Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Kwan So A Yɛpere Fa No Ne Yɛn Ahoɔden Ne Yɛn Anigye

Yehowa Kwan So A Yɛpere Fa No Ne Yɛn Ahoɔden Ne Yɛn Anigye

Asetram Nsɛm

Yehowa Kwan So A Yɛpere Fa No Ne Yɛn Ahoɔden Ne Yɛn Anigye

SƐNEA LUIGGI D. VALENTINO KA KYERƐE

Yehowa hyɛ sɛ: “Eyi ne kwan, . . . monnantew so.” (Yesaia 30:21) Mede afotu yi akyi a midi no ayɛ me botae fi m’asubɔ akyi mfirihyia 60 ni. M’awofo a na wɔatu afi Italy abɛtra Cleveland, Ohio, U.S.A., wɔ 1921 mu no nhwɛso na ɛma midii kan de botae yi sii m’ani so. Wɔtetee mmofra baasa wɔ hɔ—me nuabarima panyin, Mike, me nuabea kumaa, Lydia, ne me.

M’AWOFO hwehwɛɛ ɔsom ahorow mu nanso awiei koraa no, wɔn abam bui ma wogyaee. Afei da koro wɔ 1932 mu no, na Paapa retie radio so dwumadi bi wɔ Italy kasa mu. Ná ɛyɛ Yehowa Adansefo na wɔrekasa wɔ so, Paapa ani gyee nea ɔtee no ho. Ɔkyerɛw wɔn sɛ wɔmma no nkyerɛkyerɛmu pii, na Italyni Ɔdansefo bi a ofi Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York, no bɛhwehwɛɛ yɛn. Bere a ɔne m’awofo susuw nsɛm ho anigye so koduu owigyinae no, wobegye dii sɛ wɔahu nokware som.

Paapa ne Maame fii ase kɔɔ Kristofo nhyiam ahorow na wɔmaa kwan ma ahwɛfo akwantufo bɛsoɛɛ wɔn fie. Ɛwom sɛ na meyɛ abarimaa de, nanso saa mmarima yi maa mekaa wɔn ho kɔɔ asɛnka na ɛmaa mifii ase susuw Yehowa a mede bere nyinaa bɛsom no no ho. Ahɔho yi mu biako ne Carey W. Barber, a mprempren ɔyɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni no. Bere tiaa bi akyi wɔ February 1941 mu no, wɔbɔɔ me asu bere a na madi mfe 14, na mifii ase somee sɛ ɔkwampaefo wɔ 1944 mu wɔ Cleveland. Mike ne Lydia nso fii ase dii Bible mu nokware akyi. Mike som Yehowa kosii ne wuda, na Lydia dii ne kunu Harold Weidner akyi mfirihyia 28 tutuu akwan wɔ ɔsom adwuma no mu. Ɛnnɛ, wɔsom sɛ bere nyinaa asomfo titiriw.

Afiasenna Hyɛ Me Bo a Masi sɛ Mɛpere Akɔ Anim no Mu Den

Esiane sɛ m’ahonim a wɔde Bible atete no no ma meyɛɛ ade ma ɛne Yesaia 2:4 a ɛka sɛ, yɛmfa yɛn nkrante mmobɔ nsɔw hyiae nti, mikopuee Ohio Chillicothe Federal Prison wɔ 1945 mfiase mu. Eduu bere bi no, afiase mpanyimfo no maa Adansefo nneduafo no nyaa Bible ho nhoma a Yehowa Adansefo atintim no kakraa bi. Nanso Adansefo a na wofi asafo bi a ɛbɛn hɔ mu boae. Ɛtɔ mmere bi a, na wɔde nhoma kakra bɛhyehyɛ nwura a ɛbɛn afiase hɔ no mu. Sɛ ade kye na sɛ wɔde nneduafo no rekɔ faako a wɔrekɔyɛ adwuma no a, yɛhwehwɛ saa nhoma no bɔ mmɔden sɛ yɛde bɛkɔ afiase hɔ. Bere a miduu afiase hɔ no, na wɔma yɛn kwan ma yɛde nhoma pii kɔ hɔ. Saa bere no na mihuu mfaso a ɛwɔ honhom fam aduan a Yehowa de ma no so sen bere biara—asuade a meda so ara kae bere biara a me nsa bɛka Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! foforo no.

