro Onyankopɔn no, Jeanine yɛ adwuma na ɔsan hwɛ ne fiefo. Ɔne ne mma sua Bible nso, tete wɔn asɛnka mu, na ɔde wɔn ba asafo nhyiam ahorow. (Efesofo 6:4) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yehowa ani gye bere a ohu mmɔden a abusua yi bɔ sɛ wobekura wɔn mudi mu da biara no! So yɛn nso yɛn ani nnye sɛ yɛwɔ saafo no wɔ yɛn mu? Yiw, yɛn ani gye.

18, 19. Kyerɛkyerɛ sɛnea yebetumi ama anisɔ a yɛwɔ ma asafo no mufo no ayɛ kɛse no mu.

18 Hwɛ w’asafo no mu bio. Ebia wubehu mmarima ne mmea akunafo a ‘wɔmpa’ asafo nhyiam ahorow ase da. (Luka 2:37) So ɛtɔ mmere bi a wɔte nka sɛ wɔayɛ ankonam? Ɛte saa. Wɔn ani gyina wɔn ahokafo ankasa! Nanso, wɔyere wɔn ho wɔ Yehowa som adwumam, na wɔkyerɛ afoforo ho anigye. Wɔn suban pa no ma asafo no mu yɛ anigye kɛse! Kristoni bi a ɔde bɛboro mfirihyia 30 ayɛ bere nyinaa som adwuma kae sɛ: “Nneɛma a ɛma m’ani gye kɛse paa no mu biako ne sɛ mihu sɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim a wɔafa sɔhwɛ ahorow bebree mu no da so resom Yehowa nokwaredi mu!” Yiw, Kristofo a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ yɛn mu no hyɛ mmerante ne mmabaa no nkuran kɛse.

19 Na wɔn a wɔyɛ foforo a nnansa yi ara na wofii ase de wɔn ho bɔɔ asafo no nso ɛ? Sɛ wɔkasa wɔ asafo nhyiam ahorow ase a, so ɛnkanyan yɛn? Susuw nkɔso a wɔanya fi bere a wofii ase suaa Bible no ho hwɛ. Ɛbɛyɛ sɛ Yehowa ani gye wɔn ho yiye. So ɛnte saa wɔ yɛn fam? So yɛkyerɛ wɔn ho anisɔ, kamfo wɔn wɔ wɔn mmɔdenbɔ ho?

20. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ asafo no muni biara di dwuma titiriw bi wɔ asafo no mu?

20 So woyɛ ɔwarefo, ɔhokwafo, anaa ɔwofo a onni ɔhokafo? So woyɛ ayisaa a onni agya (anaa ɛna), okunafo barima anaa ɔbea? So woyɛ obi a wo ne asafo no abɔ mfirihyia pii anaasɛ nnansa yi ara na wufii ase de wo ho bɔɔ asafo no? Nya awerɛhyem sɛ wo nokwaredi ho nhwɛso no hyɛ yɛn nyinaa nkuran. Sɛ wo ne yɛn bom to Ahenni dwom, sɛ woma mmuae anaasɛ woyɛ wo Teokrase Ɔsom Sukuu mu dwumadi a, nea woyɛ no ma yɛn ani gye kɛse. Nea ɛho hia sen biara no, ɛma Yehowa koma ani gye.

21. Dɛn na yɛwɔ nneɛma pii a yebetumi agyina so ayɛ, nanso nsɛmmisa bɛn na ɛsɔre?

21 Yiw, wɔ mmere bɔne yi mu mpo no, yɛn ani betumi agye wɔ anigye Nyankopɔn no som mu. Yɛwɔ nneɛma pii a yebegyina so agye Paulo nkuranhyɛ yi atom: “Mo ani nnye, . . . na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn bedi mo akyi.” (2 Korintofo 13:11) Nanso, sɛ yehyia asiane, ɔtaa, anaa sika fam ahokyere a emu yɛ den nso ɛ? So yebetumi akura yɛn anigye mu wɔ tebea horow a ɛtete saa mpo mu? W’ankasa bua bere a woresusuw asɛm a edi hɔ no ho no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Hwɛ Insight on the Scriptures, Po 2, a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 119.

Wubetumi Abua?

•Ɔkwan bɛn so na wɔakyerɛkyerɛ anigye mu?

•Ɔkwan bɛn so na adwempa a yebekura mu betumi aboa yɛn ma yɛakɔ so anya anigye?

•Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛanya yɛn asafo no asasesin ho adwempa?

•Akwan bɛn so na w’ani sɔ anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ w’asafo mu no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu no betumi asesa

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Nsɛnnennen bɛn na wɔn a wɔwɔ w’asafo mu no hyia?