Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Munkura Mo Anigye Mu Wɔ Yehowa Som Adwuma Mu

Munkura Mo Anigye Mu Wɔ Yehowa Som Adwuma Mu

Munkura Mo Anigye Mu Wɔ Yehowa Som Adwuma Mu

“Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye!”—FILIPIFO 4:4.

1, 2. Ɔkwan bɛn so na onua bi ne n’abusua tumi kuraa wɔn anigye mu ɛmfa ho sɛ wɔhweree wɔn ahode nyinaa?

NÁ James, Kristoni bi a wadi mfirihyia 70 a ɔte Sierra Leone, ayɛ adwumaden ne nkwa nna nyinaa. Wo de susuw anigye a onyae bere a awiei koraa no osiee sika a ɛdɔɔso na ɔde tɔɔ ofie korokorowa bi a na adan anan wom no ho hwɛ! Nanso, bere a James ne n’abusua kɔtraa mu akyi bere bi no, amanko sii ɔman no mu, na wɔhyew ofie no dwerɛbee. Wɔhweree wɔn fie no, nanso wɔn anigye ansɛe. Dɛn ntia?

2 James ne n’abusua ankɔ so amfa wɔn adwene ansi nneɛma a na wɔahwere no so, na mmom nea na aka no. James kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere a na tebea no mu yɛ hu mpo no, yɛyɛɛ asafo nhyiam ahorow, kenkan Bible, boom bɔɔ mpae, na yɛne afoforo kyɛɛ nneɛma kakra a na yɛwɔ no. Esiane sɛ yɛde yɛn adwene sii abusuabɔ a ɛyɛ anigye a yɛne Yehowa wɔ no so nti, yetumi kɔɔ so kuraa yɛn anigye mu.” Bere a Kristofo anokwafo yi susuw nhyira ahorow a wɔwɔ, a nea ɛsen biara ne abusuabɔ a wɔne Yehowa wɔ ho no, wotumi maa ‘wɔn ani kɔɔ so gyei.’ (2 Korintofo 13:11) Nokwarem no, na ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobegyina wɔn tebea horow a na ɛyɛ ahometew no ano. Nanso wɔkɔɔ so dii Yehowa mu ahurusi.

3. Ɔkwan bɛn so na tete Kristofo no binom kuraa wɔn anigye mu?

3 Tete Kristofo no hyiaa sɔhwɛ ahorow a ɛte sɛ nea James ne n’abusua hyiae no bi. Nanso, ɔsomafo Paulo kyerɛw nsɛm yi kɔmaa Hebrifo Kristofo no sɛ: ‘Mode anigye penee mo nneɛma fow so.’ Afei Paulo kyerɛkyerɛɛ nea ɛmaa wonyaa anigye no mu sɛ: “[Munim] sɛ mowɔ ahode a eye kyɛn so ɔsoro a ɛtra hɔ.” (Hebrifo 10:34) Yiw, na saa afeha a edi kan no mu Kristofo no wɔ gyidi a ɛyɛ den. Wɔde ahotoso hwɛɛ kwan sɛ wɔn nsa bɛka biribi a wontumi mfow—“nkwa abotiri” a ɛnsɛe da wɔ Onyankopɔn soro Ahenni mu. (Adiyisɛm 2:10) Ɛnnɛ, sɛ yehyia amanehunu ahorow a, yɛn Kristofo anidaso—sɛ́ ɛyɛ ɔsoro anaa asase so de—no betumi aboa yɛn ma yɛakura yɛn anigye mu.

“Momma Mo Ani Nnye Anidaso Mu”

4, 5. (a) Dɛn nti na na Paulo afotu a ese “momma mo ani nnye anidaso mu” no yɛ ne bere mu de ma Romafo no? (b) Dɛn na ebetumi ama Kristoni bi werɛ afi n’anidaso?

4 Ɔsomafo Paulo hyɛɛ ne mfɛfo gyidifo a na wɔwɔ Roma no nkuran sɛ ‘wɔmma wɔn ani nnye’ daa nkwa ho ‘anidaso no mu.’ (Romafo 12:12) Na ɛno yɛ afotu a ɛyɛ ne bere mu de ma Romafo no. Bere a Paulo kyerɛw wɔn no, anni mfirihyia du na wohyiaa ɔtaa a emu yɛ den; Ɔhempɔn Nero yɛɛ wɔn mu bi ayayade araa ma wowuwui. Akyinnye biara nni ho sɛ gyidi a na wɔwɔ sɛ Onyankopɔn de nkwa abotiri a ɔde ahyɛ wɔn bɔ no bɛma wɔn no wowaw wɔn wɔ wɔn amanehunu no mu. Na ɛnnɛ, yɛn nso ɛ?