Bere bi akyi no wɔmaa yɛn kwan ma yɛyɛɛ asafo nhyiam ahorow wɔ afiase hɔ, nanso wɔamma wɔn a na wɔnyɛ Adansefo no kwan amma wɔamma ase bi. Nanso, afiase ahwɛfo ne nneduafo binom wiawiaa wɔn ho baa ase, na wɔn mu kakra gyee nokware no. (Asomafo no Nnwuma 16:30-34) Ná Onua A. H. Macmillan nsrahwɛ ahorow ma yɛn awerɛkyekye kɛse. Na osi so dua kyerɛ yɛn bere nyinaa sɛ bere a yedi wɔ afiase hɔ no renyɛ ɔkwa efisɛ na ɛretete yɛn ama daakye dwumadi ahorow. Saa onua dɔfo panyin no kaa me koma, na ɔmaa me bo a na masi sɛ mɛnantew Yehowa kwan so no mu yɛɛ den.

Minya Ɔhokafo

Wiase Ko II baa awiei, na woyii yɛn fii afiase, na mesan fii akwampae, bere nyinaa som adwuma no ase. Nanso me papa wui wɔ 1947 mu. Nea ɛbɛyɛ na mahwɛ abusua no, meyɛɛ adwuma na afei nso mebɛfatae sɛ oduruyɛfo a omiamia ayarefo—adwuma a na ɛbɛboa me mfirihyia bɛyɛ 30 akyi, bere a me ne me yere kɔɔ ahokyere mu no. Nanso mabɔ nsɛm no bi atra. Nea edi kan no, momma menka me yere ho asɛm nkyerɛ mo.

Da koro awiabere bi a na mewɔ Ahenni Asa so wɔ 1949 mu no, telefon no bɔe. Mefae, na metee ɛnne dɛdɛ bi a ese: “Me din de, Christine Genchur. Meyɛ Yehowa Dansefo. Mitu baa Cleveland bɛpɛɛ adwuma, na mepɛ sɛ me ne asafo bi bɔ.” Ná yɛn Ahenni Asa no ne faako a ɔte no ntam kwan ware yiye, nanso m’ani gyee ne nne no ho, enti mekyerɛɛ no yɛn ahenni asa so kwan na mehyɛɛ no nkuran sɛ ɔmmra saa Kwasida no—da a na mɛma baguam ɔkasa no. Eduu Kwasida no, me na midii kan wɔ Ahenni Asa so hɔ, nanso onuawa foforo biara anyi ne ti. Bere a na merema ɔkasa no nyinaa na merehwɛ pon no ano, nanso obiara anhyɛn mu. Ade kyee no, mefrɛɛ no, na ɔkae sɛ na onnya nhuu bɔs nhyehyɛe no mu yiye. Enti mituu me ho mae sɛ mehyia no akyerɛkyerɛ no nneɛma mu yiye.

Mibehui sɛ bere a n’awofo a wɔyɛ atubrafo a wofi Czechoslovakia, kenkan Where Are the Dead? nhomawa no wiei no na wofii ase ne Bible Asuafo no bɔe. Wɔbɔɔ n’awofo no asu wɔ 1935 mu. Wɔ 1938 mu no, Christine papa bɛyɛɛ Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ Clymer, Pennsylvania, U.S.A. no kuw sohwɛfo (mprempren wɔfrɛ no ɔhwɛfo guamtrani), na wɔbɔɔ Christine asu wɔ 1947 mu bere a na wadi mfe 16. Ankyɛ koraa na minyaa onuawa hoɔfɛfo a honhom mu nneɛma ho hia no yi ho dɔ. Yɛwaree wɔ June 24, 1950, na efi saa bere no, Christine ayɛ me hokafo nokwafo, a bere nyinaa wayɛ krado sɛ ɔde Onyankopɔn Ahenni nneɛma bedi kan. Meda Yehowa ase sɛ ɔyɔnko pa yi penee so sɛ ɔne me bɛbɔ bra.—Mmebusɛm 31:10.

Anigyesɛm Bi a na Yɛnhwɛ Kwan

Yefii akwampae adwuma ase wɔ November 1, 1951. Mfe abien akyi wɔ ɔmantam nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Toledo, Ohio, ase no, Onua Hugo Riemer ne Onua Albert Schroeder kasa kyerɛɛ akwampaefo kuw bi a na wɔn ani gye asɛmpatrɛw adwuma ho. Ná yɛka ho. Wɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔ so nsom sɛ akwampaefo wɔ Cleveland, nanso ɔsram a edi hɔ no, yɛn nsa kaa anigyesɛm bi a na yɛnhwɛ kwan—nsa a na wɔreto afrɛ yɛn ma yɛakɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesuakuw a ɛto so 23, a na ebefi ase February 1954 mu!

Bere a yɛte kar mu rekɔ Gilead sukuu a saa bere no na ɛwɔ South Lansing, New York no, na ehu aka Christine araa ma bere nyinaa nea na ɔka kyerɛ me ara ne sɛ “To wo bo ase!” Mekae sɛ, “Christine, sɛ yɛto yɛn bo ase sen sɛnea yɛrekɔ yi a, ɛnde na ɛte sɛ nea yegyina faako.” Nanso, bere a yeduu sukuu no mu no, ankyɛ na yɛn koma tɔɔ yɛn yam. Onua Nathan Knorr maa adesuakuw no akwaaba, na ɔkyerɛkyerɛɛ yɛn sɛnea ɛhɔ te. Afei nso ɔkyerɛɛ yɛn sɛnea yɛbɛyɛ ahwɛyiye na yɛrensɛe nsu ne anyinam ahoɔden pii, na osii so dua sɛ ɛyɛ suban pa sɛ yɛbɛhwɛ nneɛma so yiye bere a yɛredi Ahenni nneɛma ho dwuma no. Saa afotu no kaa yɛn adwenem. Yɛda so ara de bɔ bra.

Yɛfa Wimhyɛn Kɔ Rio

Ankyɛ na yewiee yɛn adesua no, na wɔ December 10, 1954 mu no, yɛforoo wimhyɛn bi wɔ New York City a na awɔw wɔ hɔ no de anigye hwɛɛ yɛn dwumadi foforo a na yɛrekɔyɛ wɔ Rio de Janeiro, Brazil, a awia bɔ wɔ hɔ yiye no kwan. Yɛne Peter ne Billie Carrbello a na wɔyɛ yɛn ayɔnkofo wɔ asɛmpatrɛw adwuma mu no na etuu kwan no. Ná anka ɛsɛ sɛ yedi nnɔnhwerew 24 wɔ kwan so bere a yɛagyinagyina kwan so wɔ Puerto Rico, Venezuela, ne Belém a ɛwɔ Brazil atifi fam no. Nanso esiane nsɛnnennen a afiri no hyiae nti, yedii nnɔnhwerew 36 ansa na yɛrehu Rio de Janeiro wɔ yɛn ase. Na hwɛ sɛnea na kurow no yɛ fɛ fa! Ná kurow no mu nkanea hyerɛn te sɛ dɛnkyɛmmo a egu kuntu tuntum so, na ɔsram no hann a na atɔ Guanabara Bay nsu no so no te yerɛw yerɛw.

Ná Betel abusua no mufo pii retwɛn yɛn wɔ wimhyɛn gyinabea hɔ. Bere a wɔmaa yɛn akwaaba ɔhyew so wiei no, wɔde yɛn kɔɔ baa dwumadibea hɔ, na bɛyɛ anɔpa nnɔnabiɛsa no, yɛdae. Nnɔnhwerew kakraa bi akyi no, dɔn a wɔbɔ de nyan yɛn anɔpa no kaee yɛn sɛ yɛafi yɛn da a edi kan sɛ asɛmpatrɛwfo no ase!

Asuade a Yenyaa no Ntɛm

Ankyɛ na yenyaa asuade titiriw bi. Ná yɛakɔsra Adansefo abusua bi anwummere bi. Bere a yɛpɛe sɛ yɛsan kɔ baa dwumadibea hɔ no, nea yɛkɔɔ ne nkyɛn no ampene so, na ɔkae sɛ, “Dabi, muntumi nkɔ; nsu retɔ,” na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛhyɛ yɛn ma yɛada ma ade akye. Mede serew bɔɔ ne nsɛm no gui sɛ: “Nsu tɔ wɔ baabi a yefi bae no nso.” Ɛhɔ ara na yesii kwan so.