5 Sɛ́ Kristofo no, yɛn nso yɛhwɛ kwan sɛ wɔbɛtaa yɛn. (2 Timoteo 3:12) Afei nso, yehu sɛ “ɛbere ne asiane” to yɛn nyinaa. (Ɔsɛnkafo 9:11, NW) Obi a yɛdɔ no betumi awu wɔ akwanhyia bi mu. Owuyare bi betumi abɔ yɛn wofo anaa yɛn adamfo paa bi. Sɛ yɛankɔ so amfa yɛn adwene ansi Ahenni anidaso no so yiye na sɛ sɔhwɛ ahorow a ɛtete saa to yɛn a, asiane betumi ato yɛn wɔ honhom fam. Ne saa nti, eye sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘So “m’ani gye anidaso no mu”? Mpɛn ahe na migye bere de susuw ho? So migye Paradise a ɛreba no di ampa? So mehwɛ kwan sɛ mɛkɔ mu bi? So me ho pere me sɛ mprempren nneɛma nhyehyɛe no mmra awiei sɛnea na me ho pere me bere a midii kan suaa nokware no?’ Ɛsɛ sɛ yesusuw asɛmmisa a etwa to yi ho anibere so. Dɛn ntia? Efisɛ sɛ yɛte apɔw, gye akatua pa, na yɛte wiase yi fã a ɔko nni hɔ, aduankɔm nni hɔ, anaasɛ asiane nsisi hɔ—mprempren—a, yɛn werɛ betumi afi hia a ehia sɛ Onyankopɔn wiase foforo no ba no.

6. (a) Bere a Paulo ne Silas kɔɔ ahohia mu no, dɛn na wɔde wɔn adwene sii so? (b) Ɔkwan bɛn so na Paulo ne Silas nhwɛso no betumi ahyɛ yɛn nkuran nnɛ?

6 Paulo kɔɔ so tuu Romafo no fo sɛ ‘wɔntɔ wɔn bo ase wɔ ahohia mu.’ (Romafo 12:12) Ná Paulo nim ahohia yiye. Bere bi, onyaa anisoadehu sɛ ɔbarima bi reto nsa afrɛ no sɛ ‘ontwa mmra Makedonia’ mmɛboa nnipa a wɔwɔ hɔ no mma wonsua Yehowa ho ade. (Asomafo no Nnwuma 16:9) Ɛbaa saa no, Paulo, Luka, Silas, ne Timoteo siim kɔɔ Europa. Dɛn na na ɛretwɛn asɛmpatrɛwfo a wɔyɛ nsi no? Ahohia! Bere a wɔkaa asɛm no wɔ Makedonia kurow Filipi mu wiei no, wɔhwee Paulo ne Silas de wɔn guu afiase. Ɛda adi pefee sɛ, ɛnyɛ gye na na Filipifo no bi ani nnye Ahenni asɛm no ho kɛkɛ—na wɔsɔre tia denneennen ankasa. So nsɛm a esisii yi sɛee asɛmpatrɛwfo a wɔyɛ nsi no anigye? Dabi. Bere a wɔhwee wɔn de wɔn guu afiase no, ‘ɔdasum no, Paulo ne Silas bɔɔ mpae too dwom maa Onyankopɔn.’ (Asomafo no Nnwuma 16:25, 26) Nokwarem no, ɛyaw a na ɛwɔ ɔhwe no mu no anyɛ Paulo ne Silas anigye, nanso asɛmpatrɛwfo baanu no amfa wɔn adwene ansi ɛno so. Wɔde wɔn adwene sii Yehowa ne sɛnea na ɔrehyira wɔn no so. Anigye a Paulo ne Silas de ‘gyinaa ahohia ano’ no yɛɛ nhwɛso pa maa wɔn nuanom a na wɔwɔ Filipi ne mmeae foforo no.

7. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde aseda ka yɛn mpaebɔ ho?

7 Paulo kyerɛwee sɛ: “Munkura mpaebɔ mu ara!” (Romafo 12:12) Sɛ wokɔ ahohia mu a wobɔ mpae? Dɛn ho mpae na wobɔ? Ɛda adi sɛ woka wo haw pɔtee bi ho asɛm na wosrɛ Yehowa mmoa. Nanso wubetumi de nhyira ahorow a wunya ho aseda nso aka ho. Sɛ nsɛnnennen sɔre, na yesusuw nneɛma pa a Yehowa yɛ ma yɛn ho a, ɛboa ma ‘yɛn ani gye anidaso mu.’ Dawid a ohyiaa ɔhaw pii wɔ n’asetram no kyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW], me Nyankopɔn, w’anwonwade ne w’adwene, woama adɔɔso ama yɛn, wɔrentumi mfa biribi nto wo ho; anka mɛka na makasa ho, ɛdɔɔso sen sɛ wobetumi akan.” (Dwom 40:5) Te sɛ Dawid no, sɛ yedwennwen nhyira ahorow a yenya fi Yehowa hɔ no ho daa a, ɛbɛyɛ den sɛ yɛn ani rennye.

Kɔ so Nya Adwempa

8. Sɛ Kristoni bi rehyia ɔtaa a, dɛn na ɛboa no ma okura anigye mu?

8 Yesu hyɛ n’akyidifo nkuran sɛ sɛ wohyia sɔhwɛ bebree a, wɔnkɔ so nnya adwempa. Ɔkae sɛ: “Nhyira ne mo sɛ wɔyaw mo na wɔtaa mo, na me din nti wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so.” (Mateo 5:11) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye wɔ tebea horow a ɛte sɛɛ mu? Gyina a yetumi gyina ɔsɔretia ano no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa honhom wɔ yɛn so. Ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ ne bere so mfɛfo Kristofo no sɛ: “Sɛ wɔyaw mo Kristo din nti a, nhyira ne mo, efisɛ anuonyam ne Onyankopɔn honhom wɔ mo so.” (1 Petro 4:13, 14) Yehowa nam ne honhom no so nso bɛboa yɛn ma yɛagyina, na yɛnam so akura yɛn anigye mu.

9. Dɛn na ɛboaa anuanom binom ma wonyaa nneɛma bi gyinaa so nyaa anigye bere a wɔn gyidi nti wɔde wɔn guu afiase no?

9 Sɛ yɛwɔ tebea horow a emu yɛ den sen biara mu koraa mpo a, yebetumi anya biribi agyina so akura yɛn anigye mu. Kristoni bi a ne din de Adolf hui sɛ ɛte saa. Ɔte ɔman bi a na wɔabara Yehowa Adansefo adwuma no mfirihyia pii mu. Wɔkyeree Adolf ne ne mfɛfo pii de wɔn guu afiase mfirihyia pii esiane sɛ wɔannyae wɔn gyidi ahorow a egyina Bible so no mu nti. Na afiase hɔ nna yɛ den, nanso te sɛ Paulo ne Silas no, Adolf ne ne mfɛfo nneduafo no nyaa nneɛma bi gyinaa so daa Onyankopɔn ase. Wɔkae sɛ, wɔn afiasenna no boaa wɔn ma wɔn gyidi yɛɛ den, na ɛmaa wonyaa Kristofo su ahorow a mfaso wɔ so te sɛ ayamye, tema, ne onuadɔ. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔdeduani bi nya amenade fi fie a, na ɔne ne mfɛfo gyidifo a wobu nneɛma a ɛte saa no sɛ akyɛde a efi Yehowa, “akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa” Mafo a ɔsen biara hɔ no, kyɛ. Ayamye a ɛte saa no maa nea ɔkyɛɛ ade no ne wɔn a wɔn nsa kaa akyɛde no nyinaa ani gyei. Enti ade a wɔyɛe sɛ anka wɔde resɛe wɔn gyidi no maa wɔyɛɛ den ankasa wɔ honhom fam!—Yakobo 1:17; Asomafo no Nnwuma 20:35.

10, 11. Ɔkwan bɛn so na onuawa bi dii nsɛm a wɔkɔɔ so bisabisaa no na akyiri yi wɔde no too afiase bere tenten no ho dwuma?