Esiane mmepɔw a atwa Rio ho ahyia no nti, ɛnkyɛ na osu atɔ aboaboa ano asiane aba kurow no mu, na mpɛn pii no ɛde nsuyiri ba. Yɛn ani baa yɛn ho so no, na yɛnam nsu a ɛka yɛn kotodwe mu. Yeduu baabi a ɛbɛn baa dwumadibea hɔ no, na ɔkwan a yɛbɛfa so no adan asubɔnten a ano yɛ den a ɛka yɛn koko. Bere a awiei koraa no yeduu Betel no, na yɛafɔw twɔnn. Ade kyee no, na Christine ho mfa no, na onyaa atiridii ma n’apɔw so yɛɛ no mmerɛw bere tenten. Nanso sɛ asɛmpatrɛwfo foforo no, na anka ɛsɛ sɛ yetie ɛhɔnom Adansefo a wɔwɔ suahu no.

Anammɔn a Edi Kan Wɔ Asɛmpatrɛw ne Akwantu Adwuma Mu

Mfiase a na ɛnhyɛ nkuran yi akyi no, yɛde anigye fii yɛn asɛnka adwuma no ase. Yɛkenkanee asɛm a wɔka kyerɛ wɔ Portugal kasa mu kyerɛɛ obiara a yehyiaa no, na ɛte sɛ nea yɛn nyinaa nyaa nkɔanim pɛpɛɛpɛ. Sɛ yedu baabi a na ofiewura no de ne nsa kyerɛ me so ka kyerɛ Christine sɛ, “Mete wo kasa, nanso mente nea papa no ka no.” Ofiewura foforo nso bɛka akyerɛ me sɛ, “Mete wo kasa, nanso mente ɔbea no de no.” Ne saa mpo no, wɔ adapɛn kakra a edi kan mu no, yɛn ani gyei sɛ yenyaa nnipa 100 ma wɔkraa Ɔwɛn-Aban no bi. Nokwarem no, yɛn Bible asuafo no pii bɔɔ asu wɔ afe a edi kan a yedii wɔ Brazil no mu, na ɛma yehuu sɛnea yɛn asɛmpatrɛw adwuma yi bɛsow aba afa.

Wɔ 1950 mfe no mfinimfini mu no, esiane sɛ na anuanom a wɔfata nnɔɔso wɔ Brazil nti, na amansin so ahwɛfo ntaa nsra asafo ahorow no. Enti ɛmfa ho sɛ afei na na meresua kasa no na memmaa baguam kasa wɔ Portugal kasa mu da no, wɔmaa me dwumadi sɛ menkɔsom sɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ São Paulo wɔ 1956 mu.

Esiane sɛ na ɔmansin sohwɛfo nkɔɔ asafo a edi kan a yɛkɔɔ mu no mu mfe abien nti, na obiara rehwɛ baguam kasa no kwan denneennen. Nea ɛbɛyɛ na masiesie ɔkasa no, mitwitwaa Ɔwɛn-Aban mu nsɛm a wɔakyerɛw no Portugal kasa mu, na mede nsɛm a matwitwa no fonfam krataa bi so. Saa Kwasida no, Ahenni Asa no yɛɛ ma. Ná nkurɔfo tete asɛnka agua no so mpo a na wɔn nyinaa ayɛ krado retwɛn dwumadi titiriw no. Ɔkasa, anaasɛ akenkan no, fii ase. Ɛwom wom a, na mama me ti so ahwɛ wɔn, na nea ɛyɛɛ me nwonwa ne sɛ na obiara, a mmofra no ka ho, te hɔ dinn. Na wɔn nyinaa ahaa wɔn ani rehwɛ me. Mekaa no me tirim sɛ: ‘Hwɛ, Valentino, hwɛ sɛnea woatu mpɔn wɔ Portugal kasa mu! Nkurɔfo yi ayɛ aso retie.’ Mfe bi akyi a mesan kɔsraa saa asafo no, onua bi a na ɔwɔ hɔ wɔ saa nsrahwɛ a edi kan no mu no kae sɛ: “So wokae saa baguam kasa a womae no? Yɛante emu asɛm biako mpo.” Mekaa nokware sɛ na me nso mente ɔkasa no dodow no ara ase.

Na metaa kenkan Sakaria 4:6 wɔ saa afe a edi kan wɔ ɔmansin adwuma no mu no. Emu nsɛm, “ɛnyɛ ahoɔden so, na me honhom so” no kaee me sɛ ɛdenam Yehowa honhom so nkutoo nti na Ahenni adwuma no nya nkɔso no. Na enyaa nkɔso nso, ɛmfa ho yɛn sintɔ a na ɛda adi pefee no.