10 Wɔkyeree Ella a ɔte ɔman bi a wɔbaraa Ahenni adwuma no bere tenteenten mu no sɛ ɔreka anidaso a ɔwɔ sɛ Kristoni no ho asɛm akyerɛ afoforo. Wɔkɔɔ so bisabisaa no nsɛm asram awotwe. Bere a awiei koraa no, wodii n’asɛm no, wɔde no kɔtoo afiase bi a na Yehowa asomfo biara nni hɔ mfirihyia du. Ná Ella adi mfirihyia 24 pɛ saa bere no.

11 Nokwarem no, Ella anhwɛ kwan sɛ na obedi ne mmabaaberem mmere dodow no ara wɔ afiase. Nanso esiane sɛ na ontumi nsakra ne tebea no nti, osii gyinae sɛ ɔbɛsesa adwene a na okura no. Enti ofii ase faa afiase hɔ sɛ n’adansedi asasesin. Ɔka sɛ: “Meyɛɛ asɛnka adwuma pii araa ma mfe no twaam ntɛmntɛm.” Mfirihyia anum akyi no, wɔfrɛɛ Ella bisabisaa no nsɛm bio. Bere a wɔn a wobisabisaa no nsɛm no hui sɛ afiasenna no nsɛee ne gyidi no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yentumi nyi wo; wonsesae.” Ella kaa no pen sɛ: “Masesa! Manya su pa mprempren sen bere a mebaa afiase no, na me gyidi ayɛ den sen bere biara!” Na ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ mompɛ sɛ muyi me a, mɛda ha akosi bere a Yehowa behu sɛ ɛfata sɛ oyi me.” Ná mfirihyia anum ne fã afiasenna no nsɛee Ella anigye! Osuae sɛ ɔbɛpene tebea biara a ɔbɛkɔ mu no so. So wubetumi asua biribi afi ne nhwɛso no mu?—Hebrifo 13:5.

12. Dɛn na ebetumi ama Kristoni a ɔwɔ tebea horow a emu yɛ den mu anya asomdwoe?

12 Nka sɛ Ella wɔ akyɛde soronko bi a ɛma otumi gyinaa nsɛnnennen a ɛte saa no ano. Bere a Ella reka nsɛm a wobisabisaa no asram bi ansa na wɔrebu no atɛn ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Mekae sɛnea na me sẽ reka bɔ so gagaga no, na meyɛe sɛ akasanoma a ehu aka no.” Nanso, na Ella wɔ Yehowa mu gyidi a ɛyɛ den. Na wasua sɛ ɔde ne ho bɛto no so. (Mmebusɛm 3:5-7) Ne saa nti, obu Onyankopɔn sɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa sen bere biara. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere biara a mekɔɔ ɔdan a wobisabisaa me nsɛm wom mu no, metee nka sɛ mewɔ asomdwoe. . . . Dodow a tebea no yɛɛ nea akomatu wom no, dodow no ara na minyaa asomdwoe kɛse.” Yehowa na ɔma onyaa saa asomdwoe no. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.”—Filipifo 4:6, 7.

13. Dɛn na ɛma yenya ahotoso sɛ sɛ yɛba ahohia mu a, yebenya ahoɔden de agyina ano?

13 Ɛmfa ho ahokyere a Ella a mprempren wɔayi no afi afiase no faa mu no, ɔkɔɔ so kuraa n’anigye mu. Ɛnyɛ n’ankasa ahoɔden na ɛma ɔyɛɛ eyi, na mmom ahoɔden a Yehowa de maa no no. Na ɛte saa ara wɔ ɔsomafo Paulo a ɔkyerɛw eyi no fam: “Enti mede fɛw pii mɛhoahoa me ho me mmerɛwyɛ ho mmom, na Kristo ahoɔden abɛtra me so. . . . efisɛ sɛ meyɛ mmerɛw a, ɛno ansa na me ho yɛ den.”—2 Korintofo 12:9, 10.