Nsɛnnennen ne Nhyira a Ɛbaa Yɛn Akwan Mu

Ná ɔmansin adwuma no hwehwɛ sɛ yɛde akyerɛw afiri, nnaka a nhoma wom, bag akɛse ne nketewa di akɔneaba wɔ ɔman no mu. Christine fi nyansa mu kyerɛw akontaahyɛde guu yɛn nneɛma no ho sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn ani rempa bi so bere a yesi fi bɔs mu kɔ ɔfoforo mu no. Na yɛtaa tu kwan fa mfutukwan so nnɔnhwerew 15 ansa na yɛadu asafo a edi hɔ no mu. Ɛtɔ mmere bi a, na ɛyɛ hu, titiriw sɛ bɔs abien bɔ nsianeho wɔ ɛtwene bi a enni ahoɔden so, na bere koro no ara ɛbɛn ho paa a sɛ wode krataa mpo hyɛ ntam a ɛnyɛ yiye no a. Yɛde keteke, po so hyɛn ne pɔnkɔ nso tutuu akwan.

Yefii ɔmantam som adwuma ase wɔ 1961 mu, tutuu akwan fii amansin mu kɔɔ amansin mu sen sɛ anka yebefi asafo mu akɔ asafo mu. Adapɛn biara na yɛtaa yi sini a Yehowa ahyehyɛde no ayɛ anwummere—wɔ baabi foforo bere biara. Mpɛn pii no, na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ho yɛ hare na ama yɛakwati ɛhɔnom asɔfo a na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔmma yenyi sini yi no. Wɔ kurow biako mu no, ɔsɔfo no hunahunaa asa bi wura ma otwaa nhyehyɛe a na ɔne yɛn ayɛ no mu. Bere a yɛde nna pii hwehwɛɛ bi no, yenyaa baabi, nanso yɛanka ankyerɛ obiara na yɛkɔɔ so too nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmra beae a edi kan hɔ. Ansa na dwumadi no refi ase no, Christine kɔɔ saa asa no so kɔka kyerɛɛ wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔbɛhwɛ sini no bɔkɔɔ sɛ wɔmmra beae foforo hɔ. Saa anwummere no, nnipa 150 na ɛhwɛɛ sini a na ekura asɛmti a ɛfata, The New World Society in Action no bi.

Ɛwom, ɛtɔ mmere bi a na akwantu adwuma no a yɛyɛ wɔ mmeae a atew ne ho no yɛ den de, nanso na anuanom ahobrɛasefo a wɔte hɔ no ani gye yɛn nsrahwɛ no ho yiye na wɔda ahɔhoyɛ adi ma yɛn baabi tra wɔ wɔn afie mu ma enti bere nyinaa na yɛda Yehowa ase sɛ yetumi kɔ wɔn nkyɛn. Fa a yɛfaa wɔn nnamfo no de nhyira pii brɛɛ yɛn. (Mmebusɛm 19:17; Hagai 2:7) Hwɛ sɛnea yɛn werɛ howee bere a asɛmpatrɛw adwuma a na yɛde mfirihyia 21 ayɛ wɔ Brazil no baa awiei no!

Yehowa Kyerɛɛ Yɛn Kwan Bere a Yehyiaa Nsɛnnennen no

Wɔyɛɛ Christine oprehyɛn wɔ 1975 mu. Yɛsan fii akwantu adwuma no ase, nanso Christine yare no mu yɛɛ den. Ɛho behiae sɛ yɛsan kɔ United States sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ no yare wɔ hɔ. Wɔ April 1976 mu no, yeduu Long Beach, California, na yɛkɔtraa me maame nkyɛn. Esiane sɛ na yɛatra amannɔne mfe aduonu nti, na yenhu sɛnea yebedi tebea yi ho dwuma. Mifii ase miamiaa ayarefo, na yɛde sika a minya fii saa adwuma no mu no hwɛɛ yɛn ho. California man no maa Christine baabi dae wɔ ayaresabea, nanso da biara da na ɔyɛ mmerɛw efisɛ na aduruyɛfo no mpɛ sɛ wɔhwɛ no bere a wɔmma no mogya. Bere a na yenhu nea yɛnyɛ no, yɛhwehwɛɛ Yehowa nkyɛn akwankyerɛ.