14. Kyerɛkyerɛ sɛnea Kristoni bi betumi anya sɔhwɛ ho adwempa ne nea ebetumi afi mu aba no mu.

14 Ebia ɛsono ahokyere a wowɔ mu nnɛ no ne nea yɛasusuw ho no. Nanso, sɛnea ɛte biara no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebegyina ano. Sɛ nhwɛso no, ebia w’adwumawura keka w’adwuma ho nsɛm—sen nea ɔyɛ wɔ adwuma a adwumayɛfo a ɛsono wɔn som yɛ ho koraa. Ebia ɛbɛyɛ den sɛ wobɛhwehwɛ adwuma foforo. Ɔkwan bɛn so na wubetumi akura w’anigye mu? Kae Adolf ne ne mfɛfo a afiasenna ma wonyaa su ahorow a ɛfata no. Sɛ wufi wo komam bɔ mmɔden sɛ wobɛsɔ w’adwumawura—nea ‘ɛyɛ den mpo sɛ wɔbɛsɔ n’ani’—no ani a, wubenya Kristofo su horow te sɛ boasetɔ ne abodwokyɛre. (1 Petro 2:18) Afei nso, ebetumi ama woabɛyɛ odwumayɛni a ne ho akokwaw kɛse, na ɛno bɛma woabɛyɛ obi a obetumi anya adwuma foforo a abotɔyam wom akyiri yi. Afei ma yensusuw akwan foforo a yebetumi afa so akura yɛn anigye mu wɔ Yehowa som adwuma mu ho.

W’asetra a Wobɛma Ayɛ Mmerɛw De Anigye Ba

15-17. Dɛn na awarefo bi hui sɛ ebetumi atew wɔn ahokyere so, ɛwom sɛ wontumi nyi nea ɛde wɔn ahokyere ba no mfi hɔ koraa de?

15 Ebia wuntumi nyɛ honam fam adwuma a woyɛ anaa baabi a woyɛ adwuma no ho hwee, nanso ebia w’asetra afã bi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ ho biribi. Susuw osuahu a edi so yi ho hwɛ.

16 Kristofo awarefo bi too nsa frɛɛ ɔpanyin bi sɛ ommedidi wɔ wɔn fie. Saa anwummere no, onua no ne ne yere kae sɛ wɔte nka sɛ asetram ahokyere rebunkam wɔn so nnansa yi. Ɛwom sɛ wɔn baanu nyinaa yɛ adwuma a egye wɔn bere de, nanso na wontumi nhwehwɛ adwuma foforo. Wosusuw bere tenten a wobetumi akɔ so agyina tebea no ano no ho.

17 Bere a wobisaa ɔpanyin no adwene no, ɔkae sɛ, “Momma mo asetra nyɛ mmerɛw.” Ɔkwan bɛn so? Na okunu ne ne yere no de nnɔnhwerew abiɛsa na etwa kwan kɔ adwuma ba da biara. Ɔpanyin no a onim awarefo no yiye no hyɛɛ wɔn nyansa sɛ, wonsusuw ho sɛ wobetu akɔtra baabi a ɛbɛn beae a wɔyɛ adwuma no, na ama wɔatumi atew bere a wɔde twa kwan kɔ adwuma ba da biara no so. Wobetumi de bere a wobenya no ayɛ nneɛma foforo a ɛho hia—anaasɛ wɔde agye wɔn ahome. Sɛ asetram ahokyere resɛe w’anigye a, dɛn nti na wonhwɛ sɛ ebia wubetumi ayɛ nsakrae bi ma woanya ahotɔ?

18. Dɛn nti na ɛho hia sɛ wususuw nneɛma ho yiye ansa na woasi gyinae ahorow?

18 Ɔkwan foforo a wubetumi afa so atew ahokyere no so ne sɛ wubesusuw nneɛma ho yiye ansa na woasisi gyinae ahorow. Sɛ nhwɛso no, Kristoni bi sii gyinae sɛ obesi dan. Ɛwom sɛ na onsii dan da de, nanso ɔpaw dan bi a ne nsusuwso yɛ hwanyann. Afei wahu sɛ sɛ anka ‘osusuw ne tebea ho yiye’ ansa na ɔrepaw ne fie no nsusuwso no a, anka ɔkwatii ɔhaw ahorow a na ɛho nhia no. (Mmebusɛm 14:15) Kristoni foforo penee so sɛ obedi akagyinam ama ne yɔnko gyidini bi. Sɛnea na nhyehyɛe no te no, sɛ ɔdefɛmfo no antumi antua ka no a, na ɛsɛ sɛ nea odii akagyinam no na otua. Mfiase no, nneɛma kɔɔ yiye, nanso bere bi akyi no, ɔdefɛmfo no buu ne bɔhyɛ so. Ɛhaw ɔkafo no, na ɔhyɛe sɛ nea odii akagyinam no ntua bosea no nyinaa. Ɛde ahokyere kɛse baa nea odii akagyinam no so. Sɛ osusuw nsɛm no nyinaa ho yiye ansa na ɔrepene so adi akagyinam no a, so anka ontumi nkwati ɔhaw no?—Mmebusɛm 17:18.

19. Dɛn ne akwan bi a yebetumi afa so atew ahokyere so wɔ yɛn asetra mu?

19 Sɛ yɛbrɛ a, mommma yɛnnka da sɛ yebetumi atew bere a yɛde yɛ kokoam Bible adesua, kɔ asɛnka, na yɛde kɔ asafo nhyiam no so, na ama yɛatew yɛn ahokyere no so na yɛasan anya anigye. Eyinom yɛ akwan a ɛho hia a yebetumi afa so anya Yehowa honhom kronkron, a anigye yɛ n’aba no. (Galatifo 5:22) Kristofo nnwuma ma abotɔyam bere nyinaa, na ɛntaa nhyɛ brɛ pii. (Mateo 11:28-30) Ɛda adi sɛ wiase nnwuma anaa ahomegye na ɛma yɛbrɛ kɛse ankasa na ɛnyɛ honhom fam de. Sɛ yesua sɛ yɛbɛda wɔ bere a ɛfata mu a ebetumi aboa yɛn ma yɛasan anya ahoɔden. Ahomegye kakra betumi aboa pii. Ná N. H. Knorr a ɔsomee sɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni kosii ne wuda no taa ka kyerɛ asɛmpatrɛwfo sɛ: “Sɛ w’abam bu a, ade a ɛsɛ sɛ wudi kan yɛ ne sɛ wubegye w’ahome kakra. Sɛ wutumi da yiye anadwo a, ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ ɔhaw biara abɛyɛ ketewaa bi!”

20. (a) Bɔ akwan a yebetumi afa so akura yɛn anigye mu no bi mua. (b) Nneɛma bɛn na wubetumi asusuw ho na ama w’ani agye? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 17 no mu.)

20 Kristofo anya hokwan kɛse sɛ wɔsom “anigye Nyankopɔn.” (1 Timoteo 1:11, NW) Sɛnea yɛahu no, sɛ yehyia nsɛnnennen mpo a, yebetumi akura yɛn anigye mu. Momma yɛmfa yɛn ani nsi Ahenni anidaso no so, yɛnsakra yɛn nsusuwii bere a ɛho hia, na yɛmma yɛn asetra nyɛ mmerɛw. Sɛ yɛyɛ saa a, tebea biara a yɛbɛkɔ mu no, yebegye ɔsomafo Paulo nsɛm no atom: “Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye!”—Filipifo 4:4.

Susuw Saa Nsɛmmisa Yi Ho Yiye:

•Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo de wɔn adwene si Ahenni anidaso no so yiye?

•Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakura yɛn anigye mu wɔ tebea horow a emu yɛ den mu?

•Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden ma yɛn asetra yɛ mmerɛw?

•Nneɛma bɛn mu na ebinom ama wɔn asetra ayɛ mmerɛw?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 17]

Nneɛma Foforo a Ɛma Yɛn Ani Gye

Sɛ́ Kristofo no, yɛwɔ nneɛma pii a ɛbɛma yɛn ani agye. Susuw nea edidi so yi ho:

1. Yenim Yehowa.

2. Yɛasua Onyankopɔn Asɛm mu nokware no.

3. Wobetumi de yɛn bɔne afiri yɛn denam Yesu afɔrebɔ no mu gyidi a yebenya so.

4. Onyankopɔn Ahenni redi tumi—ɛrenkyɛ na wiase foforo no aba!

5. Yehowa de yɛn aba honhom fam paradise mu.

6. Yenya Kristofo fekubɔ a ɛfata.

7. Yenya hokwan yɛ asɛnka adwuma no bi.

8. Yɛte ase, na yɛwɔ ahoɔden kakra.

Nneɛma a yebetumi agyina so anya anigye foforo bɛn na wubetumi abobɔ din?

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Paulo ne Silas ani gyei wɔ afiase mpo

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

So wode w’adwene asi Onyankopɔn wiase foforo no mu anidaso a ɛyɛ anigye no so?