Awia bi a na mewɔ asɛnka mu no, mihuu oduruyɛfo bi adwumayɛbea, na ntɛm ara, meyɛɛ m’adwene sɛ mɛkɔ mu. Ɛwom sɛ na oduruyɛfo no reyɛ ahoboa akɔ fie de, nanso ɔmaa miwuraa n’adwumayɛdan no mu, na yɛde nnɔnhwerew abien kasae. Afei ɔkae sɛ: “M’ani gye adwuma a woyɛ sɛ ɔsɛmpatrɛwfo no ho, na mɛhwɛ wo yere a merennye no hwee na meremma no mogya.” Ɛyɛɛ me nwonwa.

Oduruyɛfo ɔyamyefo yi a na ɔyɛ ɔbenfo a wobu no no yii Christine kɔɔ ayaresabea a ɔyɛ adwuma wɔ hɔ no, na esiane sɛ ɔhwɛɛ Christine yiye nti, ankyɛ na ne yare no brɛɛ ase. Hwɛ sɛnea yɛn ani sɔe sɛ Yehowa kyerɛɛ yɛn kwan saa bere a na emu yɛ den no mu!

Dwumadi Afoforo

Bere a Christine nyaa ahoɔden bio no, yɛsomee sɛ akwampaefo na yɛn ani gyei sɛ yɛboaa nnipa pii wɔ Long Beach ma wɔbɛyɛɛ Yehowa asomfo. Wɔ 1982 mu no, wɔmaa yɛn dwumadi sɛ yɛnkɔyɛ ɔmansin adwuma wɔ United States. Yɛdaa Yehowa ase daa sɛ ɔde yɛn san dii dwuma wɔ akwantu adwuma no mu—ɔsom adwuma a yɛn ani gye ho. Yɛsomee wɔ California, ne afei wɔ New England, baabi a na asafo ahorow a wɔka Portugal kasa wɔ ɔmansin no mu wɔ no. Akyiri yi Bermuda nso bɛkaa ho.

Mfe anan a ɛyɛ anigye akyi no, yenyaa dwumadi foforo. Wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔsom sɛ akwampaefo atitiriw wɔ baabiara a yɛpɛ. Ɛwom sɛ na yɛn werɛ ahow sɛ yɛrefi ɔmansin adwuma no mu de, nanso na yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛpere akɔ yɛn anim wɔ yɛn dwumadi foforo no mu. Nanso ɛhe na yɛbɛkɔ? Bere a na yɛwɔ akwantu adwuma no mu no, mehyɛɛ no nsow sɛ Portugal kasa asafo a ɛwɔ New Bedford, Massachusetts, no hia mmoa—enti yɛde yɛn ani kyerɛɛ New Bedford.

Bere a yeduu hɔ no, asafo no tow pon kɛse de maa yɛn akwaaba. Hwɛ sɛnea ɛno maa yehuu sɛnea na yɛn ho hia wɔn! Ɛmaa nusu guu yɛn. Awarefo nkumaa bi a wɔwɔ mmofra baanu fi ayamye mu gyee yɛn kɔɔ wɔn fie kosii sɛ yenyaa yɛn ankasa dan. Nokwarem no, Yehowa hyiraa saa akwampae titiriw adwuma no so maa ɛboroo sɛnea na yɛhwɛ kwan so. Efi 1986 mu no, yɛaboa nnipa bɛyɛ 40 wɔ kurow yi mu ma wɔabɛyɛ Adansefo. Wɔyɛ yɛn honhom fam abusua. Bio nso, m’ani agye sɛ ɛhɔnom anuanom mmarima baanum anyin abɛyɛ nguankuw no so ahwɛfo pa. Ɛte sɛ nea meresom wɔ asɛmpatrɛw dwumadi a ɛsow aba mu.

Sɛ yɛhwɛ yɛn akyi a, yedi ahurusi sɛ yɛasom Yehowa afi yɛn mmofraase na yɛde nokware no abɔ yɛn bra. Nokwarem no, onyin ne ahoɔmmerɛw aka yɛn mprempren de, nanso pere a yɛpere kɔ yɛn anim wɔ Yehowa som mu no da so ara yɛ yɛn ahoɔden ne yɛn anigye.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Yɛadu Rio de Janeiro foforo koraa

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Yɛn honhom fam abusua a ɛwɔ New Bedford, Massachusetts no